Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 11/8 kr. 24-26
  • Dɛn Nti na Obiara Reware Gya Me?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Obiara Reware Gya Me?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aware—Nnaadaasɛm ne Nokwasɛm
  • Woaso Aware?
  • Ahosiesie a Ɛfata
  • Sigyadi Ne Aware Ho Afotu Pa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2011
  • Dɛn na Ɛma Wonya Aware Pa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Aware—Akyɛde a Efi Ɔdɔ Nyankopɔn Hɔ
    “Momfa Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Sigyadi Ne Aware Ho?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 11/8 kr. 24-26

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Dɛn Nti na Obiara Reware Gya Me?

“Me yam a anka mereware. Ɛno bɛma m’ani agye.”—Cheryl.a

ƐYƐ awosu sɛ obi bɛpɛ sɛ ɔware. Onyankopɔn de nea ɛma ɔbarima ne ɔbea nya wɔn ho anigye bɔɔ wɔn. Na ɔhyehyɛɛ aware sɛ ade a ɛsɛ sɛ ɛka ɔbarima ne ɔbea bom daa.—Genesis 1:27, 28; 2:21-24.

Ɛnde, ntease wom sɛ sɛ wunnya nwaree a, ebia wobɛte nka ɔkwan bi so sɛ w’abam abu anaa woatom mpo—titiriw sɛ w’atipɛnfo pii aware dedaw a. Wo nnamfo a wɔpɛ wo yiye betumi ama nhyɛso no mu ayɛ den. Tina ka sɛ: “Madi mfe 24 na meyɛ sigyani, na seesei me ne obiara nyɛɛ nhyehyɛe. Ɛte sɛ nea ɛhaw obiara yiye sɛ menwaree ma enti mafi ase di ɛho yaw ankasa. Wɔma mete nka sɛ medi sigya daa anaa biribi wɔ me ho a enye.”

Wɔ nnipa binom fam no, sigyadi betumi afi ase ayɛ sɛ ɔfasu, akwanside bi a wontumi nni so, a ɛmma wonnya anigye. Bere a afe twam no, wobetumi ate nka te sɛ nea wɔde ntayaa foforo retoa ɔfasu no so. Ababaa anaa aberante bi betumi afi ase ate nka sɛ ne ho nyɛ fɛ anaa afoforo ani nnye ne ho. Ababaa bi a ɔwɔ Italy a ne din de Rosanna ka sɛ: “Metaa te nka sɛ mayɛ ankonam ne onipa hunu; ɛte sɛ nea minnya hokwan a ɛbɛma maware.” Mmerante betumi ate nka saa ara. Sɛ nhwɛso no, Frank fii ase tee nka sɛ bere a ne nnamfo nyinaa waree akyi no, wɔbɛyɛɛ nnipa a wɔn ho yɛ anika kɛse na wɔapɔw. Ofii ase susuw sɛ ebia aware betumi ayɛ saa ara ama no anaa.

Wunya adwene a ɛte saa? Sɛ woyɛ osigyani a, ɛtɔ bere bi a wususuw sɛ biribi a enye wɔ wo ho anaasɛ ebia wobɛkɔ so adi sigya daa?

Aware—Nnaadaasɛm ne Nokwasɛm

Nea edi kan koraa no, ma yɛnhwehwɛ asɛm a nnipa pii agye adi a ɛne sɛ aware de anigye ba ɔkwan biara so no mu. Ɛyɛ nokware sɛ aware tumi ma obi ani gye na ɛtaa ba saa. Nanso, ware a obi ware kɛkɛ no mma n’ani nnye. Aware a eye kyɛn so mpo de ‘honam mu ahohiahia’ bi ba. (1 Korintofo 7:28) Obi nya aware mu anigye denam ne ho a ɔkɔ so de bɔ afɔre ne mmɔdenbɔ kɛse nkutoo so. Nea ɛyɛ anika ne sɛ na onipa a ɔsen biara a watra ase pɛn, Yesu Kristo, yɛ sigyani. Obi bɛka sɛ wannya anigye? Dabida! Onyaa n’anigye no fii Yehowa apɛde a ɔyɛe no mu.—Yohane 4:34.

Nnaadaasɛm foforo ne sɛ aware yɛ ankonamyɛ ano aduru. Ɛnte saa! Kristoni barima bi a waware kae sɛ: “Me yere nkaa ne tirim asɛm nkyerɛɛ me da anaasɛ ɔne me mmɔɔ nkɔmmɔ a biribi afi mu aba da!” Ɔyerenom Kristofo binom anwiinwii saa ara sɛ wɔn kununom ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ anaasɛ ɛte sɛ nea wɔn ani gye wɔn nnwuma anaa wɔn nnamfo ho kyɛn wɔn. Awerɛhosɛm ne sɛ wɔn a wɔaware nanso wɔyɛ ankonam abu so yiye.

Afei nnipa bi wɔ hɔ a wobu aware sɛ ɔkwan a wɔfa so kwati abusua mu nsɛnnennen. Ababaa warefo bi ka sɛ: “Misusuw sɛ ɛsɛ sɛ anka m’awofo ma me kwan ma minyin. Nanso wɔamma me kwan ma mamfa abarimaa biara adamfo anaasɛ mamfi adi . . . Sɛ m’awofo maa me kwan a, misusuw sɛ anka menware bere a midii mfe 16 no. Nanso na mepɛ sɛ mekyerɛ wɔn sɛ manyin.”

Ebia wobɛte nka sɛ ofie asetra yɛ katee dodo. Nanso aware de asɛyɛde ahorow a ebetumi atew obi ankasa ahofadi so kɛse ba. Susuw nea adwuma a wobɛyɛ, ɛka ahorow a wubetua, fie ne kar a wubesiesie, aduannoa, aprapra, adehoro, ne ebia mmofra ntetee mpo kyerɛ no ho! (Mmebusɛm 31:10-31; Efesofo 6:4; 1 Timoteo 5:8) Mmofra pii ani tane bere a mpanyimfo asɛyɛde ahorow yi bɛtɔ wɔn so no.

Ebinom nso gye di sɛ aware yɛ ade a ɛbɛma nnipa pii ani agye wɔn ho. Nanso biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ afoforo bɛpɛ sɛ wɔne wo—anaa wo hokafo no—bɛbɔ esiane sɛ moaware kɛkɛ nti. Sɛ woyɛ ɔyamyefo, woyɛ adɔe, na wonyɛ pɛsɛmenkominya a, sɛ ebia woaware anaa wonwaree no, nkurɔfo bɛpɛ w’asɛm. (Mmebusɛm 11:25) Na sɛ awarefo a okunu ne ɔyere yɛ no ma ɛyɛ mmerɛw kakra ma wɔn sɛ wɔne wɔn nnamfo awarefo bɛbɔ mpo a, ɛsɛ sɛ wɔkae sɛ wɔyɛ “ɔhonam koro.” (Genesis 2:24) Nea ɛsɛ sɛ wɔma ɛyɛ wɔn ahiasɛm titiriw ne sɛnea wotumi ne wɔn ho bɔ—ɛnyɛ sɛnea wotumi ne wɔn nnamfo bɔ.

Woaso Aware?

Nokwarem no, sɛ wuhu sɛ ntease wɔ nsɛm yi mu mpo a, ɛtɔ mmere bi a w’abam betumi abu ara. Tete bɛ bi ka wɔ saa kwan yi so sɛ: “Anidaso a ɛkyɛ muba ma koma yare.” (Mmebusɛm 13:12) Sɛ nhwɛso no, aberante Tony hui sɛ n’abam reyɛ abu esiane sɛ odi sigya nti. Ofii ase tee nka sɛ wasiesie ne ho sɛ ɔbɛware obiara kɛkɛ. Na abeawa bi a wɔfrɛ no Sandra abam bu saa ara bere biara a ɔbɛte sɛ ebinom rehyehyɛ aware no; na osusuw bere a ne de bedu so ho.

Sɛ anka wobɛma w’abam abu no, bisa wo ho sɛ, ‘Maso aware ankasa?’ Nokwarem no, sɛ wunnii mfe aduonu a, ebia mmuae no bɛyɛ dabi! Wɔ United States no, wɔn a wonnii mfe aduonu aware gu wɔ mfe anum ntam.b Nokwarem no, ebia mmofra binom ho betumi akokwaw yiye asen mfe a wɔadi, na wobetumi ama wɔn aware agyina. Nanso ɛno nkyerɛ ankasa sɛ ɛsɛ sɛ woware. Wode nokwaredi asusuw ho sɛ ebia woasiesie wo ho sɛ wubedi aware mu asɛyɛde ahorow ho dwuma?

Nokwaredi a wode bɛpɛɛpɛɛ wo ho mu betumi ama woahu nneɛma mu pefee. Sɛ nhwɛso no, wo ho akokwaw na wutumi di asɛyɛde ho dwuma dɛn? Wutumi kora sika so, anaa sɛ wo nsa ka pɛ a, na woadi? Wutua wo nneɛma ho ka wɔ bere ano? Wubetumi ayɛ adwuma bere nyinaa anaa woahwɛ fie so? Wutumi ne afoforo, te sɛ wo mfɛfo adwumayɛfo ne w’awofo bɔ yiye, anaa wo ne wɔn ko ntɔkwaw bere nyinaa? Sɛ saa a, wubetumi ahu sɛ ɛbɛyɛ den yiye sɛ wo ne aware mu ɔhokafo bɛbɔ.

Sɛ wunnii mfe aduonu a, wubetumi ahu no yiye sɛ ehia sɛ wode mfe kakra nya osuahu na ama wo ho akokwaw na woasi pi sɛnea ehia na woayɛ okunu pa anaa ɔyere pa. Nokwasɛm yi a wubehu no betumi aboa wo ma woayɛ nsakrae wɔ nneɛma a wohwɛ kwan no mu na woabu aware sɛ ade a wubetumi de wo ho ahyem daakye. Eyi betumi aboa wo ma ‘woagyina pintinn wɔ wo komam’ wɔ wo sigyadi no ho, anyɛ yiye koraa no akosi bere bi.—1 Korintofo 7:37.

Ahosiesie a Ɛfata

Na sɛ wugye di sɛ woatra wo “baabun” na wote nka sɛ woaso aware nso ɛ? Sɛ wɔn a wubetumi aware wɔn nnɔɔso anaa bere biara a wobɛkyerɛ obi ho anigye no ɔmpene a, ebetumi abu w’abam. Nanso eyi kyerɛ ankasa sɛ afoforo ani nnye wo ho? Ɛnte saa koraa. Ɔhene Salomo antumi amma abeawa bi a ɔpɛe sɛ ɔware no no anni annye ne ho—na na ɔyɛ adefo ne anyansafo a wɔatra ase pɛn no mu biako! Na efi dɛn? Na ɔbea no ani nnye ho wɔ ne komam sɛ ɔbɛware no. (Nnwom mu Dwom 2:7) Saa ara na ebia wunnya nhyiaa obi a mofata mo ho mo ho ankasa.

Wote nka sɛ woyɛ omumɔ dodo sɛ obi bɛkyerɛ wo ho anigye? Ɛwom, ahoɔfɛ so wɔ mfaso bi de, nanso ɛnyɛ ɛno ne ade a ɛho hia biara. Sɛ wususuw awarefo a wunim wɔn no ho a, ɛnyɛ nokware sɛ wɔyɛ nnipa a ɛsono wɔn mu biara tenten, ne nipaban, ne n’ahoɔfɛ? Ɛno akyi no, obi a osuro Onyankopɔn ankasa no bedwen “komam nipa a wahintaw” a woyɛ no ho titiriw.—1 Petro 3:4.

Nokwarem no, ɛnsɛ sɛ wubu w’ani gu w’ahosiesie so da; ntease wom sɛ wobɛbɔ mmɔden ama wo ho ayɛ fɛ sɛnea wubetumi. Ntadehyɛ ne ahosiesie basaa betumi ama afoforo anya wo ho adwene a ɛnteɛ.c Afei nso, nkɔmmɔ a wuntumi mmɔ no yiye anaa wo nipasu mu sintɔ ahorow betumi apam afoforo ansa na wɔahu onii ko a woyɛ. W’adamfo bi a ne ho akokwaw anaa w’awofo betumi aka akyerɛ wo sɛ ebia nsakrae kakra wɔ ho hia wɔ eyi mu. Nokwasɛm no betumi ahaw wo, nanso ebia gye a wubegye atom no betumi aboa wo ma woayɛ nsakrae ahorow ma afoforo akyerɛ wo ho anigye kɛse.—Mmebusɛm 27:6.

Nanso, awiei koraa no, ɛnyɛ ware a woaware anaa wonwaree no na wɔde hu bo a wosom sɛ onipa anaa mfaso a ɛwɔ wo so. Nea ɛho hia ankasa ne sɛnea Onyankopɔn bu wo, na “ɔhwɛ komam.” (1 Samuel 16:7) Enti nea ɛsɛ sɛ wode w’adwene si so titiriw ne sɛ wubenya Yehowa anim dom, na ɛnyɛ ware a wobɛware. Bɔ mmɔden sɛ woremma aware nni akoten wɔ wo nsusuwii ne wo nkɔmmɔbɔ mu. Hwɛ wo fekubɔ, nnwom ne anigyede a wopaw no yiye.

Ampa, pɛ a wopɛ sɛ woware no rennyae, nanso mmɔ hu. Tɔ wo bo ase. (Ɔsɛnkafo 7:8) Sɛ anka wubebu wo sigyadi no sɛ nnome no, fa ahofadi a sigyadi de ma ne hokwan a ɛma wunya som Onyankopɔn a biribiara ntwetwe w’adwene no di dwuma kosi ase. (1 Korintofo 7:33-35, 38) Wubetumi anya obi aware no wɔ bere a ɛsɛ mu—ebia ɛbɛba ntɛm mpo asen sɛnea wususuw no.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa din no bi.

b Hwɛ asɛm “Mmofra Bisa Sɛ . . . Yɛaware Ntɛm Dodo—Ebesi Yɛn Yiye?” wɔ May 8, 1995 de no mu.

c Sɛ wopɛ nsɛm yi ho nyansahyɛ pɔtee a, hwɛ nhoma Questions Young People Ask—Answers That Work, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. tintimii no atiri 10 ne 11.

[Kratafa 25 mfonini]

Sɛ w’atipɛnfo reware a, ɛyɛ mmerɛw sɛ wobɛte nka sɛ woatom

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena