Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 1/8 kr. 15-17
  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Ne M’awofo a Nsɛm Taa Haw Wɔn no Atra?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Atumi Ne M’awofo a Nsɛm Taa Haw Wɔn no Atra?
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Ɛkyerɛ sɛ Nsɛm Haw Wɔn
  • ‘So Biribi Atõtõ?’
  • Yɛ Ade Nyansam!
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Me Mfomso Bere Nyinaa?
    Nyan!—1997
  • Onyamesom Pa Adi A Wobeyi Akyerɛ Awofo A Wɔn Mfe Akɔ Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
  • Dɛn Nti Na M’awofo Nte Me Ase?
    Nyan!—1984
  • Mɛyɛ Dɛn Ayɛ Nea M’awofo Pɛ?
    Nyan!—1985
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 1/8 kr. 15-17

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Atumi Ne M’awofo a Nsɛm Taa Haw Wɔn no Atra?

“CLAUDIA ka sɛ: “Nea ɛhaw me ne sɛ me maame fa abufuw na asɛm yɛ no ahi ntɛmntɛm dodo.”a Obisaa me da bi sɛ adakabɛn a meresua bɔ no te dɛn. Me maa no mmuae tiawa sɛ eye, na mekɔɔ adakabɛn no ho sɛ merekɔ toa ne sua no so. Me maame de abufuw baa hɔ bɛkae sɛ meyɛ aniammɔho, na ɔde abufuw fii hɔ. Meyɛɛ basaa na mekaa adakabɛn no hwee mu fii hɔ kɔɔ me dan mu. Afei me maame bae bɛyeyaw me wɔ adakabɛn no a meka hwee mu no ho.”

Awofo betumi ayɛ nnipa a nsɛm haw wɔn ntɛmntɛm ankasa wɔ mmere a wonni anigye mu. Ɛtɔ da bi a ebia wobɛte nka sɛ ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye bere a wɔwɔ hɔ, na wode ehu hwɛ bere a edi hɔ a wɔbɛkasa atia wo, ateɛteɛm agu wo so, anaa wɔabɔ wo sobo mpo kwan. Nanso mfomso biara nni ho sɛ nneɛma tumi haw awofo bere ne bere mu. Nhyɛso, ɔbrɛ, ɔyare, ne asetra mu haw ahorow ne nneɛma a ɛtaa de eyi ba.b Hu a wubehu eyi no bɛboa wo ma woanya tema ama w’awofo. (Fa toto Mmebusɛm 19:11 ho.) Nanso eyi nsakra nokwasɛm a ɛyɛ sɛ ɛtɔ da bi a wɔn asetra betumi ayɛ den no. Dɛn na wubetumi ayɛ de ama nneɛma ayɛ yiye?

Nea Ɛkyerɛ sɛ Nsɛm Haw Wɔn

Mmebusɛm 24:3 ka sɛ: “Wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina.” Nea ɛne saa nnyinasosɛm yi hyia no, ade biako a wubetumi ayɛ ne sɛ wobɛbɔ mmɔden ahu bere a w’awofo nni anigye no. Odwontofo no kaa n’ankasa ne haw a na wahaw no ho asɛm sɛ: “Da mũ nyinaa mede awerɛhow menam foofoo.” (Dwom 38:6) Nokwarem no, ná obi a ɔhwɛ ade yiye a betumi ahu sɛ biribi haw no! Ɔkwan a ɛte saa so no, nsɛnkyerɛnne bi bɛda adi pefee wɔ ɔwofo bi ho sɛ onni anigye mu.

Enti mmofra a wɔkyerɛw nhoma The Kids’ Book About Parents no ahyehyɛ kɔkɔbɔ nsɛnkyerɛnne ahorow bi a ɛsɛ sɛ mmofra hu. Nea ɛka ho bi ne bere a awofo ‘didi pii, wɔyɛ komm, wɔda ntɛm, wofi adwuma ba fie a wɔnkyia, wɔkasatia obiara abufuw so, wubisa wɔn nsɛm a wommua,’ ne ‘TV a wɔhwɛ no haa’. Wɔ mmusua afoforo mu no, awofo bo taa fuw wɔ mmere pɔtee bi mu—te sɛ bere a ɛsɛ sɛ wotua aka. Sɛnea ɛte biara no, sɛ wohwɛ ade yiye a wubetumi ahu biribi a ɛkyerɛ sɛ nsɛm haw w’ankasa w’awofo no.

‘So Biribi Atõtõ?’

Ɛnde, sɛ wuhu sɛ biribi haw ɔwofo a dɛn na wobɛyɛ? So ɛsɛ sɛ wotwe wo ho fi ne ho? Dabida. Mmebusɛm 15:20 ka sɛ: “Ɔba nyansafo ma n’agya ani gye.” Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ woma w’awofo a wɔanyinyin no nsɛnnennen yɛ wo adesoa. Efisɛ, ɛsɛ sɛ ɔwofo biara soa “n’ankasa n’adesoa.” (Galatifo 6:5) Nanso anyɛ yiye koraa no wubetumi akyerɛ wɔn ho anigye. Sɛ nhwɛso no, wubetumi abisa wɔn anifere so sɛ: ‘So biribi atõtõ?’ (Fa toto Nehemia 2:1, 2 ho.) Ebia na mmoa ketewaa bi na wubetumi de ama anaa wuntumi nyɛ hwee koraa mfa nsesa tebea no, nanso ebetumi aba sɛ wɔn ani bɛsɔ wɔn yiyedi ho anigye a wokyerɛ no.

Nea edi so yi na abofra kumaa bi a wɔfrɛ no Kama kamfo kyerɛ sɛ ɛne ɔkwan a wɔnam so di nsɛm ho dwuma bere a ɔwofo a nsɛm haw no aba fie no: “Sɛ woma akwaaba wie a, kɔ wo dan mu kakra, kosi sɛ wobegye wɔn ahome kakra. Afei pue kobisa nea ɛhaw wɔn ne sɛnea nsɛm kɔɔ so da no . . . Hwɛ sɛ ebia wɔpɛ sɛ woyɛ biribi a.” Ɛtɔ da bi a, ɔwofo no a wobɛtra ne nkyɛn anaa ɔdɔ adi a wubeyi akyerɛ no kɛkɛ no betumi ama ne ho asan no.

Wɔ Ɔbenfo Joyce Vedral nhoma My Parents Are Driving Me Crazy mu no, ɔka sɛnea abeawa bi a wɔfrɛ no Deena yɛɛ n’ade bere a ne maame bo fuwii no. Deena ka sɛ: “Bere a mipue [fii me dan] mu na mihui sɛ wamuna no, ansa na obetumi ayɛ biribi de asiw me kwan no, mebam no yɛɛ no atuu. Afei mefew n’ano kae sɛ, ‘Mama, medɔ wo.’ Anka ɛsɛ sɛ wowɔ hɔ na woahu sɛnea ne tebea no sakrae—amonom hɔ ara.” Ɔbenfo Vedral de ba awiei sɛ: “Aduru a ɛfata ma ɔwofo a wamuna ne ɔdɔ a woyi adi kyerɛ no. . . . Ɔdɔ tumi de anigye ankasa ba.” Bible no ka no saa kwan yi so sɛ: ‘Ɔdɔ ma nkɔso.’—1 Korintofo 8:1.

Ɛwom, ɛtɔ da bi a na ayɛ sɛ nea w’awofo bo afuw wo ankasa. Sɛ wuntumi nhu nea enti a aba saa a, bɔ mmɔden bisa w’awofo asɛm bi sɛnea ɛbɛyɛ a ebia wɔbɛka nea woayɛ akyerɛ wo. (Fa toto Mmebusɛm 20:5 ho.) Sɛ nhwɛso no, abeawa kumaa bi a wɔfrɛ no Ruth hui sɛ ɔne ne papa ntam “abusuabɔ resɛe kɛse” na na wabɛyɛ katee a ntease nnim wɔ mmɔden a ɔbɔ wɔ sukuu adesua ho. Bere a abusua no susuw “Mmofra Bisa Sɛ . . . ” afã hɔ asɛm bi ho wiei no, Ruth bisaa nea na ɛrehaw ne papa. “Yehui sɛ na Dada rehwehwɛ sɛ ɔnam ne mma so bedi yiye, esiane sɛ wɔhyɛɛ no ma ogyaee sukuu nti. Ná ɔpɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sen obiara wɔ sukuu.” Enti sɛ Ruth ammɔ mmɔden sɛnea ɔhwɛ kwan a, na ne bo fuw. Dɛn na efii wɔn nkɔmmɔbɔ no mu bae? Ruth ka sɛ: “Ɛboaa me maa misusuw nneɛma ho sɛnea na osusuw no.” Sɛnea ɛte no, na ɛsɛ sɛ ne papa nso yɛ nsakrae wɔ ne nsusuwii mu. Ruth bɔ amanneɛ sɛ: “Nneɛma afi ase reyɛ yiye.”

Sɛ wo ne w’awofo bɔ nkɔmmɔbɔ a ɛte saa a, ebia wubehu sɛ wɔwɔ ntease titiriw bi nti a wɔn bo fuw wo. Ebetumi aba sɛ wo werɛ fii ofie nnwuma bi a wɔde hyɛ wo nsa ara kɛkɛ. Eyi kae yɛn Mmebusɛm 10:5 sɛ: “Nea ɔboaboa ano ahohuru bere no yɛ ɔba nyansafo, na nea ɔtɔ nko twabere no yɛ ɔba a ɔhyɛ aniwu.” Ebia mmɔden kɛse a wobɛbɔ no betumi ayɛ pii ma w’awofo abufuw no so atew.

Yɛ Ade Nyansam!

Nanso, ɛtɔ mmere bi a ɔwofo bi nka nea ɛhaw no, na ne bo fuw anaa osiw mmɔden biara a wobɛbɔ sɛ wobɛhyɛ no nkuran ma wakasa no ano. Sɛ ɛte saa a dɛn bio na wobɛyɛ? Bible no ka sɛnea Dawid, sɛ́ abofra no, gyinaa tebea a ɛhaw adwene saa ara ano. Sɛ́ abofra no, na Dawid yɛ adwuma wɔ Ɔhene Saul ahemfi sɛ odwontofo. Nanso, na Saul koko haw no, enti na ne bo tumi fuw bere biara. Da bi mpo ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔde peaw bɛwɔw Dawid afam ban ho! Nanso, hyɛ nea Bible no ka wɔ Dawid nneyɛe ho wɔ 1 Samuel 18:14 (New World Translation) no nsow: “Na Dawid kɔɔ so yɛɛ ade nyansam, na Yehowa dii n’akyi.”

Awofo kakraa bi na wɔyɛ keka te sɛ Ɔhene Saul. Nanso, ebehia sɛ wokɔ so yɛ w’ade nyansam bere a wone wɔn redi nsɛm no. Sɛ nhwɛso no, abofra Sam ka sɛ: “Me papa nyɛ Kristoni, na ɔwɔ koko bɔne nso! Sɛ ne bo fuw wo a, ɔteɛteɛm gu wo so ankasa. Ɛsɛ sɛ wohwɛ wo kasa ne wo nneyɛe yiye ankasa. Ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛ worenhyɛ no abufuw.” Bible no ka no saa kwan yi so sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw, na ntetekwaa fa mu, na wonya asotwe.”—Mmebusɛm 22:3.

Eyi nkyerɛ ankasa sɛ ɛnsɛ sɛ wobɛn w’awofo. Bɔ mmɔden da ɔdɔ ne adamfofa su adi sɛnea wubetumi kyerɛ wɔn. Sɛ wokɔ so bisabisa ɔwofo a ne bo afuw nsɛm pii a ɛho nhia anaa nneɛma nketenkete a anka ɛho behia sɛ moka ho asɛm bere foforo a, ebia wobɛhyɛ no abufuw. (Fa toto Mmebusɛm 15:23; 25:11 ho.) Nokwarem no, bere a wɔahaw na wɔaberɛ no, ebia wɔbɛte nka sɛnea ɔtreneeni Hiob mpo tee nka no, bere a obisae sɛ: “Mobɛhaw me kra akosi da bɛn?” (Hiob 19:2) Enti nyansa wom sɛ wobɛkwati su biara a ɛhaw adwene a wunim sɛ ɛhyɛ w’awofo abufuw—te sɛ kyingam a wɔyɛ no tetateta anaa nsateaa a wototom. Saa nso na ɛnkyerɛ ayamye sɛ wobɛbɔ nnwom ma ayɛ dede anaa wubebue wo television ma akasa kɛse dodo.

Ɔkwan foforo a wobɛfa so ayɛ ade nyansam nso ne sɛ wubedi kan ayɛ biribi. Sɛ Mama fi adwuma ba fie bere nyinaa a ne bo fuw? Sɛ wudi kan ba fie a, dɛn nti na wonnoa aduan, nkɔto wura ngu, anaa wonhohoro nkankyee no mu? Fa anigye hyia no. Nneyɛe a ɛte saa ma ne kɔn dɔ sɛ ɔbɛba fie. Abeawa bi a wɔfrɛ no Julie di kan yɛ nneɛma a ɛtete saa. Ɔka sɛ: “Me maame ka bɔs a ɛfa mmofra kɔ sukuu, na mpɛn pii no ɔbɛba fie na ne bo afuw. Enti ɛsɛ sɛ meyɛ komm. Menkasa ne ho araa kosi sɛ ne bo bedwo. Afei mehwɛ mmofra nkumaa no anaa meyɛ biribi foforo ma no.”

Ɛmfa ho mmɔden biara a wobɛbɔ sɛ wobɛkwati ntawntawdi no, sɛ awofo no yɛ nnipa a nsɛm haw wɔn anaa wɔn bo fuw ntɛmntɛm a, ɛnde ntawntawdi bɛba mo ntam ɔkwan biara so. Sɛ ɛba saa a, Bible nnyinasosɛm ahorow a wode bedi dwuma betumi aboa wo ma woakwati sɛ wobɛma tebea no asɛe koraa. Sɛ nhwɛso no, Mmebusɛm 15:1 ka sɛ: “Mmuae bɔkɔɔ sianka anibere, na asɛnnennen hwanyan abufuw mu.” Akwankyerɛ foforo a wɔde ama nso ne nea ɛwɔ Mmebusɛm 17:27 a ɛkenkan sɛ: “Nea ɔkyɛe ne nsɛm hu nimdeɛ, na nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa.” Kae nso sɛ, ɛwom sɛ w’awofo bo tumi fuw de, nanso ɛda adi sɛ mmere bi wɔ hɔ a wɔn ani gye, wɔn ho yɛ anika, na wɔn ani gye sɛ wowɔ fie. Ma w’ani nnye mmere a ɛtete saa no ho, na fa saa mmere no di dwuma sɛ hokwan a wone w’awofo benya abusuabɔ pa. Ɛbɛma mmere a ne bo fuw no ayɛ nea ɛnhaw adwene pii.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesã din no bi.

b Saa asɛm yi ka nkate mu haw a ɛtaa to nnipa pii no ho asɛm. Ebia awofo a wɔwɔ nkate mu haw esiane adwenemhaw a emu yɛ den, nsaden anaa nnuru a wɔde di dwuma ɔkwammɔne so, anaa honam ne nkate mu nyarewa ahorow a emu yɛ den nti no behia oduyɛfo mmoa.

[Kratafa 17 mfonini]

Awofo a wɔyɛ nnwuma ani gye ho sɛ wɔn mma bɛboa wɔn wɔ ofie adeyɛ mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena