Wiase Nsɛm
Tete Nneɛma Akorae Ahorow Da Asiane Mu
So tete nneɛma akorae resa anaa? Wɔ Italy a ɛyɛ wiase aman a ɛwɔ amammerɛ mu agyapade sen biara no mu biako no, ɛkame ayɛ sɛ wɔhwere tete nneɛma akorae biako a nneɛma ayɛ mu ma afe biara. Atesɛm krataa Il Messaggero bɔ amanneɛ sɛ: “Italy tete nneɛma akorae a nneɛma wom sen biara no yɛ nea wunhu.” Wɔ 1992 mu nkutoo no, wowiaa adwinne bɛyɛ 35,000 a ne bo bɛboro lire ɔpepepem 200 (dɔla ɔpepem 123) fii tete nneɛma akorae ahorow, asɔre ahorow, ɔman ne ankorankoro nnwuma ahorow, ne afie mu. Emu 1,971 pɛ na wɔn nsa kaa bio. Sɛnea wobu akontaa no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, efi 1970 kosi 1992 no, adwinne bɛyɛ 30,000 yera afe biara—mpanyimfo no kyerɛ sɛ ɛyɛ ɔman mu asɛm a ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho biribi ntɛm ankasa. Ɛhe na saa akorade a wowia yi nyinaa fa? Wɔbɔ amanneɛ sɛ, emu pii kopue wɔn a wodi nnuru ho gua ne amumɔyɛfo akuw akannifo ahintawee.
Honhom a Ɛka Obi Ma Ɔda Anaasɛ Owu?
India Today bɔ amanneɛ sɛ ɛwom sɛ na Balak Brahmachari akyidifo no de ahofama ma wɔn kannifo no de, nanso bere a nnuruyɛfo kae sɛ wawu no, anhaw wɔn kɛse. Asuafo yi a wɔfrɛ wɔn Santanfo no kɔɔ so kyerɛe sɛ nnuruyɛfo no redi mfomso, na mmom “honhom na aka” wɔn kannifo a wadi mfe 73 no ma “wada resusuw nsɛm ho” kɛkɛ. Wɔsrɛe sɛ wɔmfa no nto faako a wɔn a wɔn yare mu yɛ den da wɔ ayaresabea hɔ no. Bere a nnuruyɛfo no ampene no, Santanfo no de amu no san baa wɔn atrae a ɛbɛn Calcutta hɔ, na wɔde too nsukyenee so wɔ ɔdan a emu yɛ nwunu bi mu. Ɛhɔ mpanyimfo no hyɛe sɛ wɔnhyew amu no na amfa ɔyare bi amma, nanso Santanfo no pow saa abisade ahorow no sɛ ɛyɛ atesɛm a wɔde sɛe afoforo, na wɔkae sɛ “sɛnkyerɛnne biara nni hɔ” a ɛkyerɛ sɛ amu no reporɔw. Adapɛn bi twaam. Awiei koraa no, ɛkanyan aban mpanyimfo no ma wɔde wɔn ho gyee mu yii amu no fii hɔ.
Nnwom ne Awudi
Ɛbɛyɛ sɛ nnipa baanu a wodii wɔn awu wɔ Texas, U.S.A. nnansa yi ara no fi nnwom titiriw. Wɔ awudi biako mu no, obi a ɔreka kar a wadi mfe 19 bɔɔ polisini bi a ogyinaa no sɛ ɔrema no nsaano krataa a wɔde frɛ wɔn a wobu karka mmara so ma wokodi wɔn asɛm tuo kum no. Ɛnyɛ kyerɛ nko na aberante no lɔya (mmaranimfo) kyerɛe sɛ na aberante no retie rap nnwom a ano yɛ den bere a ɔtoo tuo bɔɔ polisini no na mmom ɔkyerɛe nso sɛ tie a na watie saa nnwom no bere tenten no nso ‘kanyan no’ ma odii awu. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ asennifo no gye toom sɛ nnwom no nyaa aberante no nneyɛe so nkɛntɛnso kɛse. Nanso sɛnea aban lɔya a ɔbɔɔ no sobo no kyerɛe no, “wɔante nka sɛ nnwom no brɛɛ nsɛmmɔnedi ho fɔ [a odi] no ase.” Wobuaa aberante no kumfɔ. Wɔ asɛm foforo a ɛte saa ara mu no, aberante bi a wadi mfe 15 a n’ankasa bɛkae sɛ wabɔ ne maame tuo akum no kyerɛe sɛ dwom bi a nnwontofo kuw a wɔbɔ rock dwom a ano yɛ den mmoroso a wɔfrɛ wɔn Megadeth na wɔbɔe na ɛde ahyɛde fi adaemone hɔ brɛɛ no sɛ onkum no.
Ɔkwan Foforo a Wɔfa so Sa Yare
Atesɛm krataa O Estado de S. Paulo bɔ amanneɛ sɛ esiane sɛ nnuruyɛfo a wɔwɔ Brazil hwehwɛ sɛ wɔbɔ ayarefo a wɔhwɛ wɔn ho ban na wɔannya AIDS anaa mmerɛbo mu yare nti, wɔrehwehwɛ akwan afoforo a wobetumi afa so asa nkurɔfo yare a wɔmma wɔn mogya. Atesɛm krataa no toaa so kae sɛ: “Brazil nnuruyɛfo afi ase dedaw nam akwan afoforo so yɛ Yehowa Adansefo oprehyɛn a wɔmma wɔn mogya. Wɔnam erythropoietin—akwaa mu aduru bi a efi asaabo mu a ɛkanyan mogya mu nkwammoa kɔkɔɔ—so tumi maa ebinom mogya nkwammoa kɔkɔɔ no dɔɔso araa ma wɔamma wɔn mogya wɔ oprehyɛn no akyi.” Enti, bere a Oduruyɛfo Sergio A. de Oliveira a ɔwɔ Portuguese Welfare Hospital a ɛwɔ São Paulo no ayɛ Adansefo 91 oprehyɛn akyi no, ɔka sɛ: “Yehu sɛ wobetumi ayɛ ayarefo a wɔyɛ Yehowa Adansefo koma ho oprehyɛn a wɔmma wɔn mogya anaa mogya mu nneɛma nanso asiane biara remma.”
Insurance a Asɔre Yɛ de Bɔ Wɔn Ho Ban wɔ Mmonnaato Ho Ka Ho
The Sunday Telegraph a ɛwɔ Sydney, New South Wales no bɔ amanneɛ sɛ: “Australia Katolek Asɔre no de ne nsa ahyɛ insurance nhyehyɛe bi a egye sika dɔla ɔpepem pii a ɛbɔ wɔn ho ban tia nkurɔfo a wɔkyerɛ sɛ asɔfo to wɔn mmonnaa ho ase.” Katolek ɔsɔfopɔn bi a ɔwɔ Melbourne, Australia kae sɛ, “Yegye tom sɛ wɔyɛ saa.” Ɔkyerɛ sɛ insurance a ɛyɛ kɛse saa no “fata ma bɔne a ɛte saa.” Sɛnea kuw bi a wogyina wɔn a wɔto wɔn mmonnaa akyi kyerɛ no, mmonnaa a asɔfo to nkurɔfo no abu so sen sɛnea asɔre no gye tom. Kuw no kasamafo kae sɛ ogye di sɛ nea asɔre no adwene si so kɛse ne sɛ wɔbɛbɔ asɔfo no ho ban mmom na ɛnyɛ sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔto wɔn mmonnaa no. Ɔde kaa ho sɛ “asɛntitiriw a ɛwɔ asɔre no insurance nkrataa no mu ne sɛ, nka nokware no.”
Ɔkwan a Wɔfa so Bɛyɛ Asɔfo
“Nnansa yi, wɔfrɛ Japanfo mmofra ‘akwankyerɛ nhoma awo ntoatoaso’—wɔkenkan ‘akwankyerɛ nhoma’ ansa na wɔayɛ biribiara. Mprempren asɔfo nso yɛ saa ara.” Saa na Tokyo atesɛm krataa The Daily Yomiuri bɔ amanneɛ. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakyerɛ nnɛyi asɔfo nkumaa no asɔfodwuma ne wɔn amammerɛ ahorow no, Kyoto sukuu a wosua Buddhasom ho ade no hyɛe sɛ wɔnyɛ ɔkwan a wɔfa so bɛyɛ asɔfo ho akwankyerɛ nhoma bi. Ɛmfa ho sɛ na ɛnsɛ sɛ kan Buddhafo asɔfo ware, na wogyee din wɔ ntetee katee a wonyae mu no, wɔn mu pii wɔ hɔ nnɛ a wonyaa adwuma no fii wɔn agyanom anaa wɔn nananom hɔ. Nanso, atesɛm krataa no se mpɛn pii no, agyanom ntaa nkyerɛ wɔn mma su horow a ɛfata asɔfo, na mmofra no ankasa nso sua ade pii ma sukuu nsɔhwɛ ma wonnya bere mma Buddhasom mu amanne ahorow. Wɔbɔ amanneɛ sɛ ɛyɛ den ma ebinom sɛ wobetumi akenkan sutra, anaa wɔbɛma Buddha ho ɔkasa ahorow.
Komayare a Ɛhaw Argentinafo Mmea
Akontaa a wɔabu no nnansa yi kyerɛ sɛ mmea pii renya komayare wɔ Argentina. Atesɛm krataa Clarín tintim nea efi asɛm no ho nhwehwɛmu bi a Sociedad Argentina de Cardiología (Argentina Komayare ho Nhwehwɛmu Kuw) yɛe mu bae no. Wɔyɛɛ nhwehwɛmu wɔ mmeae a wɔde wɔn a wɔn yare mu yɛ den to 82 ne nnipa 521 a wɔwɔ komayare mu wɔ ɔman no nyinaa mu. Amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ mmea a komayare ma wogyee wɔn too Argentina ayaresabea ahorow no dodow kɔɔ soro bɛboro ɔha biara mu nkyem 56 wɔ nea ennu afe biako ntam. Na bere a wɔn a wonyaa komayare wɔ 1991 mu ɔha biara mu nkyem 25 na na wɔyɛ mmea no, mprempren wɔreyɛ adu ɔha biara mu nkyem 40. Nneɛma a ɛma nkurɔfo taa nya komayare ne mogya mmoroso, kɛseyɛ ntraso, srade a ɛdɔɔso wɔ mogya mu, sadweamyɛ, ne tawanom. Nanso, saa nhwehwɛmu yi ankyerɛ abusuabɔ biara a ɛda wɔn a komayare ayɛ wɔn no mfe ne wɔn wu mu ankasa.
Adwene mu Yare wɔ Mmea Nkokorafi?
Mpɛn pii no wosusuw sɛ mmea ne mmarima nkokorafi yɛ mmeae a asomdwoe wɔ a wotumi susuw nneɛma ho yiye. Nanso, sɛnea Italy atesɛm krataa Corriere della Sera bɔ amanneɛ no, Bruno Giordani a ɔyɛ ɔsɔfo a ɔkyerɛ adwene ne nneyɛe ho ade wɔ Pontificial Lateran University (Asɔfodi Sukuupɔn) a ɛwɔ Rome no de mmea ne mmarima nkokorafi ahorow ho “amanneɛbɔ bi a ɛyɛ ahodwiriw” ama. Sɛnea n’amanneɛbɔ no kyerɛ no, “ɛda adi sɛ adwene mu basaayɛ taa haw mmea nkokorafo bebree.” Ɔbobɔ sɛnkyerɛnne a ɛda adi wɔ “ɔbea kokorani a ɔwɔ adwene mu yare” ho sɛ “ɔyare ma ɔtaa te afobu nka anaasɛ ekum n’ahonim koraa wɔ abrabɔ ho.” Giordani gye tom sɛ “ankonamyɛ, te a afoforo nte wɔn ase, ne ahopɛ su” haw afoforo. Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ Katolek asɔfopɔn a wɔwɔ wiase nyinaa nhyiam a edi hɔ a wɔbɛyɛ no 1994 no bedi nsɛnnennen pɔtee a asɔfo hyia no ho dwuma.
Akodi Kɔ So Ara
Ɛwom sɛ sika a wɔsɛe no asraadi ho wɔ wiase nyinaa no reba fam de, nanso ako a wɔredi no dodow mmaa fam. German atesɛm krataa Nassauische Neue Presse bɔ amanneɛ sɛ: “Stockholm International Peace Research Institute (Stockholm Amanaman Ntam Asomdwoe ho Nhwehwɛmu Asoɛe) a ɛwɔ Sweden buu akontaa sɛ akodi akɛse 30 kɔɔ so wɔ afe a etwaam [1992] no mu.” Sɛnea asoɛe no kyerɛ no, saa ara na 1991 akontaabu no te. Ɛwom sɛ wogyaee akodi wɔ mmeae bi a wɔtaa di ako wɔ hɔ de, nanso wofii akodi a nnipa wuwuu wom sen biara ase wɔ Bosnia maa nnipa 100,000 hweree wɔn nkwa ansa na afe no rekɔ n’awiei.” Stockholm nhwehwɛmu asoɛe no ka to hɔ sɛ “ntawntawdi a ekowie basabasayɛ mu no so bɛtew kakraa bi pɛ.”
Wɔde Mogya Dansefo bi Din to Kar Kwan bi So
Bere a wɔrebɛto kar kwan bi din wɔ Germany kurow ketewa Baltmannsweiler mu no, kurow no mpanyimfo paw edin Bernhard Grimm. Dɛn ntia? Atesɛm krataa Essliner Zeitung bɔ amanneɛ sɛ: “Ná Grimm a wɔwoo no 1923 no te 30 Reichenbacher Street. Esiane sɛ na ɔyɛ Yehowa Dansefo a ne gyidi yɛ den nti, ɔpow sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ asraadi mu bere a wɔkyerɛw ne din no. Wɔde no too afiase ntɛm ara na wɔde no kɔɔ Berlin. Asraafo asennibea no buaa no kumfɔ sɛ ‘ɔrebrɛ asraadi honhom no ase.’ Wɔ August 21, 1942 no, wokum aberante a na wadi mfe 19 no wɔ Berlin-Plötzensee.” Esiane sɛ na adi mfe 50 fi bere a wokum saa abarimaa yi a ɔyɛ mogya dansefo yi nti, kurow no mpanyimfo susuwii sɛ ɛyɛ bere a ɛfata sɛ wɔde ne din to kar kwan bi so.
Akenkanfo Dodow so Atew?
Gazeta Mercantil ka sɛ “wɔn a wɔkenkan nsɛmma nhoma ne atesɛm nkrataa no dodow so atew.” Brazil atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ “atesɛm nkrataa ne nsɛmma nhoma a wɔnkyerɛ ho anigye kɛse na mmom wɔkyerɛ radio ne television so amanneɛbɔ ho anigye” no haw wɔn a wofi Berlin, Germany, kɔɔ atesɛm krataa samufo kuw kɛse nhyiam a ɛto so 46 no. Inter-American Society of the Press (Amerika nsɛm ho amanneɛbɔfo kuw bi) titrani Alejandro Junco de la Vega gye di sɛ, nnipa pii “nhu mfaso biara a ɛwɔ nsɛm a ɛwɔ atesɛm krataa mu . . . Nnipa pii da so ara gye di sɛ television so wɔ mfaso sen ɛno.” Horácio Aguirre, atesɛm krataa Las Americas a ɛwɔ Miami no adwuma panyin, de n’adwenkyerɛ a akyinnye biara nni ho a nnipa pii a wɔkyerɛw atesɛm nkrataa pene so ma sɛ, atesɛm krataa “de nea ɛresisi wɔ wiase ho nsɛm a ɛkɔ akyiri ma.”