Yɛn Okyinnsoromma a Ɛnyɛ Den sɛ Wɔbɛsɛe No—Ne Daakye Bɛyɛ Dɛn?
MFE ahanu a atwam no, Amerika manyɔfo Patrick Henry kae sɛ: “Minnim biribiara a megyina so aka nea ɛbɛba daakye sɛ nea atwam no.” Onipa asɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no wɔ mmere a atwam no mu. Ɔbɛyɛ n’ade ɔkwampa so daakye? Ɛde besi nnɛ yi, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ saa.
Ɛwom sɛ wɔanya nkɔso a ɛfata nkamfo de, nanso ayɛ aniani de titiriw, wɔadi ɔhaw no ho sɛnkyerɛnne ho dwuma mmom na ɛnyɛ nea ɛde ba no. Sɛ wɔde dua a awu si dan a, aduru a wɔde bɛka ho no rensiw bubu a ebebubu agu no kwan. Nsakrae titiriw a wɔbɛyɛ wɔ sɛnea wosii no mu nkutoo na ɛbɛbɔ ho ban. Saa ara na ɛsɛ sɛ wɔsakra ɔkwan a onipa nam so de okyinnsoromma yi di dwuma no. Ne sɛe ano a wobesiw kɛkɛ no nnɔɔso.
Bere a wɔrehwehwɛ nea afi mfe 20 a wɔde ahwɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia mu no mu aba wɔ United States no, ɔbenfo bi kae sɛ “yɛrentumi nni nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔsɛe no ho dwuma yiye, na mmom ɛsɛ sɛ yesiw ano.” Ɛda adi sɛ, efĩ ano a yebesiw no ye koraa sen sɛ yebedi nneɛma bɔne a ɛde ba no ho dwuma. Nanso sɛ yebedu saa botae no ho a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa abusua ne adwuma akɛse a wɔde adwene si so no mu nsakrae titiriw. Caring for the Earth nhoma no ka sɛ sɛ yɛbɛhwɛ asase no so a, nea ehia ne “gyinapɛn ahorow, sikasɛm nhyehyɛe ne nnipa a wɔyɛ soronko wɔ dodow no ara a wɔwɔ hɔ nnɛ no ho.” Dɛn ne gyinapɛn ahorow a ɛsɛ sɛ wɔsesã na ama wɔatumi abɔ okyinnsoromma no ho ban no bi?
Nneɛma a Ase Atim a Ɛde Ɔhaw no Ba
Pɛsɛmenkominya. Okyinnsoromma no ho anigye a yɛde bedi nnipa a wɔde pɛ mfaso anigye kan no ne ɔkwan titiriw a edi kan a wɔbɛfa so abɔ okyinnsoromma no ho ban. Ɛwom sɛ ebia taamudi asetra bɛsɛe okyinnsoromma no ama daakye awo ntoatoaso, nanso nnipa kakraa bi na wɔpɛ sɛ wɔbɛpow. Bere a Netherlands—aman a wɔyɛ hɔ fĩ sen biara wɔ Europa Atɔe Fam no biako—aban bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛtew kar a wɔde tu kwan so, sɛ́ ɔsatu a etia efĩ a wɔyɛ no fã no, sɔre a wɔsɔre tiae wɔ mmeae pii no sɛee nhyehyɛe no. Ɛwom sɛ Netherlands akwan ne nea ɛso akyere sen biara wɔ wiase no mu de, nanso na afirikafo no mpɛ ara kwa sɛ wobegyae ahofadi a wɔwɔ no mu.
Ahopɛ ka gyinaesifo ne ɔmanfo nyinaa. Amammuifo mpɛ sɛ wɔbɛma wɔadi nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nhyehyɛe biara a ɛremma wɔntow aba mma wɔn no so, na nnwumawuranom pow nsusuwii biara a ebetumi atew wɔn mfaso ne sikasɛm mu nkɔso so.
Adifudepɛ. Sɛ ɛba sɛ wɔmpaw sika ne biribi a wɔbɛkora so mu biako a, mpɛn pii no sika na wɔpaw. Nnwumawuranom a wɔwɔ tumi no kohu aban mpanyimfo na ama wɔabrɛ efĩ anosiw ase anaa wɔakwati aban mmara koraa. Mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a wɔasɛe no no yɛ ɔhaw yi ho nhwɛso. Nnansa yi ara wɔ March 1988 mu no, U.S. aduruyɛ adwumayɛkuw kɛse bi titrani kae sɛ: “Mprempren, nyansahu mu adanse kyerɛ sɛ ɛho nhia sɛ yɛtew nneɛma a efi CFC mu kɔ wim no so kɛse.”
Nanso, saa adwumayɛkuw yi ara kamfo kyerɛe sɛ wonnyae chlorofluorocarbons (CFCs) yɛ koraa. Wɔn adwene asesã? Mostafa Tolba, Amanaman Nkabom Dwumadi a Ɛhwɛ Nneɛma a Atwa Yɛn Ho Ahyia So (UNEP) kwankyerɛfo panyin, no kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ná ɛnyɛ nea wodwen ho ne nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔresɛe no anaa wɔnsɛe no no. Ná nea wodwen [ho] nyinaa ne onii ko a obenya mu mfaso [wɔ sika fam] no.” Nyansahufo pii ahu nnɛ sɛ mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a wɔsɛe no no yɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a onipa asɛe no sen biara wɔ abakɔsɛm mu no biako.
Ɛho Nimdeɛ a Wonni. Nneɛma a yennim no dɔɔso yiye sen nea yenim. Peter H. Raven, a ɔyɛ panyin wɔ Missouri Botanical Garden, no kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Nimdeɛ kakraa bi na yɛda so ara wɔ wɔ mmoa pii a wɔwɔ kwae a osu tɔ na owia bɔ kɛse wom mu ho. Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, yenim ɔsram no so nneɛma pii—pii pa.” Saa ara na ɛte wɔ wim ho. Carbon dioxide dodow ahe na yebetumi akɔ so ama akɔ wim a ɛrenka wim tebea no wɔ wiase nyinaa? Obiara nnim. Nanso sɛnea Time nsɛmma nhoma kae no, “ɛyɛ anibiannaso sɛ yɛbɛyɛ abɔde mu nhwehwɛmu akɛse a ɛte saa bere a yennim nea ebefi mu aba na nea ebetumi afi mu aba no yɛ hu dodo sɛ yebesusuw ho.”
Sɛnea UNEP akontaabu kyerɛ no, ebetumi aba sɛ awiei koraa no, ebedu mfe du yi awiei no, mframa a ɛsɔn owia ahoɔden so a wɔasɛe no no bɛma nnipa ɔpehaha pii anya honam ani kokoram afe biara. Ebesi nnɛ no, wonnim nea ɛde bɛba nnɔbae ne nsu mu nam so, nanso wɔhwɛ kwan sɛ nea ɛbɛba so no bɛyɛ kɛse.
Ade a Wɔnhwɛ Nkɔ Akyiri. Nea ɛnte sɛ asiane afoforo no, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho haw ahorow no di yɛn awu nkakrankakra. Eyi siw mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛkɔ so ayɛ biako adi ho dwuma ansa na ɔsɛe a wontumi nyɛ ho hwee aba no ano. Saving the Planet nhoma no de yɛn nnɛ tebea no toto akwantufo a wowuwui wɔ po so hyɛn a wɔfrɛ no Titanic a ɛmemee wɔ 1912 mu no de ho: “Nnipa kakraa bi na wonim sɛnea asiane a ebetumi aba no kɛse te.” Wɔn a wɔkyerɛw nhoma no gye di sɛ wobetumi abɔ okyinnsoromma no ho ban bere a amammuifo ne nnwumawuranom gye nokwasɛm no tom na wodwen ano aduru a ɛbɛkyɛ ho sen sɛ wobedwen bere tiaa mu mfaso ho no.
Ahopɛ su ahorow. Wɔ Asase Ho Nhyiam a wɔyɛe wɔ 1992 mu ase no, Spain soafo panyin Felipe González daa no adi sɛ “ɔhaw no yɛ wiase nyinaa haw, na ɛsɛ sɛ wiase nyinaa hwehwɛ ano aduru.” Ɛno yɛ nokware, nanso ano aduru a wobenya a wobegye atom wɔ wiase nyinaa no yɛ adwuma a ɛyɛ den. U.S. nanmusifo a ɔkɔɔ Asase Ho Nhyiam no bi kaa no pen sɛ: “Amerikafo rempow wɔn asetra kwan.” Wɔ ɔkwan foforo so no, nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nimdefo, Maneka Gandhi, a ofi India, no kae sɛ “wɔ Atɔe Fam no, abofra biako di nea nnipa 125 di wɔ Apuei Fam.” Ɔkyerɛe sɛ “ɛkame ayɛ sɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a wɔresɛe no wɔ Apuei Fam no fi nneɛma a Atɔe Famfo di.” Esiane aman ahopɛ su nti, wɔadi nkogu mpɛn pii wɔ mmɔden a amanaman no bɔ sɛ wɔbɛma nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ayɛ papa mu.
Wɔ ɔhaw atitiriw yi nyinaa akyi no, ntease wɔ hɔ a enti ɛsɛ sɛ yɛde awerɛhyem hwɛ daakye kwan. Emu biako ne tumi a nhyehyɛe a ɛbɔ yɛn okyinnsoromma no ho ban wɔ sɛ ebesiesie nneɛma a asɛe no.
Asase no a Wɔsa no Yare
Te sɛ nipadua no, asase wɔ tumi a ɛyɛ nwonwa a ɛde sa ne ho yare. Eyi ho nhwɛso a ɛda nsow bi sii afeha a etwaam no mu. Wɔ 1883 mu no, Indonesia ogya bepɔw supɔw a ɛne Krakatau (Krakatoa) no paapaee denneennen ma wɔtee wɔ bɛyɛ kilomita 5,000. Ɛtow nneɛma bi a ne kɛse ne ne tenten bɛyɛ kilomita 21 kɔɔ wim, na supɔw no nkyem abiɛsa mu abien mem kɔɔ po no ase. Asram akron akyi no, ade a na ɛte nkwa mu wɔ so ara ne ananse ketewa bi. Ɛnnɛ, afifide a wohu wɔ baabi a osu tɔ na owia bɔ kɛse wɔ hɔ, na nnomaa ahorow, nufummoa, awɔ, ne mmoawa wom, bebree akata supɔw no so. Akyinnye biara nni ho sɛ ahobammɔ a supɔw no nya sɛ Ujung Kulon Ɔman Turo no fã no na aboa ma asan asi ne dedaw mu.
Wobetumi asiesie nneɛma a onipa asɛe no no nso. Bere a ɛsɛ mu no, asase no betumi asa ne ho yare. Asemmisa no ne sɛ, Nnipa bɛma asase no anya ɔhome a ehia no? Ebia wɔrenyɛ saa. Nanso Obi wɔ hɔ a wasi ne bo sɛ ɔbɛma yɛn okyinnsoromma no asa ne ho yare—Onii ko a ɔbɔe no.
“Momma Asase Ani Nnye”
Onyankopɔn ammɔ ne tirim da sɛ ɔbɛma onipa asɛe asase no. Ɔka kyerɛɛ Adam sɛ “ɔnnɔw na ɔnnwɛn” Eden turom hɔ. (Genesis 2:15) Yehowa daa dwen a odwen nneɛma a atwa yɛn ho ahyia a ɔbɛbɔ ho ban ho no nso adi wɔ mmara a ɔde maa Israelfo no mu pii mu. Sɛ nhwɛso no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ mfe ason biara, wɔmma asase no nna hɔ kwa—Homeda afe no. (Exodus 23:10, 11) Awiei koraa no, bere a Israelfo no pow eyi ne ɔsoro mmara foforo mpɛn pii no, Yehowa maa Babilonfo kwan ma wobetuu wɔn fii asase no so, na asase no yɛɛ amamfo mfe 70 ‘kosii sɛ asase no dii ne home mfe no.’ (2 Beresosɛm 36:21) Esiane saa abakɔsɛm mu nhwɛso yi nti, ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible no ka sɛ Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔsɛe asase no’ sɛnea ɛbɛyɛ a asase no betumi asiesie ɛso nneɛma a onipa asɛe no no.—Adiyisɛm 11:18.
Nanso, saa adeyɛ no yɛ ade a obedi kan ayɛ kɛkɛ. Sɛnea afifide ne mmoa atrae ho nimdefo Barry Commoner da no adi pefee no, sɛ okyinnsoromma no bɛtra hɔ a, “gye sɛ yegyae ako a yɛne abɔde di ne nea yɛne yɛn ho di no.” Sɛ yedu saa botae no ho a, ɛsɛ sɛ ‘Yehowa kyerɛkyerɛ’ nnipa a wɔwɔ asase so no, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bedwen ne yɔnko ho na wɔahwɛ wɔn asase fie no so. Nea ebefi mu aba ne sɛ wɔn asomdwoe “bɛdɔɔso.”—Yesaia 54:13.
Onyankopɔn ma yɛn awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ asase so nneɛma a atwa yɛn ho ahyia no foforo. Sɛ́ anka anhwea pradada bɛkɔ so atrɛw mmom no, ‘ɛbɛhan sɛ nhwiren.’ (Yesaia 35:1) ‘Asase no so aburofuw bɛdɔɔso,’ na ebeyi ɔkɔm afi hɔ. (Dwom 72:16) Sɛ́ anka efĩ bɛma asase so nsubɔnten ayow no, ‘ɛbɛbɔ wɔn nsam.’—Dwom 98:8.
Bere bɛn na nsakrae a ɛte saa bɛba? Ɛyɛ bere a “Awurade [Yehowa, NW] di hene” no. (Dwom 96:10) Onyankopɔn tumidi de nhyira bɛbrɛ abɔde biara a nkwa wom wɔ asase so. Odwontofo no ka sɛ: “Momma asase ani nnye. Momma ɛpo ne nea ɛwom nyinaa mmɔ ose; momma asase ne nea ɛwom nyinaa nni ahurusi. Afei kwae mu nnua nyinaa bɛto ahosan dwom.”—Dwom 96:11, 12, New International Version.
Daakye pa bi wɔ hɔ ma asase a ne Bɔfo ahyira so na wodi so trenee mu no. Bible ka nea ebefi mu aba ho asɛm sɛ: “Na trenee ne asomdwoe adi mfewano. Nokware befifi asase so, na trenee afi soro ahwɛ. Nso Awurade bɛma papa, na yɛn asase bɛma ne nnɔbae.” (Dwom 85:10-12) Sɛ saa da no ba a, yɛn okyinnsoromma no bɛde ne ho afi asiane ho daa.
[Kratafa 13 mfonini]
Te sɛ nipadua no, asase wɔ tumi a ɛyɛ nwonwa a ɛde sa ne ho yare