Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 7/8 kr. 10-11
  • Asetra A Ɛyaw Nnim Abɛn!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asetra A Ɛyaw Nnim Abɛn!
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sodifo a Ne Tumi Korɔn Sen Nnipa De
  • Ɛrenkyɛ​—Wiase A Ɛyaw Nnim Bɛba!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1990
  • Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Ɛyaw Kõ A Ebefi Hɔ
    Nyan!—1994
  • Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?
    Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 7/8 kr. 10-11

Asetra A Ɛyaw Nnim Abɛn!

NIPADUA no mu nneɛma horow a emu dɔ a ɛbɔ yɛn ho ban fi ɔhaw ho no yɛ nwonwa ankasa. Ɛsɛ sɛ ɛho ade a yesua no ka yɛn ma yeyi Ɔbɔadeɛ no ayɛ sɛnea Bible mu odwontofo a ɔkyerɛwee nea edi so yi yɛe no: “Meda wo ase sɛ woyɛɛ me ma ɛyɛ hu ne nwonwa.” (Dwom 139:14) Nokwarem no, Onyankopɔn nkutoo na obetumi de asetra a ɛyaw nnim aba! Nanso ɔkwan bɛn so na wobedi eyi ho dwuma?

Hyɛ no nso sɛ ansa na Bible no rehyɛ bɔ sɛ ɛyaw ne nusu befi hɔ no, na aka ‘ɔsoro foforo ne asase foforo, ne kan soro ne kan asase a ebetwam’ ho asɛm. (Adiyisɛm 21:1, 4) Nokwarem no, ɛnyɛ ɔsoro ne asase paa yi na Bible no ka ho asɛm sɛ ebetwam no. Na mmom, ne tiaatwa mu no, ɛne sɛ nhyehyɛe foforo koraa bɛba abesi mprempren nhyehyɛe yi ananmu. Yiw, nniso foforo a ɛkorɔn sen nnipa de bɛma ayɛ yiye sɛ yebenya asetra a ɛyaw nnim wɔ asase so ha.

Ɛreka saa nniso yi ho asɛm no, Bible no ka sɛ “ɔsoro Nyankopɔn bɛma ahenni [anaasɛ, nniso] a wɔrensɛe no da, . . . so, na ebebubu ahenni horow no nyinaa ama asã, na ɛno de, ebegyina daa.” (Daniel 2:44) Bere a na Yesu Kristo wɔ asase so no, ɔkyerɛɛ yɛn sɛ yɛmmɔ saa Ahenni nniso yi ho mpae bere a ɔkae sɛ: “Enti mommɔ mpae sɛ: Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew, w’ahenni mmra, nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro.”—Mateo 6:9, 10.

Ɛnde, ɔkwan bɛn so na saa mpae no mmamu bɛkyerɛ asetra a ɛyaw nnim ama wo?

Sodifo a Ne Tumi Korɔn Sen Nnipa De

Onii a Onyankopɔn apaw no sɛ ɔnyɛ Ne nniso no so panyin no nyansa ne ne tumi so na asɛm no gyina. Saa nipa no ne Yesu Kristo ankasa. Bible nkɔmhyɛ bi ka ne ho asɛm sɛ: ‘Ahenni no bɛda ne mmati so, na n’ahenni mu bɛtrɛw, na asomdwoe a enni awiei aba.’—Yesaia 9:6, 7.

Yesu a ɔwɔ soro mprempren no nyansa sen asase so nnuruyɛfo nyinaa koraa. Ɔte sɛnea yɛn nipadua yi yɛ adwuma no ase koraa, a nhyehyɛe a ɛnam so bɔ ne ho ban fi opira ho ka ho. Bere a na ɔwɔ asase so sɛ onipa bɛboro mfe 1,900 atwam ni no, yare anaa ɔhaw biara nni hɔ a wantumi ansa. Enti ɔnam saayɛ so daa nea ɔbɛyɛ no kɛse sɛ́ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no adi. Bible no ka bere bi ho asɛm sɛ:

“Nkurɔfo akuwakuw pii de mpakye, mmubuafo, anifuraefo, mum ne afoforo pii baa ne nkyɛn, na wɔde wɔn beguu ne nan ase. Na ɔsaa wɔn yare ma ɛyɛɛ nkurɔfokuw no nwonwa, sɛ wohui sɛ mum rekasa, na mpakye ho san, na mmubuafo nantew, na anifuraefo hu ade.” (Mateo 15:30, 31) Nea ɛka nyarewa a Yesu bɛsa wɔ n’Ahenni nniso no mu ho ne nea ɛyɛ hu no, ɛyaw a ennyae.

Nokwarem no, nhyira a ɛyɛ nwonwa bɛn na ɛno bɛyɛ! Na wɔrenyɛ eyi mma nnipa kakraa bi pɛ. Ɔbɔadeɛ no bɔhyɛ ne sɛ: “Ɔmanfo no mu bi renka sɛ: Magurow!” (Yesaia 33:24) Afei, wɔ Onyankopɔn Ahenni no nniso ase no, bɔhyɛ no bɛbam, “na . . . ɛyaw nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:4.

Wɔ Kristo anuonyam Ahenni nniso no ase no, yɛn nipadua mu ahoɔden, a nea ɛbɔ yɛn ho ban fi opira ho ka ho no bedi dwuma yiye efisɛ na wɔayi bɔne a wɔwoo yɛn wɔ mu no afi hɔ. Yɛnte ɛyaw wɔ yɛn nipadua mu bio. Anigyesɛm ne sɛ, sɛnea Bible nkɔmhyɛ ahorow a ɛrenya mmamu mprempren kyerɛ no, yɛadu wiase foforo a ɛyaw remma yenhu amane bio no abobow ano.—Mateo 24:3-14, 36-39; 2 Timoteo 3:1-5; 2 Petro 3:11-13.

Wubetumi anya anigye wɔ Onyankopɔn Ahenni ase bere a ɛyaw a ɛrehaw nnipa ɔpepem pii no nni hɔ bio. Nanso ɛsɛ sɛ woyɛ biribi. Yesu Kristo daa ahwehwɛde titiriw bi adi bere a ɔkae wɔ mpae a ɔbɔɔ Onyankopɔn no mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.

Yehowa Adansefo ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woanya saa nimdeɛ a ɛho hia no. Bisa wɔn mu biako a ɔte wo mpɔtam hɔ, anaasɛ kyerɛw wɔn a wotintim nsɛmma nhoma yi, na da ɔpɛ a wowɔ sɛ ɔne wo bɛyɛ Bible adesua wɔ wo fie anaa baabiara a ebetumi ayɛ yiye no. Afei wɔbɛyɛ nhyehyɛe ama woasua Onyankopɔn atirimpɔw ahorow a ɔwɔ ma nnipa anya asetra a ɛyaw nnim ho ade pii.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena