Wiase Nyinaa Sukuu a Ɛredi Yiye
EYI nyɛ ankorankoro sukuu bi a wogye aboɔden anaa sukuupɔn kɛse bi a nnipa kakraa bi na wɔpaw wɔn ma wotumi kɔ. Dabi, wɔyɛ sukuu yi a sukuufo no ntua hwee. Ebia wɔyɛ bi wɔ baabi a ɛbɛn wo. Wɔfrɛ no Teokrase Ɔsom Sukuu, na wɔyɛ wɔ Yehowa Adansefo nhyiambea ahorow. Nnipa bɛyɛ ɔpepem anum a wɔwɔ wiase nyinaa na wɔkɔ saa sukuu yi bi.
Ebia wubebisa sɛ, ‘Ahwehwɛde bɛn na ɛho hia na obi de ne ho ahyem? Dɛn na wɔkyerɛ wɔ sukuu no mu? Ɔkwan bɛn na wɔfa so yɛ no? Na ɔkwan bɛn so na nkurɔfo renya mu mfaso?’
Ahwehwɛde Ahorow
Bere a nnipa nyinaa tumi ba Teokrase Ɔsom Sukuu no ase no, ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyem no asetra akwan ne sukuu no nhoma titiriw a ɛne Bible no mu nkyerɛkyerɛ hyia. Wɔhwɛ kwan sɛ wobebu bra a ɛne Bible no abrabɔ ho ahwehwɛde no hyia. Enti adesuafo no ntumi mmɔ bra bɔne. Wontumi nyɛ akorɔmfo, asadweam, nguaman, wɔn a wɔde tawa di dwuma, ne nea ɛkeka ho.—1 Korintofo 6:9-11.
Ɛnnɛ sukuu bebree de ahosiesie ho gyinapɛn ato nkyɛn, nanso wɔhwehwɛ sɛ sukuufo a wɔde wɔn ho hyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu no hyɛ ntade a ɛho tew. (1 Timoteo 2:9, 10) Wɔmfa mfe pɔtee bi na egye nnipa wɔ sukuu yi mu. Mmofra a wosusua koraa te sɛ wɔn a wɔadi mfe anan anaa anum a wotumi kenkan ade de wɔn ho hyem, na wɔyɛ dwumadi bere nyinaa, na saa ara na ɛte wɔ mmarima ne mmea a wɔwɔ wɔn mfe 90 mu no nso fam.
Sɛnea Wɔyɛ No ne Nneɛma a Wosua
Sɛnea ɛbɛyɛ a ne kɔ bɛyɛ mmerɛw no, ɛkame ayɛ sɛ bere nyinaa wɔyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu a egye simma 45 no dapɛn no mfinimfini anwummere bi. Sɛ sukuu ɔkyerɛkyerɛfo no de akwaabama nsɛm to gua wie a, ɔkasafo a odi kan anwummere no de simma 10 kosi 15 bɛma ɔkasa a egyina sukuu no kyerɛkyerɛ nhoma no biako so. Afei mpɛn pii no, ɔde simma abiɛsa kosi anum bisabisa nea waka ho asɛm no mu nsɛm.
Ɛno akyi no, ɔkyerɛkyerɛfo a ɔfata bi de dapɛn dapɛn Bible akenkan a wotwa si hɔ, a ɛtaa yɛ Bible no ati abien anaa anan, no mu nsɛntitiriw ma. Simma asia na wɔma ɔde yɛ saa ntimu yi. Bere bi akyi no, sukuufo a wodi saa dapɛn dapɛn dwumadi a wɔyɛ no fie yi akyi no bɛkenkan Bible mũ no nyinaa awie.
Bible mu nsɛntitiriw no akyi no, wɔma sukuufo kasa abiɛsa, a emu biara gye simma anum pɛ. Biako yɛ Bible akenkan a ɛyɛ dwumadi a wɔyɛ no fie no fã bi. Ɔkasa abien a aka no gyina sukuu no kyerɛkyerɛ nhoma ahorow a wɔhyɛ sukuufo no nyinaa nkuran sɛ wɔnkenkan mfa nsiesie wɔn ho mma adesua no so. Sɛ sukuuni biara wie ne dwumadi a, sukuu ɔkyerɛkyerɛfo no de nkamfo ma, na mpɛn pii no, ɔma nyansahyɛ a ɛbɛma wɔanya nkɔanim.
Sukuu ɔkyerɛkyerɛfo no afotu no gyina nhoma a ɛne Theocratic Ministry School Guidebook, a wɔhwɛ kwan sɛ sukuuni biara besua no yiye, no so. Sɛnea ɛbɛyɛ na sukuuni no anya nkɔanim wɔ ɔkasa mu adeyɛ pɔtee bi mu wɔ ne dwumadi a edi hɔ mu no, ebia wɔbɛka akyerɛ no sɛ ɔnkenkan akwankyerɛ nhoma no ti bi, te sɛ “Atiefo Animhwɛ ne Krataa so Hwɛ,” “Mfatoho a Ɛfata,” “Ntimu ne Nipadua a Wɔde Si Asɛm so Dua,” ne “Adwene a Ɛwom so Duasi ne Ɛnne Nsakrae.”
Wɔ mmeae bi no, wɔde akenkan ne akyerɛw sua ne emu mpɔntu aka Teokrase Ɔsom Sukuu no ho. Nnipa ɔpedudu pii asua akenkan anaa wɔama wɔn akenkan atu mpɔn wɔ akenkan ne akyerɛw adesua a ɛte saa mu. Sɛ nhwɛso no, wɔ Mexico no, efi 1946 kosi 1994 no, ɛboaa nnipa bɛboro 127,000 ma wohuu akenkan ne akyerɛw.
Ɔpepem Pii a Ɛboa Wɔn
Wɔ wiase nyinaa no, Teokrase Ɔsom Sukuu no reboa mmɔden a awofo rebɔ sɛ wɔbɛma wɔn mma anya nhomasua papa no. Moriah a wadi mfe 16 no kae sɛ: “Misuae sɛ mɛbɔre ahwehwɛ nsɛm na mabobɔ nsɛm a meka kyerɛ no so. Seesei dwumadi biara a wɔde ma me wɔ ntoaso sukuu no yɛ koko ma me.”
Matthew a wadi mfe 15 a ɔde ne ho hyɛɛ Ɔsom Sukuu no mu bere a na wadi mfe ason no kae sɛ: “Manya adesua mu nkɔanim kɛse sen m’atipɛnfo. Manya adesua ne otie mu ahokokwaw, na mitumi ma ɔkasa ahorow a etu mpɔn.” Ne nuabarima Phil a wadi mfe 17 no de kaa ho sɛ: “Teokrase Ɔsom Sukuu no ama manya ahotoso kɛse. Minim sɛ sɛ wɔma me dwumadi bi a, metumi ayɛ.”
Teokrase Ɔsom Sukuu no akyerɛkyerɛ mpanyimfo nso. Michael, a oduu botae horow te sɛ adwuma mu mpanyimfo anim a ogyina ma ɔkasa ho, no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Mede me ho hyɛɛ Ɔsom Sukuu no mu no, na ehu wɔ me mu kɛse. Memfɛre ade bio. Sukuu no maa me tebea pa, nimdeɛ, ahokokwaw, ne nkuranhyɛ a m’ankasa mihia na mede adi me fɛre so no.” Ɔwofo bi kae sɛ: “Mete nka sɛ manya adesua hokwan a mehweree me mmofraberem no.”
Wɔ Latin Amerika akuraa ketewa bi ase no, Nhomasua Asoɛe no mufo kɔɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no bi ase. Bere a wotiee ɔkasafo biako wiei no, ahɔho no biako a ɔyɛ sukuu panyin de ahodwiriw kae sɛ: “Entumi nyɛ yiye sɛ ɔbarima a yenim no bere nyinaa sɛ onnim akenkan ne akyerɛw yi betumi de Spania kasa abɔ nkɔmmɔ [sen sɛ anka ɔde n’ankasa ne kasa bedi dwuma], na kampɛsɛ wakasa akyerɛ atiefo bi, nanso ɔreyɛ saa.”
Nokwarem no, Teokrase Ɔsom Sukuu no yɛ sukuu ahorow a ɛwɔ wiase a eye sen biara no biako! Ebetumi aboa mmofra ne mpanyin nyinaa ma wɔanya nhomasua papa. Sɛnea abofra bi kae no, “Mɛhyɛ nyansa sɛ obiara a ɔresusuw ho sɛ ɔde ne ho bɛhyɛ sukuu no mu no nyɛ saa ntɛm ara.”
[Kratafa 25 mfonini]
Teokrase Ɔsom Sukuu no reboa ɔpepem pii ma wɔanya nhomasua papa