Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 10/8 kr. 12-16
  • Afrika Sukuu—Dɛn na Ɛkyerɛkyerɛe?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Afrika Sukuu—Dɛn na Ɛkyerɛkyerɛe?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ofie Sukuu
  • Nsaanodwuma
  • Kurow Mu Asɛyɛde
  • Nyamesom Adesua
  • Amammerɛ Kwan so Adesua Nnɛ
  • Akanfo Mmɛ—Sɛnea Ɛda Wɔn Asetra Adi
    Nyan!—2003
  • So Ɛsɛ Sɛ Me Ba Kɔ Sukuu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Nneɛma a Ɛboa Ma Wonya Nhomasua Papa
    Nyan!—1996
  • So Bible Nhyɛ Nhomasua Ho Nkuran?
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 10/8 kr. 12-16

Afrika Sukuu—Dɛn na Ɛkyerɛkyerɛe?

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ GHANA HƆ

AFRIKA sukuu? Ɛbɛyɛ Atɔe Famfo bi nwonwa sɛ wobehu sɛ tete hɔ no, na nhyehyɛe a ɛte saa wɔ hɔ ankasa. Awerɛhosɛm ne sɛ, adwene a Hollywood sini ahorow ama nkurɔfo anya wɔ Afrikafo ho sɛ wɔyɛ ahamufo a wɔn ho yɛ hu a wokurakura mpeaw no da so ara wɔ nnipa adwene mu. Nnipa pii ntumi nhu nea enti a wobetumi abu Afrikafo a wɔtraa ase tete hɔ no sɛ na wonim nhoma wɔ ɔkwan biara so.

Ɛyɛ ampa sɛ Afrikafo a wɔtetee wɔn wɔ fie no ansua nhoma, na wɔannya sukuudan ankasa mu ntetee da. Nanso, bere tenten ansa na wɔde Europafo nhomasua ankasa reba asasepɔn yi so no, na Afrikafo pii wɔ adesua nhyehyɛe a etu mpɔn a ɛboa mmofra ma wonya ntetee pa a wɔde bɛbɔ wɔn bra anya nkɔso wɔ wɔn ankasa man mu. Sɛ nhwɛso no, susuw Akanfo, Ghanafo a wɔka Twi, no sukuu ho.

Ofie Sukuu

Wɔ Akanfo mu no, na fie ne beae titiriw a wosua ade. Ná abofra adesua fi ase bere a osua kasa fi n’awofo hɔ no. Bere koro no ara, na wɔma no su pa ho adesua a edi kan nso. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔhɔho ba fie na okyia abofra a, wɔkyerɛ abofra no nnyeso a ɛfata a obu wom. Akyiri yi, sɛ wɔsoma abofra no a, wɔkyerɛ no obu kwan a ɔmfa so nka asɛm biara a wɔasoma no sɛ ɔnkɔka.

Enti na adwene a Akanfo kura wɔ adesua ho no te sɛ nea Bible no kae wɔ Mmebusɛm 22:6 yi: “Kyerɛ abofra ɔkwan a ɔmfa so, na sɛ onyin nso a, ɔremfi ho.” Awofo maa wɔn ani kuu wɔn mma ntetee ho, titiriw agya no. Akanfo buu bɛ bi sɛ: “Sɛ abofra ansɛ oni a, ɔsɛ ɔse.”

Dodow a abofra no nyinii no, dodow no ara na n’adesua no kɔɔ anim. Wɔmaa wɔn asetra mu asuade ahorow, a wɔamfa nhoma na ɛkyerɛe, na mmom wɔde ayɛsɛm, te sɛ nea ɛfa anansesɛm mu nipa a wɔfrɛ no Kwaku Ananse ho no. Hwɛ sɛnea mmofra ani gyee anansesɛm ahorow yi ho! Edu anwummere a mframa refa, anaa anadwo a ewim adwo fɔmm a ɔsram apae a, wɔtratra gya ho de anigye tie anansesɛm yi a ɛfa nkonimdi ne nkogudi ho no.

Biako a agye din ne sɛ Ananse kyinkyinii asase so nyinaa kɔboaboaa nyansa a ɛwɔ wiase nyinaa ano guu toa bi mu. Bere a ɛyɛɛ sɛnea wanya nea ɔhwehwɛ awie no, ɔyɛɛ n’adwene sɛ ɔde toa no bɛsɛn dua bi nkonmu wɔ sorosoro sɛnea ɛbɛyɛ a onipa foforo biara nsa ntumi nka nyansa yi bi. Ɔde ahama saa toa a nyansa ayɛ mu ma no de sɛn n’afuru so, na ofii dua no foro a na ɛyɛ den no ase. Bere a ɔrepere so no, ne ba panyin, Ntikuma bepuee so, na ɔka kyerɛɛ Ananse sɛ: “Aa, ba, Paapa! Hena koraa na ɔde toa sɛn n’afuru so de foro dua? Dɛn nti na womfa nsɛn w’akyi na wo ho ahenhan wo?” Ananse hwɛɛ ne ba no wɔ fam hɔ, na ɔteɛɛm sɛ: “Hena ne wo na woabɛkyerɛ me ade?”

Nanso seesei de na ada adi sɛ nyansa bi da so wɔ baabi foforo, na ɛnyɛ ne toa no nkutoo mu! Eyi a Ananse hui no maa ne bo fuwii, na ogyaa toa no mu hwee fam, na ɛbɔe ma nyansa no nyinaa hwetee. Wɔn a woduu hɔ kan no na wɔbɛyɛɛ anyansafo paa. Asuade no ni: Nyansa nni ɔbaakofo tirim. Enti na Akanfo ka sɛ: “Ti koro nkɔ agyina.”—Fa toto Mmebusɛm 15:22; 24:6 ho.

Nsaanodwuma

Nea na ɛka Akanfo adesua ho ne nsaanodwuma sua. Mmarimaa dodow no ara suaa wɔn papanom nnwuma—na ɛtaa yɛ kuadwuma. Nanso, na wosua nnwuma foforo nso te sɛ ahayɔ, abetwa, ne adwinni te sɛ kɛntɛnnwene. Na wɔde mmarimaa kɔma adwumfo a wɔn ho akokwaw ma wɔkyerɛ wɔn nnwuma a ne yɛ gye adwene kɛse te sɛ duasen anaa ntamawene. Na mmeawa nso ɛ? Nea na wonya ho ntetee titiriw ne ofie nnwuma te sɛ sɛnea wɔyɛ ngo ne samina, ne nkukunwene, asawatow, ne nea ɛtete saa.

Ná nyansahu nso ka fie sukuu “adesua” no ho. Ná agya kyerɛ ne ba anaa nanabarima kyerɛ ne banana nhaban a wɔde yɛ nnuru, sɛnea wɔyɛ no, ne ɔkwan a wɔfa so de ma. Na abofra sua akontaa bu nso, a nea ɔde yɛ saa ne ne nsateaa ne afei ntɛw, abo, ne nnua ho nsensanee. Agodie bi te sɛ ɔware ne dame maa wotumi buu akontaa yiye.

Ná Ɔkanni abofra benya amammui ne asenni nhyehyɛe ahorow nso ho nimdeɛ denam asenni a ɛkɔ so wɔ baguam a ɔbɛkɔ akotie bi no so. Ayi ne afahyɛ ahorow nso ma onyaa hokwan ahorow de suaa ɛhɔnom kwadwom twa, anwensɛm, abakɔsɛm, nnwonto, akyeneka, ne asaw.

Kurow Mu Asɛyɛde

Wɔ Akanfo mu no, na abofra ntew ne ho mfi afoforo ho. Wɔma ohu fi mfiase pɛɛ sɛ ɔwɔ asɛyɛde wɔ kurow no mu. Ɔkwan a edi kan a na ɔfa so sua eyi ne n’atipɛnfo a ɔne wɔn bom di agoru. Mfe bi akyi no, ɔne afoforo bom yɛ nnwuma bi te sɛ kwasafodwuma. Sɛ odi nsɛmmɔne bi a, ɛnyɛ n’awofo nkutoo na wobetumi atwe n’aso, na mmom kurow no mu panyin biara. Nokwarem no, na wobu no sɛ ɛyɛ ɔpanyin asetra mu asɛyɛde sɛ ɔbɛteɛ abofra a odi nsɛmmɔne biara so.

Mmofra gyee nteɛso a ɛte saa toom yiye efisɛ na wɔkyerɛ wɔn sɛ wonnya obu kɛse mma mpanyimfo. Nokwarem no, na Akanfo ka asɛm bi sɛ: “Obiara nana ne aberewa.” Enti na wɔwɔ asɛyɛde sɛ wobu mpanyimfo som wɔn. Na abofra biara a wansom ɔpanyin bi no, sɛ wannya asɛm papa biara anka a, wɔkɔbɔ n’awofo amanneɛ.

Nyamesom Adesua

Ná Akanfo pɛ nyamesom paa, na na wɔwɔ obu kɛse ma adebɔ ne amansan a wonni ho nimdeɛ no. Ampa, na wogye anyame pii di. Ɛmfa ho sɛ na ɛte saa mpo no, na Akanfo gye di sɛ Ɔteasefo Pumpuni bi wɔ hɔ. (Romafo 1:20) Akan asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma “Onyankopɔn” ne ɔbosom biara ne onyame. Nanso, ɛte sɛ nea na saa asɛmfua no nna Ɔbɔadeɛ no adi yiye mma Akanfo. Enti, wɔfrɛɛ no Onyankopɔn, a ɛkyerɛ “Onyame Koro a Ɔne Ɔkɛse No.”

Ná wɔsom anyame nketewa a wogye di sɛ ɛyɛ Onyankopɔn Kɛse Koro no nhyehyɛe. Wosusuwii sɛ eyi te sɛnea na wɔnam adekuro so som ɔmanhene no ara pɛ. Sɛnea na ɛte biara no, wɔde saa ɔsom yi kyerɛkyerɛɛ Ɔkanni ba biara.

Amammerɛ Kwan so Adesua Nnɛ

Wɔ nnansa yi mfe mu no, Afrikafo ɔpepem pii atu akɔtra nkurow akɛse a sukuudan ankasa mu adesua reyɛ asi fie ntetee ananmu no mu. Nanso, Afrikafo fie sukuu no da so kɔ so wɔ mmeae bi, titiriw nkuraase. Hwɛ, Afrikafo binom mpo anya fie ntetee ne nhomasua ankasa!

Sɛ nhwɛso no, susuw Kristoni somfo bi a ɔwɔ Ghana a wɔfrɛ no Alfred ho. Ɛmfa ho sɛ wasua nhoma ankasa no, ɔwɔ obu kɛse ma fie ntetee afã horow pii. Alfred ka sɛ: “Ɛwom sɛ m’abusuafo a wɔansua nhoma no fã kɛse nyaa fie ntetee nkutoo de, nanso sɛ ɛba asetram nsɛm ankasa mu a, wɔyɛ akyerɛkyerɛfo a wotu mpɔn paa. Me mfɛfo Kristofo a wɔwɔ wɔn mu a me ne wɔn ayɛ adwuma no ama masua akwan a etu mpɔn pii a mefa so ka m’asɛm wɔ ɔkwan tiawa a ntease wom na asete nyɛ den so. Enti mitumi kasa kyerɛ nnipa a wɔde amammerɛ tetee wɔn ne wɔn a wɔasua nhoma ankasa nyinaa. Mpɛn pii no, mefa abebusɛm anaa mfatoho bi a wɔn a wonim amammerɛ yi de di dwuma, siesie no, na mede di dwuma wɔ me Bible ɔkasa ahorow mu. Eyi taa ma atiefo no de anigye bɔ wɔn nsam! Nanso, yɛbɛka a, mmarima ne mmea a wɔde amammerɛ atete wɔn yi na wɔfata aseda.”

Ɛnde ɛda adi pefee sɛ Afrika sukuu no wɔ nneɛma pa pii, na ɛfata obu, ɛnyɛ animtiaabu. Ebia antumi amfa mfiridwuma mu anwonwade amma, nanso nea ɛde bae ne abusua a emu yɛ den, sɛnea wɔne afoforo bom tra, ne nkurɔfo a wɔn adwenem abue, wɔn ho yɛ anika, na wɔwɔ ayamye ne ahɔhoyɛ su. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Afrikafo bebree a wɔte nkurow akɛse mu bɔ mmɔden sɛ wɔbɛkɔ so ne wɔn abusuafo a wɔtete nkuraase no anya nkitahodi denam sra a wɔkɔsra wɔn bere ne bere mu no so. Edu mmere a ɛtete saa a nneɛma bi a ɛnyɛ ne kwan so de tumi sisi. Wɔn a wɔte nkurow akɛse mu no taa fom so wɔ amanne ahorow mu. Sɛ nhwɛso no, mpɛn pii no, wonnim sɛ sɛ worekyia nnipa dodow a, “ɔkwampa” no ne sɛ wubefi ase afi nifa de akɔ benkum. Ne nyinaa mu no, nsrahwɛ a ɛtete saa no tumi de anigye brɛ wɔn nyinaa.

Nanso, ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ bere a Afrika fie sukuu no kyerɛɛ obu ne ahofama no, amfa Yehowa ne ne Ba, Yesu Kristo ho nimdeɛ a ɛma nkwa amma. (Yohane 17:3) Yehowa Adansefo anya hokwan reyɛ adwuma wɔ Akanfo ne Afrika mmusua foforo mu de saa nimdeɛ a ɛho hia yi ma wɔn. Wɔakyerɛkyerɛ Afrikafo mpempem pii a wɔankɔ sukuu ankasa, akenkan ne akyerɛw na ama wɔn ankasa tumi sua Onyankopɔn Asɛm no. Wɔn a “wɔn honhom mu ahiade hia wɔn” no fam no, eyi ne adesua a ɛho hia sen biara a obi betumi anya.—Mateo 5:3, NW.

[Kratafa 13 mfonini ahorow]

Wɔ Akanfo mu no, na wɔma abofra hu sɛ ɔwɔ asɛyɛde wɔ kurow no mu

[Kratafa 14 mfonini]

Wɔyɛ akenkan ne akyerɛw adesua wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa ahorow so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena