Munsiesie Mo Ho Mma Daakye a Anigye Wom
YESU hyɛɛ nkuran sɛ: “Munsiesie mo ho.” (Luka 12:40) Sɛ yɛyɛ saa a, bere a Kristo ‘de tumi ne anuonyam kɛse ba’ no, yebetumi de anigye adi n’ahyɛde no so: “Monhwɛ ɔsoro na momma mo ti so, efisɛ mo gye rebɛn.”—Luka 21:27, 28.
Ɛyɛ ogye bɛn? Wiɛ, ɛyɛ ogye a Noa ne n’abusua nyae no bi—yiw, wɔ saa wiase yi awiei mu! Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na nea ɔyɛ ade a Onyankopɔn pɛ no tra hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.
Ɔhene Yesu Kristo asase so nkoa benya daa nkwa wɔ Yehowa wiase foforo no mu. Bible ka sɛ: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Daakye a ɛyɛ anigye bɛn ara na Onyankopɔn de ahyɛ ne nkurɔfo bɔ sɛɛ yi! N’Asɛm ka sɛ: “Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio.” Eyi yɛ nokware nkɔmhyɛ!—Adiyisɛm 21:3, 4.
Nanso, sɛ yebenya daakye mu anigye a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ho ade. Nimdeɛ a yebenya ne ade a edi kan a ɛho hia. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Eyi ne daa nkwa, sɛ wobehu wo, nokware Nyankopɔn koro no, ne nea wosomaa no, Yesu Kristo no.”—Yohane 17:3.
Ɛho hia nso sɛ wo ne afoforo a wɔrehwehwɛ saa nimdeɛ yi hyiam daa, sɛnea ɔsomafo no hyɛɛ nkuran no: “Momma yɛnhwehwɛ yɛn ho ntwetwe yɛn ho yɛn ho nkɔ ɔdɔ ne nnwuma pa mu. Na mommma yennnyae yɛn ho yɛn ho nhyiam, . . . dodow a muhu sɛ ɛda no rebɛn no.” (Hebrifo 10:24, 25) Nokwarem no, Yehowa nkurɔfo hu sɛ ɛda a wobegye wɔn akɔ Onyankopɔn wiase foforo mu no abɛn pɛɛ, na enti wɔabɛyɛ nkurɔfo a wonim wɔn sɛ wohyiam.
Bere a London atesɛm krataa Sunday Telegraph reka nhyiam bi a wɔyɛɛ no agumadibea kɛse bi ho asɛm no, ɛbɔɔ amanneɛ sɛ: “Wonhu anim bosaayɛ a ɛtaa da adi wɔ wɔn a wɔka sɛ ‘Awiei Abɛn’ no ho no wɔ wɔn ho. Ebia abɛn ankasa. Nanso ɛte sɛ nea obiara da anidahɔ, kronnyɛ, Onyankopɔn suro adi anigye mu.” Afei krataa no de kaa ho sɛ: “Sɛ mprempren wiase nhyehyɛe yi rebɛsɛe ampa a, ɛte sɛ nea Adansefo a wɔwɔ Twickenham no asiesie wɔn ho sɛ wɔbɛhyehyɛ foforo.”
Yɛn ho a yebesiesie kyerɛ ade a yɛbɛyɛ, yɛbɛyɛ adwuma te sɛ nea Noa a ɔsomee wɔ nna a edii Nsuyiri no anim yɛe sɛ “treneekafo” no. (2 Petro 2:5) Yɛn ho a yebesiesie nso kyerɛ yɛn ho a yɛde bɛhyɛ “abrabɔ kronkron ne onyamesom pa mu.” Yɛto nsa frɛ wo, yiw, yɛhyɛ wo nkuran sɛ kɔka Yehowa nkurɔfo a ‘wɔtwɛn na wɔma Yehowa da no tra wɔn adwene mu’ no ho.—2 Petro 3:11, 12.