Mmofra Bisa Sɛ . . .
Ɛbɛyɛ Dɛn na Mmofra a Wɔawowo a Wonni Kununom Adi Wɔn Tebea ho Dwuma?
NEA ɛka Linda nkate horow ho ne ayamhyehye, ne ho a onnye nni, ehu, abufuw, anidaso a onni, ne abasamtu.a Ná ayaresabea nhwehwɛmu asi ade a osuro koraa—sɛ ɔyem asram abiɛsa—no so dua. Linda nwaree na wadi mfe 15 pɛ, na ɔyɛ mmofra ɔpepem pii a wonyinsɛn wɔ United States afe biara no mu biako pɛ. Nanso, mmofra a wonyinsɛn yɛ wiase nyinaa haw, ɛwɔ mmusua ne nnipakuw a wɔn asetra ne wɔn sikasɛm gu ahorow nyinaa mu.
Mmeawa bi susuw sɛ yem a wɔbɛyem no bɛma wɔade wɔn ho afi ofie asetra a anigye nnim mu anaasɛ ɛbɛma wɔne wɔn mpena bi abusuabɔ mu ayɛ den. Afoforo nso bu ɔba sɛ biribi a ɛhyɛ anuonyam anaasɛ wɔn ankasa ade a wɔanya a wɔbɛdɔ no. Nanso, ɛnkyɛ na awofo a wonni ahokafo mu nsɛnnennen ayi adwenhunu biara a wonyae no afi hɔ. Ɛma ɛna bi a onni ɔhokafo paw nneɛma a mpɛn pii no ɛyɛ den na ɛyɛ yaw. Ebia sikasɛm mu ahokyere, abasamtu, ankonamyɛ, ne abofra a onnya ɔhokafo ne no ntete no ho adwennwen nso bɛhaw no. Ɛnde, na ntease wom sɛ yɛn Bɔfo no hyɛ Kristofo sɛ ‘wonguan aguamammɔ,’ a nna a edi aware anim ka ho.—1 Korintofo 6:18; Yesaia 48:17.
Wɔmma nna mu ɔbrasɛe ho kwan wɔ Yehowa Adansefo mu. (1 Korintofo 5:11-13) Ɛno mpo no, mmofra a wɔawowo a wonni kununom wɔ wɔn mu. Wɔn mu binom nyinsɛnee ansa na wɔresua Onyankopɔn gyinapɛn ahorow. Wɔtetee ebinom sɛ Kristofo, nanso wɔde wɔn ho kɔhyɛɛ ɔbrasɛe mu. Ebinom wɔ hɔ a asafo no ateɛ wɔn so, na wɔanu wɔn ho wɔ wɔn nnebɔne ho. Mmoa ne akwankyerɛ bɛn na Onyankopɔn Asɛm no de ma mmofra a wɔte saa no?b
Menware Abofra no Papa No?
Bible no da no adi pefee sɛ Onyankopɔn mmara tia nyinsɛn a wotu gu. (Exodus 20:13; fa toto Exodus 21:22, 23; Dwom 139:14-16 ho.) Ɛkyerɛkyerɛ nso sɛ ɛyɛ ɛna a onni ɔhokafo no asɛyɛde sɛ ɔhwɛ ne ba no, ɛmfa ho sɛ ɔnam ɔkwan a ɛmfata so na onyinsɛnee abofra no. (1 Timoteo 5:8) Mpɛn pii no, eye sɛ abeawa no ankasa bɛtete ne ba no sen sɛ ɔde bɛhyɛ obi nsa.c
Esiane ahokyere a abofra no a n’ankasa bɛtete no betumi de aba nti, ebia ɛnanom binom bɛte nka sɛ nyansa wom sɛ wɔbɛware abofra no papa no. Nanso abofra no anaa ne maame ho asɛm ntaa mfa agyanom a wonnyinii no ho kɛse. Afei nso, agyanom nkumaa dodow no ara da so ara yɛ mmofra a wɔnyɛ adwuma. Nea nhwehwɛmufo bi frɛ no “aware a enni nnyinaso koraa a wɔde ho hyem sɛnea ɛbɛyɛ na anyɛ sɛ wɔawo mpena ba” no bɛsɛe asɛm no koraa. Kae nso sɛ, Bible no ka kyerɛ Kristofo sɛ “Awurade mu nko” na wɔnware. (1 Korintofo 7:39) Bere a Linda (a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no) huu eyi no, wanware ne ba no papa a wadi mfe 18 no. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná onni Onyankopɔn anaa Bible no ho anigye biara.”
Eyi nso nkyerɛ sɛ wobebu ani agu agya a onnyinii no so koraa. Bere a abofra no renyin no, ebia ɔbɛpɛ sɛ ohu ne papa ankasa. Anaasɛ ebetumi aba sɛ agya a onnyinii no anaa n’awofo benya nkate bi sɛ ɛyɛ wɔn asɛyɛde sɛ wɔne abofra no nya abusuabɔ anaa wɔhwɛ no wɔ sika fam. Nanso, ebia abeawa no awofo bɛpɛ sɛ ɔne aberante no rennya nkitahodi bio. (1 Tesalonikafo 4:3) Nanso, wɔ aman bi so no, asennibea ahorow ama agyanom a wɔnwaree hokwan ahorow a ɛte sɛ agyanom a wɔaware no de ara pɛ. Enti ebia abusuabɔ pa a ɛbɛtra wɔne agya a ɔnwaree ne n’abusua ntam no bɛma wɔakwati abofra sohwɛ ho mansotwe.d Bere a ebia nkitahodi bi a ɔne agya a onnyinii no bedi ho hia no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ te sɛ nea wɔrewewe anaa wɔba tebea a ebetumi ama obi agyaa ne ho mu mu. Mpɛn pii no ɛbɛyɛ papa sɛ ɔpanyin bi ka wɔn ho.
Mmoa a Wobɛhwehwɛ
Nhoma Surviving Teen Pregnancy ka sɛ: “Sɛ wusi gyinae sɛ wobɛhwɛ wo ba na woatete no a, na woapaw mpanyinyɛ amonom hɔ ara. . . . Woapaw sɛ wubegyaw asetra bere bi a na wode wo ho a wunni adwuma anaa asɛyɛde pii no ato hɔ.” Enti ɔwofo a onnyinii hia mmoa ne nkuranhyɛ. Nnuruyɛ ho nhoma a ɛfata a ɛna a onnyinii a wahaw no bɛkenkan (a ebia obetumi anya bi a ɔmmrɛ ho wɔ ɔman nhomakorabea) no betumi aboa no kɛse ma wanya ahokokwaw wɔ abofra hwɛ mu.
Awofo mmoa ne ade a ɛsom bo titiriw. Obi maame betumi de mmofra ntetee ho osuahu a ɛsom bo ama. Ampa, ebia ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wobɛhwehwɛ mmoa. Ebia na asɛm no da so ara yɛ abeawa no awofo yaw, na wɔn bo afuw. Ebia wobesuro sɛ nyinsɛn no bɛhaw wɔn ankasa asetra. Donna a wadi mfe 17 ka sɛ: “M’awofo bo fuwii efisɛ na wɔwɔ nneɛma pii a wɔpɛ sɛ wɔyɛ. Na wɔka sɛ esiane abofra yi a mawo no no nti, wontumi nyɛ.” Bere a bere kɔ so no, awofo pii tumi di ɛyaw a wodi no so na wonya ɔpɛ sɛ wɔbɛboa wɔ ɔkwan bi so. Abofra a wanu ne ho no betumi ayɛ pii de ama ɔhaw no so atew kɛse bere a ogye ɛyawdi a ɔde aba no tom na ofi komam pa kyɛw no.—Fa toto Luka 15:21 ho.
Na sɛ abeawa no awofo ammoa no anaasɛ wɔka sɛ wontumi ne no ntra bio nso ɛ? Wɔ aman a ɛhɔ aban de mmoa ma ɔmanfo mu no, ebia biribiara nni hɔ a obetumi ayɛ sen sɛ ɛna a ɔnwaree no bɛhwehwɛ mmoa yi—anyɛ yiye koraa no, mfiase no. Bible no pene so sɛ Kristofo de nsiesie a ɛtete saa no bedi dwuma. Nanso, eyi bɛkyerɛ sɛ onnya sika kɛse nhwɛ ne ho. Sharon a wadi mfe 17 ka sɛ: “Ɛte sɛ nea sikasɛm ne me haw a emu yɛ den kɛse. Metɔ aduan ne ntama a wɔde kyekyere abofra ara pɛ, na sika no asa.” Ebia bere kɔ so no wubetumi anya adwuma ayɛ. Ɛrenyɛ mmerɛw sɛ wubedi ɛna asɛyɛde, adwumayɛ, ne honhom fam dwumadi ahorow ho dwuma, nanso afoforo atumi ayɛ.
Nyansa ne Nhumu a Wode Bedi Dwuma ne Wɔn Atra
Sɛ obi awofo pene so a, obetumi anya wɔn nkyɛn a ɔbɛtra no so mfaso ankasa sen sɛ ɔbɛbɔ mmɔden atew ne ho na ɔno nkoaa akɔtra. Awofo nkyɛn a wɔtra ntaa mma wɔmmɔ ka kɛse. Afei nso, ebia nim a onim mpɔtam a ɔte hɔ dedaw yiye no bɛma wate ahotɔ ne ahobammɔ nka. Awofo nkyɛn a abeawa bi bɛtra no nso bɛma ayɛ mmerɛw ama no sɛ ɔbɛtoa ne sukuu so. Sɛ abeawa bi tumi wie ntoaso sukuu a, mpɛn pii no ɛboa no wɔ ne sikasɛm mu.e
Nokwarem no, awo ntoatoaso abiɛsa a wɔtra ofie biako mu no betumi ayɛ ɔhaw ama obiara a ɔte hɔ nso. Ebia ɛho behia sɛ ɛna a onni ɔhokafo no sua sɛnea wɔtra ofie a nnipa akyere so wom mu. Ebia ɛho behia sɛ obi awofo ne ne nuanom sua sɛnea wɔremma abofra su a ɛsɛe wɔn nna no nhaw wɔn. Ebia abusua no nneɛma a wɔyɛ no daa bɛyɛ basaa. Nanso Mmebusɛm 24:3 ka sɛ: “Wɔde nyansa na esi dan, na wɔde nhumu ma egyina.” Yiw, sɛ abusua no mufo nyinaa da ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim ne tema adi a, abusua no mu ntawntawdi so bɛtew.
Sɛ ɛna a onnyinii no bɔ mmɔden sɛ ɔrenni n’ankasa asɛyɛde ho dwuma, na ɔhwɛ kwan sɛ nanabea no bɛyɛ nnwuma no nyinaa a, ɛno nso de nsɛnnennen bɛba. (Fa toto Galatifo 6:5 ho.) Anaasɛ ebetumi aba sɛ nanabea a ɔwɔ adwempa bɛbɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ abofra no hwɛ ho biribiara. Hyɛ nea nhoma Facing Teenage Pregnancy ka no nsow: “Nananom a wɔtete wɔn babea a ɔnwaree ba ma ɛbɛyɛ sɛ wɔn ankasa ba no betumi de ntawntawdi ne onii ko a abofra no yɛ ne ba ho akasakasa abɛka abusua no haw ho.” Bere a nana no mmoa ne ne nkuranhyɛ som bo kɛse no, Kyerɛwnsɛm no de abofra ntetee ho asɛyɛde no hyɛ awofo nsa. (Efesofo 6:1, 4) Enti nkɔmmɔbɔ ne ade a wɔbom yɛ betumi asiw adwene a enhyia ano kɛse.—Mmebusɛm 15:22.
Wonyɛɛ Ankonam
Ɛwom sɛ wo a wobɛwo bere a wonwaree no yɛ den de, nanso ɛnyɛ ade a obi ntumi nyɛ ho hwee. Onyankopɔn de wɔn a wonu wɔn ho wɔ wɔn nnebɔne ho no bɔne ‘firi wɔn kɛse.’ (Yesaia 55:7) Eyi a ɛna a onni ɔhokafo besusuw ho no betumi aboa no ma wadi ɛyaw a ebia obedi bere ne bere mu no so. Sɛ ɔyɛ basaa a, obetumi de ne ho ato Yehowa so na wabɛn no wɔ mpaebɔ mu. Obetumi asrɛ Onyankopɔn mmoa nso wɔ ne ba no ntetee ho.—Fa toto Atemmufo 13:8 ho.
Yehowa nam Kristofo asafo no nso so de mmoa ma. Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo nhyɛ ɔbrasɛe ho nkuran de, nanso wosusuw wɔn a wofi ahonu mu yɛ nsakrae wɔ wɔn asetram sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛsɔ Onyankopɔn ani no ho. (Romafo 15:7; Kolosefo 1:10) Ebia ɛbɛka asafo no mufo binom ma wɔahwehwɛ anifere akwan a wɔbɛfa so de mmoa a mfaso wɔ so ama ɔwofo bi a onni ɔhokafo. (Fa toto Deuteronomium 24:17-20; Yakobo 1:27 ho.) Anyɛ yiye koraa no, wobetumi afa no adamfo na wɔayɛ aso atie no bere a ohia sɛ obi tie no no. (Mmebusɛm 17:17) Ɛwom sɛ awofo no yɛɛ bɔne a anibere wom de, nanso abofra no ho nni asɛm. Enti sɛ ɛna no yi su pa adi a, asafo no betumi aboa.
Hwɛ sɛnea eye sɛ obi mmu Onyankopɔn mmara so koraa! Nanso wɔn a wɔfa akwammɔne so a wɔanu wɔn ho, na wɔayɛ wɔn ade sɛnea ɛsɛ no betumi anya Yehowa mmoa de adi wɔn tebea no ho dwuma kɛse.
[Ase hɔ nsɛm]
a Wɔasesa din ahorow no bi.
b Saa asɛm yi nka wɔn a wɔn abusuafo ne wɔn dedae anaa wɔn a wɔtoo wɔn mmonnaa ho asɛm, ɛwom sɛ ebia nsɛmpɔw a ɛwom no betumi aboa saafo no de.
c Hwɛ “Mmofra Bisa Sɛ . . . Mmofra a Wonyinsɛn—Dɛn na Ɛsɛ sɛ Abeawa bi Yɛ?” a ɛwɔ yɛn May 8, 1990, (Engiresi) de no mu no.
d Hwɛ “Hena na Wɔde Abofra no Bɛma No?” wɔ yɛn February 8, 1989, de no mu.
e Ebinom asua nnwuma a ɛma wonya adwuma yɛ a aban yɛ ho nhyehyɛe no. Ebia na nhyehyɛe ahorow wɔ hɔ a wɔayɛ de hwɛ mmofra bere a ɛna no resua ade no mpo.
[Kratafa 23 mfonini]
Ɛn a a ɔnwaree hia mmoa ne nkuranhyɛ