Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 9/8 kr. 28-29
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmusua a Wɔnhwɛ TV
  • Wɔde Nwura Sisi Adan?
  • Huruhurow Aguare Asase No
  • Aduan a Ehia Obi
  • Akraman a Wɔn Apantan Yɛ Den Yiye
  • Batere a Ɛyɛ Hu
  • Nam a Wɔhwere
  • Hokwan a Wɔwɔ sɛ Wonnye Mogya
  • Nhwiren Tumi
  • Wɔn a Wɔde Tawa Di Dwuma wɔ India
  • Nneyɛe a Ɛka Nkurɔfo Hɔ
  • Tawa Akyigyinafo De Anoyi a Hwee Ntua Mu Ma
    Nyan!—1995
  • So Wo Man Yɛ Botae Titiriw?
    Nyan!—1991
  • Sɛ Menom Sigaret a, Ɛhaw Onyankopɔn Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Nea Enti a Nkurɔfo Nom Sigaret, Nea Enti a Ɛnsɛ sɛ Wɔnom
    Nyan!—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 9/8 kr. 28-29

Wiase Nsɛm

Mmusua a Wɔnhwɛ TV

Wɔ sukuu bi a sukuufo dodow no ara nhwɛ TV mu no, atikyafo no kyerɛ sɛ ɛnyɛ den sɛ wobehu mmofra kakraa bi a wɔsɛe bere pii wɔ ho no. Ɔdenimfo bi kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛ wuhu mmofra a wɔkɔ mmotafowa sukuu sɛ wɔredi akakabensɛm tra so na wɔreyɛ ade te sɛ nea wɔredi awu na wɔretwitwa obi sekan apira no a, eyi wɔn ma koraa.” The Wall Street Journal bɔɔ amanneɛ sɛ wɔn a wogyaee TV hwɛ no nyaa mfaso. Abeawa bi a wadi mfe 17 kae sɛ “kan no nea na ɛte ne sɛ yɛtaa hu Paapa ansa na wakɔ adwuma. Sɛ ɔba fie a na ɔne yɛn hwɛ TV, na afei ɛyɛ biribi te sɛ, ‘Paapa da yiye oo.’ Mprempren yɛbɔ nkɔmmɔ bere nyinaa, yɛanya abusuabɔ a emu yɛ den ankasa.” Ɔde kaa ho sɛ: “Sɛ minya abusua a, mentɔ TV.”

Wɔde Nwura Sisi Adan?

China anya ɔkwan soronko bi a wɔfa so tow wɔn nwura gu. Nnansa yi ara Beijing Nneɛma a Atwa Yɛn ho Ahyia ne Ahotew ho Nhwehwɛmu Asoɛe anya ɔkwan bi a wɔfa so de nwura fra dɔte de yɛ ntayaa. Nsɛmma nhoma China Today ka nea wonya fi mu no ho asɛm sɛ ɛyɛ “ntayaa papa paa” a adansi nnwumakuw de di dwuma. Wɔ asram kakraa bi pɛ mu no, ntayaa adwumayɛbea bi de “nwura tɔn 46,884” yɛɛ ntayaa bɛyɛ ɔpepem 54. Wɔkyerɛ sɛ sɛ wɔtõ ntayaa no wɔ ogya a ne hyew yɛ bɛyɛ Fahrenheit 1,800 kosi 3,600 mu a, “ɛnyɛ ade a enye mma akwahosan te sɛ ntayaa dedaw no ara pɛ.”

Huruhurow Aguare Asase No

Nsɛmma nhoma Suomen Silta ka sɛ: “Finlandfo na woguare huruhurow sen biara wɔ wiase.” Finlandfo dodow no ara guare huruhurow yi bɛyɛ pɛnkoro dapɛn biara de gye wɔn ahome, na wɔde tew wɔn ho. Ne hyew bɛyɛ Fahrenheit 180 kosi 210. Finlandfo taa guare nsuonwini anaa ɔtare mu wɔ ɛno akyi pɛɛ. Sɛnea Suomen Silta kyerɛ no, wobu akontaa sɛ wɔ Finland no, huruhurow aguaree bɛyɛ ɔpepem 1.6 na ɛwɔ hɔ. Esiane sɛ Europa kusuu fam man yi mu nnipa boro ɔpepem anum kakraa bi nti, ɛno kyerɛ sɛ nnipa 3 biara wɔ huruhurow aguaree 1.

Aduan a Ehia Obi

Ɛnyɛ ɔkwan a eye sen biara a wɔbɛfa so aboa obi a aduan ahia no ne sɛ wɔbɛbobɔ n’akyi. Sɛnea Berkeley Wellness Letter kyerɛ no, ɛyɛ papa mmom sɛ wɔbɛsɔ nea ɛtɔ da bi a wɔfrɛ no Heimlich maneuver no ahwɛ. Krataa no toa so kyerɛ ɔkwan a wɔfa so yɛ: “Gyina onipa a aduan ahia no no akyi na fa wo nsa bobare ne sisi. Mua wo nsa biako fa to ne koko ne ne funuma ntam, a wo kokurobeti da ne yafunu so. Fa wo nsa biako no nso so nea woamua no mu mia so denneennen fa kɔ soro ntɛm. Kɔ so yɛ saa kosi sɛ aduan anaa dekode no beyi afi hɔ. Nyɛ abofra a onnii afe biako, a ohia ɔkwan foforo a wɔbɛfa so ayi dekode a ahia no no saa. Wobetumi asua saa ayaresa yi wɔ ayarehwɛ a edi kan anaa CPR (koma ne ahurututu a wɔma ɛyɛ adwuma yiye bio) ho adesua a ayarehwɛ ho animdefo de ma mu. Wellness Letter no ka sɛ “nneɛma a etua nkurɔfo ahome kunkum nnipa 3,000 kosi 4,000 wɔ U.S. afe biara.”

Akraman a Wɔn Apantan Yɛ Den Yiye

Daily News kae sɛ afe a etwaam no, wonyaa akraman a wɔkekaa nkurɔfo ho amanneɛbɔ 10,753 wɔ New York City. Sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, dapɛn biara na polisini ne ɔkraman ntam akameakame a wɔde tuo di dwuma wom biako si. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ akraman no bi kɔɔ so baa polisifo no so ɛmfa ho mpo sɛ wɔbɔɔ wɔn tuo mpɛn asia no. Atesɛm krataa no bɔɔ amanneɛ sɛ akraman kekaa polisifo pii, na afoforo nso, “atuo aboba a ɛbɔ biribi ma ɛsan n’akyi pirapiraa wɔn, bere a na wɔne akraman akɛse a wɔn apantan yɛ den reko no.” Mprempren, asiane a atuo a wɔtow fom ne aboba a ɛbɔ biribi ma ɛsan n’akyi no de to nnipa so bere a wɔtotow akraman a wɔn ani yɛ den atuo no ho asɛm haw Polisifo Adwumayɛbea mpanyimfo. Wɔhyɛ polisifo sɛ, sɛ wɔne akraman a wɔn ho yɛ hu di akameakame a, wɔmfa akwan a asiane nnim so, te sɛ mako siam a wɔde gu mframa mu a etua ahome.

Batere a Ɛyɛ Hu

“Sɛnea Utah Anifurae Anosiw ahyehyɛde no kyerɛ no, afe biara nnipa 6,000 na batere a ɛpae ma wɔn aniwa nkesua ho hyehye anaa biribi a ɛte saa yɛ wɔn aniwa” wɔ United States. Nsɛmma nhoma Snow Country bɔ amanneɛ sɛ saa akwanhyia yi mu pii sisi bere a mfirikafo bɔ mmɔden sɛ wɔde nhama beso kar foforo batere so de atu wɔn kar. Batere no mu gya nturuturuwii no betumi asɔ gya wɔ mframa mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiw ano no, nsɛmma nhoma no hyɛɛ nyansa sɛ, sɛ wɔde nhama so kar foforo batere so de tu kar bi a, “ɛsɛ sɛ wɔde ahama tuntum no so dade bi a wɔnkaa ho aduru, te sɛ nea wɔde abobɔ nneɛma mu a ɛho da hɔ mu, na mmom wɔmmfa nnso batere no fã a wɔfrɛ no negative no. Ɛno besiw ogya a ɛbɛtetew nyinamnyinam ma apae no ano.” Nea ɛka ho no, ɛnsɛ sɛ wɔma nhama bobɔ, na “ɛsɛ sɛ mfirikafo hyɛ ahwehwɛniwa de bɔ wɔn ho ban bere a wɔde ahama so kar foforo batere so de tu wɔn kar no.”

Nam a Wɔhwere

Adidi a obi tew so na ama ne so atew no betumi apira—titiriw sɛ onii no rebɔ mmɔden sɛ ne mu srade so bɛtew na ɔhwere nam ka ho a. Akwahosan ho sɛnkyerɛwfo Wayne Westcott kyerɛkyerɛ mu sɛ “nam ho hia kɛse wɔ nneɛma pii a yɛyɛ no da biara mu—ɛnsɛ sɛ wohwere.” Wɔn a wɔntew wɔn adidi so na ama wɔn so atew nso wɔ asiane a ɛbɛma wɔahwere nam mu, sɛ wɔtaa tra faako a. Wobu akontaa sɛ, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, mfe du biara, obi a ɔtaa tra faako hwere nam kilogram 2, na onya srade kilogram 7 ka ho. Dɔkta Westcott kae sɛ: “Sɛ ogyina nsenia so a, ɛbɛkyerɛ sɛ ne mu asan ayɛ duru kilogram 5 (srade kilogram 7 abɛka ho na nam kilogram 2 afi so). Nanso nea ɛte ankasa ne sɛ ɛyɛ kilogram 9 na ɛho aba asɛm (srade kilogram 7 abɛka ho, na nam kilogram 2 afi so).” Nea ɛbɛyɛ na obi akɔ so anya akwahosan pa ne apɔwmuden no, wɔkamfo kyerɛ denneennen sɛ ɔnteɛteɛ n’apɔw mu na ɔnyɛ adwumaden.

Hokwan a Wɔwɔ sɛ Wonnye Mogya

Wɔ asɛmti a ɛne sɛ, “Ayarefo wɔ Hokwan sɛ Wɔpow Mogya” ase no, Mainichi Daily News bɔɔ amanneɛ faa nyansahyɛ bi a adenimfo bagua bi a Abrabɔ Boayikuw no hyehyɛ maa Tokyo Amantam Ayaresabea Ahorow ne Mmeae a Wogye Awo de mae no ho. Ɛwom sɛ sukuupɔn mu ayaresabea ahorow a agye din asi gyinae a ɛtete saa dedaw de, nanso eyi ne nea edi kan a wɔasi gyinae a ɛte saa wɔ amantam no mu. Amanneɛbɔ no hyɛ nyansa sɛ Tokyo ayaresabea ahorow no nkyerɛ obu mma mpanyimfo a wɔyare na wɔpɛ ayaresa a mogya nnim apɛde, sɛ dɔktafo no te nka mpo sɛ ɛho hia sɛ wɔma wɔn mogya a. Atesɛm krataa no bɔ amanneɛ sɛ: “Ɛdefa ɔyarefo bi a ade atɔ ne so a wɔde no ba ayaresabea hɔ na okura krataa bi a edi adanse sɛ ɔmpɛ sɛ wɔma no mogya ho no, ɛsɛ sɛ dɔkta no de saa apɛde no di kan. Wɔbɛkyerɛ obu ama mmofra a wɔwɔ ntoaso sukuu no apɛde wɔ mogya ho te sɛ mpanyimfo.” Nanso, amanneɛbɔ no kamfo kyerɛ ara sɛ ɛsɛ sɛ dɔktafo mmom, na ɛnyɛ awofo, na wosi gyinae a etwa to wɔ mmofra a wonnuu ntoaso sukuu so ayaresa mu.

Nhwiren Tumi

Efi bere tenten na Madagascar supɔw no sofo abu ɛhɔ afifide sɛ etumi sa nyarewa. Nsɛmma nhoma Africa—Environment & Wildlife bɔ amanneɛ sɛ wɔde nhwiren ahorow mu nneɛma asa “nyarewa a efi atiridii so kosi ɔwe ne biribi a ɛhon obi so.” Orchid fɛfɛ no mpo so wɔ mfaso. Sɛ́ nhwɛso no, wɔde emu biako (Angraecum eburneum) ko tia ɔyare mmoawa nketenkete, na wɔde siw nyinsɛn a wɔpɔn ano. Nnansa yi, wohuu nea wɔde yɛ aduru de sa leukemia yare no wɔ supɔw no so—periwinkle kɔkɔɔ no (Catharanthus roseus). Nanso nnipa bɛkɔ so anya nhwiren yi mu mfaso akosi bere tenten bɛn? Amanneɛbɔ no kyerɛ sɛ “yegu so repem so” efisɛ “da biara aguadi nnwuma te sɛ afifide a wotwa, kuayɛ ne nkoronnwuma ma wɔhwere afifide a wonnya nyɛɛ ho nhwehwɛmu pii kwa.”

Wɔn a Wɔde Tawa Di Dwuma wɔ India

British Medical Journal ka sɛ: “Sɛnea aban akontaabu kyerɛ no, mmarima ɔpepem 142 ne mmea ɔpepem 72 a wɔadi boro mfe 15 wɔ India de tawa di dwuma daa.” Amanneɛbɔ no de ka ho sɛ “wɔn a ahia wɔn kɛse we tawa de brɛ wɔn kɔm ase.” Tawa so wɔ mfaso kɛse ma India wɔ sika fam, efisɛ ɛne ɔman a ɛto so abiɛsa a wodua no kɛse sen biara wɔ wiase, edi China ne United States akyi, na ɛma nnipa mpempem pii nya adwuma. Nanso, anom kokoram ne kokoram a ɛyɛ menasepɔw, menewa ne ahurututu mu no haw ICMR (India Ayaresa Nhwehwɛmu Bagua) no. Sɛnea Journal bɔ amanneɛ no, ICMR kyerɛ sɛ “sika a wɔsɛe no wɔ ayarefo a wɔanya nyarewa a tawa a wɔde di dwuma na ɛde ba hwɛ mu no bɛdɔɔso asen sika a efi tawa adwuma no mu ba no.” Dɔktafo ne akuw a ɛnyɛ aban de kamfo kyerɛ sɛ wɔnyɛ nhyehyɛe mfa ntwe ɔmanfo adwene nsi akwahosan mu asiane ahorow a ɛwɔ tawa a wɔde di dwuma mu, ne tawa a wobegyae dua na wɔadua nnɔbae afoforo so.

Nneyɛe a Ɛka Nkurɔfo Hɔ

Sɛnea Germany Dwumadibea a Esiw Nneyɛe a Ɛka Nkurɔfo hɔ Ano a ɛwɔ Bonn kyerɛ no, nnipa bɛboro ɔpepem anum na nneyɛe bi ka wɔn hɔ wɔ Germany. Eyinom mu ɔpepem 1.4 na nnuru a wɔde sa nyarewa nom ka wɔn hɔ, na heroin a wɔde di dwuma ka wɔn mu bɛyɛ 120,000 hɔ. Kyakyatow ka nnipa bɛyɛ 100,000 hɔ. Süddeutsche Zeitung bɔ amanneɛ sɛ nnipa a wɔdɔɔso paa ne wɔn a asanom ka wɔn hɔ, na ɛde ka ho sɛ “Germanfo nom nsa sen ɔman biara wɔ wiase nyinaa.” Ɛnyɛ mmosa a wɔnom wɔ Germany nko na efi 1950 no abu abɔ ho abiɛsa, na mmom sɛnea dwumadibea no kɔ so bu akontaa no, nnipa bɛyɛ ɔpepem 2.5 hia mmosa a wɔnom tra so ho ayaresa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena