Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 5/8 kr. 26-28
  • Kwadu—Aduaba a Ɛyɛ Nwonwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kwadu—Aduaba a Ɛyɛ Nwonwa
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kwadu Mfuw
  • Sɛnea Kwadu Nyin
  • Efi Afuw mu Ba Wo Pon So
  • Kwadu Bo a Ɛsom ne Emu Ahoɔden
  • Kwadufuw Bi Mu Nsrahwɛ
    Nyan!—2003
  • Amanaman Mu Aduaba a Ɛyɛ Dɛ
    Nyan!—1995
  • ‘Monkɔ So Nsow Aba Pii’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
Nyan!—1994
g94 5/8 kr. 26-28

Kwadu—Aduaba a Ɛyɛ Nwonwa

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ HONDURAS HƆ

HELAFO ne Arabfo frɛɛ no “dua a ɛyɛ nwonwa.” Alexander Ɔkɛse no asraafo na wokohui wɔ India wɔ afe 327 A.Y.B. mu. Sɛnea atetesɛm bi kyerɛ no, India animdefo gyee mframa wɔ ne nwini ase na wodii n’aduaba no bi. Enti wɔafrɛ no “anyansafo aduaba.” Ɛyɛ aduaba bɛn? Ɛyɛ kwadu!

Nanso ɛyɛɛ dɛn na kwadu fii Asia kɔɔ Caribbean? Tete Arab aguadifo na wotutuu kwadu mma a wɔde dua no bi fii Asia koduaa no wɔ Afrika apuei fam mpoano. Wɔ 1482 mu no, Portuguese abɔrehufo no hui na wotutuu ne mma no bi dekaa ho kɔɔ wɔn atubra aman so wɔ Canary Islands a edin banana (kwadu) a na Afrikafo de frɛ no no ara na wɔn nso wɔde frɛɛ no. Nea edi hɔ no, wɔde tuu kwan twaa Atlantic po no kɔɔ atɔe fam nsase so. Eyi bae wɔ afe 1516 mu wɔ Columbus po so akwantu no akyi bere tiaa bi. Spain asɛmpatrɛwfo de kwadu mma no bi kɔɔ Caribbean nsase a nsu tɔ na awia bɔ kɛse wɔ hɔ no ankasa so. Enti ɛbae sɛ wɔde saa aduaba a ɛyɛ nwonwa yi traa wiase no fã koduu Amerika Mfinimfini ne Kesee Fam.

Wɔbɔ amanneɛ sɛ wodii kan de kwadu fii Caribbean Nsupɔw no so kɔɔ New England wɔ 1690 mu. Puritanfo noaa aduaba foforo yi na anyɛ wɔn dɛ. Nanso, wɔ Amerika Kesee ne Mfinimfini Fam aman ne aman afoforo a ɛwɔ mmeae a nsu tɔ na awia bɔ kɛse mu de, nnipa ɔpepem pii noa kwadu bunu na wodi no anigye so.

Kwadu Mfuw

Wɔ 1870 ne 1880 ntam hɔ no, Europafo ne Amerika Kusuu Famfo aguadifo pii ani fii ase begyee ho sɛ wɔde kwadu bɛkɔ amannɔne akɔtɔn. Wɔhyehyɛɛ nnwumakuw na wɔyeyɛɛ kwadu mfuw a wɔfrɛɛ no fincas. Esiane eyi nti na ɛsɛ sɛ adwumayɛfo ne mfiridwumayɛfo dɔw kwae, paapae akwan, na wɔyeyɛ keteke akwan hyehyɛ nkitahodi mfiri. Wɔkyekyee nkurow a, sukuu, ne ayaresabea ahorow mpo wom maa adwumayɛfo no ne wɔn mmusua. Woyiyii po so ahyɛn akwan a wɔbɛfa so de kwadu akɔ wiase nyinaa. Bere a adwuma no mu trɛwee no, nnwumakuw no totɔɔ nsase pii wɔ aman a wodua kwadu wom no mu.

Ɛnnɛ, Latin-Amerika nsase na ɛma Amerika Kusuu Famfo nya wɔn kwadu a wodi no ɔha mu nkyekyem 90. Brazil ne ɔman a ɛde kwadu a ɛdɔɔso sen biara kɔ amannɔne kɔtɔn. Honduras ne ɔman a ɛtɔ so asia, na afe biara kwadu a wɔde kɔ amannɔne kɔtɔn no mu duru si bɛyɛ nkaribo kilogram ɔpepepem biako.

Sɛnea Kwadu Nyin

Kwadu dua nyɛ dutan. Ɛnyɛ den te sɛ dua. Mmom ɛyɛ afifide kɛse bi a ɛte sɛ adobɛ. Kwadu dua no nyin ne ne kɛseyɛ gyina ewim tebea ne asase ko a wodua wɔ so no so. Kwadu nyin yiye wɔ baabi a ɛhɔ yɛ hyew na ɛhɔ yɛ fɔkyee, na ɛyɛ fɛ wɔ asase pa a anhwea wom na nsu ntaataa so so. Sɛ ebetumi anyin yiye a, ɛsɛ sɛ baabi a wodua no hɔ hyew boro 20° C. bere biara.

Sɛ wɔyɛ kwadu fuw a, wɔde kwadu nnua nketewa a wɔfrɛ no kwadu mma (kwaduase) a wotutu fi kwadu dua a anyin ase na edua. Wodua kwadu mma no wɔ amoa a emu dɔ bɛyɛ mita 0.3 na wɔma akwan bɛyɛ mita 5 deda ntam. Fi adapɛn abiɛsa kosi anan ntam no, nhabammono fifi mu puepue, na ahabammono a abobɔ denneennen no mu fi ase baabae bere a ɛrenyin no. Kwadu dua nyin ntɛmntɛm, bɛyɛ sɛntimita 3 da biara. Asram du akyi no, na kwadu dua a ɛsɛ adobɛ no anyin a ne tenten yɛ fi mita 3 kosi 6.

Kwadu aniwa kɛse a ɛwɔ nhaban nketewa kɔkɔɔ pue wɔ kwadu dua a anyin awie no nhaban a abobɔ no mu na enyin bɛyɛ kwadu duru. Afei kwadusiaw nketewaa a nhwiren tuatua so puepue. Kwadu dua bɔ duru biako pɛ, a emu duru yɛ fi kilogram 30 kosi 50 na efi kwadusiaw 9 kosi 16 na ɛwɔ kwaduduru biako so. Kwadu mmɛtem 10 kosi 20 na etuatua siaw a wɔfrɛ no nsa no biako so. Enti wɔfrɛ kwadu bɛtem nsateaa.

Kwadu mmɛtem no puepue nea edi kan a, enyin kɔ fam na afei ɛkontonkonton. Na ɛdefa ɔkwan a ɛnam so nya ahoɔden ne ahobammɔ bere a ɛrenyin no ho nso ɛ? Bere kɔ so no, odwumayeni betwa kwadu aniwa no fi kwadu duru no so sɛnea ɛbɛyɛ a kwadu no benya ahoɔden a efi kwadu dua no mu ba no nyinaa. Afei ɔde rɔba bag kata kwadu no ho de bɔ ho ban fi nkoekoemmoa ho. Esiane sɛ kwadu no nyin wɔ ne dua so na emu yɛ duru bere a enyin nti, wɔkyekyere kwadu dua no bɔ nnua foforo a ɛbɛn ho de bɔ ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a mframa anaa kwadu no mu duru mmu ne dua no. Awiei koraa no, wɔde ntama bi a wɔahyɛ no aduru bɔ rɔba no ho de kyerɛ bere a wobetwa kwadu no.

Wɔde wimhyɛn kyinkyin afuw no so pete kwadu no nhaban no so nnuru da biara da. Eyi bɔ ho ban fi nyarewa ho. Emu biako ne Panama a ɛma kwadu dua no hura na ewu. Nanso wodua kwadu bi a etumi ko tia saa yare no de si ananmu. Kwadu yare foforo ne Mako a mmoawa mmoawa na ɛde ba. Wɔnam kwadu dua biara a yare no bi aka no ne nhwiren biara a ɛtwetwe nkoekoemmoa a wɔma nyarewa hyeta a wotu ase no so na esiw ano. Na ɔyare foforo nso ne Sigatoka a ɛsɛe kwadu nhaban no, nanso sɛ wɔpete so nnuru ntɛm a entumi nsɛe kwadu no. Kwadu hia nsu pii, na wɔyɛ eyi denam nsu a wotwitwa toto mfuw no mu ne mfiri a ano yɛ den a wɔde petepete so so. Wɔdɔw kwadu afuw no ase nso.

Efi Afuw mu Ba Wo Pon So

Sɛ ntama a ɛbɔ kwadu no ho kyerɛ sɛ bere aso sɛ wotwa a, ansa na wobetwa no, wodi kan susuw no yiye hwɛ sɛ adu bere a ɛsɛ sɛ wotwa ampa a. Ade biako a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ wɔmma kwadu mmere wɔ ne dua so, a nea wodi no fie mpo ka ho. Dɛn ntia? Efisɛ ɛba saa a ne dɛ so tew. Wodi kan susuw kwan tenten a wɔde kwadu no betwa akɔtɔn ne afiri ko a ɛde bɛkɔ ho ansa na wɔatwa. Bere a wasusuw ho awie no, odwumayeni no de nkrante twa kwadu no fi ne dua so, na ɔde kogu ahyehyɛe. Na sɛ wotwa kwadu no wie a, dɛn na wɔyɛ dua no? Wotwa to fam ma ɛporɔw yɛ asase no yiye ma foforo a wobedua no.

Wɔhohoro kwadu no ho wɔ ahyehyɛe, na woyiyi emu biara a ɛho atiti no ma adwumayɛfo no na wɔne wɔn mmusua adi. Wɔde kwadu nketewa no fra nnuan mu ma ɛyɛ dɛ na wɔde bi nso yɛ mmofra nnuan. Wɔde emu akɛse no gugu nnaka mu ma emu duru yɛ kilogram 18 na wɔde gu keteke ne po so ahyɛn a fridge wom mu kɔ amannɔne.

Sɛ wodu baabi a wɔde rekɔ hɔ hyɛn gyinabea a, wɔhwɛ sɛnea aduaba no di mũ fa, na wɔhwɛ sɛnea ne hyew anaa ne nwini te. Sɛ wotwa fi ne dua so a ɛnsɛ sɛ ɛbere ansa na adu baabi a wɔbɛtɔn no no. Esiane sɛ kwadu tumi porɔw ntɛm nti, ɛsɛ sɛ wotwa de kɔ amannɔne, na wɔtɔn no guaso fi nna 10 kosi 20. Wɔde aduaba no sie baabi a ɛhɔ nnwini yɛ 12°-13° C., sɛnea ɛbɛyɛ a ɛmmere ntɛm. Nnɛyi akwantu ho nhyehyɛe ma wotumi de kwadu fi Amerika Mfinimfini ne Kesee Fam kɔ nsase a ɛwowɔ akyirikyiri te sɛ Canada ne Europa a ɛnsɛe.

Kwadu Bo a Ɛsom ne Emu Ahoɔden

Kwadu ahorow ahorow bɛyɛ ɔha ne akyiri na ɛwɔ hɔ. Kwadu ntiantia ne nea agye din kɛse, na wɔtaa kɔtɔn no wɔ Europa, Canada, ne United States. Wotumi hu nketewa bi a ɛho hono mu nnyɛ duru sɛ wobetumi de akɔ amannɔne akɔtɔn no pii wɔ Honduras. Wɔfrɛ eyinom manzana (Aprɛ) ne Red Jamaica.

Tosaw bi wɔ kwadu baha mu a mfaso wɔ so na wɔde di dwuma ahorow wɔ aman a nsu tɔ na awia bɔ kɛse wɔ hɔ mu. Sɛ wokɔ hɔ guaso a, wotaa hu kwadu baha a aguan a wɔahyehyɛ sum hɔ a wɔtɔn ma wɔde akyekyere aduan bi a agye din yiye wɔ nsase pii so a wɔfrɛ no tamale a ɛyɛ hyew.

Hondurasfo pii ani gye ho sɛ wɔde kwadu bɛka wɔn nnuan ho adi. Aduan bi a ɛyɛ dɛ a wodi wɔ Honduras kusuu fam mpoano ne nea wɔfrɛ no machuca. Sɛ wɔreyɛ a, wɔwɔw kwadu bunu wɔ ɔwaduru mu de atomde fra mu na wɔde akɔtɔ ka ho de kube anwa kyew.

Wodi kwadu mmɛtem bɛyɛ ɔpepepem 11 wɔ United States afe biara. Wɔde pii kɔ Canada, Britain ne Europa aman afoforo so. Ahoɔden bɛn na wonya fi aduaba yi di mu? Nnuannuru a wɔfrɛ no vitamin A ne C, ne carbohydrates, phosphorus, ne potassium wɔ kwadu mu kɛse.

Wɔde kwadu di dwuma ahorow pii! Wɔde fra anonne mu, nnuaba a wɔayam agugu nkyɛnsee mu, nnuaba a wɔyam fra, nnuan a wɔtõ, tetare ne afei nso ice cream a wɔyɛ fa kwadu ho a nkurɔfo ani gye ho yiye no. Bere biara a wubedi kwadu a abere no, susuw nneɛma pa a ɛwom a ɛma ɛda nsow no ho. Saa aduaba yi hyɛ n’ankasa ne nnuraho mu. Nnuannuru a wɔfrɛ no vitamins ne minerals wom kɛse. Yiw, na ebia na atra wiase no fã na abedu wo pon so no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena