Nea Edi Kan Wɔ Mali
ME KUNU som sɛ Yehowa Adansefo ɔhwɛfo kwantufo wɔ Mali, Afrika atɔe fam ɔman bi a emu nnipa nnɔɔso. Sahara Anhweatam no agye ɔman no kusuu fam, na ɔfã kɛse no ara yɛ sare a ayɛ mmonkyimmɔnka. Mali so sen England, France, ne Spain a wɔaka abom. Ɛwom sɛ saa aman yi mu nnipa bɛboro ɔpepem 140 de, nanso Mali mu nnipa yɛ bɛyɛ ɔpepem du pɛ—na wɔn mu bɛyɛ 150 na wɔyɛ Adansefo.
Baabi a yefii ase ne Ziguinchor, kurow ketewa bi a ɛwɔ Senegal a ɛbɛn hɔ no. Yɛde wimhyɛn fii hɔ kɔɔ Dakar November 1994, na afei yɛkɔɔ Mali ahenkurow Bamako, kuropɔn bi a emu nnipa bɛboro ɔpepem fã no mu. Yefii Bamako no, yɛfaa akuraa taksi, bɔs, anaa keteke twaa kwan kɔɔ nkurow nketewa te sɛ Ségou, San, ne tete kurow Mopti mu. Yedii bɛyɛ dapɛn wɔ nkurow yi mu biara mu ne Adansefo kakra a wɔwɔ hɔ no nyaa Kristofo som adwuma no mu kyɛfa.
Yɛsan baa Bamako December mu kɔɔ ɔmantam nhyiam a nnipa dodow a ɛsen biara a wɔbaa ase yɛ 273 no. Hwɛ sɛnea yɛn ani gyei sɛ yehuu sɛ wɔbɔɔ nnipa foforo 14 asu! Yewiee ɔmantam nhyiam no adekyee no, yɛfaa bɔs kɔɔ kurow ketewa, Sikasso, baabi a na wɔrebehyira Ahenni Asa a edi kan a Yehowa Adansefo sii wɔ Mali no so wɔ dapɛn awiei a edi hɔ no mu.
Egye Mmɔdenbɔ Ankasa
Adansefo 13 pɛ na wɔwɔ Sikasso asafo no mu, a wɔn mu 5 yɛ akwampaefo, anaa bere nyinaa asomfo. Bere a yeduu hɔ Dwoda no, yɛn ho peree yɛn sɛ yebehu nhyehyɛe a wɔayɛ ama ɔdan no so hyira no. Wɔka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔrehwehwɛ me kunu, Mike, ma wabɛyɛ ɛho nhyehyɛe! Enti bere a yeyiyii yɛn nnaka wiei no, yɛkɔhwɛɛ Ahenni Asa no. Bere a yehui no, yɛn ani gyei sɛ Adansefo kakraa bi yi tumi sii ɔdan a ɛte saa. Nanso, na pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Na ntwamutam nni hɔ, na wɔnkaa ɔdan no ho, na agyiraehyɛde a ɛne “Yehowa Adansefo Ahenni Asa” no nni hɔ.
Yebehui sɛ nna kakraa bi akyi no, anyɛ yiye koraa no na ahɔho 50 befi Bamako aba ɔdan no so hyira no bi. Na wɔato nsa afrɛ ɛhɔfo nso. Ɔpanyin biako pɛ, Pierre Sadio, na ɔwɔ asafo no mu. Bere a yebisaa no ɔkwan a wɔbɛfa so awie asa no ansa na Memeneda, ɛda a wobehyira ɔdan no, adu so no, nnamfo no twe bɛnee betiee ne mmuae no. Obuae sɛ: “Misusuw sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛawie bere ano.”
Na adwuma pii wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ bere tiaa a ɛte saa no mu! Mede amemenemfe bisae sɛ metumi aboa ma wɔayɛ ntwamutam no anaa. Wɔn a wɔatwa me ho ahyia no serewee kɛse de kyerɛɛ abotɔyam a wɔanya. Afei Mike hyɛɛ nyansa sɛ yɛnkyerɛw agyiraehyɛde mmɔ asa no anim. Ankyɛ, na yɛn nyinaa rekasa bere koro mu. Obiara ani gyei kɛse. Na ebegye mmɔdenbɔ ankasa na yɛatumi awie asa no ho nnwuma nketenkete no bere ano!
Adwuma a Yɛyɛ no Ahoɔhare So
Yɛn, Kristofo mmea no, yɛɛ ntɛm kɔɔ gua so kɔtotɔɔ ɛho nneɛma. Akyiri yi yenyaa ɔdepamfo bi ma ɔpam ntwamutam no. Yɛka kyerɛɛ no sɛ: “Wowɔ nnanan pɛ a ɛsɛ sɛ wode wie.” Sɛnea ɛbɛyɛ na yɛanya biribi de asiesie hɔ no, Mike tuu ne ho mae, yɛɛ nhama kotoku a wɔde afifide besisi mu de asɛn asa no anim. Enti yɛsan kɔɔ bio, a saa bere yi yɛkɔhwehwɛɛ nhama a yehia de ayɛ afifide kotoku no ne nhwiren kuku.
Wɔyɛɛ nhyehyɛe nso ma obi yɛɛ Ahenni Asa agyiraehyɛde no. Na yɛreyɛ adwuma ahoɔhare so wɔ asa no mu ne akyi. Afipamfo bi boaboaa wɔn ho ano bɛhwɛe. Na yɛwɔ pii yɛ! Na yɛbɛyɛ dɛn ama ahɔho 50 no aduan? Ɛhe na wɔbɛda? Yɛyɛɛ ade mmirika so de yɛɛ ahosiesie dapɛn no nyinaa, nanso ɛte sɛ nea biribiara ankɔ so wɔano wɔano.
Yɛsɔree ntɛm Fida anɔpa, ɛda a edi ɔdan no so hyira anim no. Anigye hyɛɛ hɔ ma efisɛ na ahɔho a wofi Bamako no rebɛba. Ahenni Asa agyiraehyɛde no bae bɛyɛ owigyinae. Bere a Mike buee so no, anuanom de anigye guu ahome. Wɔn a na wɔrepɛ biribi ahu no mpo de anisɔ hwɛe. Yɛn ho peree yɛn bere a na wɔde rebɔ dan no anim no. Afei na abɛda adi sɛ eyi nyɛ ɔdan biara kɛkɛ. Ɛyɛ “Yehowa Adansefo Ahenni Asa.”
Na anuanom mmea no reyɛ nnuan wɔ beae bi a ɛbɛn hɔ, wɔ ɔkwampaefo bi fie. Na aduan wɔ dadesɛn kɛse tuntum bi mu rehuruw. Yɛsesaa aduru a wɔde kaa dan no ho nkyɛnsee ne prae fii asa no ho ara pɛ na yɛtee nteɛm sɛ: “Wɔaba! Wɔaba!” Nnamfo no tutuu mmirika fii asa no so, na afoforo fii fie no mu bae. Ne nyinaa maa afipamfo no ho dwiriw wɔn. Anuanom de anigye dii akɔneaba. Hwɛ sɛnea wɔmaa nnamfo no akwaaba anigye so bere a wofi bɔs mu sisii no! M’ani gyei sɛ meyɛ Yehowa Adansefo no mu biako!
Mehwɛɛ ahɔho no—nnamfo a wofi ɛhɔnom mmusuakuw mu ne wɔn a wofi Burkina Faso ne Togo bae no. Amerikafo, Canadafo, Fransefo, ne Germanfo nso bae. Yɛtoo pon kɛse bi saa anadwo no. Yɛbɔɔ ogyatanaa kɛse bi ma ɛhyerɛn adiwo hɔ. Ɛyɛɛ me sɛ mintiti me ho na ama mahu ankasa sɛ meka nea ɛrekɔ so no ho. Bere a ade sae no, yɛde amemenemfe fii ase kɔɔ yɛn atrae mmiako mmiako.
Wɔde nnipa bebree a wɔn dodow bɛyɛ sɛ 20 traa faako. Metumi aka sɛ na ɛyɛ den ma ebinom. Mihui sɛ onuawa bi a ofi hɔ rekɔkyerɛ ɔhɔho bi a ɔyɛ Franseni tiafi a ɛwɔ abɔnten no. Ɔhɔho no yɛ asɛmpatrɛwfo no biako busuani, nanso ɔno ankasa nyɛ Ɔdansefo. Bere a wɔsan bae no, ɔkae sɛ: “Ahia mo saa nkurɔfo yi paa, nanso mowɔ dɔ na mo yam ye ankasa.” Na mepɛ sɛ meka sɛ: “Dabi, enhiaa wɔn. Yehowa nkurɔfo nyinaa yɛ adefo!” Nokwarem no, ɛhefa bio na wubetumi ahu nnipa a wogu ahorow saa a wɔte asomdwoe mu?
Ɔdan So Hyira a Ɛka Koma
Ade kyee ntɛm, na ɔdan no so hyira no baa ntɛmntɛm. Bere a yɛyɛɛ asɛnka nhyiam wɔ Ahenni Asa no so wiei no, Adansefo no kɔɔ asɛnka kɔtoo nsa frɛɛ kurow no mufo ma wɔbaa ɔdan no so hyira no ase. Mekaa akyiri hyehyɛɛ nhwiren no. Ɛhɔnom anuanom mmea no de ahoɔhare noaa anwummeduan.
Awiei koraa no, nnɔnan bɔe, na ɔdan no so hyira bere no dui. Nnipa a wɔn dodow si 92 na wɔbae, nanso asa no so ankyere so. M’ani gyei araa ma na mintumi ntra hɔ komm. Pierre Sadio kaa Sikasso adwuma no ho abakɔsɛm. Bere a wɔde no baa ha no, na ɛyɛ ɔno ne ne yere ne wɔn mma baanu nkutoo. Na asetra yɛ den yiye, nanso bere kɔɔ so no Yehowa hyiraa wɔn som adwuma no so. Onipa a odii kan bɛyɛɛ Ɔdansefo wɔ Sikasso no yɛ ɔkwampaefo titiriw seesei. Afei Pierre kyerɛkyerɛɛ sɛnea Adansefo kakraa bi no tumi sii ɔdan no mu. Wɔbɔɔ ɔbantofo bi paa, na asafo mũ no nyinaa yɛɛ ɔdan no ho adwuma Kwasida biara.
Afei Mike bisabisaa nnamfo a wɔyɛɛ ɔdan no ho adwuma no nsɛm. Obisaa wɔn mmiako mmiako sɛ ebia na wɔwɔ adwene no sɛ saa da yi bɛba anaa, ne sɛnea wɔte nka bere a wɔhwɛ Ahenni Asa a nnipa ayɛ mu ma no. Wɔn mu dodow no ara nne famee araa ma wɔantumi anka wɔn nsɛm anwie. Nusu guu Adansefo a na wɔwɔ hɔ no nyinaa.
Nea edi hɔ no, Ted Petras a ofi Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ Senegal no maa ɔdan no so hyira ɔkasa no. Wɔbɔɔ ɔdan no so hyira mpae no, na anuanom bɔɔ wɔn nsam kyɛe yiye. Ɛno akyi no, Mike too nsa frɛɛ obiara a ɔboa ma wosii asa no baa anim hɔ. Wobegyinaa hɔ, a na wɔn anim ayɛ sereserew, na anigye ama nusu asensan wɔn afono ho. Bere a yɛreto dwom a yɛde wiei no, na m’ani agye kɛse. Ɔsɛmpatrɛwfo a meyɛ no ma minya osuahu ahorow a ɛyɛ anigye kɛse mu kyɛfa. Sɛ yɛtraa yɛn fie wɔ United States a, anka yɛahwere nneɛma pii.
Fekubɔ Foforo a Ɔdɔ Wom
Wohyiraa so wiei no, wɔmaa yɛn nnɔkɔnnɔkɔwade. Anuanom mmea no toatoaa so bae a na wɔsõsõ mprɛte akɛse a anowatere gugu so. Na anuanom mmarima baanu di wɔn akyi a wɔhyehyɛ aduannoafo kyɛw ma adeyɛ no, na na wɔsõsõ mprɛte akɛse a keeki gugu so. Na wɔahyehyɛ keeki ntrantraa no de akutu ne ankawa a wɔatwitwa no nteanteaa agugu ho ama ayɛ fɛ. Na tebea no yɛ anigye ankasa.
Bere a wɔmaa ahɔho no bi wiei no, wofii hɔ. Afei Adansefo no de wɔn ani kyerɛɛ ofie bi a ɛbɛn hɔ kodii anwummeduan no. Yɛn nyinaa traa adiwo hɔ wɔ ɔsram a na atwa puruw no mu, na na ogya a ɛredɛw buruburuw ama adiwo hɔ ayɛ hann. Na m’ani agye kɛse, na ɛda no mu adwuma no ama mabrɛ araa ma mantumi anni m’aduan no anwie. Mede akokɔnan a mawe fã maa abeawa kumaa bi. Ɛhɔnom akwampaefo no hwɛɛ yɛn mprɛte so, na sɛ biribiara ka so a, wodi. Nnikae nni ha. Wɔahyɛ yɛn bɔne wɔ United States.
Bere a ade resa no, onua bi kaee wɔn a wofi Bamako bae no sɛ bɔs no bɛfa wɔn anɔpa 9:15. Ɛda a edi hɔ anɔpa no, na anuanom tete adiwo hɔ retwɛn sɛ bɔs no bɛba. Afei yɛtoo dwom a etwa to, “Yɛda W’ase, Yehowa.” Nusu fii ase guu yɛn, na bere a yɛrewie pɛ na bɔs no puei. Anuanom mmarima ne mmea no nyinaa yeyɛɛ wɔn ho wɔn ho atuu.
Yegyinaa hɔ hinhim yɛn nsa bere a bɔs no de brɛoo kɔe no. Wɔn a na wɔwɔ bɔs no mu nyinaa hinhim wɔn nsa kosii sɛ ɛdɔɔ mu. Ɛno akyi no, yɛn a yɛaka no dan yɛn ho hwehwɛɛ yɛn ho yɛn ho. Na ɛyɛ ɔdan so hyira ne dapɛn a ɛyɛ anigye ampa.—Wɔkyerɛw mae.
[Kratafa 27 mfonini]
Ahenni Asa a edi kan a Yehowa Adansefo sii wɔ Mali
[Kratafa 28 mfonini]
Nnipakuw a wɔn ani agye yi de bɔs na etuu kwan bae