Mmofra A Wɔwɔ “Tumi A Ɛboro So”
WOYƐ abofra. Woadi mfe 12 pɛ. Wowɔ abusua a wodɔ wɔn. Wowɔ sukuu nnamfo a w’ani gye wɔn ho. Woakotu mpase wɔ mpoano ne mmepɔw mu pɛn. Sɛ woma wo ti so anadwo na wohwɛ wim a, nsoromma a ayɛ hɔ ma no ma wo ho dwiriw wo. Wowɔ mfe pii a wubetumi de anya asetra mu anigye.
Nanso kokoram ayɛ wo. Sɛ asɛm a ɛte saa to obi a wadi mfe 60 a, ɛyɛ awerɛhosɛm, na sɛ wadi mfe 12 a, ɛnde na asɛm no asɛe koraa.
Lenae Martinez
Saa na ɛyɛɛ Lenae Martinez a na wadi mfe 12. Ná n’anidaso ne sɛ ɔbɛtra ase daa wɔ paradise asase so. Bible ntetee a n’awofo a wɔyɛ Yehowa Adansefo de maa no na ɛboaa no ma onyaa saa anidaso yi. So na n’ankasa nkenkan mfii Bible no mu sɛ asase no bɛtra hɔ daa, wɔbɔe sɛ nnipa ntra so daa, na ahobrɛasefo bɛtra so daa?—Ɔsɛnkafo 1:4; Yesaia 45:18; Mateo 5:5.
Saa bere yi, na ɔda Valley Children’s Hospital wɔ Fresno, California, U.S.A. Ná wosusuw sɛ wanya asaabo mu yare nti na wogyee no too hɔ. Nanso, nhwehwɛmu ahorow daa no adi sɛ na wanya leukemia [mogya nkwammoaa fitaa a ɛdɔɔso mmoroso]. Dɔktafo a na wɔrehwɛ Lenae no kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔma no mogya nkwammoaa kɔkɔɔ ne ntraantraa no bi, na wofi ase de nnuru a ano yɛ den ma no ntɛm ara.
Lenae kae sɛ ɔmpɛ mogya anaa aduru biara a mogya wom, efisɛ wɔakyerɛ no sɛ Onyankopɔn bara saa adeyɛ no, sɛnea Bible nhoma Leviticus ne Asomafo no Nnwuma kyerɛ no. “Na ɛyɛɛ honhom kronkron ne yɛn sɛ eye sɛ wɔmfa adesoa bi nto mo so, gye nea ehia yi ara, ɛne sɛ munyi mo ho mfi nam a wɔakum ama abosom ne mogya ne mmoa a wɔanhwie wɔn mogya na wowui ne aguamammɔ mu.” (Asomafo no Nnwuma 15:28, 29) Lenae awofo gyinaa n’akyi wɔ ne gyinaesi yi mu, nanso osii so dua sɛ ɛyɛ n’ankasa ne gyinaesi, na ɛho hia no yiye.
Dɔktafo no ne Lenae ne n’awofo kasae mpɛn pii. Ɛno akyi mpo no, wɔsan baa hɔ awia bi. Lenae kaa saa nsrahwɛ yi ho asɛm sɛ: “Ná ɛyaw no ama mayɛ mmerɛw, na mafe mogya pii. Wɔfaa ɔkwan foforo so bisaa me nsɛm koro no ara. Mesan ka kyerɛɛ wɔn sɛ: ‘Mempɛ mogya anaa aduru biara a mogya wom. Sɛ ɛho behia a, mɛpɛ sɛ miwu mmom sen sɛ mebu ɛbɔ a mahyɛ Yehowa sɛ mɛyɛ n’apɛde no so.’”
Lenae toaa so sɛ: “Ade kyee anɔpa no, wɔsan bae bio. Ná mogya nkwammoaa ntraantraa no so retew, na na me ho da so yɛ hyew. Ná mitumi hu sɛ afei de dɔkta no tie m’asɛm yiye. Ɛwom sɛ na wɔmpɛ gyinae a masi no de, nanso wɔkae sɛ meyɛ abofra a wadi mfe 12 a m’adwenem abue. Akyiri yi, dɔkta a ɔhwɛ me no bɛka kyerɛɛ me sɛ ɛyɛ ne yaw sɛ ontumi nyɛ biribiara mfa mmoa me gye sɛ ɔde nnuru a ano yɛ den ne mogya ma me. Ɔkae sɛ ɔrekɔ na ɔbɛsan aba akyiri yi.
“Bere a ofii hɔ no, mifii ase sui denneennen, efisɛ ɔno na na wahwɛ me fi bere a wɔwoo me, ma enti saa bere no metee nka sɛ wayi me ama. Bere a ɔsan baa hɔ akyiri yi no, mekaa sɛnea wama mate nka no kyerɛɛ no—sɛ ɛte sɛ nea m’asɛm mfa ne ho bio. Eyi yɛɛ no nwonwa, na ɔkae sɛ ɔpa me kyɛw. Ná ɛnyɛ n’adwene ne sɛ ɔbɛka asɛm ma ahaw me. Ɔhwɛɛ me, na ɔkae sɛ: ‘Lenae, sɛ saa na asɛm no te a, ɛnde yebehyia wɔ soro.’ Oyii n’ahwehwɛniwa no fii n’anim, na bere a nusu ataataa no no, ɔkae sɛ ɔdɔ me, na ɔyɛɛ me atuu. Medaa no ase na mekae sɛ: ‘Meda wo ase. Me nso medɔ wo, Dɔkta Gillespie, nanso m’ani da so sɛ wɔ owusɔre no mu no, mɛtra paradise asase so.’”
Afei dɔktafo baanu ne mmaranimfo bi bae, na wɔka kyerɛɛ Lenae awofo sɛ wɔpɛ sɛ wɔne ɔno nkutoo kasa, enti wɔmaa n’awofo fii dan no mu. Wɔ saa nkɔmmɔbɔ no nyinaa mu no, dɔktafo no yii tema ne ayamye kɛse adi, na anotew mu a Lenae fi ne wɔn kasae ne ne gyidi a emu yɛ den no maa wɔn ho dwiriw wɔn.
Bere a ɛkaa wɔne Lenae nkutoo no, wɔka kyerɛɛ no sɛ leukemia yare rekum no, na wɔkae sɛ: “Sɛ wɔma wo mogya a, ɛbɛto wo nkwa so. Sɛ woannye mogya a, wubewu wɔ nna kakraa bi mu.”
Lenae bisae sɛ: “Sɛ migye mogya a, ɛbɛto me nkwa so nna ahe?”
Wobuae sɛ: “Bɛyɛ asram abiɛsa kosi asia.”
Obisae sɛ: “Dɛn na metumi ayɛ wɔ asram asia mu?
“Wubenya apɔwmuden. Wubetumi ayɛ nneɛma pii. Wubetumi akɔsra Disney World Agodibea. Wubetumi akɔ mmeae foforo pii.”
Lenae susuw nsɛm ho kakra na obuae sɛ: “Masom Yehowa me nkwa nna nyinaa, mfe 12 ni. Wahyɛ me bɔ sɛ sɛ mitie no a, ɔbɛma me daa nkwa wɔ Paradise. Merentwe me ho mfi ne ho seesei na matra ase asram asia. Mepɛ sɛ midi nokware kosi me wu mu. Minim sɛ ɛba saa a, obenyan me wɔ ne bere a ɛsɛ mu, na wama me daa nkwa. Ɛno bɛma manya bere pii ayɛ biribiara a mepɛ sɛ meyɛ.”
Ɛdaa adi sɛ dɔktafo no ne mmaranimfo no ho dwiriw wɔn. Wɔkamfoo no, na wofii adi kɔka kyerɛɛ n’awofo sɛ ne nsusuwii ne ne kasa te sɛ ɔpanyin, na n’ankasa tumi si gyinae. Wɔka kyerɛɛ Valley Children’s Hospital hɔ boayikuw a ɛhwɛ abrabɔ ho nsɛm so no sɛ wommu Lenae sɛ abofra a n’adwenem abue. Boayikuw yi, a dɔktafo, ayaresabea adwumayɛfo, ne mmara ho nimdefo bi a ofi Fresno State Sukuupɔn mu ka ho yi sii gyinae sɛ wɔbɛma Lenae ankasa asi n’ayaresa ho gyinae. Wobuu Lenae sɛ abofra a n’adwenem abue. Wɔamfa asɛm no ankɔ asennibea.
Lenae tee yaw nka bere tenten anadwo bi, na owui n’adekyee anɔpa 6:30, wɔ ne maame nsa so wɔ September 22, 1993. Obiara a na ɔwɔ hɔ no werɛ remfi nidi ne kommyɛ a ɛdaa adi saa anadwo titiriw no da. Nnipa 482 na wɔkɔɔ ayi no ase, a dɔktafo, ayarehwɛfo, ne akyerɛkyerɛfo a Lenae gyidi ne ne mudi mu kura no yɛɛ wɔn ahodwiriw ka ho.
Lenae awofo ne ne nnamfo ani sɔɔ kɛse sɛ Valley Children’s Hospital no dɔktafo, ayarehwɛfo ne ɛhɔ mpanyimfo no maa wɔn ani daa hɔ hui sɛ abofra yi adwenem abue, na asennibea asɛm biara ho anhia na wɔasi saa gyinae no.
Crystal Moore
Wɔansusuw Crystal Moore a na wadi mfe 17 ho wɔ saa kwan no so bere a wogyee no too Columbia Presbyterian Medical Center a ɛwɔ New York City no. Ná ne nsono kɛse no baabi ahon. Bere a wogyee Crystal too ayaresabea hɔ no, ɔne n’awofo sii so dua mpɛn pii sɛ onnye mogya. Ná ɔmpɛ sɛ owu; nanso, na ɔpɛ ayaresa a ɛne Bible ahyɛde a ese yɛntwe yɛn ho mfi mogya ho no hyia.—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.
Ná nnuruyɛfo no gye di yiye sɛ Crystal tebea no hwehwɛ sɛ wɔma no mogya. Dɔkta biako kaa no pen sɛ: “Ebedu Yawda, June 15 na sɛ wɔmmaa Crystal mogya a, obewu Fida, June 16! Eduu June 16 no, na Crystal nwui, na ayaresabea no de asɛm no kɔɔ Asennibea Kunini a ɛwɔ New York no sɛ wɔmma wɔn tumi na wɔmma no mogya.
Bere a wɔfrɛɛ asɛm no ntɛm wɔ ayaresabea hɔ anɔpa no, nnuruyɛfo no biako dii adanse sɛ Crystal hia mogya nkotoa abien ntɛm ara, na anyɛ yiye koraa no, ɔbɛsan ahia nkotoa du. Ɔkɔɔ so kae sɛ, sɛ Crystal bɔ mmɔden sɛ ɔbɛpow mogya no a, ɔbɛkyekyere no abɔ mpa no mu, de nneɛma agu ne nan ne ne nsa na watumi de ama no. Crystal ka kyerɛɛ dɔktafo no sɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma no mogya a, anka ɔbɛteɛteɛm akekaw mu, na sɛ́ Yehowa Adansefo no mu biako no, obu mogya a wɔbɛhyɛ no de ama no biara sɛ akyiwade te sɛ mmonnaato.
Ɛmfa ho sɛ ne mmaranimfo no srɛe wɔ asennii no ase mpɛn pii sɛ wɔmma Crystal kwan mma n’ankasa mmɛkasa wɔ asenni bagua no anim mfa nkyerɛ sɛ n’ankasa tumi si ne gyinae no, wɔamma no kwan. Ɛwom sɛ na ɛnkyɛe na Crystal gyee akyɛde wɔ mmɔden a ɔbɔ wɔ nhomasua ne nneɛma anim a otumi di ho wɔ sukuu mu de, nanso ɔtemmufo no amma no kwan amma wammedi adanse wɔ asennibea wɔ nea enti a ɔpowee sɛ obegye mogya no ho. Eyi kyerɛe sɛ wobuu wɔn ani guu hokwan a Crystal wɔ sɛ osi nea ɛbɛba ne nipadua so ho gyinae, ne kokoam nsɛm, ne ne nyamesom hokwan so.
Ɛwom sɛ asenni bagua no ampene so amma Crystal ammedi adanse wɔ asennibea hɔ de, nanso wɔne Crystal nkutoo kasae wɔ ne dan mu simma 20. Wɔ nsrahwɛ no akyi no, ɔtemmufo no kae sɛ ɛda adi sɛ Crystal “nim nyansa paa,” na “n’ano atew yiye,” na ɔkaa Crystal ho asɛm sɛ “ɛda adi sɛ n’adwene mu da hɔ” na “otumi kyerɛkyerɛ nsɛm mu fefeefe.” Ɛmfa ho nsɛm yi nyinaa a ɔkae no, asenni bagua no fi mpiyɛ mu powee sɛ wɔbɛma Crystal kwan ma n’ankasa asi n’ayaresa ho gyinae.
Eduu Kwasida, June 18 anɔpa no, ɛho behiae sɛ wɔyɛ Crystal oprehyɛn ntɛmso, na ɔpenee so, nanso ɔkɔɔ so pow mogya. Mogya kakraa bi na ɔhweree wɔ oprehyɛn no mu. Nanso, nnuruyɛfo no kyerɛe sɛ ebia ebehia sɛ wɔma no mogya wɔ oprehyɛn no akyi. Dɔkta foforo kae sɛ ɛho nhia sɛ wɔma no mogya biara. Ná mfe 13 a atwam no, wayɛ nnipa pii oprehyɛn a ɛte saa ara a wamma wɔn mogya, na owie nso a ɔmma wɔn mogya biara.
Wɔ June 22, 1989 no, asennibea no de Crystal hyɛɛ ayaresabea no nsa bere tiaa bi na ɛyɛ a wɔama no mogya “bere a ɛho hia na wɔde abɔ ne nkwa ho ban.” Wɔsan gyee Crystal fii ayaresabea no nsam bere a woyii no fii hɔ no. Crystal anhia mogya biara, na wɔamma no bi nso da, nanso ɔkwan a asennibea no de Crystal faa so no yɛ yaw.
Woyii Crystal fii ayaresabea hɔ akyi no, owiee ntoaso sukuu, na ɔbɔɔ mmɔden kɛse wɔ ne sɔhwɛ mu. Ɛno akyi bere tiaa bi no, ɔbɛyɛɛ Yehowa Dansefo bere nyinaa somfo. Ɔbɛyɛɛ obi a odi ahɔho anim ma wɔkɔhwehwɛ Yehowa Adansefo Jersey City Nhyiam Asa so, na ofi ne pɛ mu kɔkaa kuw bi a wosiesie Ahenni Asa ahorow na wosi afoforo ho.
Nanso, Columbia Presbyterian Medical Center dɔktafo no kae sɛ sɛ ebedu June 15 na wɔmmaa no mogya a obewu June 16, na sɛ ɔpow mogya no a, wɔbɛkyekyere no abɔ mpa no mu de nneɛma agu ne nsa ne ne nan. Sɛ dɔktafo a wɔde asɛm kɔ asennibea sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ama ɔyarefo bi mogya ka no pen kyerɛ ɔtemmufo bi sɛ sɛ wampene so ntɛm a ɔyarefo no bewu a, wɔnkae Crystal Moore asɛm no.
Lisa Kosack
Anadwo a edi kan a Lisa dii wɔ Toronto Mmofra Ayaresabea no yɛɛ hu kɛse. Ɔkɔɔ hɔ awia nnɔnnan na wɔyɛɛ ne yare no mu nhwehwɛmu ahorow bi ntɛm ara. Wɔamfa no ankɔ baabi a wobegye no ato no araa kosi anadwo dubiako apa ho simma dunum. Eduu ɔdasum no—wiɛ, ma Lisa ankasa nka nea esii. “Eduu ɔdasum no, ɔyarehwɛfo bi bɛkae sɛ: ‘Ɛsɛ sɛ mema wo mogya kakra.’ Meteɛɛm sɛ: ‘Mintumi nnye mogya efisɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako! Migye di sɛ wunim saa! Misusuw sɛ wunim saa!’ Ɔkae sɛ, ‘Yiw, minim saa,’ na ɛhɔ ara na oyii paane a wɔde ahyɛ me ntini mu de nsu rema me no, na ofi ahopere mu de mogya hyɛɛ ano. Mifii ase sui denneennen.”
Hwɛ ayaresa a ɛyɛ aninyan na atirimɔden wom a wɔde maa abofra a wadi mfe 12 a ehu aka no wɔ dasum wɔ baabi a onnim hɔ koraa! Lisa awofo de no kɔɔ Toronto Mmofra Ayaresabea hɔ a na wɔwɔ anidaso sɛ wobenya dɔktafo ayamyefo a wɔbɛte wɔn ase. Nanso nea ɛne no bɔ abira no, wɔhyɛɛ wɔn babea no maa no mogya ɔdasum, ɛmfa ho sɛ na Lisa ne n’awofo gyinabea ne sɛ mogya ne aduru biara a mogya wom ne Onyankopɔn mmara nhyia, na ɛnsɛ sɛ wɔde ma obi no.—Asomafo no Nnwuma 15:28, 29.
Ade kyee anɔpa no, ayaresabea no de asɛm no kɔɔ asennibea na wɔanya hokwan ama no mogya. Wɔde nnanum na edii asɛm no, na Ɔtemmufo David R. Main na ɔyɛɛ otitrani. Wodii asɛm no wɔ ayaresabea dan bi mu, na na Lisa wɔ hɔ nnanum no nyinaa. Ná Lisa anya yare a emu yɛ den bi a ɛma mogya nkwammoaa fitaa dɔɔso ntɛmntɛm a wɔfrɛ no myeloid leukemia a ɛtaa kum nnipa, ɛwom sɛ na dɔktafo no aka sɛ wotumi sa nnipa ɔha biara a ebi yɛ wɔn no mu 30 yare de. Wɔkae sɛ ɛsɛ sɛ wɔma no mogya pii na wɔma no nnuru a ano yɛ den—ayaresa a ɛyɛ yaw na ɔhaw a emu yɛ den wɔ akyi.
Da a ɛto so anan a wɔfrɛɛ asɛm no, Lisa dii adanse. Nsɛm a wobisaa no no biako ne sɛnea ɔtee nka wɔ mogya a wɔhyɛɛ no de maa no no ho. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ ɛma ɔtee nka te sɛ ɔkraman a wɔde no resɔ biribi ahwɛ, afei nso na ɔte nka sɛ nea wɔreto no mmonnaa, na esiane sɛ ɔyɛ abofra nti, nnipa bi susuw sɛ wobetumi ayɛ no nea wɔpɛ biara. N’ani annye ho koraa sɛ ohui sɛ onipa foforo mogya rekɔ ne mu, na na osuro sɛ obetumi anya AIDS anaa mmerɛbo mu yare anaa nsanyare foforo bi afi mu. Na nea ehia no sen biara ne sɛnea Yehowa bebu no bere a obu ne mmara a ese onnnye onipa foforo mogya nnkɔ ne nipadua mu so no. Ɔkae sɛ sɛ ɛba saa bio a, ‘anka ɔbɛpere na ɔde ne nan abɔ nea wɔde mogya no sɛn so no ato fam, na wayi paane a wɔde mogya fam no ɛmfa ho sɛnea ɛbɛyɛ no yaw afa, na watutu mogya nkotoku no mu atokuru.’
Ne mmaranimfo no bisaa no sɛ, “Ka a Kuw a Wɔboa Mmofra no reka sɛ wonnye wo mfi w’awofo hwɛ ase mma wɔn no ma wote nka dɛn?”
“Ɛma me bo fuw yiye; ɛma mete nka sɛ wɔn tirim yɛ den, efisɛ m’awofo nhwee me da, wɔdɔ me na me nso medɔ wɔn, na bere biara a me mene mu bɛyɛ kuru, anaasɛ ɔpakum anaa ɔyare foforo biara bɛyɛ me no, wɔhwɛ me. Me na wodwen me ho kɛse wɔ wɔn asetra mu biribiara mu, ma enti sɛ́ obi bɛsɔre na wabegye me afi wɔn hwɛ ase esiane sɛ ɔne wɔn nyɛ adwene kɛkɛ nti no yɛ atirimɔdensɛm kɛse, na ɛyɛ me abufuw yiye.”
“So wopɛ sɛ wuwu?”
“Dabi, minsusuw sɛ obi pɛ sɛ owu, nanso sɛ mewu koraa a minsuro, efisɛ minim sɛ mewɔ daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso.”
Bere a Lisa de akokoduru kaa ne wu a abɛn, Yehowa mu gyidi a ɔwɔ, ne ne bo a wasi sɛ ɔbɛkɔ so atie ne mmara a ɛfa kronkron a mogya yɛ ho no ho asɛm no, wɔn mu pii sui.
Ne mmaranimfo no toaa so sɛ: “Lisa, sɛ asennibea no hyɛ sɛ wɔmma wo mogya a, wobɛpene so?”
“Dabi, efisɛ mɛkɔ so adi me Nyankopɔn nokware na matie n’ahyɛde ahorow, efisɛ Onyankopɔn korɔn koraa sen asenni bagua anaa onipa biara.”
“Lisa, wobɛpɛ sɛ ɔtemmufo no bua asɛm yi dɛn?”
“Sɛnea mɛpɛ sɛ ɔtemmufo no bua asɛm yi ara ne sɛ ɔbɛma wɔn asan de me ama m’awofo sɛnea ɛbɛyɛ a m’ani begye, ne sɛnea metumi akɔ fie na makɔtra beae a ɛhɔ yɛ anigye.”
Na saa nso na Ɔtemmufo Main buaa asɛm no. Ne gyinaesi no mu nsɛm no bi na edidi so yi.
“L. [Lisa] aka akyerɛ asenni bagua yi pefee sɛ, sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛma no mogya a, ɔde n’ahoɔden nyinaa bɛko atia saa mogya a wɔpɛ sɛ wɔde ma no no. Waka, na migye di sɛ, ɔbɛteɛteɛm na wapere, na wayi paane a wɔde mogya fam no afi ne nsa ho, abɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe mogya kotoku a ɛsɛn ne mpa ho no atutu mu atokuru. Menhyɛ mmara biara a ɛbɛma abofra yi afa saa tebea a ɛyɛ ahometew no mu.”
Ɛdefa mogya a wɔhyɛɛ no de maa no ɔdasum no ho no, ɔkae sɛ:
“Mepae mu ka sɛ sɛnea s. 15(1) [mmara no fã a ɛto so 15(1)] kyerɛ no, wɔayɛ nyinyim atia no esiane ne som a ɔwom ne ne mfe nti. Wɔ tebea a ɛte saa mu no, wɔnam mogya a wɔde maa no no so buu hokwan a ɔwɔ sɛ ɔbɔ ne nipadua ho ban sɛnea s. 7 kyerɛ no so.”
Adwene a onyae wɔ Lisa ankasa ho no yɛ anigye:
“L. yɛ obi a ne ho yɛ fɛ na onim nyansa yiye, n’ano atew, wapɔw, ɔwɔ nkate a emu yɛ den, na nea ɛsen biara no, ɔyɛ ɔkokodurufo. Ɔwɔ nyansa ne ahokokwaw a ɛboro ne mfe so, na misusuw sɛ ɛyɛ papa sɛ mɛka sɛ ɔwɔ su pa ahorow a ɔwofo biara bɛpɛ sɛ ne ba nya no nyinaa bi. Ɔwɔ nyamesom gyidi a ntease wom, ɛyɛ pintinn na emu da hɔ. Misusuw sɛ afotu a efi baabiara anaa nhyɛso a efi n’awofo anaa onipa foforo biara hɔ, a asennibea yi ahyɛde ka ho, ntumi nka no mma ɔnsakra ne nyamesom gyidi ahorow no. Migye di sɛ ɛsɛ sɛ wɔma L. K. [Kosack] hokwan ma ɔko yare yi wɔ nidi ne asomdwoe mu.”
“Yɛatwa asɛm a wɔde bɛtoo yɛn anim no mu.”
Lisa ne n’abusua fii ayaresabea hɔ saa da no. Ampa, Lisa de nidi ne asomdwoe koo yare no. Owui wɔ fie asomdwoe mu too ne maame ne papa a wɔwɔ ɔdɔ no nsa so. Ɔnam saa a ɔyɛe no so kɔkaa Yehowa Adansefo nkumaa foforo a wɔde Onyankopɔn dii kan no ho. Ɛno nti, ɔne wɔn benya Yesu bɔhyɛ yi mmamu mu kyɛfa: “Nea me nti ne nkwa fi ne nsa no, ne nsa bɛka.”—Mateo 10:39, New World Translation Reference Bible no ase hɔ asɛm.
Ernestine Gregory
Bere a na Ernestine adi mfe 17 no, nhwehwɛmu daa no adi sɛ wanya leukemia. Bere a wogyee no too ayaresabea no, wampene so amma wɔamfa aduru biara a mogya wom anka nnuru a ano yɛ den a dɔktafo no pɛe sɛ wɔde ma no no ho. Esiane sɛ Ernestine powee sɛ obegye mogya, na ne maame gyinaa n’akyi wɔ ayaresa a wɔmfa mogya nka ho mu nti, ayaresabea no bɔɔ mmofra yiyedi mpanyimfo a wɔwɔ Chicago, Illinois, U.S.A. no amanneɛ, na wɔn nso de asɛm no kɔɔ asennibea na ama wɔatumi de mogya ama no. Wɔfrɛɛ asɛm no, na asenni bagua no tiee Ernestine, dɔkta bi, adwene ho nimdefo, mmaranimfo bi, ne nnipa foforo a asɛm no fa wɔn ho no anom asɛm.
Ernestine ka kyerɛɛ ne dɔkta sɛ ɔmpɛ mogya. Ɔka kyerɛɛ no sɛ ɛyɛ n’ankasa ne gyinaesi a egyina nea wakenkan afi Bible mu so. Ɔkae sɛ mogya a asenni bagua bɛma wɔahyɛ no de ama no no nso bu Onyankopɔn mmara animtiaa na ɛnteɛ wɔ n’ani so, ɛmfa ho sɛ efi asenni bagua hɔ. Ɔkae sɛ ɔnsɔre ntia nnuru a wɔde bɛsa no yare, na ɔmpɛ sɛ owu. Ɔkyerɛe sɛ ne gyinaesi no nyɛ biribi a ɔpɛ sɛ wɔyɛ ma no ma owu, ɛnyɛ sɛ ɔpɛ sɛ okum ne ho; nanso, onsuro owu.
Dɔkta Stanley Yachnin kae sɛ ne ho “adwiriw no wɔ sɛnea Ernestine adwenem abue ne gyinae a n’ankasa tumi si,” ne ne nyamesom gyidi a efi nokwaredi mu no ho. Ɔkae nso sɛ Ernestine wɔ ne yare no ne nea ebetumi afi mu aba ho ntease. Esiane sɛ na abofra no te nsɛm ase nti, Dɔkta Yachnin hui sɛ ɛho nhia sɛ wɔma adwenemyare ho nimdefo anaa adwene ne nneyɛe ho nimdefo ba asɛm no mu.
Nanso, wɔfrɛɛ ɔbiako, Dɔkta Ner Littner a ɔyɛ adwenemyare ho nimdefo, na bere a ɔne Ernestine kasae no, ɔkyerɛe sɛ abofra no adwenem abue te sɛ obi a wadi fi mfe 18 kosi 21. Ɔkae sɛ Ernestine daa no adi sɛ ɔte nea ebefi mogya a obegye anaa ɔbɛpow mu aba no ase. Ɔkae sɛ ɛnyɛ obi na ɔhyɛɛ abeawa no maa ogye toom, na mmom esiane sɛ n’ankasa gye di nti. Dɔkta Littner kae sɛ ɛsɛ sɛ wɔma Ernestine ankasa si ne gyinae wɔ asɛm yi ho.
Jane McAtee, ayaresabea no mmaranimfo, kae sɛ bere a obisabisaa Ernestine nsɛm no, obehui sɛ Ernestine nim sɛnea yare no te, na “ɛda adi sɛ na ɔte ne gyinaesi no ase koraa, na ogye nea ebefi mu aba no tom.”
Asenni bagua no nso ho dwiriw wɔn yiye wɔ Ernestine anom asɛm no ho. Asenni bagua no hui sɛ Ernestine yɛ obi a wadi mfe 17 a n’adwenem abue, na n’ankasa na osii saa gyinae no, na na ɔte tebea a ɔwom a egye ntɛmpɛ no ase. Nanso ɛmfa ho sɛ ɔdaa no adi sɛ ɔyɛ abeawa a n’adwenem abue a otumi fi nea onim mu si ayaresa ho gyinae a nyansa wom a ɛne ne gyinapɛn ne ne gyidi a emu yɛ den no hyia ma ne ho no, ɛyɛɛ nwonwa sɛ asenni bagua no maa kwan sɛ wɔmma no mogya.
Wɔde asɛm no kɔdan asennibea a wɔde asɛm dan a ɛwɔ Illinois no. Asennibea a wɔde asɛm kɔdan wɔn no buae sɛ wontumi nhyɛ Ernestine mma onnye mogya, na abaguafo baanu penee so tiaa obiako. Asennibea no kyerɛe sɛ sɛ́ abofra a n’adwenem abue no, mmara a ɛfa hokwan a Ernestine wɔ sɛ odi ne nyamesom ho dwuma ne hokwan a ɔwɔ sɛ osi n’ankasa gyinae ho no ma no kwan sɛ otumi pow mogya esiane nyamesom mu ntease nti.
Afei mmofra yiyedi mpanyimfo no de gyinaesi yi kɔdan Illinois Asennibea Kunini no. Illinois Asennibea Kunini no gyinaa saa gyinaesi no akyi, na wɔkae sɛ ɛwom sɛ Ernestine yɛ abofra de, nanso ɔwɔ hokwan sɛ ɔpow ayaresa a ɔmpene so. Asennibea kunini yi de wɔn gyinaesi no gyinaa mmara a ɛkyerɛ sɛ obi wɔ hokwan sɛ osi gyinae fa n’ankasa nipadua ho, ne mmara a ɛfa mmofra a wɔn adwenem abue ho no so. Illinois Asennibea Kunini no bɔɔ gyinapɛn a wɔde bedi dwuma wɔ nsɛm a ɛfa mmofra a wɔn adwenem abue ho no mua sɛnea edi so yi:
“Sɛ adanse no ma ɛda adi na ntease wom sɛ abofra no adwenem abue sɛ otumi hu nea ebefi ne nneyɛe mu aba, na obetumi de atɛmpa adi dwuma te sɛ ɔpanyin a, ɛnde mmofra a wɔn adwenem abue ho mmara no ma no kwan sɛ ɔpene anaa ɔpow ayaresa no.”
Wɔamfa nnuru a ano yɛ den anaa mogya biara amma Ernestine, nanso leukemia no ankum no sɛnea na dɔktafo no pɛ sɛ asennibea no gye di no. Ernestine gyinaa pintinn de Onyankopɔn dii kan, te sɛ mmofra a yɛadi kan aka wɔn ho asɛm no. Wɔn mu biara nyaa “tumi a ɛboro so.”—2 Korintofo 4:7.
[Kratafa 13 adaka]
Mogya a Wɔde ma mu Asiane Ahorow
The New England Journal of Medicine, a ɛbae December 14, 1989 no bɔɔ amanneɛ sɛ ebetumi aba sɛ AIDS ɔyare mmoawa a ebetumi ama nnipa bɛyɛ ɔpepem 1.75 anya ɔyare no bi wɔ mogya akotoa biako pɛ mu!
Wɔ 1987 mu, bere a ɛbɛdaa adi sɛ wɔn a wɔtwe wɔn mogya kyɛ sɛ wɔmfa mma nkurɔfo no rema AIDS atrɛw no, nhoma Autologous and Directed Blood Programs kae sɛ: “Ná eyi yɛ ayaresa mu nnaadaasɛm a ɛyɛ awerɛhow sen biara; sɛ́ mogya, akyɛde a ɛsom bo na ɛma nkwa bɛdan ade a edi awu.”
Dɔkta Charles Huggins a ɔhwɛ ayaresabea bi a ɛwɔ Massachusetts, U.S.A. mogya a wɔde ma nkurɔfo adwumayɛbea so kae sɛ: “Ɛyɛ aduru a ɛyɛ hu sen biara wɔ ayaresa mu.”
Surgery Annual de baa awiei sɛ: “Ɛda adi pefee sɛ ɔkwan a eye sen biara a wɔfa so kwati mogya a wɔde ma mu asiane ne sɛ wɔmfa mma.”
Esiane sɛ wɔn a wɔma wɔn mogya bere a wɔyɛ wɔn kokoram ho oprehyɛn no taa nya ɔyare no bio nti, Dɔkta John S. Spratt kae wɔ The American Journal of Surgery, a ɛbae September 1986 mu sɛ: “Ebia ebehia sɛ obi a ɔyɛ kokoram ho oprehyɛn no yɛ oduruyɛfo a ɔmfa mogya mma nkurɔfo.”
Nsɛmma nhoma Emergency Medicine kae sɛ: “Yebetumi aka sɛ osuahu a yɛanya wɔ Yehowa Adansefo ho no kyerɛ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho to mogya so sɛnea na yesusuw kan no efisɛ ebetumi de ɔhaw pii aba.”
Nsɛmma nhoma Pathologist twee adwene sii mogya a Yehowa Adansefo nnye no so kae sɛ: “Adanse pii wɔ hɔ a ɛfoa nea wɔka no so, ɛmfa ho sɛ wɔn a wɔkora mogya so no kasa tia wɔn pii.”
Nhomanimfo Charles H. Baron, mmaranim ho ɔbenfo a ɔwɔ Boston Kɔlege a Wosua Mmara wɔ hɔ no kae wɔ mogya a Yehowa Adansefo nnye no ho sɛ: “Amerikafo nyinaa anya mu mfaso. Ɛnnɛ, ɛnyɛ Yehowa Adansefo nkutoo na esiane adwuma a Yehowa Adansefo Ayaresabea Ntam Nkitahodi Boayikuw ahorow reyɛ nti wobetumi akwati mogya a wɔde ma wɔ ɔkwan a ɛnsɛ so, na mmom ayarefo nyinaa.”