Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g93 12/8 kr. 20-22
  • Enkosi He na Ayɛ Nea “Akɔ Akyiri Dodo”?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Enkosi He na Ayɛ Nea “Akɔ Akyiri Dodo”?
  • Nyan!—1993
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Ɛyɛ Onyin Mu Ade?
  • Dɛn Na Mfeano De Ba?
  • Dɛn ne Nea “Akɔ Akyiri Dodo”?
  • Nna A Edi Aware Anim
    Nyan!—2013
  • Mmofra, So Bible Abrabɔ Pa No Ne Ɔkwan A Eye Sen Biara?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Sɛ Meyi M’adwene Afi Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu So Saa?
    Nyan!—1994
  • Ɔbarima Ne Ɔbea Nna A Edi Aware Anim—Dɛn Nti Na Dabi
    Nyan!—1986
Nyan!—1993
g93 12/8 kr. 20-22

Mmofra Bisa Sɛ. . .

Enkosi He na Ayɛ Nea “Akɔ Akyiri Dodo”?

“So mubetumi abɔ nkurɔfo kɔkɔ wɔ ade a wɔyɛ kɔ akyiri dodo hɔ? . . . Ɛsɛ sɛ wɔka wɔn ho mu a wɔsosɔ nyinaa ho asɛm, efisɛ ɛno na ɛde ɔbarima ne ɔbea nna ba. M’asemmisa ne sɛ, ɛhe na ɛsɛ sɛ wɔsosɔ wɔn ho mu kodu?”

Saa na abeawa bi kyerɛw kobisaa nsɛmma nhoma bi a wɔkyerɛw ma mmofra a wɔadu mpanyin mfe so no. Nanso ebia ɛyɛ asemmisa a wo nso woasusuw ho pɛn.

Sɛ woyɛ Kristoni a, ɛnde wofa nsɛm a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 4:3-6 no aniberesɛm: “Eyi ne nea Onyankopɔn pɛ, mo ahotew, sɛ munyi mo ho mfi aguamammɔ mu; . . . sɛ obiara nntra so nnkosisi ne nua asɛm bi mu, efisɛ [Yehowa] ne eyinom nyinaa weredifo.”

Enti ebia wunim sɛ ɔbarima ne ɔbea nna a Kristofo a wɔnyɛ awarefo benya mu kyɛfa no yɛ bɔne de, nanso ebia wunnim sɛnea Onyankopɔn bu obi a ɛsono ne bɔbeasu ano a wɔfew, fam a wɔfam no, anaa ne mu a wɔsosɔ.

So Ɛyɛ Onyin Mu Ade?

Nea edi kan koraa no, eye sɛ woma ɛtra w’adwenem sɛ Bible no nkasa ntia ɔdɔ a wɔda no adi wɔ ɔkwan a ɛho tew so a nna ho akɔnnɔ biara nni akyi. Na tete Kristofo no da ɔdɔ adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Na wɔtaa de ‘mfewano kronkron kyiakyia wɔn ho.’ (Romafo 16:16; 1 Korintofo 16:20) Ná Kristofo a wokura bɔbeasu koro mpo few wɔn ho wɔn ho ano yɛ wɔn ho wɔn ho atuu.​—Fa toto Asomafo no Nnwuma 20:37 ho.

Wɔda so ara bu ano a wɔfew ne atuu a wɔyɛ sɛ akwan a ɛfata a wɔnam so da ɔdɔ adi kyerɛ obi wɔ aman pii so. Nanso, nnɛyi mmofra pii da ɔdɔ adi wɔ akwan a ɛkɔ akyiri sen nea ɛfata so. Wohui wɔ nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ United States mu sɛ, mmofra a wɔadu mpanyin mfe so a wobisabisaa wɔn nsɛm no mu nea ɛboro baasa biara mu baanu kae sɛ wɔde wɔn ho ahyɛ agodie a nipadua no akwaa horow bi a wɔsosɔ mu ka ho mu. Pii fi ase yɛ saa bere a wɔadi mfe 14 pɛ. Sɛnea wohui wɔ nhwehwɛmu foforo bi mu no, na wɔn mu ɔha biara mu nkyem 49 de wɔn ho ahyɛ wɔn ho mu a wɔsosɔ mu araa ma wonyaa nkate te sɛ nea wonya wɔ nna mu ara pɛ.

Ebinom bu wɔn ho bem wɔ nna ho ade a wɔsɔ hwɛ yi ho sɛ ɛyɛ onyin mu adeyɛ ara kɛkɛ. Sɛnea nhoma The Family Handbook of Adolescence kyerɛ no, “nna ho agodie ne ɛho nsɛm abu so wɔ mmofra a wɔadu mpanyin mfe so a wɔn adwenem da hɔ a hwee nhaw wɔn nyinaa mu.” Nnipa bi mpo hyɛ afoforo nkuran sɛ wɔnsosɔ wɔn ho mu. Nhoma Growing Into Love, a Kathryn Burkhart kyerɛwee kyerɛ sɛ: “Esiane sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ nna mu ankasa nti, wobetumi asosɔ wɔn ho mu a ɔhaw biara remfi mu mma, na wɔnam saayɛ so ada nna ho nkate a wɔwɔ adi.”

Nanso, asɛm no ne sɛ, Onyankopɔn bu su a ɛte saa dɛn?

Dɛn Na Mfeano De Ba?

Sɛ wudu wo “baabun” bere mu a, nna ho nkate mu yɛ den. (1 Korintofo 7:36) Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ wobɛpɛ sɛ wuhu sɛnea obi a ɛsono ne bɔbeasu ano a wɔfew anaa ne mu a wɔsosɔ no te. Nanso The Family Handbook of Adolescence da no adi sɛ: “Ɛtɔ da bi a obi tumi nya nna ho nkate mfe pii ansa na wanyin adwenem.” Nokwarem no, mmofra pii nnim sɛ mfeano anaa wɔn ho mu a wɔsosɔ tumi kanyan nna ho nkate a emu yɛ den.

Enti, ɛsɛ sɛ wufi nyansam susuw ɔhaw ahorow a efi nneyɛe ahorow a ɛkanyan nna ho nkate mu ba no ho. Sɛ wunnyinii sɛ wobɛware ɛ? Ɛnde dɛn nti na ɛsɛ sɛ wofew obi ano anaa woyɛ biribi a ɛbɛkanyan wo nkate wɔ nna ho? Nea eyi a wobɛyɛ de bɛba ara ne abasamtu. Eyi te saa efisɛ ɔkwan biara nni hɔ a wo, sɛ nokware Kristoni no bɛfa so adi nna ho nkate a ɛte saa no ho dwuma sɛnea tebea no hwehwɛ​—a ɛne ɔbarima ne ɔbea nna no. Bible no da no adi pefee sɛ aware mu nkutoo na nkitahodi a ɛte saa no fata.​—1 Korintofo 6:18.

Susuw onipa foforo no a ebia wo nna ho nneyɛe no betumi akanyan n’akɔnnɔ no nso ho. So ɛnyɛ nnaadaa, anaa atirimɔdensɛm mpo sɛ wobɛfew obi a wonyɛɛ w’adwene sɛ wobɛware no anaa ebia wunsusuw ho koraa sɛ ɔbɛyɛ w’aware mu ɔhokafo ano anaa wubemiamia no? (Fa toto Mmebusɛm 26:18, 19 ho.) Bible no bɔ kɔkɔ sɛ: “Otirimɔdenfo haw n’ankasa honam.”​—Mmebusɛm 11:17.

Ɛsɛ sɛ Bible suani biara hu sɛ amiamia anaa ano a wɔfew tumi kanyan nna ho nkate a emu yɛ den. Bible no ka sɛnea aguaman bi daadaa aberante bi ho asɛm. Ɛka sɛ: “Osoo no mu, na ofew n’ano.” (Mmebusɛm 7:13) Ano a wɔfew anaa amiamia a ɛte saa no tumi kanyan akɔnnɔ a emu yɛ den wɔ nipadua no mu. Bere a amiamia no kɔ so no abarimaa anaa abeawa nkate kɔ so yɛ kɛse. Nokwarem no, na nipadua no resiesie ne ho ama ɔbarima ne ɔbea nna.

Sɛ nnipa baanu no aware a, wobetumi adwudwo wɔn nkate ano wɔ ɔkwan a ɛyɛ anigye na nidi wom so. Nanso sɛ nnipa baanu a wɔnyɛ awarefo de wɔn ho hyɛ agodie a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ mu a, ɛda adi pefee sɛ ɔhaw befi mu aba. Wɔ nhwehwɛmu bi mu no, ɔkyerɛwfo Nancy Van Pelt hui sɛ mmofra a wɔde wɔn ho hyɛɛ amiamia mu gye toom pefee sɛ, sɛnea wɔka no, “wɔantumi anni wɔn ho so.” Nhwɛso titiriw biako nso ne abeawa kumaa bi a wɔhyɛɛ no ma ɔyɛɛ ade kɔɔ akyiri dodo sen nea na wayɛ pɛn no. Ɛwom sɛ wamfa ne ho anhyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu de, nanso ɔmaa kwan maa abarimaa no sosɔɔ ne mu kɔɔ akyiri dodo. Ɔka sɛ: “Afei ɛhaw me kɛse.” So nea ɔmaa kwan maa abarimaa no de yɛɛ no no yɛ bɔne ankasa?

Dɛn ne Nea “Akɔ Akyiri Dodo”?

Mmofra bi susuw sɛ mpɛn dodow a wɔmfaa wɔn ho nhyɛɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu de, wɔnyɛɛ ade nkɔɔ akyiri dodo, wɔkyerɛ sɛ nea wɔyɛ no nyɛ bɔne ankasa. Nanso Bible kyerɛ sɛ ɛyɛ bɔne. Wɔ Galatifo 5:19-21 no, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Ɔhonam nnwuma no da adi pefee, ɛne aguamammɔ, efi, ahohwi . . . wɔn a wɔyɛ saa nneɛma yi rennya Onyankopɔn ahenni.”

Dɛn ne aguamammɔ? Mfitiase Hela kasa a egyina hɔ ma aguamammɔ ne por·nei’a. Nea ɛkyerɛ ne nna mu kyɛfa a wonya bere a saafo no nwaree. Abeawa bi a wɔfaa n’asɛm kae wɔ Seventeen mu maa hokwan maa n’adamfo abarimaa bi hyɛɛ no ma ɔde ne barima hyɛɛ n’anom. Ɔkae sɛ: “Mete nka sɛ magyimi ankasa, esiane sɛ me nnamfonom nyinaa ka sɛ wɔne wɔn nnamfonom mmarimaa yɛ saa, na mampene so a ɔne me begyae adamfofa ara nti.” Nhwehwɛmu kyerɛ sɛ mmofra a wɔdɔɔso yiye de wɔn ho ahyɛ saa ɔbrasɛe yi mu. Nanso, saa adeyɛ yi yɛ por·neiʹa na Onyankopɔn mpene so.

Ɔsomafo Paulo nso de “efi” bata aguamammɔ ho. Mfitiase Hela asɛmfua, a·ka·thar·siʹa, kyerɛ biribiara a ɛho ntew, wɔ ɔkasa anaa nneyɛe mu. Nokwarem no, ɛbɛyɛ ade a ɛho ntew sɛ wobɛma kwan ma wo nsa akɔhyɛ obi ntama mu, apa obi ho, anaa woasosɔ ɔfoforo bi nipadua no afa horow bi te sɛ ne nufu mu. Wɔ Bible mu no, wɔde nufu mu sosɔ ka anigyede ahorow a awarefo nkutoo na wɔwɔ ho kwan no ho.​—Mmebusɛm 5:18, 19; fa toto Hosea 2:2 ho.

Nanso mmofra bi yɛ asoɔden bu Onyankopɔn gyinapɛn ahorow yi so. Wɔboapa yɛ ade kɔ akyiri dodo, anaasɛ wɔde anibere hwehwɛ ahokafo pii a wɔne wɔn bɛyɛ ɔbarima ne ɔbea nna mu nneɛma a ɛho ntew. Enti wodi fɔ wɔ nea ɔsomafo Paulo frɛɛ no “ahohwi” no ho.

Nhoma ahorow pii kyerɛ sɛ mfitiase Hela asɛmfua ma “ahohwi” (a·selʹgei·a) kyerɛ ‘nneyɛe ahorow a ɛho ntew, ahantan, akɔnnɔ a wontumi nhyɛ so, ne abusude.’ Mmofra a wɔbɔ ahohwibra te sɛ abosonsomfo a Paulo kaa wɔn ho asɛm no. Esiane sɛ “wɔn koma apirim nti,” saa abosonsomfo no “ani nwu ade bio, [wɔde] wɔn ho ama ahohwi, na wɔyɛ afide nyinaa anibere mu.” (Efesofo 4:17-19) Nokwarem no, wompɛ sɛ afobu a ɛte sɛɛ bɛba wo so!

Afei, hu sɛ ɛnyɛ ɔbarima ne ɔbea nna a obi de ne ho bɛhyɛ mu nko na ɛkyerɛ sɛ wayɛ ade ma “akɔ akyiri dodo” wɔ Yehowa ani so. Sɛ wunnyinii sɛ wobɛware a, mfa wo ho nhyɛ amiamia anaa obi ano a wɔfew mu. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔreyɛ nhyehyɛe aware hwɛ yiye na ɔdɔ a wɔda no adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no ammɛyɛ nea ɛho ntew. Ampa, Onyankopɔn gyinapɛn ahorow a wubedi so no nyɛ mmerɛw. Nanso Onyankopɔn ka wɔ Yesaia 48:17 sɛ: “Me [Yehowa], wo Nyankopɔn, mene nea ɔkyerɛ wo nea eye ma wo, na ogya wo kɔ ɔkwan a fa so no so.”​—Hwɛ Galatifo 5:16 nso.

[Kratafa 21 mfonini]

Sɛ wonwaree a, wo ho a wode bɛhyɛ nneyɛe a ɛkanyan akɔnnɔ mu betumi de ahoyeraw anaa nea ɛsen saa mpo aba

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena