Bere Bɛn na Awerɛhosɛm no To Betwa?
BERE bɛn na mmofra a wɔkyere wɔn sie, wɔyɛ wɔn ayayade, wodi wɔn amim, na mpɛn pii no wɔn atipɛnfo nya wɔn so nkɛntɛnso bɔne no to betwa? So nsɛmmɔne a wodi mmofra ho mmara a wɔbɛhwɛ ma wɔadi so ne asotwe a emu yɛ den a wɔde bɛma wɔ ho no bɛbɔ wɔn ho ban? Asetra mu dwumadi pii a ɛbɛma wɔama wɔn aduan, dabere ne nhomasua bɛma ayayade no ne fie a woguan fi no to atwa? Awofo a wodwen wɔn mma ho a wɔbɛkyerɛ wɔn ɔkwan pa a wɔfa so di nkitaho no bɛboa awofo ma wɔako atia anigye ho nnaadaasɛm a ɛtwetwe wɔn mma kɔ tebea bɔne mu no?
Ɛwom sɛ saa nhyehyɛe no betumi aboa de, nanso sɛ wɔamma nea ɛde awerɛhosɛm a ɛte sɛɛ ba no annyae a, mmofra bɛkɔ so ahu amane pii. Sɛnea abofra bi kyerɛ no, sɛ nhyehyɛe biara a wɔde bedi ɔhaw a ɛne mmofra a woguan fi fie ho dwuma no ansiw ayayade a wɔyɛ wɔn anaasɛ ani a wobu gu wɔn so wɔ fie no ano a, ɛbɛyɛ te sɛ nea mmoa a wɔde ma no aka akyi dodo.
Nea Ɛde Ba
Dɛn na ɛde ɔhaw ahorow yi nyinaa ba? Ɛbɛyɛ dɛn na afi hɔ? Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ abɔde a wɔyɛ ahonhommɔne a aniwa nhu wɔn, Satan ne n’adaemone, a wɔn ani gye atirimɔdenne, mmonnaato, ne ahohwibra ho de wɔn ani asa abusua nhyehyɛe no. (Genesis 6:1-6; Efesofo 6:12) Bere a Yesu wɔ asase so no, na adaemone yi tow hyɛ mmofra so. Abarimaa biako huu amane a ɛne sɛ na wɔma otwa na ɔtɔ gya mu.—Marko 9:20-22.
Mfehaha pii ansa na Yesu reba asase so mpo no, na adaemone ani gye ayayade a na wɔyɛ mmofra nkumaa ne hyew a na wɔhyew wɔn ma abosonsomfo anyame atirimɔdenfo, te sɛ Baal, Kemos, ne Molek no ho. (1 Ahene 11:7; 2 Ahene 3:26, 27; Dwom 106:37, 38; Yeremia 19:5; 32:35) Enti, ɛnnɛ, wɔ wiase a ɛkɔ so porɔw kɛse yi mu no, ɛnsɛ sɛ ɛyɛ nwonwa sɛ adaemone de wɔn ani asa mmofra sɛ wɔbɛma wɔahu amane wɔ nnipa a wɔpene so ma wɔde wɔn di dwuma ma wɔbrɛ mmofra ase, wɔma wodi yaw na wokum wɔn no nsam. Wɔn a wodi nsɛmmɔne akɛse a ɛte saa no taa de aguamansɛm a ɛkanyan wɔn akɔnnɔ bɔne hyɛ wɔn adwenem.
Nhyɛso a adaemone de ba adesamma abusua no so no ayɛ kɛse wɔ yɛn bere yi mu, efisɛ Bible no frɛ abakɔsɛm mu bere yi sɛ mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne no “nna a edi akyiri.” Wɔka siei sɛ eyi bɛyɛ “mmere a emu yɛ den.” Adaemone nkɛntɛnso no ma nnipa da abɔde a wɔyɛ ahonhommɔne yi ahohwisɛm no adi sen bere biara a atwam. Bible no ka siei sɛ yɛn bere yi mu nnipa bɛyɛ anuɔdenfo, wɔn a wonni ahosodi ne ɔdɔ na wɔmpɛ papa.—2 Timoteo 3:1-5, 13.
Ɛno kyerɛ sɛnea nnipa adifudepɛfo a wɔyɛ sini, nnwom mpaawa, nsɛmma nhoma ne nhoma a ɛkamfo awaresɛe, nnubɔne, ahodɔmdi, awudi, mmonnaato, mogyafra, nkoasom ne ayayadeyɛ te no yiye. Adaemone nam eyi ne akwan foforo so ama amammerɛ a ɛte sɛ mframa bɔne agu mmofra ne mpanyin nyinaa adwene ne wɔn koma ho fĩ, na asɛe abusua mu gyinapɛn ahorow ne abrabɔ pa.
Mmofra a wɔkyere wɔn sie, ayayadeyɛ, ne nnipakum a anya nkɔanim no yɛ nna a edi akyiri no ho sɛnkyerɛnne no bi. Bio nso, Bible no kae sɛ ‘nnipa bɛyɛ ahopɛfo, apamsɛefo, wɔn a wonni nokware, afatwafo.’ Enti nnansa yi aware a wɔhyehyɛ nkyɛ na agu. Sɛnea awaregu redɔɔso no, saa ara na mmofra a awofo kyere wɔn sie nso te. Na ahokafo a wɔda so ware anaa wɔagyae aware a wɔhwe wɔn anaa wokum wɔn no renya nkɔanim, na wɔn mu dodow no ara yɛ mmea. Enti, yehu mmofra awo ntoatoaso a wɔn awofo hyɛ wɔn nkuran ma woguan fi fie denam hwɛ a wɔnhwɛ wɔn ne ayayade a wɔyɛ wɔn so. Afei nso, mmofra a wɔyɛ “awofo asɛm ho asoɔdenfo” ne “anuɔdenfo” a wɔpɛ sɛ wɔne wɔn atipɛnfo guan fi fie sen sɛ wobedi gyinapɛn pa so ma yɛn bere yi da nsow.—2 Timoteo 3:2-4.
Ɛnkyɛ na Awerɛhosɛm no To Atwa
Nanso, ɛnkyɛ na Satan ne n’adaemone nkɛntɛnso no to atwa. (Adiyisɛm 12:12) Nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm 20:1-3 no ka sɛ Onyankopɔn bɛma wɔayi Satan ne n’adaemone afi hɔ. Ɛno akyi no, Onyankopɔn soro Ahenni a Yesu Kristo ne so hene no bedi asase yi so wɔ trenee mu, na abu atɛntrenee ma obiara anya ahobammɔ. (Dwom 72:7, 8; Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10) Adifudepɛ aguadi nhyehyɛe a ɛhyɛ ahiafo so na enya nnipa mmerɛwyɛ so mfaso befi hɔ, efisɛ “wiase ne n’akɔnnɔ retwam.” (1 Yohane 2:17) Wobeyi nsɛmmɔnedifo nyinaa afi hɔ sɛnea Mmebusɛm 2:22 hyɛ nkɔm no: “Wobegu abɔnefo ase afi asase so.”
Mika 4:4 kyerɛkyerɛ mu sɛ obiara benya ahobammɔ ne asomdwoe wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu: “Obi bi renyi wɔn hu.” Ɛbɛyɛ dɛn na eyi atumi aba? Ɛnam ɔdɔ mmara a edi hene no so. Saa mmara a ɛkorɔn no na ebedi nsusuwii ne nneyɛe nyinaa so. Saa bere no ná wɔn a wɔbɛtra ase no asua sɛnea wɔbɛda Yesu ne n’Agya Yehowa Nyankopɔn nipasu adi, efisɛ sɛ wɔanyɛ saa a, wɔremma wɔnkɔ so ntra ase. Ɛdenam ‘ayamhyehye, ayamye, ahobrɛase adwene, ne odwo’ a wobefura so no, pɛsɛmenkominya befi nnipa mu koraa. (Kolosefo 3:12) Asetra bɛyɛ anigye; afie a anigye ne ɔdɔ wom na ɛbɛtra asase so nyinaa.
Yesaia 65:21-23 hyɛ bɔ sɛ obiara benya aduan pii ne ofie pa: “Wobesisi adan atra mu, na wɔayeyɛ bobe nturo adi mu aba. . . . Wɔrenyɛ adwumayɛhunu, na wɔrenwo mma ɔpatuwu.” Wɔrenyɛ obiara ayayade bio. Mmofra anaa wɔn awofo renhu amane bio.
Mfaso a Yebenya Nnɛ
Ɛnnɛ mpo, wɔ nhyehyɛe bɔne yi bere a etwa to yi mu no, Yehowa ne n’atirimpɔw a ɛne sɛ ɔbɛma asase yi adan paradise bio ho nimdeɛ de mfaso horow ba. Ama mmofra ne awofo pii anya anidaso ne ntease a ɛma wɔn ani gye, sɛ wɔahu amane wɔ yɛn bere yi mu mpo a. Sɛ nhwɛso no, Tamara a yɛaka ne ho asɛm wɔ yɛn asɛm a edi eyi anim mu no kyerɛkyerɛ nea esii wɔ n’asetra mu no mu.
“Bere a midii mfe 18 no, mewaree, na ɔkwan bi so no metwee me ho fii me ‘nnamfo’ a awiei koraa no ebinom kɔdaa afiase, nnubɔne nom kaa wɔn hɔ, anaasɛ wosii tuutuu no ho. Nanso na meda so ara wɔ nipasu koro no ara, enti mifii ase ne me kunu gyee akyinnye. Nanso, bere a yɛwoo yɛn babarima no pɛ, biribi sii a ɛsakraa m’asetra koraa. Mihuu Bible bi na mifii ase kenkanee. Da koro anwummere bi mekenkan ti a ɛwɔ Mmebusɛm a ɛka sɛ ‘nyansa hwehwɛ te sɛ akorade a ahintaw’ no. (Mmebusɛm 2:1-6) Mebɔɔ mpae bisaa saa nyansa no ansa na mereda saa anadwo no. Ade kyee anɔpa no, Yehowa Adansefo bɛbɔɔ me pon mu. Mifii ase ne wɔn suaa Bible no, nanso egyee bere bi ansa na mede nea na meresua afi Bible mu no redi dwuma. Awiei koraa no, misii me bo sɛ mɛtra ase sɛ Kristoni, na wɔbɔɔ me asu. Ɛnnɛ, me ne me kunu boa afoforo ma wonya ahotɔ a Onyankopɔn de ma no.”
Yiw, Tamara huu ahotɔ nyinaa Farebae no, Yehowa Nyankopɔn. Ɔyɛ ɔsoro Agya a ɔrempa wɔn a wɔde wɔn ho bata ne ho no da. Dwom 27:10 ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na m’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa] de, ogye me.”
Domingos a yɛadi kan aka ne ho asɛm no nso nyaa abusua ankasa a ɛde awerɛkyekye, nkuranhyɛ, ne mmoa ama no. Ɔka sɛ: “Da koro me nsa kaa nhoma Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse no a Yebetie No no biako, na me ho dwiriw me bere a mihui sɛ Onyankopɔn wɔ din, a ɛne Yehowa no.a Mekɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow no mu biako na ɛyɛɛ me nwonwa bere a mihui sɛ nnipa mu nyiyim biara nni hɔ no. Ɛwom sɛ na menhyɛ atade pa, mimmu ade, na minnye obiara nni de, nanso Adansefo no fii ase ne me suaa Bible no. Wɔboaa me nkakrankakra ma mepow me kan asetra kwan no. Wɔboaa me mpo ma minyaa adwuma. Awiei koraa no, wɔboaa me ma minyaa nkɔso ma wɔbɔɔ me asu.”
Yehowa Adansefo asafo ahorow no te sɛ guankɔbea ma mmofra. Adansefo no ani gye ho sɛ wɔbɛboa obiara a ɔpɛ sɛ osua daakye anidaso a ɛyɛ anigye ho ade no. Awerɛkyekye a wɔn a wɔpɛ sɛ wɔne wɔn soro Agya no nya abusuabɔ nsa ka no yɛ kɛse, efisɛ wɔatete Adansefo no ma wɔde afotu ne akwankyerɛ a efi Onyankopɔn Asɛm Bible mu ma. Ɔdansefo biako kyerɛkyerɛ mu sɛ ɛho hia sɛ wɔma mmofra hu sɛ Yehowa nso bu tebea bɔne a wɔwom no sɛ enye. Ɔdansefo no ka sɛ: “Yehowa mpɛ sɛ wɔyɛ mmofra ayayade. Ɔmpɛ sɛ wodi awerɛhow. Nanso, ɔmpɛ sɛ wofi ayayade biako mu kɔ foforo mu—ayayadeyɛ a wohyia wɔ abɔnten. Wobetumi akohu Yehowa ahyehyɛde no mufo a wɔn ho akokwaw ne wɔn adi wɔn haw ahorow no ho nkɔmmɔ ma wɔakyerɛ wɔn ɔkwan a wɔbɛfa so adi ho dwuma.”
Onyankopɔn Asɛm de nkuranhyɛ a tumi wom ma mmofra a wɔn koma ye no na ama wɔakwati afiri a ɛne atipɛnfo nhyɛso no. Frances, abeawa bi a wadi mfe 17, yɔnko sukuuni bi daadaa no ma ɔbɔɔ ko fii sukuu mpɛn dodow bi a wanka ankyerɛ n’awofo. Awiei koraa no, oguan fii fie. Bere a ɔmaa n’awofo dii yaw nnɔnhwerew pii akyi no, ɔsan kɔɔ fie. Akyiri yi Adansefo baanu a wofi asafo a ɔwom no mu kɔsraa no. Wohui sɛ ɛnyɛ tebea a na ɛwɔ abusua no mu no na ɛde ɔhaw no bae, na wofi ɔdɔ mu tuu no fo. Wɔkyerɛkyerɛɛ no Kristofo asɛyɛde a mmofra wɔ sɛ wobebu wɔn awofo (Efesofo 6:1, 2); hia a ɛho hia sɛ ɔkwati atorodi, efisɛ ɔbɔɔ ko a wanka ankyerɛ n’awofo (Efesofo 4:25); ne hia a ɛho hia sɛ ɔkwati fekubɔne mu kyerɛɛ no. (1 Korintofo 15:33) Otiei.
Mmoa a Efi Soro
Cheryl nso nyaa mmoa fii Yehowa hɔ de dii ne mma a ne kunu a wagyae no aware kyeree wɔn siei no ho dwuma.b Bere a wobisaa no nea ɛboaa no ma ogyinaa ahude yi ano no, ɔkae sɛ: “Ade a midii kan yɛe ne sɛ mekenkan Nnwom nhoma no, titiriw Dwom 35. Ɛyɛ awerɛkyekye sɛ mihui sɛ Yehowa huu atɛnkyea a na ɛwɔ nea na ato me no mu.” Dwom 35:22, 23 ka sɛ: “[Yehowa], woahu, mmua w’ano, [Yehowa], mfi me nkyɛn nkɔ akyiri! Nyan, na sɔre bebu me atɛn, . . . bedi m’asɛm!”
Wɔ mfe abien akyi, esiane Yehowa ne Adansefo no mmoa nti, Cheryl tumi ne ne kunu a wagyae no aware no kasae, na ɔkɔsraa ne mma no. Otumi de nea enti a eyi too wɔn no ho mmuae a ɛma awerɛkyekye maa wɔn, na ɔmaa wɔn awerɛhyem sɛ ɔmpow wɔn. Esiane sɛ Cheryl tetee ne mma no sɛ wɔnhyɛ Yehowa anuonyam nti, otumi ka kyerɛɛ wɔn sɛ ɔwɔ wɔn mu ahotoso. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Minim sɛ me mma no dɔ Yehowa, na ɔremma biribi a ebepira wɔn daa nyɛ wɔn.”
Saa na odii ɔhaw no ho dwuma. Esiane sɛ Cheryl kɔɔ so bɔɔ mmɔden sɛ ɔne adwumayɛfo a wɔhwɛ ɔman foforo a wotu kwan kɔ mu ho nsɛm so bedi nkitaho, na ɔnam mpaebɔ a efi komam so de ne ho too Yehowa so nti, wɔsan de ne mma no brɛɛ no. Cheryl kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ meka ankasa sɛ Yehowa tumi nkutoo na ɛmaa me nsa kaa wɔn bio.”
Hwɛ sɛnea ɛho hia yiye sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ yɛn mma nnɛ ma wɔahu onii ko a Yehowa yɛ na wɔasom no! Bible no ka wɔ 1 Petro 3:12 sɛ Yehowa ani “wɔ wɔn a wɔteɛ so, na n’aso abue ama wɔn adesrɛ.” Yehowa yɛ guankɔbea ma yɛn mma ampa. Ne din yɛ ‘aban dennen. Ɛno mu na ɔtreneeni guan kɔ, na wɔkora no.’—Mmebusɛm 18:10.
Ɛwom sɛ yɛte mmere a ɛyɛ hu mu na ɛnyɛ bere nyinaa na yehu nea ɛbɛto yɛn mma de, nanso awofo a wɔsom Yehowa nim sɛ biribi a ebepira wɔn mma anokwafo daa renyɛ wɔn. Wahyɛ yɛn bɔ mpo sɛ ɔbɛsan de wɔn a wɔahwere wɔn nkwa wɔ yɛn bere yi mu aba nkwa mu bio, na wayi ɛyaw ne amanehunu a wɔde baa wɔn so no afi hɔ.—Yesaia 65:17, 18; Yohane 5:28, 29.
Onyankopɔn wiase foforo no ho anidaso no yɛ anigye. Saa ara na nim a yenim sɛ ɛrenkyɛ na Onyankopɔn ayi Satan ne ne nhyehyɛe bɔne no afi hɔ no nso te. Biribiara a ɛde yɛn mma bɛto asiane mu befi hɔ. Nnwom a Yehowa Adansefo to wɔ wɔn asafo nhyiam horow ase biako ka saa nhyehyɛe foforo no ho asɛm sɛ: “Bere a mmofra to dwom,/bere a anigye ne asomdwoe wɔ baabiara,/saa bere no nso wubehu awufo sɔre,/sɛ wode w’ani si botae no so a”!
Bere foforo a wubehyia Yehowa Adansefo bi no, ma wɔnkyerɛ wo sɛnea wo nso wubetumi asua anigye a ɛnkyɛ ɛbɛba wɔ Onyankopɔn trenee wiase foforo a ɛreba no mu ho ade pii. Wɔn ani begye sɛ wɔbɛboa wo ma woahu sɛnea Onyankopɔn Asɛm betumi de awerɛkyekye kɛse aba nnɛ na akyiri yi ɛde daa nkwa aba.—Dwom 37:29; Adiyisɛm 21:4, 5.
[Ase hɔ nsɛm]
a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. na etintimii.
b Hwɛ asɛm a ɛwɔ kratafa 6 no.
[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 12]
“Yehowa mpɛ sɛ wɔyɛ mmofra ayayade”