Wɔabu Yehowa Adansefo Bem Wɔ Mmofra Sohwɛ Ho Asenni Mu
EFI mfe anum a atwam ni reba no, na Ingrid Hoffman adi apere sɛ ɔbɛhwɛ ne mma baanu so. Ɔyɛ Austriani bea a wɔwoo no tetee no wɔ Katolek som mu. Ɔwaree ne yɔnko Katolekni, na ɔwoo ɔbabarima wɔ 1980 mu ne ɔbabea wɔ 1982 mu. Nanso awarefo no gyaee aware wɔ 1983 mu; awofo baanu no mu biara pɛe sɛ ɔhwɛ mmofra no so. Agya no bɔɔ sobo sɛ ɛna no—a wabɛyɛ Yehowa Ɔdansefo no—som bedi mmofra no awu, ɛmma wontumi nnya ntetee pa a ɛfata. Ɔtwee adwene sii nsɛm te sɛ ne man mu nnapɔnna bi a Yehowa Adansefo nni ne mogya a wonnye no so.—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.
Wɔannye nnaadaasɛm yi antom. Asennibea a edi kan no ne nea wɔsan de asɛm no kɔdan no no annye agya no sobo no antom, na wɔde mmofra no maa ɛna no sɛ ɔnhwɛ wɔn so. Nanso, wɔ September 1986 mu no, Austria Asennibea Kunini dan asennibea ketewa no atemmu no. Ɛkyerɛe sɛ gyinaesi ahorow yi abu Austria Nyamesom Nkyerɛkyerɛ Mmara no so, mmara a ɛhwehwɛ sɛ wɔde Katolek som kyerɛkyerɛ Katolekfo mma no. Asennibea no kyerɛe nso sɛ ɛrensi mmofra no yiye koraa sɛ wɔbɛma wɔatete wɔn sɛ Yehowa Adansefo!
Na dɛn na Ingrid Hoffmann betumi ayɛ wɔ saa nyamesom ho adwemmɔne a emu yɛ den no ho? Wɔ February 1987 mu no, wɔde n’asɛm no kɔtoo Europa Bagua a edi nnipa ahofadi nsɛm ho dwuma no anim. Wɔ April 13, 1992 mu no, bagua yi a emu atemmufo yɛ Europa Bagua no mu aman ananmusifo no de asɛm no maa Europa Asennibea a edi nnipa ahofadi nsɛm ho dwuma no sɛ enni.
Asennibea no buaa asɛm no June 23, 1993. Ɛkae sɛ: “Enti Europa Asennibea no gye tom sɛ animhwɛ wɔ asenni no mu na saa animhwɛ no gyina nyamesom so; nea yegyina so ka eyi ne [Austria] Asennibea Kunini no adwenkyerɛ a ɛfa nea ebefi ɔbea no nyamesom mu aba ho no. Saa asenni mu animhwɛ yi yɛ nyiyim.” [Yɛn na yɛde nkyerɛwde soronko akyerɛw afã bi no.] Ɛkyerɛe nso sɛ Asennibea Kunini no “ansusuw nokwasɛm ahorow no ho te sɛ nea asennibea nketewa no yɛe no, nsusuwii a na egyina adwene ne nneyɛe ho animdefo adwene so. Sɛnea asɛm biara a ɛne eyi betumi abɔ abira te no mfa ho, wontumi nnye nyiyim a egyina nyamesom mu nsonsonoe nkutoo so no ntom.”
Atemmufo no buu Ingrid Hoffman bem bere a baakron no mu baanum buu Austria fɔ kae sɛ Austria agyina ne nyamesom so ayɛ nyiyim atia no na wɔasɛe hokwan a ɔwɔ sɛ ɔtete n’abusua no. Bio nso, atemmufo no kae sɛ wontua sika bi mma no bere a baakron no mu baawɔtwe penee so sɛ wɔnyɛ saa no.
Saa ɔsom mu ahofadi mu nkonimdi titiriw yi bae wɔ nkonim foforo a wodii wɔ asennibea koro no ara akyi ɔsram biako—Kokkinakis ne Greece ntam asɛm a asennibea no kyerɛe sɛ Greece abu hokwan a ɔbarima bi wɔ sɛ ɔkyerɛkyerɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ afie afie so no. Wɔn a wɔpɛ ahofadi a wɔwɔ wiase nyinaa ani gye bere a wosiw mmɔden a ɛte sɛɛ a wɔbɔ sɛ wobesiw ɔsom mu ahofadi kwan ano, na wɔbɔ hokwan a ankorankoro wɔ sɛ wɔsom Onyankopɔn na wɔde Bible mu nnyinasosɛm ahorow tete wɔn mmusua ho ban no.