Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 8/8 kr. 24-25
  • Nsoromma Wɔ Asɛm Bi Ka Kyerɛ Wo!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsoromma Wɔ Asɛm Bi Ka Kyerɛ Wo!
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Yebetumi Asua wɔ Nsoromma Ho
  • Nsoromma Ne Onipa—So Wɔwɔ Abusuabɔ Bi?
    Nyan!—1994
  • “Sɛ Ɔsoro Nsoromma”
    Nyan!—1988
  • Abɔde Ka Onyankopɔn Anuonyam Kyerɛ!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Dɛn Na Nsoromma Ka Kyerɛ Wo?
    Nyan!—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 8/8 kr. 24-25

Nsoromma Wɔ Asɛm Bi Ka Kyerɛ Wo!

SƐNEA wɔada no adi wɔ nsɛm a edi eyi anim mu no, ɛmfa ho anuonyam a nsoromma da no adi no, nea wɔhwehwɛ sɛ onipa yɛ ne sɛ obebu no sɛnea ɛte no ara—nneɛma a nkwa nnim a Ɔbɔadeɛ no de asensɛn wim na adi n’atirimpɔw ho dwuma. Ɛnyɛ sɛ wɔbɛsom wɔn. Sɛ́ Yehowa abɔde a ɛyɛ nwonwa no fã bi a edi ne mmara so no, wɔbɔɔ nsoromma sɛ ‘ɛnka Onyankopɔn anuonyam’ na bere koro no ara ɛmma onipa hann bere a odi atirimpɔw a Ɔbɔadeɛ no wɔ ma no ho dwuma no.—Dwom 19:1; Deuteronomium 4:19.

Yɛkenkan wɔ Bible mu sɛ: “Mma wonnhu wo mu . . . ɔkɔmfo a ɔhyɛ abosonkɔm, ɔbayifo ne ɔdebisafo ne ntafoayifo, ne kaberɛkyerefo ne samanfrɛfo ne osumanni ne nea obisa afunu, efisɛ [Yehowa] akyide ne wɔn a wɔyɛ eyinom nyinaa.” (Deuteronomium 18:10-12) Yesaia kae sɛ: “Ma [w’afotufo nsɔre] nnyina ɛ, na wonnye wo nkwa, ɔsoro ani kyekyɛfo no, nsorommahwɛfo . . . Hwɛ, wɔayɛ sɛ sareguanguan.”—Yesaia 47:13, 14.

Nea Yebetumi Asua wɔ Nsoromma Ho

Nanso, nsoromma a nkwa nnim no betumi aka biribi akyerɛ yɛn, sɛ yɛpɛ sɛ yetie a. Edwin Way Teale kyerɛwee sɛ: “Nsoromma no ka sɛnea nnipa nsɛ hwee wɔ mmeresanten mu no ho asɛm.” Yiw, sɛ yehu sɛ yɛn nananom a wɔtraa ase mfehaha pii a atwam no huu nsoromma a yɛde yɛn ani ankasa hu no anadwo a ewim tew no fã kɛse a, so ɛmma yennya ahobrɛase? So yennya obu mma Opumpuni a ɔyɛɛ wɔn “mfiase no” na akyiri yi ɔbɔɔ nnipa no? Israel hene Dawid fii obu mu kyerɛwee sɛ: “Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma, ɔsram ne nsoromma a woasiesie a, ɔdesani ne hena a wokae no, na onipa ba ne hena a w’ani ku ne ho?” Ɛsɛ sɛ ɔsoro ma yenya ahobrɛase na yebisa yɛn ho nea yɛde yɛn nkwa reyɛ.—Genesis 1:1; Dwom 8:3, 4.

Dawid bɔɔ mpae bere bi sɛ: “Kyerɛkyerɛ me nea wopɛ yɛ, na wone me Nyankopɔn.” (Dwom 143:10) Dawid asetra ho kyerɛwtohɔ kyerɛ sɛ wobuaa ne mpaebɔ no. Osuae sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde sɛnea na wɔakyerɛw wɔ Ne Mmara mu no. Osuaa Ɔbɔadeɛ no atirimpɔw ma adesamma ho ade nso, na ɔkyerɛw ho asɛm. “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ, . . . Na ahobrɛasefo benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu. . . . Fi bɔne ho na yɛ papa, na woatra hɔ daa; . . . Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” Ná asɛyɛde bi bata saa atirimpɔw no ho nimdeɛ a onyae no ho: “Fi bɔne ho na yɛ papa.”—Dwom 37:10, 11, 27-29.

Nsoromma ka asɛnkoro no ara kyerɛ adesamma nyinaa. Bere a yɛnsom wɔn anaa ‘yemmisa’ wɔn hɔ ade no, yetumi hu Ɔbɔadeɛ no dɔ, ne nyansa, ne ne tumi a ɛda adi wɔ ho no. Ɛsɛ sɛ nsoromma ho ade a wosua de hwehwɛ ɛho nimdeɛ, a ɛne nsoromma mu hwɛ bɔ abira no, ma yenya obu wɔ yɛn koma mu. Nanso nea ɛsen saa no, so ɛmma yennya ɔpɛ wɔ yɛn mu sɛ yebesua Onyankopɔn ho ade pii? Saa atirimpɔw no nti na ɔde n’Asɛm Bible no ama. Sɛ wonam nsoromma no so anya saa asɛm yi mu nhumu a, wubetumi asua nea Yehowa bɛyɛ ama adesamma, ne titiriw no, nea ɛbɛyɛ a wubetumi anya nhyira a wasiesie ama wɔn no mu kyɛfa ho ade. Sɛ wowɔ Onyankopɔn ne asetra atirimpɔw ho nsemmisa bi a, mma ɛnnhaw wo sɛ wobɛkɔ akohu Yehowa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ, anaasɛ kyerɛw address a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 5 no mu nea ɛbɛn wo.

[Kratafa 25 mfonini]

Nsoromma betumi akyerɛ yɛn ahobrɛase

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena