Nhoma Bi Ma Wiase Ho Dwiriw No
Nhoma no: The Origin of Species. Onipa asetra ho nimdefo Ashley Montagu kae sɛ: “Sɛ Bible nni hɔ a ɛno na ɛwɔ hɔ, na nhoma biara nni hɔ a anya nkɛntɛnso kɛse sɛ ɛno.”
Ɔkyerɛwfo: Charles Darwin, a saa bere no na nnipa binom frɛ no “ɔbarima a ne ho yɛ hu sen biara wɔ England.”
Emu asɛm: Adannandi nkyerɛkyerɛ. Nsɛmfua ne nsɛm te sɛ “nea otumi ne yɔnko na ɔkɔ so tra ase” ne “adannandi” yɛ nea wonim no yiye nnɛ. Na so wo kasa nko na nkyerɛkyerɛ no aka no?
EFI bere a Charles Darwin yii The Origin of Species nhoma no adi wɔ 1859 mu no, ɛde akyinnyegye a emu yɛ den aba nyansahufo ne nyamesomfo mu.a Ɛtrɛw kaa sikasɛm ne asetram nneɛma foforo mpo, na ɛbɛyɛ mfe 136 a atwam a woyii no adi no, akyinnyegye no kɔ so nnɛ.
Wɔ A Story Outline of Evolution mu no, C. W. Grimes kyerɛw faa Darwin nhoma Origin of Species ho sɛ: “Nhoma biara nni hɔ a wɔatintim a ɛde akyinnyegye kɛse aba nnipa a wosusuw nsɛm ho mu saa da. Nnipa asetram abakɔsɛm biara nni hɔ a asɔre atia atetesɛm, asakra nnipa adwene a wɔwɔ wɔ wiase Bɔ ho, na asakra ne su, anya n’adwene so tumi, na akɛntɛn ne so kɛse te sɛ Adannandi.”
Nokwarem no, ɛnyɛ Darwin na ɔde adannandi nkyerɛkyerɛ no bae; wobetumi akyerɛ sɛ tete Helafo na wɔde saa adwene no bae. Nnipa bi nso wɔ hɔ a wɔtraa ase wɔ afeha a ɛto so 18 no mu a wodii Darwin anim, na wɔn na wɔbɔɔ kwan ma wogyee The Origin of Species toom kɛse.
Nanso, ɛyɛ Darwin nhoma no na ɛbɛyɛɛ nnɛyi adannandi ho adwene no fapem. Ɛmaa wiase bɔɔ piriw, nokwarem no, wɔn ho dwiriw wɔn, efisɛ n’adannandi nkyerɛkyerɛ no de biribi a ɛsen abɔde a nkwa wom ho nimdeɛ mu nsakrae ara kwa na ɛbae. Ɛkaa nnipa asetra nnyinaso—nyamesom, nyansahu, amammui, sikasɛm, honam fam asetra, abakɔsɛm, ne daakye ho adwene a wokura te sɛ ahum.
Ɔkwan bɛn so na anya wiase so tumi bɛboro mfe aduonum a atwam ni no? Anya w’asetra so tumi dɛn? Dɛn ankasa na ɛde aba? Nsɛm a edidi so no bɛhwehwɛ saa nsemmisa yi mu.
[Ase hɔ nsɛm]
a Darwin nhoma no asɛmti ankasa ne On the Origin of Species by Means of Natural Selection, or the Preservation of Favoured Races in the Struggle for Life.