Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g95 11/8 kr. 3-5
  • Dɛn Ne Adwinni?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Ne Adwinni?
  • Nyan!—1995
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adwinni Asekyerɛ
  • Odwumfo a Odii Adwinni No
  • Odwumfo a Wɔabu Ani Agu Ne So Sen Biara Wɔ Yɛn Bere Yi Mu
    Nyan!—1995
  • Odwumfo kɛse no​—Yehowa!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Ɔkwan a Yɛbɛfa So Ahu Nneɛma a Ɛyɛ Fɛ a Atwa Yɛn Ho Ahyia No
    Nyan!—1995
  • Namibia Adwini a Ɛsesa Daa
    Nyan!—2001
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1995
g95 11/8 kr. 3-5

Dɛn Ne Adwinni?

EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SPAIN HƆ

DƐN ade na woahu pɛn a ɛyɛ fɛ sen biara? Ná ɛyɛ owia a ɛrepue wɔ baabi a osu tɔ na owia bɔ kɛse, mmepɔw a ɛtoatoam a sukyerɛmma wɔ so, nhwiren pii a ɛwɔ sare so, anaa afe no otwabere mu nnua kɔla a ɛyɛ fɛ no?

Yɛn mu dodow no ara kae bere titiriw bi a asase no fɛ no maa yɛn ani gyei. Sɛ yebetumi a, anka yɛbɛpɛ sɛ yedi yɛn akwamma wɔ baabi a ɛhɔ te sɛ paradise, na yɛabɔ mmɔden sɛ yebetwa nneɛma a ɛfata sɛ yɛkae no yiye no mfonini.

Bere foforo a wobɛhwɛ nneɛma a ɛyɛ fɛ yi a wɔnsɛee no no, nsɛmmisa bi wɔ hɔ a ebia wubesusuw ho. Sɛ “wɔamfa din” anhyɛ mfonini ahorow a ɛwɔ beae a wɔde mfonini ne adwinni kyerɛ ase a, worente nka sɛ biribi ayera? Sɛ sɛnea mfonini bi a wɔde rekyerɛ som bo ne ne fɛ kanyan wo a, worempɛ sɛ wubehu oniiko a mfoniniyɛfo no yɛ? Ɛsɛ sɛ yenya abotɔyam bere a yesusuw asase so nneɛma pii a ɛyɛ nwonwa no ho nanso yebu yɛn ani gu Odwumfo a ɔbɔe no so no?

Nokwarem no, nnipa bi wɔ hɔ a wɔkyerɛ sɛ ade a ɛte sɛ adwinni biara nni adebɔ mu—kyerɛ sɛ adwinni hwehwɛ sɛ onipa nya adwinni ho nyansa ne nkyerɛkyerɛmu. Nanso, adwinni ho nkyerɛase a ɛte saa no ne yɛn mu nkate bɔ abira. Dɛn koraa ne adwinni?

Adwinni Asekyerɛ

Ɛda adi sɛ, yɛrentumi nnya adwinni asekyerɛ bi a obiara ani begye ho. Nanso yehu nkyerɛkyerɛmu a ɛyɛ sen biara no wɔ Webster’s Ninth New Collegiate Dictionary, a ɛka sɛ adwinni yɛ “ahokokwaw ne adwinni ho nyansa a wɔde di dwuma yiye wɔ mfoniniyɛ mu titiriw” no mu. Yebetumi agyina eyi so aka sɛ odwumfo hia ahokokwaw ne adwinni ho nyansa nyinaa. Sɛ ɔde ɔdom akyɛde abien yi di dwuma a, obetumi ayɛ biribi a afoforo ani begye ho anaa ɛyɛ wɔn fɛ.

Adwinni a nnipa adi nkutoo mu na ahokokwaw da adi? Anaasɛ ɛda adi nso wɔ abɔde a atwa yɛn ho ahyia yi mu?.

California sequoia nnua atenten no, abosam a wɔahyehyɛ wɔ Pasifik mpoano, kwae mu aworo akɛse, ne Afrika mmoa akuwakuw a wɔwɔ sare so no som bo kɛse ma adesamma sen “Mona Lisa” wɔ akwan horow so. Esiane ɛno nti, UNESCO (Amanaman Nkabom no Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Nhomasua, Nyansahu, ne Amammerɛ So) apaw Redwood National Park, U.S.A.; Iguaçú Falls Argentina/Brazil; Great Barrier Reef Australia; Serengeti National Park, Tanzania, sɛ adesamma “Wiase no Agyapade” fã.

Wɔde saa abɔde mu ademude yi aka nkaedum a nnipa ayɛ no ho. Dɛn ntia? Botae no ne sɛ wɔbɛkora “amansan no mu nneɛma a ɛsom bo kyɛn so” no so. UNESCO kyerɛ sɛ sɛ ebia ne fɛ te sɛ Taj Mahal, India, anaa Grand Canyon, U.S.A., no, ehia sɛ wɔbɔ ho ban ma nkyirimma no.

Nanso enhia sɛ wutu kwan kɔ ɔman agodibea bi ansa na woahu adebɔ ho nimdeɛ. Nhwɛso kɛse bi ne w’ankasa wo nipadua. Tete Hela adwumfo no buu nipadua no sɛ adwinni a ɛyɛ fɛ ho nhwɛso, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ ne mfonini pɛpɛɛpɛ sɛnea wobetumi. Nipadua no dwumadi ho nimdeɛ a yɛwɔ seesei no nti, yebetumi ahu nyansa a ɛkyɛn so a na ehia ma wɔde abɔ nipadua no na wɔahyehyɛ.

Adebɔ nyansa nso ɛ? Hwɛ kohaa ntakra a wɔahyehyɛ no fɛfɛɛfɛ a egyinagyina hɔ no, nhwiren a ɛyɛ fɛ, anaa ahoɔhare a anomaa bi a ne ho yɛ fɛ a wɔfrɛ no hummingbird no de dannan ne ho. Nokwarem no, na adeyɛ a ɛyɛ fɛ saa no yɛ adwinni ansa na wɔreyɛ anaa wɔretwa ne mfonini. National Geographic nsɛmma nhoma ho sɛnkyerɛwfo bi a sukooko nhama nketenkete a ɛyɛ huam kanyan n’anigye no bisaa dekode a ɛyɛ fii nyansahufo kumaa bi hɔ. Obuaa tiawa sɛ: “Ɛda Onyankopɔn nyansa adi.”

Ɛnyɛ sɛ ahokokwaw ne adebɔ nyansa da adi wɔ abɔde mu nko, na mmom ayɛ ade a ɛhyɛ nnipa adwumfo mpamden daa. Auguste Rodin, odwumfo bi a ofi France a wagye din no, kae sɛ: “Odwumfo no yɛ obi a abɔde ka wɔn kokoam nsɛm kyerɛ no. Nhwiren nam wɔn mmaa a wokuntun mu fɛfɛ ne wɔn kɔla fɛfɛ a egu ahorow na edi nsɛ so ne no di nkitaho.”

Adwumfo bi hu wɔn sintɔ pefee bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua abɔde fɛ a ɛyɛ no. Michelangelo, a na wobu no sɛ mfoniniyɛfo a ɔsen biara a watra ase pɛn no kae sɛ: “Adwinni adwuma ankasa yɛ nneɛma a ɛyɛ pɛ a Onyankopɔn ayɛ no ho nsusuwso a enni mũ ara kwa.

Ebia abɔde fɛ a ɛyɛ no bɛyɛ nyansahufo ne adwumfo nwonwa. Akontaabu ho ɔbenfo, Paul Davies, kyerɛkyerɛɛ mu wɔ ne nhoma The Mind of God mu sɛ “nnipa a wɔyɛ mpi a wonnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ mpo taa wɔ nea wɔfrɛ no nidi ma abɔde, anigye ne obu a ɛte sɛ ɔsom mu suro a wonya ma abɔde ho nyansa a emu dɔ ne ne fɛ ne n’asete a ɛyɛ den no.” Dɛn na ɛsɛ sɛ eyi kyerɛ yɛn?

Odwumfo a Odii Adwinni No

Obi a osua adwinni no sua odwumfo no ho ade sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛte n’adwinni no ase na wakyerɛ ho anisɔ. Ohu sɛ odwumfo no adwuma da oniiko a ɔyɛ adi. Abɔde mu adwinni nso da Ɔbɔadeɛ, Otumfoɔ Nyankopɔn nipasu adi. Ɔsomafo Paulo kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: ‘N’ade a wonhu ada adi nneɛma a ɔyɛe no ho.’ (Romafo 1:20) Bio nso, asase Yɛfo no nyɛ obi a onni din koraa. Sɛnea Paulo ka kyerɛɛ Atene nyansapɛfo a na wɔwɔ ne bere so no, “[Onyankopɔn ne] yɛn mu biara ntam kwan nware.”—Asomafo no Nnwuma 17:27.

Wɔanyɛ Onyankopɔn abɔde ho adwinni no kwa anaasɛ amma kwa. Wɔ yɛn asetra a ɛma etu mpɔn akyi no, ɛda Odwumfo a ɔsen biara, Amansan Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, ahokokwaw, nyansa, ne n’anuonyam adi. Asɛm a edi hɔ no bɛka sɛnea saa adwinni yi betumi aboa yɛn ma yɛahu Odwumfo Kunini no yiye.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 3]

Musei Capitolini, Roma

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena