Okununom ne Ɔyerenom—So Ɛyɛ Ampa sɛ Ɛsono Sɛnea Wɔkasa?
WO DE fa no sɛ Kwame tutu anammɔn kɔ Yaw office na n’anim kyerɛ sɛ nsɛm pii haw no. Yaw hwɛɛ n’adamfo no komm na ɔtwɛnee sɛ ɔbɛkasa. Kwame guu ahome kae sɛ: “Minnye nni sɛ metumi awie adwuma yi. Ɔhaw ahorow pii a na menhwɛ kwan abam, na mpanyimfo no nso gyina me so denneennen.” Yaw de akokoduru bisae sɛ: “Kwame, dɛn na ɛhaw wo? Wunim sɛ wone onipa a ɔfata ma adwuma no, na adwumam mpanyimfo no nyinaa nso nim saa. Wo de tɔ wo bo ase. So wususuw sɛ eyi yɛ asɛnkɛse? Wunim, ɔsram a etwaam yi ara . .” Yaw kaa n’ankasa ne mfomso ketewa bi a ɔyɛe a na ɛyɛ serew ho asɛm, na ankyɛ na n’adamfo no de serew fii ne office hɔ kɔe a na ne ho asan no. Yaw ani gyei sɛ otumi boaa no.
Na afei fa no sɛ bere a Yaw kɔɔ fie awia no, otumi hui ntɛm ara sɛ ne yere, Adwoa nso ahaw. Ɔde anigye soronko bi kyiaa no na afei ɔtwɛnee sɛ ɔbɛka dekode a ɛhaw no akyerɛ no. Bere a ɔyɛɛ komm a na ɔnkeka ne ho akyi no, ɔde abufuw teɛɛm sɛ: “Mintumi nnyina ano bio! Saa adwumam panyin foforo yi hyɛ nnipa so dodo!” Yaw de no traa ase de ne nsa too ne kɔn mu kae sɛ: “Ɔdɔ, mma ɛnnhaw wo. Tie, ɛyɛ adwuma asɛm. Saa ara na adwumam mpanyimfo te. Sɛ wowɔ hɔ a anka wubehu sɛnea m’adwumam panyin kasaa abufuw so bere tenteenten nnɛ. Nanso, sɛ wote nka sɛ ɛboro so dodo a, gyae adwuma no.”
Adwoa kaa no ntɛm ara sɛ: “Wunnwen sɛnea mete nka ho mpo! Wuntie nea meka da! Mintumi nnyae adwuma no! W’akatua nso yɛn!” Ɔde mmirika kɔhyɛɛ dan mu suu pii. Yaw de ahodwiriw gyinaa ɔpon no akyi a na onhu nea asi. Dɛn na ɛmaa Kwame ne Adwoa yɛɛ wɔn ade wɔ akwana ɛbɔ abira koraa so wɔ Yaw awerɛkyekye nsɛm no ho saa?
So Efi Nsonsonoe a Ɛwɔ Mmarima ne Mmea Ntam No?
Ebinom de nsonsonoe a ɛwɔ mfatoho ahorow yi mu no bɛhyɛ ade biako pɛ: Kwame yɛ ɔbarima; Adwoa yɛ ɔbea. Kasa ho nhwehwɛmufo gye di sɛ mpɛn pii no, nsonsonoe a ɛwɔ ɔbarima ne ɔbea ntam no na ɛmma wontumi nni nkitaho wɔ aware mu. Nhoma ahorow te sɛ You Just Don’t Understand ne Men Are From Mars, Women Are From Venus kyerɛkyerɛ sɛ, ɛwom sɛ mmarima ne mmea nyinaa ka kasa koro de, nanso akwan a wɔnam so di nkitaho no sonsonoe.
Akyinnye biara nni ho sɛ, bere a Yehowa bɔɔ ɔbea fii ɔbarima mu no, na ɔbea no nyɛ abɔde foforo a wasakra no kakraa ara kwa. Wɔbɔɔ ɔbarima ne ɔbea wɔ ɔkwan a ɛfata so yiye na wɔn mu biara ayɛ ɔfoforo mmoa—wɔ honam, nkate, adwene ne honhom mu. Sɛ yeyi saa awosu mu nsonsonoe a egu ahorow a ankorankoro wɔ no to nkyɛn a, ɔkwan a wɔnam so tete obi ne asetram osuahu ne su a amammerɛ ne nneɛma a atwa nnipa ho ahyia ama wɔanya, ne adwene a amanfo kura wɔ nea ɛyɛ ɔbarima anaa ɔbea asɛyɛde ho no nso wɔ hɔ. Esiane saa nkɛntɛnso ahorow yi nti, ebetumi aba sɛ wubesusuw sɛ ɛsɛ sɛ mmarima ne mmea yɛ wɔn ade wɔ akwan pɔtee bi so wɔ nkitahodi mu. Nanso asetra ankasa mu de, ebia yennya obi a ɔyɛ ne biribiara sɛ “ɔbarima ankasa” anaasɛ “ɔbea ankasa” gye sɛ yɛn adwenem nko ara na yebetumi asusuw saa.
Wonim sɛ mmea taa de nkate di dwuma, nanso mmarima pii yɛ bɔkɔɔ wɔ wɔne afoforo nsɛnni mu ma ɛyɛ nwonwa. Ebia wɔbɛka sɛ mmarima na wotumi susuw nsɛm ho yiye, nanso mmea taa wɔ su a ɛma wotumi pɛɛpɛɛ nneɛma mu nya mu nhumu yiye. Enti bere a wontumi nkyerɛ su pɔtee bi a mmarima nkutoo na wɔwɔ anaa nea ɛyɛ mmea nkutoo de no, ade biako da adi pefee: Afoforo su mu nhumu a wobenya, titiriw wɔ aware mu betumi ama wɔatumi akwati ɔko ankasa na wɔatra abom asomdwoe mu.
Asɛnnennen a ɔbarima ne ɔbea hyia da biara da wɔ nkitahodi mu no tumi yɛ den ankasa. Okununom a wɔwɔ nhumu pii betumi adi adanse sɛ asemmisa a ɛte sɛ nea ɛnyɛ aniberesɛm biara te sɛ, “Wuhu sɛnea mayɛ me ti foforo yi dɛn?” betumi de ɔhaw pii aba. Ɔyerenom a wɔyɛ anifere pii gyae bisa a wɔbɛkɔ so abisa sɛ, “Dɛn nti na wammisa ma wɔankyerɛ wo kwan?” bere a wɔ akwantu mu wɔn kununom yera no. Sɛ́ anka wubebu wo hokafo su ahorow pɔtee bi sɛ ade a ɛmfra, na wode mpiyɛ akura wo de mu aka sɛ “saa na mete” no, ɔhokafo a ɔwɔ ɔdɔ hwɛ ade kɔ akyiri. Eyi nyɛ adwemmɔne a ɔfoforo de pɛɛpɛɛ ɔkwan a ne yɔnko fa so bɔ nkɔmmɔ mu na mmom ɛyɛ anigye a ɔfoforo de hwehwɛ nea ɛwɔ ne yɔnko koma ne n’adwene mu.
Sɛnea onipa biara da nsow no, saa ara nso na ɛsono nnipa baanu a wɔaka abom wɔ aware mu no mu biara. Ɛnyɛ mmerɛw sɛ adwene ne koma behyia, na mmom egye mmɔdenbɔ, esiane sɛ, yɛnyɛ pɛ. Sɛ nhwɛso no, ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ wubesusuw sɛ afoforo hu nneɛma sɛnea wuhu no no. Yɛtaa di afoforo ahiade ho dwuma wɔ ɔkwan a anka yɛbɛpɛ sɛ wɔfa so di yɛn de ho dwuma ma yɛn de kyerɛ sɛ ebia yɛrebɔ mmɔden sɛ yebedi Mmara Pa a ɛne sɛ, “Ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara” no so. (Mateo 7:12) Nanso, na Yesu nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ afoforo ani gye nea wopɛ ho. Mmom no, sɛ wo yam a anka afoforo ayɛ nea wuhia anaa wopɛ ama wo. Enti ɛsɛ sɛ woma wɔn nea wɔpɛ. Eyi ho hia titiriw wɔ aware mu, efisɛ mo mu biara aka ntam sɛ ɔbɛyɛ ne hokafo ahiade ama no koraa sɛnea obetumi biara.
Adwoa ne Yaw aka saa ntam yi. Na wɔn aware a adi mfe abien no ayɛ nea anigye wom. Nanso, ɛwom mpo sɛ wɔte nka sɛ wonim wɔn ho yiye de, nanso ɛtɔ da bi na sɛ tebea ahorow sɔre a ɛma ɛda adi sɛ nkitahodi pa biara nni hɔ a, adwempa a wɔwɔ nkutoo ntumi mma wonsiesie tebea no. Mmebusɛm 16:23 ka sɛ: “Onyansafo koma kyerɛ n’ano nimdeɛ.” Yiw, ade a ehia wɔ nkɔmmɔbɔ mu ne nhumu. Momma yɛnhwɛ nea eyi yɛ maa Yaw ne Adwoa.
Ɔbarima Bi Adwene
Yaw yɛ adwuma wɔ akansi wiase a ɛsɛ sɛ onipa biara kura n’asetra mu dibea mu, sɛ́ ɔyɛ akumaa anaa ɔpanyin wɔ adwuma bi a wɔde ahyɛ ne nsa mu. Nkitahodi boa no ma okura ne dibea, fata a ɔfata, n’ahokokwaw, anaa ɛbo a ɔsom mu. N’ahofadi ho hia no kɛse. Enti Yaw ko tia nneɛma a wobisa no ɔhyɛ so. Anifere kwan so asɛm “Wonyɛ w’adwuma” ma no tew atua, sɛ nea wɔkae no yɛ nokware mpo a.
Yaw di nkɔmmɔ de hwehwɛ nneɛma mu titiriw. N’ani gye ho sɛ ɔka nokwasɛm, nsusuwii, ne nneɛma afoforo a wasua kyerɛ afoforo.
Sɛ Yaw retie obi a ɛyɛ den sɛ ɔbɛka biribi ketewaa te sɛ “saa, yoo,” de atware ɔkasa no mu efisɛ ɔresua biribi afi nsɛm a ɔreka akyerɛ no no mu. Nanso sɛ ɔne ɔkasafo no nyɛ adwene a, ebia ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛda no adi, titiriw sɛ onipa no yɛ n’adamfo a. Ɛkyerɛ sɛ n’ani gye nea n’adamfo no ka no ho, a ɔhwehwɛ nea obetumi anya afi mu biara.
Sɛ biribi haw Yaw a, n’ani gye ho sɛ ɔno nko ara di ho dwuma. Enti ebia ɔbɛtwe ne ho afi afoforo ne biribiara ho koraa. Anaasɛ ebia ɔbɛpɛ biribi foforo ayɛ de ayi n’adwene afi ne haw no so bere tiaa bi. Ɔbɛka ho asɛm bere a ɔrehwehwɛ ho afotu nkutoo.
Sɛ ɔbarima bi de ne haw ba Yaw hɔ sɛnea Kwame yɛe no a, ohu sɛ ɛyɛ n’adwuma sɛ ɔboa, na ɔyɛ ahwɛyiye sɛ ɔmma n’adamfo no nte nka sɛ ɔmfata. Ɔtaa de n’ankasa ne haw ahorow ka n’afotu no ho sɛnea ɛbɛyɛ a n’adamfo no nte nka sɛ ɔno nkutoo na biribi haw no.
Yaw ani gye ho sɛ ɔne nnamfo bɛyɛ nneɛma abom. Wɔ ne fam no, nea adamfofa kyerɛ ara ne sɛ wɔbɛyɛ nneɛma abom.
Ofie yɛ guankɔbea ma Yaw, beae a ɛnsɛ sɛ ɔkasa de kyerɛkyerɛ nsɛm mu, beae wogye no tom, wɔdɔ no, na wɔkyerɛ ne ho anisɔ. Ɛno mpo no, ɛtɔ da bi a Yaw te nka sɛ ɛsɛ sɛ ne nkutoo kɔtra baabi. Ebia ɛnyɛ Adwoa anaa biribi a wayɛ nti na ɔyɛ saa. Nea ohia ara ne bere a ɔno nkutoo de bɛtra baabi. Ɛyɛ den ma Yaw sɛ ɔbɛda nneɛma a ɛhaw no adi akyerɛ ne yere. Ɔmpɛ sɛ ne yere bɛhaw. N’adwuma ne sɛ ɔbɛhwɛ no abɔ ne ho ban, na ɔpɛ sɛ Adwoa nya ne mu ahotoso sɛ ɔbɛyɛ saa. Bere a Yaw hia mmoa no, ɔmpɛ sɛ obi behu no mmɔbɔ. Ɛma ɔte nka sɛ ɔmfata anaasɛ mfaso nni no so.
Ɔbea Bi Adwene
Adwoa hu ne ho sɛ ɔte wiase bi a nkitahodi pii wom mu. Wɔ ne fam no, ɛho hia sɛ onya saa nkitahodi yi mu kyɛfa na anya nkɔso. Kasa ne ɔkwan a ɔnam so bɛn afoforo na ɔkyerɛ sɛ ɔne wɔn wɔ abusuabɔ.
Adwoa fi awosu mu pɛ sɛ ɔde ne ho to afoforo so. Sɛ Yaw bisa n’adwene ansa na wasi gyinae bi a, ɛma ɔte nka sɛ ɔdɔ no, ɛwom sɛ ɔwɔ ɔpɛ sɛ Yaw bedi anim de. Sɛ ɔpɛ sɛ osi gyinae bi a, n’ani gye ho sɛ ohu ne kunu ansa, a ɛnyɛ sɛ ɔpɛ sɛ ne kunu ka nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ kyerɛ no, na mmom ɔyɛ de kyerɛ sɛnea ɔbɛn no na ɔde ne ho to ne so.
Sɛ Adwoa hia biribi a, ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛka no tee. Ɔmpɛ sɛ onwiinwii kyerɛ Yaw anaasɛ ɔma ɔte nka sɛ onni anigye. Mmom no, ɔtwɛn kosi sɛ ne kunu ankasa behu anaa ɔno ankasa bɛfa anifere kwan so de ɛho nsusuwii ahorow aba.
Sɛ Adwoa redi nkɔmmɔ a, n’ani gye sɛ obehu nneɛma nketenkete mu, na obisa nsɛm bebree. Eyi te saa efisɛ n’ani ku nnipa ne abusuabɔ a ɔne wɔn benya ho.
Sɛ Adwoa retie obi a, ɔde nsɛm, ne ti nko a ɔbɔ, ne nsemmisa twitwa ɔkasafo no ano de kyerɛ sɛ odi nea ɔreka no akyi na odwen nea ɔka no ho.
Ɔbɔ mmɔden yiye sɛ obehu nkurɔfo ahiade. Afoforo a ɔboa wɔn bere a wommisae ne ɔkwan biako a eye a ɔnam so yi ɔdɔ adi kyerɛ. Titiriw no, ɔpɛ sɛ ɔboa ne kunu ma ne ho kokwaw na onya nkɔso.
Sɛ Adwoa hyia ɔhaw bi a, ebia ɛbɛhyɛ ne so. Ɛsɛ sɛ ɔkasa, ɛnyɛ sɛ ɔrehwehwɛ ano aduru, na mmom ɔyɛ saa de da ne nkate adi. Ɔpɛ sɛ ohu sɛ obi te no ase na odwen ne ho. Sɛ Adwoa koma ka ne ho a, ɔkeka nsɛm pii a ɛyɛ nwonwa. Sɛ ɔka sɛ: “Wuntie nea meka da!” a, ɔnkyerɛ saa ankasa.
Ná ɛnyɛ Adwoa mmofraberem adamfo ne nea ɔne no yɛ nneɛma bom na mmom nea na ɔka n’asɛm nyinaa kyerɛ no. Enti aware mu no, n’ani nnye adwuma a obefi fie akɔyɛ sɛ otiefo a ɔwɔ tema a obetumi aka ne nkate horow ho asɛm akyerɛ no a obenya.
Ofie ne beae a Adwoa betumi akasa a wommu no atɛn. Ɔntwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛda ne haw ahorow adi akyerɛ Yaw. Sɛ ohia mmoa a, ɛnyɛ no aniwu sɛ obegye atom, efisɛ ɔwɔ ahotoso sɛ ne kunu wɔ hɔ na obetie no.
Adwoa taa te nka sɛ ne kunu dɔ no na ɔbɔ ne ho ban wɔ n’aware mu. Nanso ɛtɔ mmere bi a, bere a onhuu hwee no, ofi ase te nka sɛ onni ahobammɔ na ne kunu nnɔ no na ehia sɛ onya awerɛhyem ne fekubɔ ntɛm.
Yiw, Yaw ne Adwoa yɛ wɔn ho wɔn ho mmoa, na wɔn mu biara da nsow. Nsonsonoe a ɛda wɔn ntam no de akasakasa a emu yɛ den ba, ɛwom mpo sɛ wɔn mu biara wɔ adwempa sɛ ɔbɛdɔ ne yɔnko aboa no de. Sɛ yebetumi ate nea wɔn mu biara susuw wɔ tebea a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no ho a, anka dɛn na wɔbɛka?
Nea Wɔde Wɔn Ani Hui
Yaw bɛka sɛ: “Bere a miduu fie pɛ na mihui sɛ Adwoa ahaw. Misusuwii sɛ sɛ ɔyɛ krado a ɔbɛka dekode a ɛhaw no. Ɛyɛɛ me sɛ ɔhaw no nyɛ aniberesɛm biara. Misusuwii sɛ sɛ meboa no ara ma ohu sɛ enhia sɛ ɔma asɛm no haw no saa na meka sɛ, asɛm no nyɛ den a, ne bo bɛtɔ ne yam. Bere a ɔka kyerɛɛ me sɛ, ‘Wuntie m’asɛm!’ no, metee nka sɛ nea mekae no piraa no ankasa. Metee nka te sɛ nea ɔde ne haw no nyinaa ho asodi reto me so!”
Adwoa bɛkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ɛda no yɛɛ ɔhaw nkutoo. Na minim sɛ mfomso no mfi Yaw. Nanso bere a ɔde anigye baa fie no, metee nka sɛ nea na ɔrebu n’ani agu nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na mahaw no so. Dɛn nti na wammisa me nea na aba? Bere a mekaa ɔhaw no kyerɛɛ no no, nea ɔkae no kyerɛ sɛ m’adwene sua, na asɛm no nyɛ asɛm biara. Sɛ́ anka ɔbɛka sɛ ɔte me nkate ase no, Yaw, a osiesie nsɛm no kyerɛɛ me sɛnea minni asɛm no ho dwuma. Ná ɛnyɛ ano aduru na merepɛ, ná mihia tema!”
Ɛmfa ho saa bere tiaa mu akasakasa a ɛkɔ so ba wɔn ntam no, Yaw ne Adwoa dɔ wɔn ho yiye. Nneɛma ahorow bɛn na sɛ wohu a ɛbɛboa wɔn ma wɔatumi ada saa ɔdɔ no adi yiye?
Nea Afoforo Hu a Wobehu
Yaw tee nka sɛ ɛbɛyɛ asɛmpɛ sɛ obebisa Adwoa nea asi, enti ɔyɛɛ ade a ɔbɛpɛ sɛ afoforo yɛ ma no no maa no. Enti ɔtwɛnee sɛ ɔno ankasa befi ne pɛ mu akasa. Afei Adwoa nso hawee a na ɛnyɛ tebea a asi no nti na mmom nokwasɛm a ɛyɛ sɛ na ayɛ sɛ nea Yaw abu n’ani agu ne mmoa a ɔrehwehwɛ so no. Wanhu sɛ komm a na Yaw ayɛ no yɛ ahobrɛase mu a na ofi reda obu adi akyerɛ no—ohui sɛ ɛkyerɛ dwen a onnwen ne ho. Awiei koraa bere a Adwoa kasae no, Yaw tiee no a wantwitwa n’ano. Nanso ɔtee nka sɛ na ɛnyɛ ade a ɔretie no ankasa. Afei wanna tema adi na mmom sɛnea obedi ɔhaw no ho dwuma na ɔkyerɛe. Ɔtee eyi ase sɛ na ɔreka akyerɛ no sɛ: ‘Ɛho nhia sɛ wote nka saa; woreyɛ ade atra so dodo. Hwɛ sɛnea ɛyɛ mmerɛw sɛ wobedi saa ɔhaw ketewaa yi ho dwuma.’
Hwɛ sɛnea anka nneɛma bɛyɛ soronko afa, sɛ wɔn mu biara tumi huu nneɛma sɛnea ɔfoforo hu no no a! Anka asɛm no bɛba sɛ:
Yaw ba fie behu Adwoa sɛ wahaw. Obisa no brɛoo sɛ: “Dɛn asɛm, me dɔfo?” Nusu gu no, na ofi ase ka n’asɛm. Adwoa nka sɛ, “Ne nyinaa fi wo!” anaa biribi a ɛbɛkyerɛ sɛ Yaw mmɔ ne ho mmɔden sɛnea ɛsɛ. Yaw ka no fam ne ho na ɔde abotare tie no. Sɛ ɔka n’asɛm wie a, Yaw ka sɛ: “Ɛyɛ me yaw sɛ woahaw. Mitumi hu nea enti a woayɛ basaa saa no.” Adwoa bua sɛ: “Meda wo ase pii sɛ woatie me. Bere a mahu sɛ wote me ase yi, me ho abae me.”
Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, sɛ́ anka wobedi wɔn ntam ntawntawdi ho dwuma mmom no, awarefo bebree gyae aware. Nkitaho a wonni ne ade bɔne a ɛsɛe aware pii. Wɔkasakasa araa ma aware no nnyinaso sɛe. Ɔkwan bɛn na eyi nam so ba? Asɛm a edi hɔ no bɛka ɔkwan a ɛnam so ba ne sɛnea wɔkwati ho asɛm.