Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 2/8 kr. 11-13
  • Sɛ M’adamfo Bi Kɔ Ɔhaw mu a Dɛn na Ɛsɛ sɛ Meyɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Sɛ M’adamfo Bi Kɔ Ɔhaw mu a Dɛn na Ɛsɛ sɛ Meyɛ?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Metumi Agye No’
  • Sɛnea Wubetumi Aboa
  • Te Sɛ Nea Hwee Nsii?
  • Adesoa a Ɛboro So
  • Onyankopɔn To Nsa Frɛ Wo Sɛ Bɛyɛ N’adamfo
    Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Dɛn Nti na M’adamfo no Maa Midii Yaw Saa?
    Nyan!—2000
  • So Ɛsɛ sɛ Miyi M’adamfo To?
    Nyan!—1989
  • Sɛnea Wobɛboa W’adamfo a Ɔyare
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 2/8 kr. 11-13

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Sɛ M’adamfo Bi Kɔ Ɔhaw mu a Dɛn na Ɛsɛ sɛ Meyɛ?

Sherrie a wadi mfe 14 no ka sɛ: “M’adamfo paa gyaee Kristoni a ɔyɛ no. Ɛmaa me werɛ howee. Mabɔ mmɔden yiye sɛ mɛhyɛ no nkuran!”a

OBI a ɔbɛn wo atɔ ɔhaw mu—anaa wafi ase redi asetra kwan bi a enye akyi? Johnny ka sɛ: “Na me ne Chris bɔ yiye. Na yɛyɛ nnamfo paa. Da koro oguan fii fie. Eyi maa me ho dwiriw me, na metee nka sɛ ɛsɛ sɛ mekɔhwehwɛ no. Mede kar hwehwɛɛ no anadwo mũ no nyinaa.”

Bible no bɔ kɔkɔ sɛ, nna a edi akyiri no mu no, nhyɛso kɛse bɛba nkurɔfo so, mpanyin ne mmofra. (2 Timoteo 3:1-5) Enti sɛ bere ne bere mu sɛ Kristoni kumaa bi fom a, ɛnsɛ sɛ yɛn ho dwiriw yɛn. Nanso sɛ ɛto obi a wopɛ n’asɛm yiye a, wubetumi anya nkate ahorow, fi awerɛhow ne ayamhyehye so kosi abufuw so. Wopɛ sɛ woboa w’adamfo no. Nanso ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ saa?

‘Metumi Agye No’

Bible no se: “Nea ɔdan ɔdebɔneyɛfo fi ne mfomso kwan so no, obegye [ɔdebɔneyɛfo no kra] afi owu mu, na wakata bɔne pii so.” (Yakobo 5:20) Nanso so eyi kyerɛ sɛ saa a wobɛyɛ no yɛ w’asɛyɛde? Ɛnkyerɛ saa ankasa. W’adamfo no awofo na ne ho asɛyɛde da wɔn so titiriw. (Efesofo 6:4) Bible no san ka wɔ Galatifo 6:1 sɛ: “Anuanom, sɛ mfomso bi bɛto obi nso a, mo a moyɛ honhom mufo no, monteɛ nea ɔte saa no so odwo honhom mu.” Asafo mu ahwɛfo titiriw na wɔfata wɔ eyi yɛ mu. Enti wɔwɔ gyinabea a eye a wobetumi aboa sen wo.

Ɛsɛ sɛ wugye tom sɛ, sɛ́ obi a wunnyinii no, wunni osuahu pii wɔ asetra mu. (Fa toto Hebrifo 5:14 ho.) Enti fi ahobrɛase mu gye wo sintɔ ahorow tom, eyi mu na kwati sɛ wobɛyɛ ade a ɛsen wo. (Mmebusɛm 11:2) Susuw abofra bi a wɔfrɛ no Rebekah ho. Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa n’adamfo barima, a ɔyɛ obusuani, a ɔde ne ho ahyɛ nnuru bɔne nom mu. Ɔka sɛ: “Nea ɛhyɛɛ me so ne sɛ, wanka n’atirimsɛm ankyerɛ n’awofo na mmom me. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛboa no, nanso na abasamtu kɛse wom. Bere a akyiri koraa no mihui sɛ mintumi nyɛ ho hwee no, ɛboaa me . . . ná merentumi nyɛ ne gyefo.” Enti Rebekah hyɛɛ no nkuran sɛ ɔnhwehwɛ mmoa mfi mpanyimfo a wɔfata hɔ.

Ná Matthew a onyinii no nso wɔ tebea a ɛte saa ara mu, nanso ogyee ne sintɔ ahorow toom mfiase pɛɛ. Ɔka faa n’adamfo bi a wahaw ho sɛ: “Na ɔde ne nsɛnnennen bɛto m’anim, nanso na meka kyerɛ no sɛ ɔnkɔka nkyerɛ n’awofo. Ná minim yiye sɛ merentumi nni ne haw ahorow no ho dwuma.”

Sɛnea Wubetumi Aboa

Eyi nkyerɛ sɛ worentumi nyɛ hwee mfa mmoa. Pii gyina tebea horow no so. Ebia w’adamfo no bɛpɛ sɛ ɔka n’atirimsɛm kyerɛ wo. Ɛyɛ awosu sɛ wobɛpɛ sɛ wobɛboa no na wutie no. (Mmebusɛm 18:24; 21:13) Anaa ebetumi aba sɛ wafi ase redi asetra kwan bi a enye akyi. Ɛbɛyɛ papa sɛ wubedi kan aka akyerɛ no sɛ, ɛmfa ho sɛ wopɛ n’asɛm no, worentumi mpene nea ɔreyɛ no so.

Tebea foforo nso betumi ayɛ nea ɛfa adamfo bi a ogye tom sɛ wayɛ mfomso bi a anibere wom ho. Ebia ɔbɛbɔ mmɔden mpo sɛ ɔbɛma woahyɛ no bɔ sɛ worenka nkyerɛ obiara. Nanso Bible no ka sɛ: “Mfa wo ho mfra ebinom bɔne mu. Hwɛ wo ankasa wo ho so, na woayɛ kronn.” (1 Timoteo 5:22) Sɛ w’adamfo no yare denneennen na ohia ayaresa a, so worenhyɛ no mfa no nkohu oduruyɛfo? Saa ara pɛpɛɛpɛ na sɛ wayɛ bɔne a anibere wom a, ohia honhom mu mmoa. Nsɛm a wobɛkora so no bekum no honhom mu—na ɛbɛka asafo no ɔkwammɔne so. Enti wowɔ asɛyɛde sɛ wobɛhwɛ ma asafo mu mpanyimfo no aso ate.—Fa toto Leviticus 5:1 ho.

Caroline a ɔyɛ abofra no yɛɛ ade akokoduru so wɔ n’adamfo kobɔfo bi a na odi atoro kyerɛ n’awofo no ho. Ɔka sɛ: “Memaa no nnawɔtwe abien sɛ ɔmmɔ mpanyimfo no amanneɛ. Meka kyerɛɛ no sɛ, sɛ wanyɛ a, mɛkɔ akɔka akyerɛ wɔn. Ná eyi nyɛ mmerɛw mma me sɛ mɛyɛ.” Johnny a yɛbɔɔ ne din mfiase no nso daa akokoduru a ɛte saa adi. Johnny ka n’adamfo no ho asɛm sɛ: “Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihui sɛ ɔne abeawa bi na ɛte. Ná afoforo wɔ fie hɔ a wɔnom nsa ne sigaret.” Johnny ka kyerɛɛ n’adamfo no sɛ omfi adi na ɔkamfo kyerɛɛ no denneennen sɛ ɔnhwehwɛ mmoa mfi mpanyimfo a wɔwɔ asafo no mu no hɔ.

Ebia w’adamfo no ani bɛsɔ wo mmɔdenbɔ no anaasɛ n’ani nsɔ. Bible no ka kyerɛ yɛn sɛ, bere a ne nuanom yɛɛ nneɛma bɔne no, aberantewa Yosef ‘bɛbɔɔ wɔn dimmɔne kyerɛ wɔn agya.’ Ɛda adi sɛ eyi amma ne nuanom ampɛ n’asɛm. Nokwarem no, “wɔtan no.”—Genesis 37:2-4.

Te Sɛ Nea Hwee Nsii?

Sɛ wokɔ so ne w’adamfo no bɔ te sɛ nea biribiara nsii a, ɛbɛsɛe mmɔden a woabɔ sɛ wobɛboa no no. Ɔsomafo Paulo bɔɔ Kristofo kɔkɔ wɔ nnebɔneyɛfo a wɔne wɔn bɛbɔ fekuw no ho wɔ 1 Korintofo 15:33. Nnipa a wɔte saa a wo ne wɔn bɛbɔ no betumi abrɛ wo ase!

Mollie a onyinii no suaa eyi ɔkwan a ɛyɛ yaw so bere a n’adamfo Sally fii ase ne mmarimaa nantew esum ase no. Ná ɛnyɛ sɛ na Sally sua dodo sɛ ɔbɛware nko, na mmom, ɔne mmarimaa a wɔnyɛ Kristofo na ɛnantewee nso. Mollie buu n’ani guu tebea no so na ɔne n’adamfo no kɔɔ so bɔe. Dɛn na efii mu bae? Mollie ka sɛ: “Awiei koraa no, Sally yɛɛ nhyehyɛe maa me ne wiaseni abarimaa bi, na yepuei.” Nea eye ne sɛ, Mollie nyaa asafo mu mpanyimfo hɔ mmoa ma tebea no ansɛe koraa.

Lynn nso buu n’ani guu nneɛma bi a anibere wom so sɛnea ɛbɛyɛ na wakɔ so ne abeawa bi a wɔfrɛ no Beth ayɛ nnamfo. Lynn ka sɛ: “Metee nka sɛ metumi aboa no nanso anyɛ yiye. Me ne no kɔɔ asanombea. Ná minim sɛ enye nanso na mempɛ sɛ mema odi yaw. Ne nsɛnnennen no fii ase hyɛɛ me so. Mimuaa m’ano wɔ asɛm no ho, ná misusuw sɛ ɛto betwa, nanso ɛbɛyɛɛ kɛse.” Awerɛhosɛm bi maa Lynn ani so tetew no. Aberante a ɔne n’adamfo Beth nantewee no kum no.

Ɛte sɛ nea wo ho a wode bɛfam w’adamfo bi ho no yɛ adepa. Nanso sɛ nsu a ne hweam no ano yɛ den bi refa w’adamfo no a, so wubehuruw atɔ mu? Nea ebefi mu aba ara ne sɛ mo baanu nyinaa bewu. Ade a nyansa wom sɛ woyɛ ne sɛ wobɛto biribi a ebetumi agye no nkwa ama no. Saa ara nso na ɛho hia sɛ wugyina beae a eye na wode mmoa ama.—Yuda 22, 23.

Sɛ wotu w’adamfo no fi asafo no mu a, ɛsɛ sɛ wotew wo ho fi ne ho. Bible no ahyɛde ne sɛ, wo ne obi a ɔte saa no “mmmɔ.” (1 Korintofo 5:11) Bere a woda so pɛ n’asɛm no, wubetumi aboa no denam wo nokwaredi ma Yehowa so na ɛnyɛ sɛ wubedi n’akyi akɔyɛ bɔne. (Dwom 18:25) Ebia wo gyinabea a wunnyaw mu nsiesie no na ɛbɛka no ma wɔasesa ne nneyɛe no. Nea ɛsen ne nyinaa no, wo nokwaredi bɛma Yehowa ani agye.—Mmebusɛm 27:11.

Adesoa a Ɛboro So

Mpɛn pii no, obi mmɔdenbɔ a ɛsen biara no taa yɛ ɔkwa. Rebekah kae wɔ n’adamfo no ho sɛ: “Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛboa no. Mekyerɛw no krataa mpo, nanso wamma ho mmuae da.” Caroline behui sɛ, asram pii a ɔde bɔɔ mmɔden sɛ ɔde bɛboa n’adamfo a na ɔreyɛ ade a ɛbɛma watɔ ɔhaw mu akyi no, “ofii ase tee nhyɛso bi nka.”

Ɛho hia sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, “yɛn nyinaa bebubu yɛn ho akontaa mmiako mmiako akyerɛ Onyankopɔn.” (Romafo 14:12) Na bere a eye sɛ woboa obi ma ɔsoa ne nnosoa anaa ne nsɛnnennen denam mmoa ankasa a wode bɛma no so no, worentumi nsoa onipa foforo biara “adesoa”—kyerɛ sɛ, obi asɛyɛde wɔ Onyankopɔn anim. Bible no se: “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.” (Galatifo 6:5) Nea w’adamfo paw no ho asodi nna wo so.

Nanso ɛyɛ yaw sɛ wobɛhwɛ sɛ w’adamfo bi resɛe n’asetra. Aberante bi a wɔfrɛ no Mike ka n’adamfo bi a ɔhweree no ho asɛm sɛ: “Ɛkaa me yiye. Ná me ne Mark ne n’awofo bɔ yiye. Minyaa adwenemhaw kakra.”

Ɛyɛ awosu sɛ wubedi yaw wɔ adehwere a ɛte saa ho. Nanso obi a wowɔ ne mu ahotoso a wobɛka sɛnea wote nka akyerɛ no no betumi aboa. (Mmebusɛm 12:25) Rebekah se: “Ɛdenam m’awofo mmoa so no, mitumi dii so.” Wubetumi ada wo nkate adi akyerɛ Yehowa Nyankopɔn wɔ mpaebɔ mu. (Dwom 62:8) Caroline bɔ asɛm no mua na ɔka sɛ: “Yehowa a mebɔɔ no mpae ne afoforo a mekaa asɛm kyerɛɛ wɔn no boaa me yiye. Me ne afoforo bɔɔ kɛse wɔ asafo no mu, titiriw mmea mpanyimfo. Mibehui akyiri yi sɛ, obiara bebu ne nneyɛe ho akontaa ne sɛ, ɛsɛ sɛ mehwɛ so bɔ me bra.” Akyinnye biara nni ho sɛ eyi nyinaa a wobɛyɛ no, bɛyɛ mmoa ama wo ankasa. Na wubetumi aboa w’adamfo a wabɔ ko no nso.

[Ase hɔ nsɛm]

a Wɔasesa din no bi.

[Kratafa 13 mfonini]

Hyɛ w’adamfo nkuran ma ɔnkɔhwehwɛ mmoa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena