Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g94 12/8 kr. 16-17
  • Awuduru wɔ Mfofantɔ a Wɔn ho Yɛ Fɛ Yi Mu?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Awuduru wɔ Mfofantɔ a Wɔn ho Yɛ Fɛ Yi Mu?
  • Nyan!—1994
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Afofantɔ Yɛ Da Biara
    Nyan!—1994
  • Sɛnea “Wotwa” Afofantɔ Mfonini
    Nyan!—1992
  • Me Bible Adesua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • Adesua 1
    Me Bible Adesua
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1994
g94 12/8 kr. 16-17

Awuduru wɔ Mfofantɔ a Wɔn ho Yɛ Fɛ Yi Mu?

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SOUTH AFRICA HƆ

WODE anigye ahwɛ afofantɔ a watu retwam pɛn? So w’ani gyee n’ahoɔfɛ, ne yɛbea ne ne kɔla ahorow no ho? Ɛte sɛ nea ɔreyi wo ahi bere a otu fi nhwiren biako so kɔ foforo so no. Ebia w’ani begye ho sɛ wobɛbɛn no ahwɛ no yiye, anaa ebia wubetwa no mfonini mpo, nanso ɛte sɛ nea onsi nhwiren a ahan biako so nkyɛ—na ɔbɔ n’ataban mu ntoatoaso bere nyinaa. Nanso ná wunim sɛ wogye di sɛ awuduru wɔ saa mmoa a wɔn ho yɛ anika yi bi mu?

Ma yɛnhwɛ abien yi a wɔwɔ saa nkratafa yi—nkãni (nifa so), a n’ataban yɛ akɛse tuntum ne nnodowee ne akokɔsrade, ne akukua (atifi hɔ), a ɔreyɛ asɛ nkãni no, ɛwom sɛ ɔyɛ ketewaa mpɛn pii de. Dɛn na ɛma awuduru ba wɔn mu, na edi atirimpɔw bɛn ho dwuma?

Mfofantɔ ahorow bɛboro 15,000 no tebea sakra mpɛn anan ansa na wɔabɛyɛ mmoa a wɔn ntaban yɛ mmerɛw a wɔn ho yɛ anika a yehu wɔn wɔ yɛn aturom no. Tebea ahorow no mu biako ne ɔsã a ɔyɛ no. Tim Walker kyerɛw wɔ Science News mu sɛ, nkãni sã no di afifide bi a awuduru wom, ma enti, wɔkyerɛ sɛ ɔbɛyɛ “afofantɔ a awuduru wɔ ne mu ankasa a ebetumi akum anomaa biara a ɔmene bi na ɔmfe ngu no.” Awuduru no yɛ aduru bi a ɛsɛe koma no. Na akukua afofantɔ no nso ɛ?

Walker ka sɛ: “Bɛboro mfeha ni no, na ntease a ɛwɔ hɔ ma wogye di kɛse sɛ saa akoekoeboa a ɔwɔ ntaban a ne kɔla te sɛ nkãni afofantɔ, Danaus plexippus, a awuduru wɔ ne mu no nam yɛ dɛ yiye.” Sɛnea wutumi hu fi mfonini ahorow no mu no, mfofantɔ abien no yɛbea di nsɛ, gye nsensanee tuntum a ɛwɔ akukua no ntaban a ɛwɔ fam no mu no. Wɔ mfe 100 a atwam no mu no, na adannandifo gye di sɛ akukua no benyaa ntaban maa ne yɛbea bɛyɛɛ te sɛ nkãni a awuduru wɔ ne mu no sɛnea ɛbɛyɛ a nnomaa a wɔasua sɛnea wɔbɛtwe wɔn ho afi afofantɔ yi a ne nam nyɛ dɛ ho no nkyere no. Sɛ ɛnyɛ ɛno a, na anka wogye di sɛ akukua nam yɛ nnomaa dɛ.

Dɛn na nhwehwɛmufo ahu nnansa yi? Walker kyerɛw sɛ: “Nanso, nhwehwɛmu foforo kyerɛ sɛ, nyansahufo na akukua no atumi adaadaa wɔn na ɛnyɛ nnomaa. . . . Mmoa ho adenimfo baanu ada no adi sɛ wɔ nnomaa a wɔn ani atew fam no, akukua no nam nyɛ dɛ te sɛ nkãni a awuduru wɔ ne mu no ara pɛ.” Nanso dɛn nti na akukua no nam nyɛ dɛ, titiriw esiane sɛ bere a ɔyɛ ɔsã no odi afifide a awuduru nnim no? Walker kyerɛw sɛ: “Eyi kyerɛ sɛ ɛbɛyɛ sɛ akukua mfofantɔ ankasa yɛ nnuru de bɔ wɔn ho ban.”

Nokwarem no, nimdeɛ a nkoekoemmoa ho adenimfo wɔ mprempren no kyerɛ sɛ wɔda so ara wɔ pii sua, na ebia ɛnsɛ sɛ wɔde wɔn ho to “ntease a ɛwɔ hɔ” no so kɛse. Ɔkasatiafo bi kyerɛw eyi faa nhoma bi a ɛkaa nkãni afofantɔ no ho asɛm nnansa yi no ho sɛ: “Saa nhoma nwonwaso yi kyerɛ yɛn sɛ bere a yesua nkãni no ho ade pii no, ne ho nimdeɛ ketewaa bi pɛ na yefi ahotoso mu tumi ka sɛ ‘yenim.’”

Mmom, ɛte sɛ nea Bible no ka no: ‘Yehowa, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.’—Adiyisɛm 4:11.

Ɛda adi sɛ onipa da so ara wɔ pii sua wɔ yɛn asase so nneɛma a nkwa wom nyinaa ho. Akwanside titiriw a ɛmma wonnya nokware nimdeɛ ne gye a nyansahufo pii nnye ntom sɛ Ɔbɔadeɛ ne Ɔyɛfo bi wɔ hɔ a ɔyɛɛ nneɛma no. Paul Davies, nneɛma a aniwa hu ho akontaabu ho ɔbenfo kyerɛwee wɔ ne nhoma The Mind of God mu sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ nyansahufo pii sɔre tia asɛm biara a . . . ɛkyerɛ sɛ obi a ɔwɔ tumi kyɛn nnipa wɔ hɔ no abufuw so. Wobu adwene a ɛne sɛ ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ, anaa adebɔ ho nnyinasosɛm bi a ennyina hɔ mma obi pɔtee anaa tebea bi a ɛkyerɛ sɛ biribi a ɛte saa wɔ hɔ a esi nokwasɛm so dua no animtiaa . . . Mankasa de, me ne wɔn nyɛ adwene wɔ wɔn animtiaabu no ho. . . . Mintumi nnye nni sɛ asetra a yɛwom wɔ amansan yi mu no bae mpofirim ara kwa, sɛ ɛnam abakɔsɛm mu asiane bi, akwanhyia bi a ɛbae wɔ amansan kɛse no mu tumi ahorow no basabasayɛ bi so na ɛbae.”

Odwontofo Dawid kyerɛwee sɛ: “Ogyennyentwi se ne komam sɛ: Onyankopɔn bi nni hɔ. Wɔasɛe wɔn nneyɛe ayɛ no akyide, obi nni hɔ a ɔyɛ papa.” Nanso, onipa a onim nyansa fi ahobrɛase mu begye Ɔbɔadeɛ no atom sɛnea odiyifo Yesaia yɛe no: “Sɛ [Yehowa] a ɔbɔɔ soro na ɔnwenee asase na ɔyɛe no se ni,—ɔne Nyankopɔn, ɔno na ɔde sii hɔ; wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so,—:Mene [Yehowa], na obi nni hɔ bio.”—Dwom 14:1; Yesaia 45:18.

[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]

Nkãni (atifi hɔ), akukua (kratafa 16). Nsonsonoe kɛse no ne nsensanee tuntum a ɛwɔ akukua no ntaban a ɛwɔ fam no mu no. (Wɔansusuw mfonini no pɛpɛɛpɛ)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena