Dae Titiriw Bi Abam!
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ NIGERIA HƆ
NÁ ADANSEFO bɛboro 500 redidi awiabere wɔ Betel Fie wɔ Nigeria wɔ February 9, 1994, na wɔn a wɔkyekyɛ aduan no piaa ice cream a esisi trɔk nkumaa bi so a wobedi no sɛ nnɔkɔnnɔkɔwade baa mu. Ebinom bisae sɛ: “Dɛn na ɛrekɔ so nnɛ? Ɛnyɛ ice cream kɛkɛ na wɔde bae, na mmom nea nneɛma a ne dɛ gu ahorow wom—vanilla, chocolate, strawberry, ne pistachio!”
Nea na ɔte didipon ti no de too gua sɛ: “Ice cream a ne kɔla yɛ anan! Ɛkyerɛ biribi titiriw. Yɛde rehyɛ nhoma a wɔde kɔla anan na ɛyɛ emu mfonini [kɔla ahorow] tintim no ho fã!”
Ɛnyɛ ice cream no a na ɛwɔ adididan no mu nti na wɔbɔɔ wɔn nsam kɛse no. Ná ɛyɛ nhoma tintim mfiri foforo a ɛwɔ nhoma tintimbea hɔ a na afi ase retintim Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu mfonini wɔ kɔla ahorow mu dedaw no ho anisɔ ntia. Ná nhoma a wotintim wɔ kɔla ahorow mu no abɛyɛ botae a wɔadu ho wɔ wiase nyinaa. Ná Nigeria baa dwumadibea no ne nea ɛwɔ nhoma tintimbea kɛse a etwa to a wofii ase tintim nhoma a wɔde kɔla ahorow yɛ emu mfonini—nhyehyɛe a efii ase wɔ 1980 mfe no mfinimfini no. Efi March 15, 1994, Ɔwɛn-Aban no so no, wogyaee nhoma a ɛyɛ kɔla abien tintim wɔ Nigeria.
Wɔde nhoma tintim mfiri foforo abien, Koenig ne Bauer Rapida 104 no fi Netherlands baa dwumadibea na ɛbae. Wɔde mfiri afoforo a ɛboa ma wotintim nhoma kaa nhoma tintim mfiri no ho bae: afiri bi a wɔfrɛ no plate scanner, nea wɔde bobɔ nhoma, nea wɔde pam, nea wɔde tenetene ano, ne nea wɔde twitwa nkrataa. Sɛ wɔka nneɛma no mu duru nyinaa bom a na esi mɛtrik tɔn 130.
Nhoma Tintim Mfiri a Ɛtɛn Mframa Ani!
Bere a wosii gyinae sɛ wɔde nhoma tintim mfiri no, asɛnnennen a ɛsɔree ne sɛnea wɔde bɛkɔ. Ná afiri a emu duru yɛ tɔn aduasa anum renkɔ adaka ketewaa bi mu! Bernd Sauerbier a ɔyɛɛ mfiri no a wɔde befi Netherlands afa po so aba ho nhyehyɛe no kae sɛ: “Ná ɛsɛ sɛ yesusuw sɛnea yɛde mfiri no bɛkɔ no ho wɔ ɔkwampa a ɛbɛma yɛabɔ ho ban na ansɛe so.”
Mpɛn pii no wɔde nhoma tintim mfiri a ɛtete saa no gu nnua nnaka akɛse mu na wɔde afa po so hyɛn. Nanso, na anuanom no suro sɛ ebia nnua nnaka renyɛ nea ɛwɔ ahoɔden kɛse a ebetumi agyina po so akwantu mu awosoawosow ne sesa a wɔbɛsesa agu po so hyɛn mu wɔ hyɛn gyinabea ne ne yi ano. Ɔkwan foforo a na ahobammɔ wom sen biara na ɛmmɔ ka kɛse a na wobetumi afa so de akɔ ne sɛ wɔde begu dade nnaka a ne tenten yɛ anammɔn 40 mu. Nanso, na wɔbɛyɛ dɛn apia mfiri akɛse yi akɔhyɛ nnaka no mu na wɔayi? Onua Sauerbier kae sɛ: “Ná eyi yɛ asɛm efisɛ na yenni nhoma tintim mfiri a wɔde gu [dade] nnaka mu mena ho osuahu biara. Ná adwumakuw a wɔyɛɛ mfiri no mpo nnim sɛnea wɔde mfiri bɛmena wɔ saa kwan yi so.”
Sumii a wɔpɔmpe mframa gu mu na na ɛsɛ sɛ yɛde di dwuma. Saa sumii a wɔpɔmpe mframa gu mu no nsɛ biribi titiriw bi, nanso edi dwuma kɛse. Ɛyɛ biribi ntraantraa a wɔde aluminum ne rɔba ayɛ, a ne kɛse ne emu duru sen adaka a wɔde kura kakra. Wɔpɔmpe mframa gu mu na wosi ne ti ase. Eyi ma sumii no ma ne ho so fi fam na ɛpagyaw biribiara a esi so.
Wɔ saa kwan yi so no, wotumi de nhoma tintim afiri afã horow a emu duru yɛ tɔn pii no mpo sisi sumii nketewa a mframa gyina mu no so. Ɛsensɛn hɔ, anaasɛ ɛtɛn mframa ani! Sɛ afiri no fã bi nya ma ne ho so fi fam a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wode wo nsa bepia akɔ baabiara a wopɛ sɛ wode kɔ.
Adansefo no de ntaaboo a ɛyɛ den beabeaa nnaka no ase sɛnea ɛbɛyɛ a ɛhɔ bɛda so ma wɔatumi de sumii no atoto mu. Ná ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ nnaka no mu biara ase da so koraa nso. Bere a wɔde mfiri no sisii nnaka no mu wiei no, anuanom de nnade nteaanteaa atenten hyehyɛɛ adaka biara nkyɛn nkyɛn ne soro na ama nneɛma no agyina faako pintinn. Egyee adapɛn abien na wɔde hyehyɛɛ mfiri no afã horow nyinaa guu nnaka no mu wɔ August 1993 mu.
Nnaka anum a edi kan no duu Nigeria Betel hɔ December 29, 1993 anwummere 6:00. Ná anuanom retwɛn a wɔn ho pere wɔn na wɔayɛ krado sɛ wobefi nneɛma no yi a na ɛyɛ den no ase. Wɔyɛɛ adwuma anadwo no nyinaa kosii adekyee. Esiane sɛ na wɔde mfiri no asisi sumii a wɔpɔmpe mframa gu mu so nti, adwumayɛfo no pɔmpee mframa guu mu, na mfiri afa no fifii nnaka no mu mmiako mmiako. Afei wɔde ahoɔden mansa momaa mfiri no afã horow no so sisii apa bi a wɔahyɛ da ayɛ so wɔ nhoma tintimbea dan no ano. Wɔde sumii no dii dwuma bio, na bere a nnipadɔm de anigye rehwɛ no, wɔde nsa piapiaa mfiri no kosisii mmeae a ɛbɛyɛ adwuma no.
Ahurusi a Wodi wɔ Nsɛmma Nhoma a Wɔde Kɔla Ahorow Ayɛ Emu Mfonini no Ho
Nhoma tintim mfiri no tintimii Engiresi kasa mu Ɔwɛn-Aban a wɔde kɔla ahorow ayɛ emu mfonini a edi kan wɔ Nigeria February 3, 1994 anwummere 7:45. Ankyɛ na nhoma tintim mfiri no fii ase tintim nsɛmma nhoma wɔ Yoruba, Igbo, Efik, ne Franse kasa mu nso.
Bere a wɔn a wɔwɔ Betel no nsa kaa nsɛmma nhoma a edi kan a wotintimii no bi no, dɛn na wɔyɛe? Obiako kae sɛ: “Midii ahurusi! Ɛyɛ fɛ sen nhoma foforo biara a wɔatintim wɔ ɔman yi mu koraa.”
Ɔfoforo kae sɛ: “Bere a ɛbae araa pɛ na migyee mmiako mmiako 20 menaa m’abusuafo ne me nnamfo. Me ho peree me sɛ mede bedi dwuma wɔ asɛnka mu.”
Afei nso, bere a wobisaa ɔfoforo sɛnea ɔtee nka wɔ nsɛmma nhoma ahorow a wɔde kɔla ahorow ayɛ emu mfonini ho no, ɔkae sɛ: “Ɛyɛ fɛ yiye! Eyi yɛ adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ Yehowa dwen nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa mu biara ho!”
Enti bere a Betel adwumayɛfo no dii wɔn ice cream a ɛyɛ kɔla anan no, na wɔredwen nsɛmma nhoma ahorow a wɔde kɔla ahorow na ayɛ mu mfonini no nso ho. Sɛnea obi kae no, ná ɛyɛ “dae titiriw bi a abam.”
[Kratafa 15 mfonini]
Wɔde nhoma tintim mfiri no afã horow a emu duru yɛ tɔn bebree no sisii sumii tratra bi a wɔpɔmpe mframa gu mu so