Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 8/8 kr. 3-6
  • Suban Pa Asɛe

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Suban Pa Asɛe
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nhwɛso a Ɛyɛ Pɛ
  • Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Minya Su Horow A Eye
    Nyan!—1985
  • Momma Yɛnna Obu Adi Sɛ Onyankopɔn Asomfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Suban Pa—Onyankopɔn Nkurɔfo Su
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Suban Pa​—Ɛho Hia Pa Ara?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 8/8 kr. 3-6

Suban Pa Asɛe

Nnipa ɔpepem pii da so ara yi suban pa adi. Ɔpepem pii nso mfa nyɛ hwee.

ANIBUE nyaa mfiase bɔne wɔ afeha no mfiase sɛnea The New Encyclopædia Britannica kyerɛ no: “Wɔ afeha a ɛto so 19 awiei ne afeha a ɛto so 20 mfiase no, wiase mu nnipa atitiriw no buu nneɛma nketenkete koraa a wɔyɛ de kyerɛ sɛ wɔapɔw no sɛ biribi a wɔyɛ de gye wɔn ani, bere a na ɛyɛ mmea ahiasɛm. Wɔhyehyɛɛ suban pa ho gyinapɛn pii a ɛkɔ akyiri sɛnea ɛbɛyɛ a afoforo a wɔabɛka wɔn ho no bɛte nka sɛ wɔda nsow, na wɔn a wɔmfata wɔn, a wonnim ho hwee no antumi ammɛn wɔn.”

Ɛnyɛ saa na ɛsɛ sɛ suban pa yɛ koraa. Amy Vanderbilt yɛ suban ho nimdefo a wobu no yiye, na ɔkyerɛw wɔ ne New Complete Book of Etiquette mu sɛ: “Yehu abrabɔ ho ahyɛde horow a eye kyɛn so no wɔ Korintofo Nhoma a Edi Kan Ti 13, adɔe ho nkyerɛkyerɛmu fɛfɛ a Ɔhoteni Paulo de mae no. Saa ahyɛde ahorow yi ne ntadehyɛ ho nsɛm a ɛkɔ akyiri nni hwee yɛ, na saa ara na ɛne nnipa ani so suban pa nni hwee yɛ. Ɛfa nkate ne su horow, ayamye, ne afoforo ho a wosusuw ho.”

Nea Amy Vanderbilt kaa ho asɛm ne Bible mu asɛm a ɛwɔ 1 Korintofo 13:4-8 no, nea ese: “Ɔdɔ wɔ abodwokyɛre, ne yam ye; ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw; ɔdɔ nyɛ ahoahoa, ɛnhoran, ɛnyɛ ne ho sɛnea ɛmfata, ɛnhwehwɛ nea ɛyɛ n’ankasa de, ne bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam, n’ani nnye nea ɛnteɛ ho, na ɛne nokware ani gye. Etie ade nyinaa, egye ade nyinaa di, enya ade nyinaa mu anidaso, ɛtɔ ne bo ase ade nyinaa mu. Ɔdɔ to ntwa da.”

Hwɛ sɛnea anka ɛbɛyɛ ade a ɛsom bo koraa sɛ wubehu sɛ wɔde ɔdɔ a ɛte sɛɛ reyɛ adwuma nnɛ! Anka su horow nyinaa bɛyɛ nea asɛm nni ho wɔ mmaa nyinaa! Beae a edi kan a wɔkyerɛ, na wosua su horow a ɛte saa ne Kristofo fie. Abusua te sɛ afiri bi a n’afã horow no fomfam ho a ɛho dwumadi gye ahwɛyiye kɛse. Sɛ wogugu mu yiye nkutoo a na ebetumi abom ayɛ adwuma yiye. Hu a yebehu sɛnea yɛbɛboa afoforo, yebedi wɔn ni, na yɛada animtew ne suban pa adi no bɛboa kɛse ma ofie ayɛ anigye. Sua a yebesua kasadɛ a wɔka no da biara da—te sɛ “Meda wo ase,” “Mesrɛ wo,” “Fa kyɛ me,” “Mepa wo kyɛw”—no bɛboa kɛse ma yɛayi nsɛm nketenkete a ɛsɛe ade afi yɛn fekubɔ mu. Eyinom yɛ nsɛmfua nketewa a ɛkyerɛ nneɛma pii. Obiara betumi aka no yiye. Yɛntɔ, nanso yetumi de nya nnamfo. Sɛ yeyi suban pa adi wɔ yɛn afie mu da biara a, ɛbɛka yɛn ho bere a yɛne afoforo a wonni yɛn abusua no mu bɔ fekuw no.

Suban pa hwehwɛ sɛ yesusuw afoforo nkate ho, kyerɛ obu ma wɔn, na yɛne wɔn di nsɛm sɛnea yɛbɛpɛ sɛ wɔne yɛn di no. Nanso, nnipa pii ahu sɛ suban pa ankasa kɔ fam. Ɔkyerɛwfo bi kae sɛ: “Yɛtɔ sin wɔ suban pa mu efisɛ pɛsɛmenkominya abedi akoten.” Nyansapɛfo Arthur Schopenhauer kyerɛwee sɛ: “Pɛsɛmenkominya yɛ akyide araa ma yɛpɛɛ suban pa de kataa so.” Ɛnnɛ nnipa pii gye di sɛ “suban pa” kyerɛ “mmerɛwyɛ” na afoforo a wɔma wodi nneɛma mu kan kyerɛ nnipa hunu a obi yɛ. So ɛnyɛ 1970 Ahopɛ mfe no na efii mprempren pɛsɛmenkominya asetra kwan no ase? Kurow kɛse bi mu atesɛm krataa kae sɛ: “Ɔhaw no adu baabi a wontumi nka suban pa a wogye tom ho asɛm sɛ biribi a wogye tom wɔ baabiara bio.”

London Daily Mail bɔ amanneɛ sɛ mmofra a wɔadi mfe anum pɛ a wɔyɛ atutupɛ, wɔmfa mmofra afoforo nneɛma nyɛ hwee, wonni obu mma mpanyimfo, na wɔka kasafĩ renya nkɔanim. Akyerɛkyerɛfo bi a wobisabisaa wɔn nsɛm no fã kɛse te nka sɛ awofo resɛe wɔn mma, na ɛno ne ade pɔtee a ama suban bɔne anya nkɔanim no. Akyerɛkyerɛfo a wobisabisaa wɔn nsɛm wɔ nhwehwɛmu biako mu no ɔha biara mu 86 kyerɛ sɛ efi “gyinapɛn ne ahwehwɛde ahorow a emu da hɔ a wonni wɔ fie.” Ɔha biara mu aduɔwɔtwe abien ka sɛ nhwɛso a awofo nyɛ na ɛma no ba saa. Mmusua a emu apaapae, awaregyae, mpenafo a wɔtra bom sɛ awarefo, television hwɛ bebrebe, nteɛso a wɔmfa mma, mmara ho asotwe a enni hɔ—ne nyinaa de abusua a ɛyɛ basaa na ɛba.

Mfitiase sukuu kyerɛkyerɛfo panyin bi kae sɛ: “Obu a mmofra nyi no adi nnɛ no haw me. Ɛkame ayɛ sɛ ɛnhaw wɔn sɛ wobegu wɔn atipɛnfo anim ase anaa wɔbɛyɛ ade atia mpanyimfo. . . . Wɔnam akwan pii so na ɛkyerɛ sɛ wommu ade—nneyɛe a ɛyɛ abofono, kasafĩ, ahyɛde nketenkete a wɔpow sɛ wobedi so . . . , ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wobekita bɔɔl no akyɛ . . . [Nea ɛne eyi nhyia no,] mmofra a wofi afie bi mu kyerɛ obu ma afoforo. Ɛnyɛ sɛ wɔyɛ akyerɛkyerɛfo nnamfo . . . , nanso wɔkyerɛ obu ma afoforo. Bere a ebinom piapia afoforo wɔ santen mu no, wɔtwɛn kosi sɛ ebedu wɔn so . . . Wɔde dua [mmofra no] mu anaa wɔnyɛ saa.”

Mfitiase sukuu kyerɛkyerɛfo panyin foforo a ɔde mfe pii ayɛ adwuma de ka ho sɛ: “Hu ara na yɛrehu atirimɔdensɛm kɛse. Ɛkame ayɛ sɛ sɛnea mmofra di agoru wɔ agodibea no nte sɛ nea na wɔyɛ no kan no; wɔbom nantenantew sɛ nsɛmmɔnedifo akuw. Wotumi hu wɔn a wɔyɛ mmerɛw no ntɛm, mmofra a wɔmfra wɔn mu, mmofra a wɔnhyɛ mpaboa anaa trɔɔs a ɛsɛ. Wɔde wɔn ani si wɔn so, wogu wɔn anim ase; atirimɔdensɛm kɛse bi da adi wom. Yɛabɔ mmɔden sɛ yebesiw ano, nanso yentumi nnii ho dwuma yiye.”

Ɔbenfo Jonathan Freedman a ofi Columbia Sukuupɔn mu ka sɛ: “Nnipa pii ka kar basabasa ma ɛyɛ ahodwiriw. Kar akwan no reyɛ ayɛ akono.” Canada Royal Bank no Monthly Letter ka “nnipa dodow a wowuwu wɔ kar akwan so a ɛmmrɛ ase da” ho asɛm, na ɛde ba awiei sɛ “nea ɛde ɔhaw no ba ne suban a ɛmfata. Hokwan ahorow a nnipa wɔ a woyi suban pa adi wɔ ho, susuw ho, nya ho koma, na wɔkyerɛ obu wɔ ho ma ɛde anibue ba no nni hɔ ma ɛyɛ aniwu.”

The New York Times ka New York City akwan ho asɛm sɛɛ: “Ɛyɛ Mfirikafo ne Ayarefo Kar Ahorow ntam akodi.” Kurow no mu mfirikafo pii mma kar ahorow a wɔde di dwuma a egye ntɛmpɛ te sɛ ayarefo kar ne odumgya kar ahorow kwan—na ɛma asiane a ɛwɔ hɔ sɛ obi a ɔyare anaa wapira kɛse betumi awu no yɛ kɛse, efisɛ wontumi nnu baabi a ɔwɔ nkɔfa no anaa wɔmfa no nnu ayaresabea ntɛm. Ayaresabea a Ɛhwɛ wɔn a Wɔn Yare Gye Ntɛmpɛ no panyin Ellen Scibelli kaa asɛm bi faa ɔbarima bi a na ɔde kar nam Pelham Parkway wɔ Bronx, a wamma ayarefo kar bi a ɛrekɔfa obi a wanya komayare kwan ho. “Ɔbɔɔ mmɔden maa n’asɛm yɛɛ den na wamfi kwan mu, nanso bere a oduu ne fie no, ohuu nkwaseasɛm a odii. Ná ɛyɛ ne maame na wanya komayare ma ayarefo kar no rebɔ mmɔden akɔfa no no.”

The New York Times International kaa asɛm bi a ɛfa England ahyehyɛde bi a wɔfrɛ no Kuw a Wɔapɔw ho, a nea enti a wɔtewee ne sɛ “nkurɔfo adan nnipa a wodi afoforo so akakabensɛm, na ehia sɛ wɔyɛ ho biribi.” Ɛkaa radio amanneɛbɔfo bi ma ɔkae wɔ The Evening Standard fã bi sɛ: “Ɔman a kan no na agye din sɛ apɔw no redan nnipa a wɔn ani mmuei man.” Scotland insurance adwumayɛkuw bi “kae sɛ kar akwanhyia ɔha biara mu 47 na wobetumi akyerɛ sɛ efi suban bɔne.”

Television ka ho bi paa na suban pa akɔ fam, titiriw wɔ mmofra ne wɔn a wonnya nnii mfe aduonu fam. Sɛnea nkurɔfo siesie wɔn ho, sɛnea nkurɔfo kasa, sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ wɔne nnipa afoforo abusuabɔ mu, sɛnea nkurɔfo nam basabasayɛ so di ɔhaw ho dwuma mpɛn pii—television yɛ ɔkyerɛkyerɛfo. Sɛ yɛne yɛn mmofra taa hwɛ ayɛsɛm a ɛmma nimdeɛ pa biara a, awiei koraa no, yɛn su bɛyɛ te sɛ nnipa a yɛhwɛ wɔn, a wɔyɛ anuɔdenfo, wommu ade, na wɔwɔ kasatia su no. Ɛtaa da awofo adi sɛ wɔn ani mmuei na mmofra na wɔn ani atew.

Wiase no ani gye kasa a wɔkasa teɛteɛm de yɛ akakabensɛm ho—wotwitwa afoforo ano, wɔn ani gye ho sɛ wɔyɛ nhyɛso, wɔn ani yɛ den, wɔyɛ nhyɛso, wɔhyɛ abufuw, na wotwa mpoa. Kan no na nnipa dodow no ara ani nnye akakabensɛm ho, na na wɔpow obi a ɔte saa. Wɔ ɛnnɛ wiase yi mu no, obi betumi adi akakabensɛm a wongu n’anim ase. Na sɛ obi ka ho asɛm a, wobetumi ayaw no anaa wɔahwe no! Mmofra kuw bi a wɔde dede retwam keka kasafĩ, yeyɛ nneɛma a ɛyɛ abofono de wɔn nneyɛe a ɛmfata no haw wɔn a wɔrehwɛ wɔn, a ne nyinaa wɔhyɛ da yɛ de twe adwene ba wɔn atuatew a wɔde akokoduru yɛ no so, na wɔnam akakabensɛm a wɔmfa nsie no so ama mpanyimfo ho adwiriw wɔn. Nanso, wɔaka sɛ, “akakabensɛm na ohufo de kyerɛ sɛ ne bo yɛ duru.”

Mmara horow a nnipa ayeyɛ na wɔde adi nnipa su horow so no dɔɔso yiye, nanso ɛmfaa akwankyerɛ a nnipa hia no mmae. So yebehia pii aka ho? Anaa ebia yebehia kakraa bi? Wɔaka sɛ dodow a nnipa abusua bi ye no, dodow no ara na mmara a wohia no yɛ kakraa bi. Na sɛ ɛyɛ mmara biako pɛ nso ɛ? Sɛ́ nhwɛso no, eyi: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara; na eyi na mmara ne adiyifo no kyerɛ.”—Mateo 7:12.

Saa mmara no sodi betumi ayi mprempren nsɛnnennen no fã kɛse afi hɔ, nanso ɛno akyi no, nea ɛbɛyɛ a wobedi nnipa abusua ahiade nyinaa ho dwuma no, ɛsɛ sɛ wɔde mmara bi a ɛho hia sen ɛno ka ho: “Dɔ [Yehowa] wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu.”—Marko 12:30.

Ɛnnɛ nnipa bɔ Bible ahwehwɛde abien yi nyinaa, ne akwankyerɛ afoforo biara a ɛwɔ Bible no mu no gu sɛ ɛho nhia. Bible no ka saafo no ho asɛm wɔ Yeremia 8:9 sɛ: “Anyansafo ani bewu . . . [Yehowa] asɛm na wɔapa yi, na nyansa bɛn na wɔwɔ?” Afei nso wonhu hia a ɛho hia biara sɛ amanfo nyinaa begye su a ɛfata ankasa a wofi tete abu no sɛ ɛho hia ma yɛn akwankyerɛ no atom. Wɔn abrabɔ foforo no yɛ ɔkwan a ɛtrɛw a ɛma ankorankoro tumi paw asetra kwan foforo biara a wɔpɛ—ɔkwan a ɛtrɛw a Yesu daa no adi sɛ ɛyɛ ɔkwan a ɛkɔ ɔsɛe mu no—na nnipa pii na wɔnam so.—Mateo 7:13, 14.

Nhwɛso a Ɛyɛ Pɛ

Yesu Kristo, nea “ɔda agya no kokom no,” yɛɛ nhwɛso a ɛda nsow a ɛsɛ sɛ yesuasua. (Yohane 1:18) Bere a ɔne nnipa dii nsɛm no, ɔyɛɛ bɔkɔɔ na oyii mmɔborohunu adi, na bere koro no ara nso wantoto nneɛma ase, na ɔde ne nan sii fam; nanso wammu obiara abomfiaa anaa wammɔ no atirimɔden da. Bere a nhoma The Man From Nazareth reka Yesu “akyɛde soronko a ɛne sɛ na ɔne nnipa nyinaa ka” ho asɛm no, ese: “Ɔne mmarima ne mmea bɔe wɔ baguam ne kokoam nyinaa a animhwɛ nnim. Ná ɔne mmofra nkumaa a wɔn ho nni asɛm ka, na nea ɛyɛ nwonwa kɛse no, na ɔne amimfo a wɔn ahonim bu wɔn fɔ te sɛ Sakeo nso ka. Ná mmea a wɔyɛ afiehwɛfo a wobu wɔn te sɛ Maria ne Marta tumi fi wɔn pɛ mu ne no kasa a wɔmfa nsɛm nsie no, nanso nguaman nso hwehwɛɛ n’akyi kwan te sɛ nea ebia wɔwɔ awerɛhyem sɛ ɔbɛte wɔn ase na ɔne wɔn anya ayɔnkofa . . . Mmara ahorow a wɔde kyekyeree mpapahwekwaa a wannye antom maa ɛyɛɛ nwonwa no yɛ ne su horow a ɛda nsow sen biara no biako.”

Sɛ Yehowa Nyankopɔn ne wɔn a wɔhyɛ n’ase di nsɛm a, oyi suban pa adi bere nyinaa, na ɔtaa ka “mesrɛ wo” wɔ n’adebisa ahorow mu. Bere a na ɔrehyira n’adamfo Abraham no, ɔkae sɛ: “Mesrɛ wo, ma w’ani so, na fi nea wowɔ hwɛ.” Bio nso: “Mesrɛ wo, ma wo ti so hwɛ wim, na kan nsoromma no.” (Genesis 13:14; 15:5, NW) Bere a Onyankopɔn reyɛ sɛnkyerɛnne bi de akyerɛ Mose Ne tumi no, ɔkae sɛ: “Mesrɛ wo, fa wo nsa hyɛ w’atade no soro.” (Exodus 4:6, NW) Mfe pii akyi no, Yehowa nam ne diyifo Mika so ka kyerɛɛ ne nkurɔfo a wɔnam akwammɔne so no mpo sɛ: “Mesrɛ mo muntie, Yakob atitiriw ne Israel fi atemmufo. . . . Mesrɛ mo muntie, mo atitiriw.” (Mika 3:1, 9, NW) Wɔ eyi mu no, so yɛabɛyɛ wɔn a ‘wosuasua Onyankopɔn’ ka sɛ mesrɛ wo bere a yɛne afoforo di nsɛm no?—Efesofo 5:1.

Enti, akwankyerɛ anaa abrabɔ mu nnyinasosɛm bɛn na wiase anyansafo no de si Bible no de a wɔpow na wɔkyerɛ sɛ ɛmfata no ananmu? Asɛm a edi hɔ no ka eyi ho asɛm.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 4]

Wontumi nka suban pa a wogye tom ho asɛm sɛ biribi a wogye tom wɔ baabiara bio

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 5]

Ná ayarefo kar no rebɔ mmɔden akɔfa ne maame

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 6]

“Akakabensɛm na ohufo de kyerɛ sɛ ne bo yɛ duru”

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Benkum: Life; Nifa: Grandville

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena