Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 5/8 kr. 20-22
  • Canada “Ahyɛn Kwan” Kɛse No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Canada “Ahyɛn Kwan” Kɛse No
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ahyɛn a Ɛfa “Ahyɛn Kwan” no So
  • Asiane ho Kɔkɔbɔ
  • “Ahyɛn Kwan” no a Wosiesie Mu
  • “Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Niger—Asubɔnten A Ɛboa Aman Bebree
    Nyan!—1981
  • Yordan Asubɔnten no Twa
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Ka Yɛn Ho Ma Yenkyinkyin Chobe So
    Nyan!—1991
Nyan!—1994
g94 5/8 kr. 20-22

Canada “Ahyɛn Kwan” Kɛse No

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ CANADA HƆ

“Asubɔnten bɛn ni?” Nea ɔkyerɛ ahɔho kwan wɔ hɔ no buae sɛ: “Asubɔnten bi a enni awiei.”

NÁ AFE no yɛ 1535. Ná nhwehwɛmufo Jacques Cartier nnim sɛ da bi, nsu a ahyɛn di so akɔneaba a ɔrebɛyɛ ho kyerɛwtohɔ no bɛba abɛyɛ nea ɛho hia sen biara wɔ Amerika Kusuu Fam no biako. Saa asubɔnten yi bɛyɛɛ “ahyɛn kwan” a ɛtrɛw a edi kan maa tete aboa nhoma aguadifo ne atubrafo ne akyiri yi, nnɛ bere yi mu po so ahyɛn a ɛfa nneɛma pii. Ano tɛtrɛtɛ boro kilomita 130, na ɛsen fi Atlantic Po no mu ba asase mu bɛyɛ kilomita 1,200 kogu Ontario Ɔtare mu.

Abakɔsɛm nhoma ahorow kyerɛ sɛ Cartier na ɔtoo saa asubɔnten a ahyɛn di so akɔneaba yi din St. Lawrence. Akyiri yi, wɔde saa din no frɛɛ asubɔnten no ne ɔtare a ɛwɔ ano no nyinaa.

Wobetumi ahu Amerika Kusuu Fam nsase a ɛyɛ fɛ sen biara no bi wɔ St. Lawrence Asubɔnten no ho. Mmepɔw ne abon a ɛyɛ mmɔnkyemmɔnka pii wɔ asubɔnten no ho ma ɛka bom yɛ wiase asutwaree a ne tenten sen biara no biako, a wɔfrɛ Saguenay Asutwaree a ɛyɛ bɛyɛ kilomita 100 no. Saguenay Asubɔnten kɛse no yiri sram so kogu St. Lawrence mu wɔ atifi fam bɛyɛ abɔe a ɛpo asorɔkye ne asubɔnten no behyiam.

Nsu mu abɔde ho animdefo ka sɛ ɛha na abɔde abien hyiam wɔ nsu no ase. Nsu a ɛyɛ nwini a nkyene pii wom nam nsuka a ɛwowɔ nsu ase a ɛdeda fam bɛyɛ mita 400 ba hɔ, na afei ɛba soro ne nsubɔnten mu nsu a ani agyen bedi afra. Nsu mu nam dɔɔso wɔ saa abɔe yi. Bonsu ahorow bi te sɛ nea wɔfrɛ no belugas (bonsu fitaa nketewa), minke, fin, ne bonsu kɛse a ne ho yɛ bruu te faako wɔ ha. Mpɛn pii no, bonsu ahorow anan yi ntam bɛyɛ akwansin ɔhaha pii. Ɛnyɛ nwonwa sɛ nnipa bɛboro 70,000 de ahyɛmma kɔhwɛɛ bonsu wɔ St. Lawrence afe bi mu nnansa yi.

Nnua, mmoa, ne nnomaa ahorow ahorow a ɛwɔ asubɔnten no ho no ka nea ɛda nsow koraa wɔ asase so no ho. Mpataa ahorow ɔhaha pii, mmoa a wɔwea fam bɛboro 20, ne nsu mu nufuboa ahorow 12 na wɔwɔ hɔ. Wɔkyerɛ sɛ ntuboa ahorow bɛyɛ 300 taa ba asubɔnten no asuasu no ano. Ntuboa a wotu di akɔneaba te sɛ dabodabo mpempem pii tu ba asubɔnten yi ho.

Mmepɔw ahorow a ɛso dwo a ɛho yɛ bruu wɔ asubɔnten no atifi. Kwaebibiri deda asubɔnten no anoano. Nsupɔw akɛse wɔ ne bɔnka kɛse no mu. Mfuw, nkuraa, ne nkurow akɛse wɔ ano.

Nsubɔnten a ano yɛ den fifi Montreal betware asubɔnten no bɛyɛ kilomita 160. Sɛ wotra nsu a ano yɛ den no a, nsu a ɛda w’anim bɛyɛ kilomita 60 a nsupɔw kuw a wɔfrɛ no Nsupɔw Apem (nokwarem no, ne dodow reyɛ adu mpem abien) wowɔ so no twa nyɛ den.

Ahyɛn a Ɛfa “Ahyɛn Kwan” no So

Afe 1680 mu tɔnn na Europa atubrafo kaa ho asɛm sɛ wɔnam nsuka so bɛtrɛw “ahyɛn kwan” no mu ma ahyɛn atumi atwa nsu a ano yɛ den no. Bɛyɛ mfe 300 akyi no, wɔn nsusuwii no baa mu, na wobuee St. Lawrence Seaway wɔ 1959 mu. Wɔkamfo sɛ ɛyɛ ade a wɔnam mfiridwuma so ayɛ wɔ wiase a ɛyɛ nwonwa sen biara no mu biako.

Nea ɛbɛyɛ na wɔatumi awie asubɔnten so kwan a ne tenten yɛ kilomita 293 yi no, wosisii aban ahorow ason wɔ nsuka no so wɔ Montreal ne Ontario Ɔtare ntam. Ná eyi hwehwɛ sɛ wotutu dɔte ne abo a sɛ wɔboaboa ano guu agoprama bi so a, anka ɛbɛyɛ bepɔw a ne tenten yɛ kilomita 35. Wobetumi de kɔnkrɛt dodow a wɔde sisii suka no so aban no ayɛ kwan bi a kar anan betumi afa so afi London akosi Rome.

Jacques LesStrang a ɔkyerɛw Seaway—The Untold Story of North America’s Fourth Seacoast no, faa po so hyɛn panyin bi anom asɛm kae sɛ: “Nsu a ahyɛn di so akɔneaba biara nni hɔ a ɛne no sɛ wɔ wiase. Ɛso akwantu nyɛ mmerɛw, nanso sɛnea asubɔnten no so fa, sɛnea Niagara Falls no woro denneennen, ne atare ne nsupɔw pii no ma ɛso akwantu yɛ anika yiye.”

Po so ahyɛn a etwa “ahyɛn kwan” a wɔatrɛw mu no kɔ Duluth-Superior wɔ Superior Ɔtare no fã a ɛwɔ United States no foro kɔ soro mita 180 sen ɛpo, na ɛne ɔdan a ɛtoa so 60 tenten yɛ pɛ. Efi Atlantic Po no so rekɔ asubɔnten no ano yɛ kilomita 3,700.

Po so ahyɛn a edi nsu no so akɔneaba no de aguadi mu mfaso pii abrɛ nkurow a ɛwowɔ asubɔnten no ano no. Nhoma a wɔfrɛ no The Great Lakes/St. Lawrence System ka sɛ: “Wɔ aman abien yi hye so hɔ na aman a wɔyɛ mfiridwuma kɛse, Canada ne United States wɔ, na ɛhɔ nnipa dɔɔso boro ɔpepem 100, na ɛyɛ beae koro a atɔe famfo nya mfiridwuma mu mfaso kɛse sen biara.”

Po so ahyɛn gyinabea bɛboro 150 a ɛwowɔ nsu no ano fi Atlantic Po no kosi Superior Ɔtare so no mu bi ne Quebec City, Montreal, Toronto, Hamilton, Sault Sainte Marie, ne Thunder Bay (a ɛwɔ Canada), ne Buffalo, Erie, Cleveland, Detroit, Chicago, ne Duluth-Superior (a ɛwɔ United States). Po so ahyɛn a efi Casablanca, Le Havre, Rotterdam, ne mmeae afoforo de nneɛma akɛse pii fa St. Lawrence so afe biara. “Ahyɛn kwan” no a wɔfa so no ma nnipa mpempem pii nya adwuma yɛ, na ɛde sika dɔla ɔpepepem pii ba afe biara.

Asiane ho Kɔkɔbɔ

Nanso, bɛboro mfe 30 a ahyɛn adi “ahyɛn kwan” yi so akɔneaba no, wɔde asiane ho kɔkɔbɔ ama. Environmental Canada [ahyehyɛde bi a ɛhwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia nsɛm so] kyerɛ sɛ wɔ mfeha pii mu no, “wɔato nsufĩ ne wura agu” St. Lawrence Asubɔnten no ne ne Nsutare Akɛse a ɛtene kogu mu no mu. “Asubɔnten Kɛse” no tumi dii ho dwuma besii nnansa yi.

Woyiyi nneɛma duruduru a ɛma ahyɛn kari pɛ gugu ɔtare ahorow a ani tew ne asubɔnten no mu. Mfiridwuma ne nkurow a ɛwowɔ nsu no ano de awuduru gu asubɔnten no mu. Kuayɛ nso ma nnuru a enye a ɛwɔ asase mu hohoro kogu nsu no mu. Eyi nyinaa aka abom de asubɔnten no ato asiane mu.

Bere a wohwiee nneɛma fĩ pii guu asubɔnten no mu de sɛee no no, emu mpataa ahorow binom ase tɔree. Akyiri yi, wɔbaraa ɛhɔ asuguare. Ɛno akyi no, wɔbarae sɛ wonnni mpataa ne adode ahorow bi. Dorobɛn mu nsu a wonya fi asubɔnten no mu a wɔnom no ho baa asɛm. Ɛbɛdaa adi pefee sɛ wuram mmoa bi aba asiane mu. Belugas a wɔawuwu bɔ baa nsu no ano, a awuduru a wɔde agu nsu no mu na ekunkum wɔn.

“Ahyɛn Kwan” no a Wosiesie Mu

Ná asubɔnten no de kɔkɔbɔ rema pefee. Ná ehia sɛ wosiesie “ahyɛn kwan” a agye din no. Enti wɔ 1988 mu no, Canada aban no yɛɛ ho biribi, na wofii St. Lawrence Dwumadi Nhyehyɛe no ase sɛ wɔde besiesie asubɔnten no mu denam nhyehyɛe a wɔbɛyɛ de akora emu nneɛma so, abɔ ho ban, na wɔama asan ayɛ sɛnea na ɛte, titiriw fi Montreal kosi Atlantic Po no so.

Mprempren wɔreyɛ nhyehyɛe bi de akora mmoa a wɔwɔ asiane mu no so. Wɔregye mmeae bi ho na ama wɔakora nea ɛwom no so. Wɔyɛɛ ade foforo, a ɛne Saguenay Marine Park, wɔ faako a Saguenay Asubɔnten no ne St. Lawrence hyiam no, na wɔde akora nsu mu mmoa a wɔda nsow no ne wuram mmoa so.

Wɔhyehyɛɛ mmara foforo. Wɔhyɛɛ mfiridwuma ahorow bere pɔtee sɛ wɔmfa ntew nneɛma a ɛma asubɔnten no mu yɛ fĩ so ɔha biara mu nkyekyem 90. Wɔreyɛ nneɛma foforo a wɔde bɛtew fĩ no so. Wɔretew nsu no mu atɛkyɛ a awuduru wom anaa efĩ a efi nsu no ase tutu mu ba no. Wɔ mmeae binom no wɔresiesie mmeae afoforo ama wuram mmoa wɔ nsu no ano denam nsu no mu anhwea ne dɔte a efĩ nnim a wɔde di dwuma so. Wɔreyɛ nhyehyɛe a wɔde bɛhwɛ nnipa dodow a wɔba hɔ afe biara bɛhwɛ asubɔnten no ne wɔn nneyɛe yiye.

Wobetumi asan ayɛ nea wɔasɛe no no yiye. Ade biako ne sɛ, nea ɛnte sɛ akwan a nnipa yɛ no, sɛ nkurɔfo ankɔ so amfa nneɛma fĩ angu asubɔnten no mu a, ɛno ankasa besiesie ne ho. Nea ɛho hia kɛse ne sɛ wɔbɛma mfiridwumayɛfo ne ankorankoro a wonya mfaso fi asubɔnten no ne Ɔtare Akɛse no ho aguadi mu no nyinaa asakra wɔn su.

Ade biako a ɛkyerɛ sɛ wɔredi nkonim wɔ tebea bɔne no siesie mu ne beluga bonsu no. Ɛwom sɛ beluga da so ara wɔ asiane mu de, nanso bere a wɔn dodow so tew fii 5,000 beduu bɛyɛ 500 pɛ no, wɔredɔɔso bio.

Amanfo de wɔn adwene aba sɛe a wɔasɛe sɛnea asubɔnten no te ankasa ne ne kan anuonyam no so bio. So saa nokwasɛm a wɔahu yi betumi ama mmɔden a wɔrebɔ sɛ wobesiesie no akɔ so atra hɔ daakye? Sɛ nnipa mma kyerɛ obu ne anisɔ ma Onyankopɔn abɔde ahorow a, ɛbɛkɔ so atra hɔ.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 20]

St. Lawrence Seaway Authority na wɔmaa ho kwan

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena