Nokware Kristofo ne Akodi
YESU ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Ahyɛde foforo na mema mo, sɛ monnodɔ mo ho, sɛnea medɔɔ mo no, sɛ mo nso monnodɔ mo ho mo ho!” (Yohane 13:34) So nokware Kristofo betumi ada ɔdɔ a ɛte saa adi akyerɛ wɔn ho wɔn ho na bere koro no ara wɔakɔ ko akokunkum wɔn ho wɔn ho?
Susuw asɛm a ɔsomafo Paulo bisae yi nso ho hwɛ: “Wɔapaapae Kristo mu anaa?” (1 Korintofo 1:13) Bisa wo ho sɛ: ‘So mpaapaemu bi bɛsen nea ɛba bere a ɔsom biako mufo kunkum wɔn ho wɔn ho no?’
Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ yɛn nwonwa sɛ yebehu sɛ tete Kristofo no ankɔ ko. Hastings Encyclopædia of Religion and Ethics a agye din no kae sɛ: “Ná tete Asɔre no mufo pii kura adwene a ɛne sɛ ɔko yɛ bɔne ho nhyehyɛe a Asɔre no ne Kristo akyidifo no ntumi mfa wɔn ho nhyem ɔkwan biara so.”
Tete Kristofo traa ase sɛnea Yesu ahyɛde a ese wɔnnodɔ wɔn ho wɔn ho no kyerɛ no. Germanni nyamekyerɛfo Peter Meinhold kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Bere a Apam Foforo no nka sɛ ebia Kristofo betumi ayɛ asraafo anaasɛ wontumi nyɛ, ne sɛ ebia bere a wɔbɛyɛ Kristofo no ɛsɛ sɛ wogyae asraadi ho asɛm no, tete asɔre no sii asɛm no ho gyinae. Na wobu yɛ a obi bɛyɛ Kristoni na wasan ayɛ ɔsraani no sɛ ade a entumi nyɛ yiye.” So obi wɔ hɔ nnɛ a osi gyinae bi te sɛ “tete asɔre no” de no?
Nokware Kristofo bi wɔ hɔ Nnɛ?
Encyclopedia Canadiana ka sɛ: “Yehowa Adansefo adwuma no yɛ tete Kristosom a Yesu ne n’asuafo no somee wɔ afeha a edi kan ne nea ɛto so abien no wɔ yɛn bere yi mu a wɔakanyan no de asi hɔ bio. . . . Wɔn nyinaa yɛ anuanom.”
Dɛn na wɔyɛ de kyerɛ saa? Australian Encyclopædia ka sɛ: “Yehowa Adansefo kura afã biara a wonni wɔ ɔko mu no mu denneennen.” Bere a ebia wɔpaw saa gyinabea yi sɛ ankorankoro no, wɔmfa wɔn ho nhyehyɛ nniso a edi wɔn so no nsɛm mu. Enti wɔammoa Hitler ko no, na enti wɔanni wɔn mu biara asɛm wɔ Nuremberg asenni no mu sɛ ɔko mu nsɛmmɔnedifo.
Germanni bi a wobuu no fɔ kum no ne Alfred Rosenberg a na ɔyɛ Nasi Amanyɔkuw no Amannɔne Adwumayɛbea so panyin no. Bere a Rosenberg reka biribi de agyina Nasi mmara a wogyinaa so de Yehowa Adansefo guu nneduaban mu akyi no, ɔkae wɔ n’asenni no mu sɛ: “Amerikani sɔfo bi fi ayamye mu de asɔre krataa bi a efi Columbus [Ohio] ama me wɔ m’afiase dan no mu. Mahu afi mu sɛ United States nso kyekyeree Yehowa Adansefo wɔ ɔko no mu, na ɛde besi December 1945 no, na wɔn mu 11,000 da so gu nneduaban mu.” Ɛyɛ nokware sɛ Yehowa Adansefo nni afã biara koraa, na wonnyina afã bi akyi wɔ amammuisɛm mu ntawntawdi mu. Wɔanhwie mogya angu wɔ Wiase Ko II no anaa ɔko foforo biara mu.
Wɔ Hungary no, ɔkyerɛwfo bi kaa Yehowa Adansefo ho asɛm wɔ Ring nsɛmma nhoma a ɛbae wɔ November 4, 1992 mu sɛ: “Wɔbɛpaw sɛ wobewu mmom sen sɛ wobekum obi. Enti, mewɔ ahotoso sɛ sɛ Yehowa Adansefo nkutoo traa asase so a, anka ɔko remma baabiara.” Reo M. Christenson, amammuisɛm ho nyansahu ho ɔbenfo kaa asɛm a ɛne sɛ ebia nokware Kristoni bi betumi de ne ho ahyɛ akodi mu anaasɛ entumi nyɛ saa no ho asɛm wɔ The Christian Century mu, na ɔde baa awiei sɛ:
“So obi betumi anya Yesu ho adwene bi paa sɛ ɔretotow atopae gu n’atamfo so, ɔde tuo a ɛtotow ntoatoaso redi dwuma, ɔredannan akode a ɛtotow gyaframa, ɔregyaa nuklea atopae anaa asraman a ebetumi akunkum ɛnanom ne mmofra mpempem pii? Asemmisa no yɛ nea ntease nnim araa ma ɛmfata sɛ wobua. Sɛ Yesu ntumi nyɛ eyi mma ɛne ne su nhyia a, ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na yɛayɛ eyi na yɛakɔ so adi no nokware?” Ɛyɛ asemmisa a ɛka adwene.
Nanso, wiase nyamesom ahorow no kɔ so gyina afã bi akyi wɔ akodi mu. Katolekfo kɔ so kunkum Katolekfo, na ɔsom afoforo mufo kunkum wɔn som mufo anaa asɔre afoforo mufo. Sɛ yebetumi adi Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ akyi a, ehia sɛ yenya gyidi a edi mũ ne akokoduru, sɛnea obi asɛm a esii ankasa a edi so yi da no adi no.
[Kratafa 7 mfonini]
So obi betumi anya Yesu ho adwene bi paa sɛ ɔde tuo a ɛtotow ntoatoaso redi dwuma wɔ ɔko mu?
[Kratafa 1 mfonini]
U.S. National Archives mfonini