‘Ɔkaee Ne Bɔfo Wɔ Ne Mmerantebere Mu’
ADRIAN papa kae sɛ: “Ná yɛn ani kũ Adrian ho kɛse bere nyinaa sɛ awofo. Bere a odii mfe anan no, otuu abusua no kar kɔbɔɔ dua bi mu ma yɛn nyinaa kaa akyi wɔ asafo nhyiam ase. Bere a odii mfe anum no, ɔkɔsesaw mpɔtorɔ pii baa fie. Egyee yɛn nna pii na yɛde tuu saa mmoa no ase. Yɛtee nka te sɛ nea yɛyɛ Misrifo abusua a mpɔtorɔ pii baa wɔn afie mu wɔ Bible mmere mu no.
“Bere a odii mfe 11 no, okohuu aboa bi a wɔfrɛ no raccoon abiɛsa wɔ kwankyɛn, na ɔde wɔn hyɛɛ ne sukuu bag mu kɔɔ sukuu. Bere a tikya no baa adesua dan no mu no, na ɛhɔ ayɛ begyabegya—ná mmofra atwa Adrian sukuu bag no ho ahyia ma wɔrekasakasa anigye so. Tikya no kohuu raccoon no wɔ ne bag no mu, na ɔde ɔno ne ne mmoa a n’ani gye wɔn ho no traa kar mu kɔɔ beae bi a wɔhwɛ mmoa mma a wonni awofo. Bere a Adrian hui sɛ ne mmoa no befi ne nsa no, osui, nanso bere a ɔkɔhwehwɛɛ hɔ na ohuu sɛnea wɔhwɛ sakraman mma ne mmoa foforo a wonni awofo yiye no, ogyaw ne raccoon no hɔ.”
Ne papa toaa so sɛ: “Ná Adrian nyɛ abofra bɔne. Nea ɛte ara ne sɛ na onni ne ho adagyew. Ná n’ankasa tumi yɛ nneɛma bi a ɛma n’ani gye.”
Adrian maame kaa ne suban foforo ho asɛm—n’ani gye n’abusua ho, n’ani ka fie, ɔwɔ ɔdɔ. Ne maame ka sɛ: “Sukuu hɔ mmofra no kae sɛ ɔyɛ obi a ɔnhaw obiara. Ná abeawa bi wɔ ne sukuu dan mu a n’adwene ntumi nkyere ade ntɛmntɛm ɛwom sɛ na n’adwene nsɛee de. Ná ɔne Adrian tra sukuu bɔs biako mu. Mmofra foforo serew abeawa no, nanso ne maame ka kyerɛɛ yɛn sɛ Adrian kyerɛɛ obu ne ayamye soronko maa ne babea no bere nyinaa. Ná ɔwɔ su a anim wɔ nyam—abarimaa a osusuw ade ho kɔ akyiri, na ɔwɔ nkate a emu dɔ a ɔnna no adi ntɛmntɛm. Nanso sɛ ɔda no adi a, ɔka nsɛm de kyerɛ ntease a emu dɔ a ɔwɔ, ma yɛn ho dwiriw yɛn.”
Ɔde ne ba no ho nsɛm a ɔkae no baa awiei sɛ: “Ne yare no maa n’adwenem buee ntɛmntɛm, na ɛma ɔyɛɛ den honhom mu.”
Osii ne Bo—Sɛ Onnye Mogya!
Ɔyaree anaa? Yiw. Efii ase March 1993, bere a na Adrian adi mfe 14. Biribi honoo ne yafunu mu, a na ɛretrɛw ntɛmntɛm. Ná dɔktafo no pɛ sɛ wotwa bi de hwɛ yare a ayɛ no, nanso na wosuro sɛ mogya betu no dodow, enti wɔkae sɛ ɛho behia sɛ wɔma no mogya. Adrian ampene so. Ná wasi ne bo. Ɔde nusu kae sɛ: “Sɛ wɔma me mogya a, mɛhwere obu a mewɔ no.” Ná ɔne n’abusua yɛ Yehowa Adansefo, na esiane Bible mu nnyinasosɛm a ɛwɔ Leviticus 17:10-12 ne Asomafo no Nnwuma 15:28, 29 nti, wonnye mogya.
Bere a Adrian da Dɔkta Charles A. Janeway Mmofra Ayaresabea a ɛwɔ St. John’s, Newfoundland retwɛn ma wɔabetwa nea ahon no no bi de ahwɛ nea ayɛ no—a wɔmma no mogya—no, Dɔkta Lawrence Jardine ka kyerɛɛ no sɛ ɔnkyerɛkyerɛ mogya ho asɛm no mu nkyerɛ no.
Adrian kae sɛ: “Asɛm no ne sɛ, sɛ m’awofo nyɛ Yehowa Adansefo mpo a, anka ɛmfa ho. Anka minnye mogya no ara.”
Dɔkta Jardine bisaa no sɛ: “Wunim sɛ woannye mogya a wubetumi awu?”
“Yiw.”
“Na wopɛ no saa anaa?”
“Sɛ saa na ɛhwehwɛ a.”
Ne maame a na ɔwɔ hɔ bi no bisae sɛ, “Dɛn nti na woresi gyinae a ɛte saa?”
Adrian buae sɛ: “Maame, mintumi nni nsesa a ɛte saa. Nyansa nnim koraa sɛ mɛyɛ Onyankopɔn so asoɔden de ato me nkwa nna mu mfe kakraa bi nnɛ, na afei esiane Onyankopɔn so asoɔden a mayɛ nti owusɔre ne asetra a enni awiei wɔ paradise asase so abɔ me!”—Dwom 37:10, 11; Mmebusɛm 2:21, 22.
Wotwaa nea ahon no no bi de yɛɛ nhwehwɛmu wɔ March da a ɛto so 18. Ɛdaa adi sɛ ade kɛse bi na ahon no. Akyiri yi nhwehwɛmu a wɔyɛe wɔ ne nnompe mu hon mu no daa no adi sɛ wanya ɔyare a wɔfrɛ no leukemia [mogya nkwammoaa fitaa a ɛdɔɔso mmoroso] sɛnea na wosusuw no. Saa bere no Dɔkta Jardine kyerɛkyerɛɛ mu sɛ ade biako pɛ a ebetumi ama Adrian anya nkwa ne sɛ wɔde nnuru a ano yɛ den pii ne mogya bɛma no. Nanso, Adrian kɔɔ so powee sɛ obegye mogya. Wofii ase de nnuru a ano yɛ den no dii dwuma a mogya nka ho.
Nanso, bere a wofii saa ayaresa a emu yɛ den yi ase no, na ɛda adi sɛ Mmofra Yiyedi Asoɛe no betumi de wɔn ho agye mu afa mmara kwan so agye abofra no afi n’awofo hwɛ ase, na wɔanya tumi ama no mogya. Ná mmara ma kwan sɛ obiara a wadi mfe 16 anaa nea ɛboro saa ankasa tumi si ayaresa ko a ɔpɛ ho gyinae. Ɔkwan biako pɛ a obi a onnii mfe 16 betumi de anya saa hokwan no ne sɛ wobebu no sɛ n’adwenem abue sɛ n’ankasa betumi asi ayaresa ko a ɔpɛ ho gyinae.
Newfoundland Asennibea Kunini Hɔ
Enti Kwasida anɔpa, July da a ɛto so 18 no, Mmofra Yiyedi Asoɛe no panyin nanmusifo no de asɛm no kɔɔ asennibea na ama wɔagye abofra no afi n’awofo hwɛ ase. Wɔfaa mmaranimfo bi a ne ho akokwaw na wobu no a wɔfrɛ no David C. Day, a ɔwɔ St. John’s, Newfoundland, maa Adrian. Bere a ɛbɔɔ awia 3:30 saa da no, Newfoundland Asennibea Kunini no frɛɛ asɛm no, na Ɔtemmufo Robert Wells na na ɔyɛ otitrani.
Awia no, Dɔkta Jardine ka kyerɛɛ ɔtemmufo no pefee sɛ obu Adrian sɛ abofra a n’adwenem abue a ɔwɔ gyidi a emu yɛ den a etia mogya a wɔde bɛma no, na ɔno Dɔkta Jardine hyɛɛ Adrian bɔ sɛ ɔmma no mogya wɔ ayaresa biara a ɔde bɛma no mu ɔkwan biara so. Ɔtemmufo Wells bisaa dɔkta no sɛ sɛ asennibea no hyɛ sɛ wɔmma no mogya a, ɔde bɛma no anaa? Dɔkta Jardine buae sɛ: “Dabi, me de, memfa mma no.” Ɔkae sɛ Adrian te nka sɛ sɛ ɛba saa a, ne daa nkwa ho anidaso a egyina Bible so no ho bɛba asɛm. Adanse a efi komam a dɔkta a ɔda nsow yi dii no yɛɛ Adrian awofo ahodwiriw, wɔn koma tɔɔ wɔn yam, na ɛmaa nusu taataa wɔn anigye mu.
“Mesrɛ Mo Monkyerɛ Obu Mma Me ne M’Apɛde”
Bere a wɔfrɛɛ asɛm no Dwoda, July 19 no, David Day de krataa a Adrian—a onni ahoɔden a ɔde bɛba asennibea hɔ—kyerɛw de ne nsa hyɛɛ ase a ɛkyerɛ ɔpɛ a n’ankasa wɔ sɛ wɔsa ne kokoram no a wɔmfa mogya anaa aduru a mogya wom biara nni dwuma no bɛkyerɛe. Adrian kae wom sɛ:
“Sɛ woyare a, wudwennwen nsɛm pii ho, na sɛ kokoram yɛ wo a, wunim sɛ wubetumi awu, enti wudwen ɛno ho. . . . Memma wɔmma me mogya anaa aduru biara a mogya wom; dabida. Minim sɛ sɛ mannye mogya a metumi awu. Me gyinaesi ne no. Ɛnyɛ obi na ɔtoo me brada ma misii saa gyinae no. Mewɔ Dɔkta Jardine mu ahotoso kɛse. Migye di sɛ ɔyɛ obi a odi n’asɛm so. Ose ɔbɛhwɛ me yiye nanso ɔmma me mogya da. Ɔkaa asiane a ɛwom no kyerɛɛ me. Mete ase. Minim asiane kɛse a ebetumi afi mu aba no. . . . Mete nka sɛ, sɛ wɔma me mogya biara a, ɛbɛyɛ te sɛ nea wɔreto me mmonnaa, wɔreyɛ me nipadua basabasa. Sɛ ɛba saa a, mekyi me nipadua. Mintumi mfa saa kwan no so nnye me ho nkwa. Mempɛ ayaresa biara a mogya ka ho, anaa nea ebetumi aba sɛ mogya ka ho. Mɛko atia mogya a wɔde bɛma me.” Adrian krataa no mu nsɛm a etwa to ne sɛ: “Mesrɛ mo monkyerɛ obu mma me ne m’apɛde.”
Bere a wɔreka asɛm no nyinaa na Adrian aka mpa mu wɔ ayaresabea hɔ, na Ɔtemmufo Wells fi ayamye kɛse mu kɔhwɛɛ no, bere a na David Day ka ne ho. Bere a Owura Day reka nkɔmmɔbɔ a ɛkɔɔ so no ho asɛm no, ɔkaa nsɛm a ntease wom na ɛkanyan adwene a Adrian ka kyerɛɛ ɔtemmufo no wɔ asɛm koro yi ara ho no ho asɛm, a nea ɛkyerɛ ne sɛ: “Minim sɛ meyare paa, na minim sɛ metumi awu. Nnuruyɛfo bi ka sɛ mogya bɛboa. Misusuw sɛ ɛnte saa esiane nea mekenkan fa asiane a ɛwom nyinaa ho no nti. Sɛ́ ɛboa anaasɛ ɛmmoa no, ɛne me gyidi nhyia. Monkyerɛ obu mma me gyidi mfa nkyerɛ obu mma me. Sɛ moankyerɛ obu amma me gyidi a, mɛte nka te sɛ nea wɔato me mmonnaa. Sɛ mokyerɛ obu ma me gyidi a, metumi de nidi agyina me yare no ano. Gyidi na me biribiara gyina so, na mprempren ɛno ne ade a ɛsen biara a ehia sɛ minya na aboa me ma mako atia yare no.”
Owura Day ankasa kaa Adrian ho asɛm sɛ: “Ɔyɛ obi a otumi de boasetɔ, ahosodi, ne akokoduru dii ne yare a emu yɛ den no ho dwuma. Ná n’anim kyerɛ sɛ wasi ne bo; ne kasa a ano nyɛ den mmoroso no kyerɛ ahotoso a ɔwɔ; ne su kyerɛ akokoduru a ɔwɔ. Nea ɛsen ne nyinaa no, ne nne ne ne nipadua a ɔde kasae no ma mihui sɛ ɔwɔ gyidi a efi nokwaredi mu. Gyidi ne ade a ɛdaa adi kɛse wɔ ne ho. Ɔyare a emu yɛ den maa ɛho behiae sɛ ogyina ɔhaw ano te sɛ ɔpanyin. Gyidi na ɛboaa no ma otumi yɛɛ saa. . . . Akyinnye biara nni ho sɛ na ɔka nsɛm penpen, na ɛyɛ me sɛ na ɔka nokware. . . . Ná minim sɛ ebetumi aba sɛ n’awofo na [wɔde] pɛ a wɔmpɛ sɛ wɔde mogya ma no wɔ n’ayaresa mu no [ahyɛ] n’adwene mu. . . . Me bo tɔɔ me yam sɛ na n’ankasa wɔ n’adwene a enti ɔmpɛ sɛ wɔma no mogya wɔ n’ayaresa mu no.”
Bere foforo no, Owura Day kaa Adrian nyamesom gyidi no ho asɛm sɛ “na ɛsom bo sen nkwa ankasa,” na ɔde kaa ho sɛ: “Abarimaa a wagyina pintinn wɔ ɔhaw a ɛtete saa yi nyinaa mu no ma mete nka sɛ m’asetra mu ɔhaw no nyinaa nyɛ hwee. Me werɛ mfi no da. Ɔyɛ abofra a n’adwenem abue na ɔwɔ akokoduru, nhumu, ne nyansa kɛse.”
Gyinaesi No—Adrian yɛ Abofra a N’adwenem Abue
Wobuaa asɛm no Dwoda, July 19, na Ɔtemmufo Wells kaa ne gyinaesi, na akyiri yi wotintim baa Human Rights Law Journal a ɛbaa September 30, 1993 no mu. Emu nsɛm bi na edidi so yi:
“Esiane nsɛm a edidi so yi nti, yentumi mpene asɛm a Mmofra Yiyedi Asoɛe no Panyin de bae no so; abofra no nhia ahobammɔ; wontumi nnaa no adi sɛ mogya anaa aduru biara a mogya wom a wɔde bɛma no anaa wɔde bɛbɔ no paane no ho hia, na nsɛm tebea no kyerɛ sɛ mogya a wɔde bɛma no no betumi ayɛ asiane.
“Yɛbara mogya anaa aduru a mogya wom a wɔde bɛma no, gye sɛ nsɛm tebea no sakra ma ɛho behia sɛ wosi gyinae foforo: na yebu abofra no sɛ abofra a n’adwenem abue, a ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ obu ma ɔpɛ a ɔwɔ sɛ wɔsa no yare a wɔmfa mogya anaa aduru a mogya wom biara mma no. . . .
“Akyinnye biara nni ho sɛ ‘abarimaa’ yi wɔ akokoduru yiye. Misusuw sɛ abusua a wɔwɔ ɔdɔ ne ayamhyehye na wogyina n’akyi, na misusuw sɛ akokoduru kɛse na ɔde gyina n’ahohia no ano. Ne nyamesom gyidi no fã bi kyerɛ sɛ ɛyɛ mfomso sɛ wɔde aduru biara a mogya wom bɛma no ma akɔ ne nipadua mu, ɛmfa ho atirimpɔw nti a wɔyɛ saa . . . Ɛnnɛra, minyaa hokwan kenkan krataa bi a A. [Adrian] kyerɛwee, manya hokwan atie adanse a ne maame bedii, na manya hokwan ne A. ankasa akasa.
“Migye tom sɛ ofi koma nyinaa mu gye di sɛ ɛbɛyɛ mfomso sɛ obegye mogya, ma enti hyɛ a wɔbɛhyɛ no ma wagye mogya wɔ tebea a yɛreka ho asɛm no mu no bɛkyerɛ sɛ wɔato ahyɛ no so, asɔre atia hokwan a ɔwɔ sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ, na wɔasɔre atia ne biribiara araa ma ebenya nkɛntɛnso bɔne wɔ n’ahoɔden ne tumi a ɔde begyina ɔhaw a ɛyɛ hu a ɛsɛ sɛ ohyia no ano, ɛmfa ho nea ebefi mu aba biara.
“Mepene so sɛ dɔkta no kaa nyansasɛm kɛse bere a ɔkae sɛ, sɛ wobenya anidaso bi a edi mu sɛ ɔyarefo no tebea bɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ ɔpene nnuru a ano yɛ den ne kokoram ayaresa afoforo so na onya ho adwempa, na ɔyarefo a wɔhyɛ no ma ɔyɛ biribi a ɛne ne gyidi a emu yɛ den nhyia no yɛ ɔyarefo a ayaresa no mfata no koraa. . . .
“Misusuw sɛ nea ato A. no ama n’adwenem abue koraa sen abofra a wadi mfe 15 a onni tebea a ɔrehyia no mu. Misusuw sɛ ne suahu no yɛ yaw sen nea metumi asusuw ho biara, na minim sɛ ebia gyidi a ɔne n’abusua wɔ no ka nneɛma a ɛwowaw wɔn no ho. Misusuw sɛ nea asi no ama A. adwene mu abue koraa asen sɛnea yɛbɛhwɛ kwan wɔ obi a wadi mfe 15 ho. Migye di sɛ abofra a me ne no kasaa anɔpa yi no nsɛ obi a wadi mfe 15 koraa, esiane tebea a ɛyɛ hu yi nti.
“Misusuw sɛ n’adwenem abue sɛnea obetumi aka asɛm a emu da hɔ, na waka bi akyerɛ me . . . Afei nso migye di sɛ ɛyɛ papa . . . sɛ misusuw n’apɛde ho, na mereyɛ saa. N’apɛde ne sɛ, wɔmmma no aduru biara a mogya wom, na migye di nso sɛ sɛ Ɔpanyin no bu n’apɛde yi so wɔ ɔkwan bi so denam Asenni yi ahyɛde bi so a, wobehu sɛ akã ne yiyedi, na ebepira no ankasa . . . Nea ɛka ho ne sɛ, sɛ ɔyare yi kum no—ɛnyɛ den koraa sɛ ɛbɛba saa nso—[na sɛ wɔmaa no mogya] a, esiane ne nyamesom gyidi nti, ɛbɛyɛ awerɛhosɛm na ɛbɛyɛ asɛm a ɛyɛ yaw kɛse, a nnipa ani rennye ho koraa. Meresusuw nsɛm yi nyinaa ho. . . .
“Wɔ tebea horow no nyinaa mu no, mete nka sɛ ɛbɛyɛ papa sɛ mempene so mma wɔmfa aduru biara a mogya wom nni dwuma wɔ A. ayaresa no mu sɛnea ɔrehwehwɛ no.”
Krataa a Adrian Kyerɛw Kɔmaa Ɔtemmufo Wells
Abarimaa a na onim sɛ ɔrewu no kyerɛw krataa a nyansa wom kɛse maa Owura David Day kɔmaa Ɔtemmufo Wells sɛ: “Misusuw sɛ, sɛ mannyina me mmaranimfo a ɛnnɛ, bere a wufii ayaresabea ha no me ne no kasaa bere tiaa bi no ananmu amfa aseda a efi ne koma a emu yɛ duru no mu amma wo wɔ sɛnea wode ntɛmpɛ, tema ne atɛntrenee adi asɛm no ho a, ɛbɛkyerɛ bonniayɛ. Me Wura, ɔda wo ase kɛse, na mepɛ sɛ ɛda adi saa wɔ mmara mu kyerɛwtohɔ mu. Meda wo ase.”
Adrian maame ka sɛnea asɛm no kowiee kyerɛ.
“Bere a wobuaa asɛm no, Adrian bisaa Dɔkta Jardine sɛ, ‘Aka me nna ahe?’ Dɔkta no buae sɛ: ‘Dapɛn biako anaa abien.’ Mihui sɛ me ba no amia n’ani denneennen ma nusu kakra afi mu aba. Mede me nsa kɔtoo no so, na ɔkae sɛ: ‘Gyae, Maame. Merebɔ mpae.’ Bere tiaa bi akyi no, mibisae sɛ, ‘Adrian, dɛn na woreyɛ wɔ ho?’ ‘Maame, sɛ miwu mpo a, awiei koraa menya nkwa. Na sɛ aka adapɛn abien pɛ na mawu de a, mepɛ sɛ minya mu anigye. Enti ɛsɛ sɛ mo bo tɔ mo yam.’
“Ná ɔpɛ sɛ ɔkɔsra Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea a ɛwɔ Georgetown, Canada no. Ɔyɛɛ saa. Ɔne n’adamfo bi koguaree ɔtare a ɛwɔ hɔ no mu. Ɔkɔhwɛɛ bɔɔlbɔ kuw bi a wɔfrɛ wɔn Blue Jays agoru bi, na ɔne kuw no mufo no bi twitwaa mfonini. Nea ɛsen biara no, na wahyira ne ho so wɔ ne komam sɛ ɔbɛsom Yehowa Nyankopɔn, na afei de na ɔpɛ sɛ ɔde nsu mu asubɔ yɛ ɛho sɛnkyerɛnne. Eduu saa bere yi no na ne yare no mu ayɛ den kɛse, na wɔsan de no kɔɔ ayaresabea hɔ a wantumi afi hɔ bio. Enti ayarehwɛfo no fi ayamye mu yɛɛ nhyehyɛe de ayaresabea hɔ asubura bi maa wɔn. Wɔbɔɔ no asu wɔ hɔ September 12; owui da a edi hɔ, September 13.
“N’ayi bae sen nea wɔayɛ no pɛn wɔ saa ayiyɛbea hɔ—ayarehwɛfo, dɔktafo, ayarefo awofo, mfɛfo sukuufo, afipamfo, ne ne nuanom mmarima ne mmea pii a wofi n’ankasa asafo ne asafo afoforo mu. Sɛ́ awofo no, na yennim sɛ yɛn ba no wɔ su fɛfɛ a ɛdaa adi bere a ogyinaa sɔhwɛ pii ano, anaa ayamye ne nyansa a na ɛyɛ ne Kristofo nipasu a ɔrenya no fã no. Odwontofo a honhom kaa no no kae sɛ: ‘Yehowa agyapade ne mmabanin.’ Akyinnye biara nni ho sɛ na yɛn ba yi te saa, na yɛn ani da so sɛ yebehu no wɔ Yehowa wiase foforo a trenee te mu, a ɛnkyɛ ɔde bɛba ma asase adan paradise no mu.”—Dwom 127:3; Yakobo 1, 2, 3.
Momma yɛnhwɛ kwan sɛ Yesu bɔhyɛ a ɛwɔ Yohane 5:28, 29 yi bɛbam ama Adrian: “Mommma eyi nnyɛ mo nwonwa, efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte me nne, na wɔafi adi; wɔn a wɔayɛ papa no bɛkɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no bɛkɔ atemmu sɔre mu.”
Adrian Yeatts nam mogya a ɛda adi sɛ ebia anka ɛbɛto ne mprempren nkwa nna so a ɔpowee no so kyerɛe sɛ ɔka mmofra pii a wɔde Onyankopɔn di kan wɔ wɔn asetram no ho.
[Kratafa 5 adaka]
‘Nkwa wɔ Mogya no Mu’
Mogya yɛ ade a ɛyɛ nwonwa kɛse, na edu nipadua mu nkwaboaa biara mu. Mogya a ɛsɔ ko biako pɛ kura mogya nkwammoaa kɔkɔɔ 250,000,000 a ɛkora mframa pa so na eyi mframa bɔne fi hɔ; mogya nkwammoaa fitaa 400,000 hwehwɛ ɔyare mmoawa a aba mogya no mu yi wɔn fi mu; sɛ ade twa obi a, mogya nkwammoaa ntraantraa 15,000,000 boa ano prɛko pɛ, na wofi ase ma mogya no twa ma kuru no wu. Eyinom nyinaa wɔ mogya mu nsu a emu tew a ne kɔla te sɛ asonse, na ɛno ankasa nso kura nneɛma a ahoɔden wom a edi dwuma kɛse wɔ nneɛma pii a mogya yɛ mu no. Abɔde ho nyansahufo nte nnwuma a mogya yɛ no nyinaa ase.
Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yehowa Nyankopɔn, nsu nwonwaso yi Bɔfo, ka sɛ ‘nkwa wɔ mogya mu’ no.—Leviticus 17:11, 14.
[Kratafa 7 adaka]
Koma Foforo a Wɔde ma Obi a Wɔmma no Mogya
October a etwaam no, wogyee Chandra Sharp a wadi mfe abiɛsa too ayaresabea bi a ɛwɔ Cleveland, Ohio, U.S.A., esiane sɛ na ne koma ahon na ɛresɛe nti. Ná onni aduan pa, watɔ ape, ne mu duru yɛ kilogram 9 pɛ, na na ehia sɛ wɔma no koma foforo. Wɔkae sɛ obewu wɔ adapɛn kakraa bi pɛ mu. N’awofo penee so sɛ wɔmma no koma foforo, nanso wɔmmma no mogya. Wɔyɛ Yehowa Adansefo.
Ná eyi nyɛ asɛnnennen mma Dɔkta Charles Fraser. The Flint Journal a ɛwɔ Michigan no bɔɔ amanneɛ wɔ December 1, 1993 sɛ: “Fraser kae sɛ Cleveland Ayaresabea no ne ayaresabea afoforo renya nkɔso wɔ oprehyɛn ahorow—a akwaa foforo a wɔde ma ɔyarefo ka ho—a wɔmfa onipa foforo mogya mma no mu. Fraser kae sɛ: ‘Yɛasua pii afa sɛnea yebetumi asiw mogya a etu obi ano ne sɛnea wodi koma ne ohurututu ho dwuma a wɔmfa mogya nni dwuma no ho.’” Afei ɔde kaa ho sɛ: “Mfe pii ni a ayaresabea a ɛwɔ nnuruyɛfo a wɔn ho akokwaw ayɛ koma ho oprehyɛn akɛse a wɔamfa mogya anni dwuma. . . . Yɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yɛbɛyɛ nkurɔfo oprehyɛn a yɛmma wɔn mogya.”
Wɔ October 29 no, ɔmaa Chandra koma foforo a wamma no mogya. Ɔsram biako akyi no, wɔbɔɔ amanneɛ sɛ Chandra ho ye.