Nnwuma a Wɔhyehyɛ wɔ Aman a Ennyaa Nkɔso Pii Mu
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SENEGAL HƆ
ABABAA no papa wui bere a na ɔyɛ abofra, na ogyaw ne maame abusua kɛse a mmofra baawɔtwe na wɔwom. Afei a ne maame rebɔ aberewa yi, ɛsɛ sɛ ababaa no pɛ adwuma bi yɛ de boa abusua no. Anidaso a ɔwɔ sɛ ɔbɛtoa sukuu so no aba awiei ne no. Ɛsɛ sɛ ɔyɛ adwuma, ɛwom sɛ onsuaa adwuma biara anaasɛ onwiee sukuu de.
Tebea horow a ɛte sɛ eyi abu so wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu. Adwuma ho yɛ den ma wɔn a wɔawie sukuupɔn mpo. Nanso, nnipa pii nam wɔn bo a wosi ne wɔn tirim a wotumi bɔ yɛ biribi pa so atumi abuebue wɔn ankasa nnwuma. Ebia nnwuma a ɛtete saa no mma obi nnya ne ho de, nanso Bible no ka wɔ 1 Timoteo 6:8 sɛ: “Na sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.”
Bere a saa afotusɛm a ɛkari pɛ yi wɔ yɛn adwenem no, momma yensusuw nyansa kwan ahorow bi a Kristofo a wɔwɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu afa so atra ase na wɔrenya nkɔso ho.
Aduantɔn—Sɛnea Afrikafo Yɛ No
Aduan yɛ ade a nkurɔfo hia bere nyinaa. Wɔ Afrika Atɔe Fam ha no, mmea a wɔyɛ nsi ahu akwan horow a ɛyɛ anigye a wɔbɛfa so de nokwasɛm yi adi dwuma de anya mfaso. Sɛ́ nhwɛso no, ebinom bɔ apata ketewaa bi wɔ beae bi a wɔreyɛ adwuma bi na wɔnoa aduan tɔn ma adwumayɛfo no awiabere. Afoforo noa aduan tɔn ma wɔn a wɔrekɔ adwuma anɔpa. Wɔde pon ketewa bi si hɔ de benkyi sisi ho, sɔ gya noa nsu tɔn anɔpaduan a ne noa nyɛ den—kɔfe a ɛyɛ hyew a paanoo ne bɔta ka ho. Wɔyɛ wɔn adwuma no anwummere nso, tɔn aduan a emu nyɛ duru ma adwumayɛfo a wɔapɔn adwuma no. Adidibea a ɛte saa a wɔyɛ no ma bere ho bɛyɛ den, nanso ɛma wɔn a wɔpɛ adwuma no tumi hwɛ wɔn ho.
Hokwan wɔ hɔ sɛ wɔbɛtɔn nnɔkɔnnɔkɔwade nso. Mmea binom hwehwɛ baabi a nnipa wɔ kɛse a ɛbɛn gua bi, na wɔkyew nkate. Fataya—meat pie nketewa a wɔde abom a emu yɛ hyew hyem—nso tɔn nyɛ den. Saa ara na paanoo a wɔde nam ne abom a ɛyɛ dɛ hyehyɛ mu nso te. Eyinom yɛ nneɛma a wɔtɔ no ntɛmntɛm wɔ Afrika aman te sɛ Gambia ne Mali mu.
Wɔ Guinea-Bissau ne Senegal no, mmofra pii a wɔyɛ Yehowa Adansefo hwɛ wɔn ho wɔ bere nyinaa som adwuma no mu denam aduan foforo a agye din a wɔtõ na wɔtɔn so: keeki. Moses a ɔte Senegal ahenkurow Dakar no, kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Ná me ne me yere resom sɛ akwampaefo atitiriw [bere nyinaa asɛmpakafo] bere a yefii ase woe. Afei na ɛsɛ sɛ mehwehwɛ ɔkwan bi a mɛfa so ahwɛ wɔn, enti minyaa adwene bi sɛ mɛyɛ keeki nketewa atɔn.
“Ná sika a mede refi ase no sua, enti na ɛsɛ sɛ mehwɛ yiye sɛ mehu sika a metumi de ato me ho sɛ me mfaso ne nea na mede bɛsan ayɛ adwuma no de atotɔ ɛho nneɛma te sɛ esiam ne nkesua. Mprempren mitumi tɔn keeki a ɛdɔɔso de di m’abusua ketewa no ahiade dodow no ara ho dwuma.
“Me yere Esther pam ntade wɔ fie de boa. Eyi ma onya hokwan ne yɛn mmabarima nketewa baanu no tra fie. Enti yɛn baanu tumi hwɛ yɛn abusua no yiye, ɛmfa ho sɛ yɛte mmere a emu yɛ den mu no.”
Adwuma ketewa foforo bi a wobetumi afa ho adwene ni: Esiane sɛ adwumayɛfo nni adagyew na mpɛn pii wonnya bere mfa ntwa kwan tenten nkɔ gua so nti, wɔbɛtɔ nneɛma wɔ sotɔɔ nketewa a wɔyɛ wɔ wɔn mpɔtam hɔ a wɔtɔn nnuaba anaa atosode mu. Sotɔɔ a ɛtete saa no wuranom binom de nneɛma no kɔ nkurɔfo nkyɛn, wɔde atosode a wɔnnoae kɔ wɔn a wɔtɔ no afie mu pɛɛ. Ebetumi ahyeta ntɛm sɛ woyɛ nokwaredifo, na wotɔn nneɛma pa. Nanso, hwɛ yiye na woamma wo nneɛma bo anyɛ den dodo, ɛnte saa a nkurɔfo begyae wo hɔ nneɛma tɔ asan akɔ gua kɛse so.
Paadi
Sɛ w’ani nnye adetɔn ho a, susuw paa ahorow a wubetumi adi ho. Ofie nnwuma te sɛ afisiesie, aduannoa, ne ntadehoro ne ɛso tow yɛ nnwuma a wohia nnipa ma wɔayɛ bere nyinaa. Na nnwuma afoforo pii wɔ hɔ.
Sɛ́ nhwɛso no, so wote bɛn ɛpo anaa gua a wɔtɔn nsunam wom? Dɛn nti na wunkoyiyi nsunam ho—adwuma a ne yɛ nnye bere na ɛmmɔ ka kɛse? Nea wuhia ara ne duasin ne sekamma a ɛyɛ nnam a wɔde twitwa nsunam. Kar ho hohoro nso yɛ adwuma foforo a sika wom. Nneɛma bɛn na wubehia? Bokiti, nsu, samena kakra, ne ntamasin a ɛyɛ papa. Wɔ Dakar no, ɛkame ayɛ sɛ wotumi hu mmofra a wɔpɛ adwuma sɛ wɔreyɛ saa adwuma yi wɔ mmeae a kar gyinagyina nyinaa ne akwan pii a onwini wɔ so so.
So nsu a ɛtene ho yɛ nã wɔ baabi a wote? Ɛtɔ da bi a mmea to santen nnɔnhwerew pii wɔ asubura bi ano kɔpɛ nsu gu wɔn nsuhina mu. Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ wɔsoa wɔn hweaseammɔ a emu yɛ duru no twa kwan kɔ wɔn afie mu. Enti wɔn mu pii wɔ ɔpɛ sɛ wɔbɛma obi sika ma ɔde nsu no abrɛ wɔn. Nea eye ne sɛ wobɛkɔ asubura no ano anɔpatutu sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahyehyɛ wo nsuhina no amaama na wode asisi trɔk anaa teaseɛnam so. Afei woasiesie wo ho sɛ wode nsu no bɛkɔ afie anaa adwumayɛbea ahorow mu ara ne no.
Woakɔ sukuu kakra? Ebia wubetumi akyerɛ mmofra nkumaa ade dapɛn awiei. Mmofra taa kyere so wɔ sukuu adan mu wɔ aman a wonnyaa nkɔso pii mu, na ebia awofo bɛpɛ sɛ wɔbɛma obi sika de ama wɔn ba anya ɔhwɛ soronko.
Adwuma foforo a mfaso wɔ so a ebia wunim dedaw ne mmɛsawɔw. Esiane sɛ Afrikafo mmea ani gye mmɛsawɔw ho kɛse nti, nkurɔfo a wɔn ho akokwaw wɔ saa adwinni yi mu no nya adwuma.
Nyansa a Wode Bedi Dwuma
Wɔ Bible mmere mu no, na ɔyere pa tumi fa nyansa kwan ahorow so nya sika. Mmebusɛm 31:24 ka sɛ: “Ɔpam nkamisaa na ɔtɔn, na ɔde abɔso ma oguadini.” Saa pɛpɛɛpɛ na nnipa pii a wɔwɔ aman a ennyaa nkɔso pii mu adi yiye wɔ wɔn ankasa nnwuma a wɔyɛ anaa aguadi nketewa mu. Sɛ́ nhwɛso no, ebia duadwumfo bi bebue adwumayɛbea ketewaa bi na wayɛ nnwinnade a ne yɛ nyɛ den, benkyi, ne ofie nneɛma ahorow. Nea obehia ara ne nnwinnade a wɔde yɛ duadwumfo nnwuma nketenkete nkutoo. Sɛ wowɔ mmoayɛn ho nimdeɛ bi a, ebia wubetumi afi ase ayɛn bi na woatɔn nkesua ne nkokɔ.
Nyansa yɛ ade titiriw a ɛho hia wɔ nnwuma nketewa asefi mu. Nnipa binom de ntonturowa a wɔato agu ayeyɛ nnaka a wɔde nneɛma gu mu a ɛyɛ fɛ. Afoforo de kar tae ayeyɛ mpaboa. Afoforo nso de kar tae mu rɔba dedaw ayeyɛ bokiti. Ebia w’ankasa wo nsusuwii na ɛbɛma ayɛ te sɛ nea wuntumi nyɛ nnwuma pii.
Egye ahokokwaw ne adwene na obi atumi atra ase wɔ aman a ennyaa nkɔso pii no mu, nanso wuhia boasetɔ ne adwempa nso. Mpa abaw ntɛm. Yɛ fakaa, na yɛ krado sɛ wobɛsakra w’adwuma, sɛ ɛho hia sɛ woyɛ saa a. Sɛ worefi adwuma anaa paadi bi ase a, hwɛ hu sɛ woahwehwɛ ɛhɔ mmara ahorow mu yiye. Wɔhwehwɛ sɛ Kristofo kyerɛ obu ma ɔman mmara.—Romafo 13:1-7.
Ansa na wubefi ase ayɛ biribi anaasɛ wubedi paa bi no, bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn ne ɛha ahiade ne amanne ahorow. Ɛha sikasɛm te dɛn? So nkurɔfo betumi atɔ nea meretɔn no? Nnipa baahe na wɔretɔn ade koro no anaa wɔredi paa koro no ara? So mewɔ ahokokwaw, ahoɔden, akokoduru a wɔde fi biribi ase, ahohyɛso, ne nhyehyɛe pa a ehia a mede bɛyɛ adwuma yi? Sika dodow ahe na ebehia? So ɛho behia sɛ mebɔ bosea? So metumi atua bosea no?’
Yesu asemmisa a ɛwɔ Luka 14:28 no yɛ asɛm a ɛho hia wɔ ha: ‘Mo mu hena na ɔpɛ sɛ ɔto abantenten, na ɔrentra ase mmu ho akontaa ansa sɛ ɔwɔ nea ɔde betumi awie?’
Ampa, ɛnyɛ obiara na ɔwɔ ahokokwaw anaa koma a ɛbɛma ɔno ankasa atumi ayɛ n’adwuma. Nanso, Yehowa Nyankopɔn betumi ahyira akokoduru a wode befi adwuma no ase ne wo mmɔdenbɔ no so, sɛ wufi adwempa mu di ho dwuma a. (Fa toto 2 Petro 1:5 ho.) Enti yɛ nea wubetumi nyinaa fa pɛ adwuma—sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ w’ankasa na wohyehyɛ mpo a!
[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]
Ntadepam, kar ho hohoro, nsu pa a wɔkɔsaw ma nkurɔfo, ne nsunam ho a woyiyi yɛ akwan a nkurɔfo nam so hwɛ wɔn ho no bi