Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi Ayi M’adwene Afi Obi Ho Anigye a Manya no So?
“M’ADI mfe 20 na meyɛ Yehowa Dansefo a wɔabɔ me asu. Nanso mifii ase ne obi a wadi mfe 28 a ɔnyɛ [gyidini] yɛɛ nhyehyɛe fii adi. Ná mepɛ no, na na migye di sɛ ɔno nso pɛ me. Ná m’awofo nnim ho hwee, efisɛ na minim sɛ anka wɔrempene so. Bere a wohui no, ɛhaw wɔn na wɔn ho dwiriw wɔn yiye. Ná wontumi nte ase sɛ m’atumi anya wiaseni barima ho anigye saa.”
Saa na Kristoni ababaa bi a yɛbɛfrɛ no Monique kyerɛwee.a Nea ɛyɛ awerɛhow ne sɛ, mmofra pii de wɔn ho ahyehyɛ ɔhaw a ɛte saa mu—obi a onnye nni ho anigye anaa akɔnnɔ a ɛmfata a wonya, onipa a wɔne no nni ɔsom biako mu ne abrabɔ ho gyinapɛn koro. Eyi ho asɛm a edii kan bae (Nyan! June 8, 1994) no daa no adi sɛ ɛnyɛ sɛ Onyankopɔn ani nko na ayɔnkofa a ɛte saa no nsɔ na mmom ɛyɛ asiane a anibere wom ma onii no anigye ne ne yiyedi nso. Abeawa Ruth behuu saa nokwasɛm yi. Ɔka sɛ: “Me ne ɔbarima bi a na onnye nni benyaa ayɔnkofa a emu yɛ den, ɛwom sɛ na minim sɛ, sɛ metumi ne Yehowa anya abusuabɔ a, na ɛsɛ sɛ mitwa me ne ɔbarima no ayɔnkofa no mu.”
Sɛ woyɛ Kristoni a, ebia wubetumi aka Bible mu nsɛm a ɛwɔ Yakobo 4:4 no: “Munnim sɛ wiase adamfofa ne ɔtan a wɔtan Onyankopɔn? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” Nanso sɛ wo ne obi a onnye nni anya ayɔnkofa a emu yɛ den a, ɛrenyɛ mmerɛw mma wo sɛ wubetumi de saa nsɛm yi adi dwuma. Nokwarem no, ebia twa a wo ne onii no betwa ayɔnkofa a ɛte saa mu no bɛyɛ wo den yiye. Ebia wubedi ho yaw. Ebia wubebisa sɛ: ‘Mɛyɛ dɛn atumi ayi m’adwene afi obi ho anigye—anaa ɔdɔ—a manya no so?’
Ɔsomafo Paulo kae bere bi sɛ: “Me mu-nipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho; nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no. Me manehunufo!” (Romafo 7:22-24) Te sɛ Paulo no, ebia wo ne wo nkate reko. Nanso, Kristofo mmofra pii adi nkonim wɔ saa ɔko yi mu, na sɛnea yɛbɛka no no, ‘wɔahwim wɔn afi ogya no mu.’ (Fa toto Yuda 23 ho.) Wɔ ɔkwan bɛn so? Denam twa a wotwa ayɔnkofa a ebetumi asɛe wɔn no mu ansa na aka akyi no so.
Hwehwɛ Mmoa
Sɛ nhwɛso no, Mark nyaa sɛnea ɔka no no, obi a onnye nni “ho anigye a ɛmfata a anibere wom” bere a na wadi mfe 14 pɛ no. Sɛ anka ɔbɛhwehwɛ mmoa no, wanka ho asɛm ankyerɛ obiara. Nanso abeawa no ho anigye a wanya no mu kɔɔ so yɛɛ den. Ankyɛ na owiaa ne ho fii ase ne no kasae wɔ telefon so. Bere a abeawa no nso fii ase sɛ ɔbɛfrɛ no wɔ telefon so no, ankyɛ na n’awofo behuu nea na ɛrekɔ so no.
Nni mfomso koro no ara sɛ w’ankasa wubedi ɔhaw no ho dwuma. Mmebusɛm 28:26 ka sɛ: “Nea ne ho da ne koma so no yɛ ɔkwasea, na nea ɔnam nyansa mu no benya aguanye.” Nokwarem no, sɛ ɛnyɛ sɛ wo nsusuwii tɔɔ sin ɔkwan bi so a, so anka wobɛba saa tebea yi mu? Ɛtɔ da bi a yɛn nkate tumi di yɛn nsusuwii so, na yebehia obi a n’adwenem da hɔ na ɔka nokware mmoa. Ebia w’awofo ne nkurɔfo a wobetumi aboa wo yiye, titiriw, sɛ wɔyɛ nkurɔfo a wosuro Onyankopɔn a. Ɛtaa ba sɛ wɔne nkurɔfo a wonim wo yiye sen obiara. Wɔayɛ mmofra pɛn na ɛno betumi aboa wɔn ma wɔate tebea a wowom no ase. Bible kyerɛwfo Salomo tu fo wɔ Mmebusɛm 23:26 sɛ: “Me ba, fa wo koma ma me, na ma m’akwan nsɔ w’ani.” Dɛn nti na womfa wo koma mma w’awofo, na womma wonhu sɛ wuhia mmoa?
Abofra Jim yɛɛ saa. Ná wanya abeawa bi ho anigye kɛse wɔ sukuu a ɔnte ase. Ɔka sɛ: “Awiei koraa no, mehwehwɛɛ mmoa fii m’awofo hɔ. Eyi ne ade a ɛmaa mitumi dii saa nkate no so. Wɔboaa me yiye.” Bere a Jim anya n’awofo mmoa a efi ɔdɔ mu no, otu fo sɛ: “Misusuw sɛ ɛnsɛ sɛ Kristofo mmofra foforo twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔne wɔn awofo bɛkasa. Mo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ. Wɔbɛte mo ase.”
Saa pɛpɛɛpɛ na abofra bi a wɔfrɛ no Andrew hwehwɛɛ mmoa wɔ ɔkwan foforo so. Ɛdefa Yehowa Adansefo ɔmansin nhyiam a wɔyɛe wɔ baabi a ɔte a ɔkɔɔ bi ho no, ɔka sɛ: “Ɔkasa horow no mu biako kaa me ma misusuw nsɛm ho anibere so. Ɔmansin sohwɛfo no de afotu a emu yɛ den mae wɔ ayɔnkofa a yɛne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu a wɔnyɛ Kristofo benya no ho. Mihui sɛ na ɛsɛ sɛ mesakra m’adwene amonom hɔ ara.” Enti dɛn na ɔyɛe? Nea edi kan no, ɔne ne maame a ɔno nkutoo ne ne wofo a ɔne no te no kasae, na n’afotu no so baa no mfaso. Afei ɔkɔɔ ɛhɔ Yehowa Adansefo asafo no mu panyin bi nkyɛn nso, na ɔkɔɔ so boaa no bere ne bere mu. Asafo mu mpanyimfo betumi ayɛ sɛ “mframa ano hintabea ne osu ano guankɔbea” ama wɔn a wɔahaw. (Yesaia 32:2) Dɛn nti na wommɛn wɔn mu biako, na womma onhu nea ɛrehaw wo?
Ayɔnkofa no a Wubetwam Koraa Prɛko Pɛ
Bere a Mark awofo huu n’ayɔnkofa a ɔde sie wɔn no, wodii ho dwuma ntɛm so. Mark ka sɛ: “Wɔka kyerɛɛ me pen sɛ mintwa ayɔnkofa no mu. Metew atua mfiase no. Yedii anobaabae gyegyeegye, na metoo me ho pon mu. Nanso ankyɛ na mifii ase susuw asɛm no mu nokwasɛm ho, na mibehui sɛ na me ne abeawa no botae ahorow nhyia. Ná yɛn abusuabɔ no renyɛ yiye.” Yiw, tebea no ho nokwasɛm a wubesusuw ho betumi abrɛ wo nkate horow ase. Bisa wo ho sɛ: ‘So saa nipa no ne me wɔ botae, gyidi, gyinapɛn koro? Sɛ yɛware a, so saa nipa yi bɛyɛ me mmoa wɔ mmɔden a mebɔ sɛ mɛsom Onyankopɔn no mu? So n’ani gye honhom mu nneɛma ho te sɛ me? Nokwarem no, biakoyɛ bɛn na ebetumi aba abusuabɔ a ɛte saa mu?’—Fa toto 2 Korintofo 6:14-18 ho.
Nanso, ayɔnkofa no a wubetwam koraa prɛko pɛ no nyɛ mmerɛw. Monique a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no gye tom sɛ: “Mebɔɔ mmɔden mpɛn abien sɛ metwa ayɔnkofa no mu koraa nanso anyɛ yiye. Mampɛ sɛ me ne no begyae fekubɔ koraa. Mebɔɔ mmɔden dii no adanse, a na mehwɛ kwan sɛ ɔbɛsom Yehowa. Ɔbaa Kwasida nhyiam ase bere bi ase mpo. Nanso na n’ani nnye Yehowa ho ankasa. Mihui sɛ nea na ɛsɛ sɛ meyɛ ara ne sɛ me ne no betwam koraa.”
Eyi kae yɛn Yesu nsɛm a ɛwɔ Mateo 5:30 no. Ɛhɔ no, ɔkaa nneɛma a ebetumi asiw obi kwan ma ɔnkɔ Onyankopɔn Ahenni mu ho asɛm—nneɛma a ɛsom bo ma obi te sɛ ne nsa nifa. Ɛno ho mpo no, Yesu tuu fo sɛ: “Twa, na tow fi wo ho kyene; na eye ma wo sɛ wo ho akwaa mu biako bɛsɛe, na wɔamfa wo nipadua nyinaa ankɔto Gehenna [daa ɔsɛe ho sɛnkyerɛnne].” Nea ɛne nnyinasosɛm yi hyia no, kɔ onipa a wo ne no anya ayɔnkofa no nkyɛn akokoduru so na “ka nokware” kyerɛ no. (Efesofo 4:25) Wɔ baguam—ɛnyɛ sɛ wo ne no nkutoo hyɛ baabi anaa bere a morewewe—na ma no nte ase pefee sɛ mo ayɔnkofa no aba awiei. Abeawa Sheila ka sɛ: “Nea ɛboaa me ne gyinae pintinn a misii. Me ne no annidi ammom awia bere bio. Manhwehwɛ n’akyi kwan wɔ sukuu adesua bere bio. Memaa ohuu me gyinae a masi no pefee.” Kristoni abeawa bi a wɔfrɛ no Pam nso daa ne gyinae a wasi adi pefee: “Awiei koraa no meka kyerɛɛ no sɛ onnyae m’akyi di, na me nso migyaee n’akyi di.”
Ɛyaw no So a Wubedi
Wɔ ntetewmu a ɛte saa akyi no, ebia wobɛte nka te sɛ odwontofo a ɔkaa eyi no: “Mapompono, na mapua koraa, da mũ nyinaa mede awerɛhow menam foofoo.” (Dwom 38:6) Ɛnyɛ nwonwa sɛ edu bere bi a wo werɛ bɛhow. Bible no gye tom sɛ “osũ wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:4) Nanso ɛnyɛ daa na wubedi awerɛhow. Bere kɔ so no ɛyaw no so bɛtew. Mark gye tom sɛ: “Yiw, midii awerɛhow bere bi. M’awofo huu eyi na wɔmaa me ne Kristofo mmofra afoforo bɔɔ fekuw kɛse. Eyi boaa me yiye.” Andrew a ɔno nso hawee wɔ ne ntetewmu no akyi ka sɛ: “Mpanyimfo no boae. Mede me ho hyɛɛ asɛnka adwuma mu pii, na mebɛn Kristofo anuanom binom a m’ani gyee wɔn fekubɔ ho kɛse nso.” Yiw, yɛ honhom fam nnwuma pii. (1 Korintofo 15:58) Honam fam adwuma anaa apɔwmu-teɛteɛ binom nso betumi aboa. Ntew wo ho. (Mmebusɛm 18:1) Dwennwen nneɛma a ɛyɛ anigye na ɛma nkɔso ho.—Filipifo 4:8.
Kae nso sɛ, Yehowa ani begye gyinae a woasi no akokoduru so no ho. Fa adwenemtew kɔ n’anim wɔ mpaebɔ mu kɔhwehwɛ mmoa ne nkuranhyɛ. (Dwom 55:22; 65:2) Abeawa Sheila ka sɛ: “Mede me ho hyɛɛ mpaebɔ mu kɛse.” Nokwarem, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wubetwa ayɔnkofa bɔne mu. Sheila gye tom sɛ: “Ɛwom mpo sɛ yɛn ayɔnkofa no aba awiei de, nanso ɛtɔ da bi a misusuw ne ho na midwen nea ɔreyɛ ho. Nanso wobata wo gyinaesi ho pintinn, bere a wunim sɛ ɛno sɔ Yehowa ani no.”
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔasesa din ahorow no.
[Kratafa 21 mfonini]
Ma onipa no nhu pefee sɛ mo ayɔnkofa no aba awiei