Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 10/8 kr. 28-29
  • Wiase Nsɛm

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Nsɛm
  • Nyan!—1994
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔahyɛ Keteke Adwuma ma Wɔasakra Wɔn Gyinaesi
  • Chagas Yare ne Mogya a Wɔtɔn
  • Nkokoaa ho Asiane Ahorow
  • Asubɔ ho Ntawntawdi
  • Wɔde Wɔn ho Ma Bɔɔlbɔ Dodo
  • Taosom Renya Nkɔso
  • Asiane Anosiw ho Ka
  • Hena na Odii Kan Huu No?
  • “Apɔtorɔ ho Wusiw a Wɔtwe” Si “Apɔtorɔ ho Nsu a Wɔtaforo” Ananmu
  • Kokoram Renya Nkɔanim wɔ Fransefo Mmea Mu
  • Asɔre Rekɔ Fam wɔ Netherlands
  • Ɔpepem Pii Nkwa Redan Wusiw
    Nyan!—1995
  • So Sigaretnom Bɛkɔ So Atra Ho?
    Nyan!—1981
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1995
  • Asiane A Ɛwɔ Tawanom Mu Ma Wɔn A Wɔnom Ne Wɔn A Wɔnnom
    Nyan!—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 10/8 kr. 28-29

Wiase Nsɛm

Wɔahyɛ Keteke Adwuma ma Wɔasakra Wɔn Gyinaesi

Bere a keteke adwuma kɛse bi a ɛwɔ Brazil yɛɛ nhyehyɛe foforo bi sɛ ɛbɛtete n’awɛmfo ma wɔde atuo adi dwuma no, n’adwumayɛfo no baanu hyiaa ahonim ho asɛnnennen bi. Sɛ́ Yehowa Adansefo a wodi Bible no ahyɛde a ese ‘wonnsua akodi bio’ so no, wonyaa nkate a emu yɛ den sɛ ɛbɛyɛ mfomso sɛ wɔbɛpene so asua sɛnea wɔde akode a edi awu bedi dwuma. (Yesaia 2:4) Woyii wɔn adi ntɛm so sɛ ɛyɛ “atuatew” sɛ wɔpaw saa gyinabea no. Keteke adwuma no ampene srɛ a wɔsrɛe sɛ wɔmma wonkura wɔn dibea dedaw no na wonnyae ntetee ne nkɔanim a ɛka ho no mpo no so. Nanso, Brazil Amanyɔ Mmara ka sɛ: “Ahonim ne ɔsom ho ahofadi yɛ ade a ɛnsɛ sɛ wobu so, mmara ma kwan ma obiara som ɔsom a ɔpɛ.” Ɔmantam no Adwumayɛ ho Asennibea no buu keteke adwuma no fɔ sɛ wɔayi mmarima no adi a “ennyina mmara so” na wɔhyɛɛ adwumakuw no ma wotuaa mpatade a ɛsɛ maa wɔn.

Chagas Yare ne Mogya a Wɔtɔn

Mprempren Chagas yare a aboawa bi de ba a ɛma koma gyae adwumayɛ mpofirim bere a adidi onipa no mu mfe pii no ka Latin Amerikafo bɛyɛ ɔpepem 18. Mpɛn pii no, mogya a wɔnhwehwɛ mu yiye a wɔde ma no na ɛde ba. Bolivian Times kyerɛkyerɛɛ mu nnansa yi sɛ: “Mogya ho gua a wodi wɔ wiase nyinaa no ne ade biako nti a wɔnyɛ mu nhwehwɛmu yiye bere nyinaa no. Mogya a wɔhwehwɛ mu hwɛ sɛ ɔyare biara nnim no ma mfaso a wonya no so tew.” Wɔ December 24, 1993 no, El Diario a ɛwɔ La Paz kae sɛ: “Bolivia Red Cross bɔɔ kɔkɔ sɛ, nyarewa a edidi so yi wɔ mogya a wɔde ma wɔ ɔman yi mu no ɔha biara mu aduonum mu: Chagas, atiridii, mmerɛbo mu yare, kekae ne AIDS.”

Nkokoaa ho Asiane Ahorow

Japan Akwahosan ne Amanfo Yiyedi ho Asoɛe no bɔ amanneɛ nnansa yi sɛ, nkokoaa a “wɔawea” a wɔmemene awuduru ahorow dodow renya nkɔanim kɛse. Sigaret yɛ awuduru a nkokoaa memenee wɔ 1992 mu no nyinaa mu bɛyɛ fã. Ebinom nomee sigaret asinasin ne ne nsõ a afrafra a wogyaw no anonne nkankyee mu anaa ade a wɔde sigaret nsõ gu mu a nsu wom mu. Nneɛma afoforo a enye a nkokoaa taa memene sɛnea ɛtaa sisi na edidi so yi, nnuru, agode, sika, nnuan, ne nkũ ahorow. Emu pii ma wonyaa nyarewa a emu yɛ den. Asoɛe no bɔ kɔkɔ sɛ asiane ahorow yi mu dodow no ara sisii anwummere 5:00 ne 9:00 ntam hɔ a na abusua mufo dodow no ara wɔ fie a ɛsɛ sɛ wotumi hwɛ mmofra no.

Asubɔ ho Ntawntawdi

Ɔkwan a wɔfa so twe mmofra kɔ ɔsom bi mu ho ntawntawdi sɔree nnansa yi wɔ Colorado Springs, U.S.A. a abɛyɛ mmeae a agye din a Kristoman ka nsɛm wɔ hɔ biako no. Sɛnea The Denver Post kyerɛ no, Cornerstone Baptist Church de bɔs 16 kyinkyin mpɔtam hɔ hwehwɛ mmofra. Tɔfe, anonne, ne apontow ho bɔ a wɔhyehyɛ ma mmofra no de ahopere foro bɔs no. Awofo pii ma wɔn mma kɔ, nanso asu a wɔbɔ mmofra no ho nsɛm a wɔba fie bɛka no ma awofo no ho dwiriw wɔn yiye. Ná saa “asɛnkafo” yi taa ma awofo de wɔn nsa hyɛ krataa bi ase kyerɛ sɛ wɔpene so ansa na wɔabɔ mmofra no asu, nanso wɔagow saa nhyehyɛe no mu wɔ bere ne bere mu. Sɛnea Post ka no, asɔre no sɔfo ka krataa a wɔde nsa hyɛ ase no ho asɛm sɛ: “Egye yɛn bere pii.”

Wɔde Wɔn ho Ma Bɔɔlbɔ Dodo

Nnipa bi a wɔn ani gye bɔɔlbɔ ho wɔ England de wɔn ho ama ma atra so dodo: Wɔsrɛ sɛ sɛ wowu a wɔmfa wɔn nsõ mpete bɔɔlbɔ kuw a wɔn ani gye ho no agoprama so. Kuw biako a agye din nsa ka adesrɛde a ɛtete saa 25 afe biara. Adeyɛ no abu so araa ma na ɛsɛ sɛ Kuw a Ɛhwɛ England Bɔɔlbɔ so bɔ bɔɔlbɔ akuw kɔkɔ wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔpete nnipa nsõ no ho. Sɛnea The Medical Post kyerɛ no, wɔn afotu no bi ne sɛ: “Ɛho nhia sɛ wɔde nsõ no nyinaa pete. Mubetumi de ketewaa bi apete. Sɛ ɛdɔɔso a ebekum sare no. . . . Momfa prae mpra so sɛnea ɛbɛyɛ a ne nyinaa rengu faako.”

Taosom Renya Nkɔso

“Afahyɛ a ɛsen biara wɔ abakɔsɛm mu.” Saa na nsɛmma nhoma China Today kae wɔ Luotion Mpaebɔ ho Afahyɛ Kɛse a Taosom mufo dii wɔ September 1993 mu no ho. Wɔhyɛɛ fã no wɔ White Cloud Temple a ɛwɔ Beijing no, na nkurɔfo fi Taofo asɔrefie ahorow a ɛwɔ Australia, Canada, Hong Kong, Taiwan, ne United States no mu bae. Sɛnea nsɛmma nhoma no kyerɛ no, afahyɛ no “botae titiriw ne sɛ wɔnam so bɛsrɛ sɛ ɔsoro mma nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa nnya anigye.” Wosisii afɔremuka dubiako, wɔkankyee kyerɛw nsɛm, na wɔsom anyame ɔhaha pii—a “agyenkwa” nyame a wɔkyerɛ sɛ ogye nnipa fi asetra a ɛyɛ awerɛhow mu ka ho. Hong Kong asɔrefie no so panyin bi ka kyerɛɛ nnipadɔm a wɔahyiam sɛ Taosom som bo sen wiase nneɛma, enti ɛne amammuisɛm nni abusuabɔ biara. Taosom no asɔrefie a ɛwɔ Taiwan no guamtrani ka kyerɛɛ nsɛnkyerɛwfo sɛ, Taosom hyɛ ɔman ho dɔ ne onuadɔ ho nkuran.

Asiane Anosiw ho Ka

Ɛka ahe na wɔbɛbɔ wɔ asiane a nyansahufo pii suro a ɛbɛba wim tebea mu wɔ wiase nyinaa no ho? Klaus-Peter Möller, a ɔyɛ Eduard Pestel Nhwehwɛmu Suabea a ɛwɔ Hannover, Germany, no panyin buu akontaa sɛ wobetumi de nnɛyi nyansahu mu nimdeɛ adi ho dwuma. Sɛnea Germanfo atesɛm krataa Süddeutsche Zeitung kyerɛ no, Möller nhyehyɛe no behia sɛ wɔtew nneɛma a wɔde sɔ gya te sɛ gyabiriw, fam ngo, ne gas so ɔha biara mu 75, na wɔde nea wusiw a wɔfrɛ no carbon dioxide nni mu si ananmu. Na wɔ ɛka a wɔbɛbɔ no ho nso ɛ? Sɛnea Möller akontaabu kyerɛ no, ɛka no bedu dɔla ɔpepepepem 22.5, anaasɛ ɔbarima, ɔbea ne abofra biara a ɔte ase nnɛ betua bɛyɛ $4,000. Sɛnea atesɛm krataa no de ba awiei no, “ebehia sɛ adesamma nyinaa bom na wɔatumi ayɛ adwuma titiriw a ɛte saa no.”

Hena na Odii Kan Huu No?

Corriere della Sera ka sɛ, Pope John Paul II kaa biribi nnansa yi de gyinaa atetesɛm bi a enni nnyinaso akyi sɛ “Yesu wu sɔree no, Madonna na odii kan yii ne ho adi kyerɛɛ no ansa na onipa foforo biara rehu no, ansa na ɔbɔfo no rebɔ mmea no amanneɛ.” Nsusuwii yi a Nsɛmpa no mfoa so no ama nnipa binom adwene atu afra kɛse. Bere a Italiani Katolekni nhoma kyerɛwfo Sergio Quinzio reka pope no adwenkyerɛ ahorow ne dwuma a Maria di wɔ Katolekfo atetesɛm mu ho asɛm no, ɔkae sɛ Maria “som a agye din” no ama Katolekfo “atra nea Kyerɛw Kronkron no de ama yɛn no mpo” bere nyinaa. Ɔde kaa ho sɛ, saa “asɛm a ɛnsɛ sɛ wogye ho kyim” yi a wɔaka no nnansa yi no “kyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm no mu tra nea ɛka no so.”

“Apɔtorɔ ho Wusiw a Wɔtwe” Si “Apɔtorɔ ho Nsu a Wɔtaforo” Ananmu

Wɔbɔ amanneɛ sɛ, nkurɔfo binom a wɔde nnuru di dwuma kwammɔne so nim fi bere tenten sɛ aduru bi a ɛma obi hu n’ani so a wɔfrɛ no bufotenine fi mpɔtorɔ bi mu ba. Nanso aduru no yɛ awuduru—araa ma ɛtɔ da bi a ekunkum akraman a wɔkyere mpɔtorɔ we no. Enti, The Wall Street Journal bɔ amanneɛ sɛ, ehu ama nkurɔfo a wɔde nnuru di dwuma ɔkwammɔne so no mu binom agyae “apɔtorɔ ho nsu a wɔtaforo” na wɔde wɔn ho ahyɛ “apɔtorɔ ho wusiw a wɔtwe” mu mmom. Wɔhata apɔtorɔ ho nsu a ɛyɛ bɔre no na wɔnom no sɛ tawa, a wosusuw sɛ ɔhyew no bɛma awuduru no afi mu. Sɛnea ɛte no, mprempren etia mmara sɛ obi de mpɔtorɔ bedi dwuma ɔkwammɔne so. Bufotenine ka nnubɔne ne nnuru a etia mmara sɛ wɔde di dwuma wɔ United States no ho. Anyɛ yiye koraa no, wɔakyere onipa biako a ɔtɔn bi. Journal no bɔ amanneɛ sɛ wogyee ne mpɔtorɔ no.

Kokoram Renya Nkɔanim wɔ Fransefo Mmea Mu

Mmea renom sigaret wɔ France sen bere biara. Mprempren mmeawa a wɔnom sigaret dɔɔso sen mmarimaa wɔ mmofra a wɔnom sigaret mu, na efi 1977 no, mmea a wɔnom sigaret kɛse (wɔnom sigaret bɛboro 20 da koro) dodow abu abɔ ho bɛboro mpɛn abien. Enti ɛnyɛ nwonwa sɛ mmea a wɔrenya kokoram a sigaretnom de ba no dodow nso afi ase renya nkɔanim mprempren. Paris atesɛm krataa Le Figaro bɔ amanneɛ sɛ nnipa 20,000 foforo nya ahurututu mu kokoram wɔ France afe biara, na nnipa a wɔboro 800,000 nya bi wɔ wiase nyinaa. Mmea a ahurututu mu kokoram kunkum wɔn abu abɔ ho mpɛn abiɛsa wɔ United States ne Canada, na abu abɔ ho bɛboro mpɛn abien wɔ Britain, Japan, ne Sweden. Wɔ ɔhome nkwaadɔm mu kokoram ho nhyiam bi a wɔyɛe wɔ Paris nnansa yi ase no, nnuruyɛfo no sii so dua sɛ ɛde besi nnɛ no, “ade a wotumi de ko tia kokoram a sigaretnom de ba sen biara ne sɛ wobegyae nom.”

Asɔre Rekɔ Fam wɔ Netherlands

Sɛnea Staatscourant, Netherlands aban no atesɛm krataa ka no, sɛ nneɛma kɔ so sɛnea ɛte mprempren yi a, ebedu afe 2020 no, na Netherlandsfo baanan biara mu baasa nkɔ asɔre biara. Nhwehwɛmu bi a wɔayɛ nnansa yi a wɔato din sɛ “Gyae a wɔregyae nyamesom wɔ Netherlands 1966-1991” no ma wohu sɛ Netherlandsfo mu akyekyɛ ayɛ akuw atitiriw anan: ɔha biara mu 28 annya nyamesom ntetee biara; ɔha biara mu 33 nyaa nyamesom ntetee bi nanso wɔagyae asɔrekɔ; ɔha biara mu 28 nyaa nyamesom ntetee bi nanso wɔntaa nkɔ asɔre anaasɛ wɔnkɔ koraa mprempren; na ɔha biara mu 11 pɛ na wɔtaa kɔ asɔre. Staatscourant si so dua sɛ Roma Katolekfo na wɔregyae asɔrekɔ sen biara, na ɛka sɛ: “Ɛte sɛ nea Roma Katolekfo adwene a wokura ne wɔn asɔre mpanyimfo no de bɔ abira. Ɛma obi nya adwene sɛ asɔremma no mmu wɔn tumidi no.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena