Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 9/8 kr. 25-27
  • Mɛyɛ Dɛn Ayi M’adwene Afi Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mɛyɛ Dɛn Ayi M’adwene Afi Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu So?
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hwɛ Wo Fekubɔ Yiye
  • Yi Saa Nsusuwii Hunu no Fi W’adwene Mu!
  • Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Sɛ Meyi M’adwene Afi Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu So Saa?
    Nyan!—1994
  • Mfomso Bɛn na Ɛwɔ Telefon So Nguamansɛm Mu?
    Nyan!—2004
  • Ka Ɔbea ne Ɔbarima Nna Ho Asɛm Kyerɛ Wo Mma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Sɛ M’atipɛnfo Piapia Me Sɛ Me Ne Obi Nna a, Mɛyɛ Dɛn Ahyɛ Me Ho So?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 9/8 kr. 25-27

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Mɛyɛ Dɛn Ayi M’adwene Afi Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu So?

‘DA BIARA da, nsɛm ho amanneɛbɔfo de mpoatwa ne nsɛm a ɛtwetwe akɔnnɔ sɛe mmofra abrabɔ; rock nnwom de nna mu ayɔnkofa ho nsɛm tuatua wɔn aso; ɔdɔ ho nhoma a wɔtɔ sen biara huhaa a egyigye nna mu nneyɛe ho ma ɛbɛyɛ te sɛ ɛwo.’ Saa na nhoma kyerɛwfo Lesley Jane Nonkin kae. Yiw, sɛ́ abofra no, nsɛm ho amanneɛbɔfo de nkuranhyɛ a ɛbɛma woadwen wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho puapua wo.

Nokwarem no, mfomso nni ho sɛ wubenya wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho anigye bi.a Nanso sɛ ɔdɔ ho nsusuwii, adaeso, ne nsusuwii hunu gye w’adwene nyinaa ma wuntumi nna, mmɔ mpae, nyɛ sukuu nnwuma, nkenkan Bible anaa wuntumi nyɛ fie nnwuma a, ɛnde na ɛkyerɛ sɛ tebea no ayɛ aniberesɛm akyɛ. Nokwarem no, adwene a wɔde si nneɛma a ɛmfata so sɛɛ no betumi akowie ɔbrasɛe mu.—Yakobo 1:14, 15.

Ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ wuyi fi w’adwenem sɛ mmeawa—anaa mmarimaa—wɔ hɔ. Nanso sɛnea Mmebusɛm 23:12 ka no, ɛho hia sɛ ‘wode wo koma ba nteɛso ho.’ Dabi, ano aduru biara nni hɔ a ɛyɛ mmerɛw, na biribiara ntumi mmoa wo mma wunni eyi ho dwuma anwonwa kwan so. Nanso, sɛ wobɔ wo ho mmɔden a, wubetumi ama wo nsusuwii akari pɛ kɛse. Yɛnhwɛ akwan a mfaso wɔ so a wubetumi afa so ayɛ eyi kakra.

Hwɛ Wo Fekubɔ Yiye

Fa ahwɛyiye pɛɛpɛɛ wo fekubɔ mu. Aberante bi gye tom sɛ: “Obiara a ɔwɔ wo nkyɛn no ka nna mu ɔbrasɛe ho asɛm sɛ biribi a asɛm nni ho te sɛ adidi.” So nkɔmmɔ a ɛtete saa a wubetie no daa no betumi anya wo so tumi? Akyinnye biara nni ho. Sɛnea nhwehwɛmu biako a wɔyɛe wɔ mmofra ho kyerɛ no, wɔn mu baanan biara mu baasa gye toom sɛ “nna ho adwene a wokura no gyina yɛ a wɔyɛ wɔn ade (anaa wɔnyɛ no) te sɛ afoforo so.”

Wo nnamfo nso ɛ? So wɔn nkɔmmɔbɔ biara kowie obi a ɛsono ne bɔbeasu ho nsɛm a ɛkɔ akyiri mu? So ɛyɛ a nkɔmmɔbɔ a ɛte saa no dan kɔ kasafĩ so anaa ɛkanyan akɔnnɔ bɔne? Sɛ ɛte saa a, kyɛfa a wubenya wom—anaa tie a wubetie kɛkɛ—no bɛma ayɛ wo den sɛ wobɛkɔ so de w’adwene asi nneɛma pa so. Bible no tu fo sɛ: “Munyi abufuw, bobɔne, bɔnepɛ, abususɛm ne aniwusɛm nyinaa mfi mo anom ngu.”—Kolosefo 3:8.

Nanso ɛbɛyɛ den sɛ wode afotu yi bedi dwuma, sɛ wo nnamfo nkyerɛ Bible nnyinasosɛm ahorow ho anisɔ kɛse a; akyinnye biara nni ho sɛ bere rekɔ so no, wɔn su horow no bɛka wo. (Mmebusɛm 13:20) Susuw Kristoni abeawa bi a ɔkaa eyi no suahu ho: “Mampɛ sɛ meka kyerɛ sukuu hɔ mmofra no sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Enti wɔkaa nna ho nsɛm pii kyerɛɛ me bere nyinaa.” Ankyɛ na ɔde ne ho hyɛɛ nna mu ɔbrasɛe mu nyinsɛnee. Mmebusɛm 9:6 fi nyansam tu fo sɛ: “Munnyaw ntetekwaa na munnya nkwa, na monnantew nhumu kwan so.” Yiw wo ne nnamfo a wokura wo Kristofo abrabɔ ne gyinapɛn ahorow mu bi mmɔ, nnamfo a wɔbɛhyɛ wo den honhom mu—ɛnyɛ wɔn a wɔbɛma woahwe ase.

Nokwarem no, Kristofo nkumaa a wɔtaa da su pa adi mpo betumi ‘afom asɛm mu’ bere ne bere mu. (Yakobo 3:2) Sɛ ɛba saa ma nkɔmmɔbɔ bi fi ase tɔ kɔ nneɛma a ɛmfata so a, dɛn na wubetumi ayɛ? Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ Ɔhene Salomo benyaa abeawa guanhwɛfo bi ho anigye. Nanso, abeawa no de, wankyerɛ ne ho anigye. Bere a ne mfɛfo nkumaa bi bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkanyan no ma wanya Salomo ho akɔnnɔ no, wamma wɔamfa ɔdɔ ho nsɛm ampuapua no. Obuee n’ano kasae, na ɔkae sɛ: “Meka mo ntam . . . sɛ munnnyan na monnhwanyan ɔdɔ kosi sɛ ɔno ara pɛ.” (Nnwom mu Dwom 2:7) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, ebia ɛho behia sɛ wubue w’ano kasa bere a nkɔmmɔbɔ bi dan kɔ nneɛma a ɛmfata so no. Dabi, ɛho nhia ankasa sɛ wobɛka nsɛm pii akyerɛ wo nnamfo no. Nanso nea wubetumi ayɛ ara ne sɛ wobɛbɔ mmɔden asakra nea moreka ho asɛm no, adan nkɔmmɔbɔ no akɔ biribi a ɛfata so.

Anigyede—Nyiyim ho Hia

Ade foforo a ehia sɛ ani kũ ho ne anigyede. Ebetumi ayɛ te sɛ nea sini, video, anaa mpaawa a aba so foforo kanyan anigye. Nanso, Bible no kae yɛn sɛ: “Nea ɛwɔ wiase nyinaa, honam akɔnnɔ ne aniwa akɔnnɔ ne asetra mu ahohoahoa, emfi agya no, na mmom efi wiase.” (1 Yohane 2:16) Sɛnea wɔaka wɔ mfiase no, wɔayɛ nnɛ anigyede no pii ma akanyan nna ho nkate. Sɛ́ nhwɛso no, nnwom ne sini ahorow a agye din no abɛyɛ nea ɛda nneɛma adi pefee ankasa—mpɛn pii no ɛfa ɔbrasɛe ho.

Sɛ wode wo ho hyɛ anigyede a ɛte saa mu a, ebetumi aka wo dɛn? Nhoma kyerɛwfo John Langone ka sɛ: “Nhwehwɛmu dodow bi akyerɛ sɛ . . . sɛ yehu nneɛma a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ a, ɛma yɛka nna ho asɛm kɛse. Ɛtɔ da bi a nneɛma a ɛte saa a yehu no ma yɛsɔ nneɛma bi a anka yɛrensɔ nhwɛ no hwɛ.” Yiw, ‘ɔhonam nneɛma ho a wubedwen’ no bepira wo mmom. (Romafo 8:5) Ɛbɛsɛe nna ne ɔdɔ ho adwene a wowɔ, na ɛde nsusuwii hunu a ɛho ntew ahyɛ w’adwene mu. Afotu bɛn na Bible de ma? “Momma yɛnhohoro yɛn ho mfi ɔhonam ne honhom mu fi nyinaa mu, na yɛawie yɛn ahotew Onyankopɔn suro mu.” (2 Korintofo 7:1) Enti twe wo ho fi sini, video, ne mpaawa a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ ho.

Bere bi Kristoni barima sigyani bi de afotu tiawa a mfaso wɔ so yi mae: “Sɛ worebɛda a mfa nneɛma a ɛmfata nhyɛ w’adwene mu. Nneɛma a woyi wɔ TV so ɔdasum no pii kanyan akɔnnɔ bɔne kɛse.” Saa ara nso na nhoma pii te. Kristoni kumaa bi a wɔfrɛ no Sherry gye tom sɛ: “Ná mekenkan ɔdɔ ho nhoma. Ná misusuw nna ho, sõsõ asetra a ɛyɛ anigye ne mpenafo pii a wonya ho adae.” Bere a nna ho nsusuwii hunu yɛɛ n’adwene mu ma no, ɔne aberante bi sosoo wɔn ho mu. Wubetumi akwati nsɛnnennen a ɛte saa, bere a wokenkan nhoma a ɛfata nkutoo no—ebi ne nsɛmma nhoma yi ne nea ɛka ho, Ɔwɛn-Aban. Nneɛma a ɛtete saa akenkan aboa mmofra pii ma ‘wɔadwen honhom mu nneɛma ho’ sen sɛ wobedwen ɔhonam a ɛyɛ mmerɛw no de ho.—Romafo 8:5.

Yi Saa Nsusuwii Hunu no Fi W’adwene Mu!

Ɛtɔ da bi a wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho adwene betumi aba wo tirim prɛko pɛ a wonhwɛ kwan. Scott a wadi mfe 17 gye tom sɛ: “Ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den ma me yiye sɛ meyi m’adwene afi nna so.” Anaasɛ ebia wuhu abarimaa anaa abeawa bi a ne ho yɛ fɛ kɛkɛ. W’adwene bɛba wo ho so no, na woresusuw ne ho. Nanso nsonsonoe kɛse da hu a wubehu sɛ obi ho yɛ fɛ ne yɛ a wobɛyɛ nea Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ ɛnsɛ sɛ yɛyɛ a ɛne sɛ ‘wobɛkɔ so ahwɛ ɔbea na wo kɔn adɔ no’ no ntam. (Mateo 5:28; fa toto Mmebusɛm 6:25 ho.) Sɛ wunnyinii pii sɛ wobɛware a, nna ho nsusuwii hunu a emu yɛ den a wobɛma agye w’adwene no bɛma woabotow na abu w’abam kɛkɛ.—Fa toto Mmebusɛm 13:12 ho.

Enti Scott ka sɛ: “Nea ɛboa me ne sɛ mɛsesa me nsusuwii—meyi m’adwene afi nsusuwii a ɛma minya akɔnnɔ no so. Mekae me ho sɛ bere bi akyi no, saa nkate ne akɔnnɔ no befi hɔ.” (Fa toto Filipifo 4:8 ho.) Ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Mehyɛ me nipadua ahometew, na midi no nya.” (1 Korintofo 9:27) Saa ara na ebia ɛho behia sɛ wohyɛ wo ho so bere a wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho adwene reyɛ adi wo so no. Sɛ adwene no amfi so a, pɛ ahoɔden nnwuma bi yɛ. ‘Ɔhonam mu mmɔdenbɔ so wɔ mfaso kakra,’ na ebia nea wubehia ara ne nantew a emu yɛ hyew anaa bere tiaa bi a wode bɛteɛteɛ w’apɔw mu, na aboa wo ma w’adwene asan aba nneɛma pa so.—1 Timoteo 4:8.

Mmofra pii nso ahu sɛ ‘pii a wɔbɛyɛ wɔ Awurade adwuma mu’ no boa kɛse. (1 Korintofo 15:58) Debra a onnyinii no ka ho asɛm sɛɛ: “Mihu sɛ ano aduru ne sɛ wobɛyɛ pii kosi sɛ wobɛgow.” Kristofo asafo no ne emu dwumadi nyinaa a wode wo ho bɛhyem denneennen no betumi aboa wo yiye ma wo nsusuwii akari pɛ.

Nanso ɛmfa ho mmɔden a ebia wobɛbɔ no, ɛtɔ da bi a ɛbɛyɛ den ara sɛ wubeyi w’adwene afi wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu so. Sɛ ɛte saa a, hwehwɛ mmoa fi ɔpanyin bi hɔ. Ebia wubetumi ne w’awofo no biako asusuw nsɛm ho. Susuw nea abofra Carl kae ho: “Obi a wanyin na ɔwɔ osuahu sen me a ɛyɛ a me ne no kasa no aboa me. Nea eye paa ne sɛ wobɛda nneɛma adi pefee wɔ nkɔmmɔbɔ no mu.” Nea ehia sen biara no, mmu w’ani ngu mmoa a wubetumi anya afi wo soro Agya hɔ no so. Kristoni barima sigyani bi ka sɛ: “Sɛ mihu sɛ merenya nna ho akɔnnɔ a, mehyɛ me ho ankasa bɔ mpae.” Bible no ka sɛ: “Enti momma yɛmfa nnam mmra ɔdom ahengua no anim, na yɛanya mmɔborohunu, na yɛahu ɔdom, na ɛbere a ɛsɛ mu aboa yɛn.” (Hebrifo 4:16) Dabi, Onyankopɔn nyi wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho anigye a wowɔ no mfi hɔ. Nanso ɛdenam ne mmoa so no, wubehu sɛ nneɛma afoforo pii wɔ hɔ a wubetumi asusuw ho.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Dɛn Nti na Ɛyɛ Den Sɛ Meyi M’adwene Afi Wɔn a Ɛsono Wɔn Bɔbeasu So Saa?” a ɛwɔ August 8, 1994 de no mu no.

[Kratafa 26 mfonini]

Sɛ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu ho nkɔmmɔbɔ dan kɔ nneɛma a ɛmfata so a, nya akokoduru sesa asɛm no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena