Obi Wɔ Hɔ a Yebetumi Anya Ne Mu Ahotoso?
“Ná ɔne wɔn a wɔnyɛ yɛn abusuafo a m’awofo wɔ wɔn mu ahotoso koraa no mu biako. . . . Ɔyɛɛ ne ho sɛ onipa pa ne obi a odwen afoforo ho a ɔrenyɛ biribiara a ebepira yɛn. . . . Ná ɔyɛ nnipa kakraa bi a minyaa wɔn mu ahotoso koraa wɔ m’asetram no mu biako.”
SAA na ababaa bi kaa ahotoso a na ɔwɔ wɔ n’abusua duruyɛfo mu ho asɛm. Nea ɛyɛ awerɛhow no, na ɛyɛ ahotoso a ɛnteɛ koraa. Efi bere a odii mfe 16 no, saa oduruyɛfo yi too no mmonnaa. Ɔka kyerɛɛ asennibea atemmufo a wɔde asotwe a ɛfata maa oduruyɛfo no saa bere no sɛ: “Odii atoro na ɔdaadaa me.”—The Toronto Star.
Wɔasɛe Ahotoso Wɔ Baabiara
Te sɛ nhwiren a ɛyɛ fɛ nanso ɛyɛ mmerɛw no, wobetumi de ahotoso ato fam atiatia so wɔ ɔkwan a ɛyɛ mmerɛw so. Wɔresɛe no wɔ baabiara! Michael Gaine, a na ɔyɛ ɔsɔfopɔn ne ɔsɔfo panyin kyerɛwfo wɔ England no kae sɛ: “Bere bi a atwam no, na obiara wɔ ɔsɔfo mu ahotoso. Bere a mmusua de wɔn mma maa no sɛ ɔnhwɛ wɔn so. Menhwɛ ɛno kwan nnɛ. Yennya saa ahotoso no bio da.”—The Guardian Weekend.
Adwumayɛfo sisi wɔn mfɛfo adwumayɛfo. Nsɛm ho amanneɛbɔfo anitefo no daadaa adetɔfo na wosisi wɔn. Adwumawura tirimɔdenfo bi dii adwumayɛfo a onyin ama wɔagyae adwuma sika, na ɛmaa n’adwumayɛfo no hweree sika a wobenya nyinaa. Adwumayɛfo wia wɔn adwumawuranom daa. Sɛ nhwɛso no, amanneɛbɔ bi kae sɛ, “sika a wowiaa no nnwuma bi mu maa Canada nnwuma hweree bɛyɛ dɔla ɔpepepem 20 afe biako mu.”—Canadian Business.
Ɛnyɛ amammuifo nyinaa na wontumi nnya wɔn mu ahotoso. Nanso amanneɛbɔ te sɛ nea edi so yi ma nnipa bi ho dwiriw wɔn: “Bere a wokum France mmea amammuifo a wɔma wogye kyim sen biara mu biako akyi dapɛn abien no, polisifo repa amammui mu nnaadaa ne atirisopam bɔne a akɔ so bere tenten wɔ nniso a ɛwɔ Mediterranea mpoano mu ho ntama.”—The Sunday Times, London.
Ahotoso sɛee mpɛn pii wɔ abusuabɔ a emu yɛ den mu. Okununom ne ɔyerenom fi wɔn ahokafo akyi. Awofo yɛ wɔn mma ayayade. Mmofra daadaa wɔn awofo. Bere a wobuee mmeae a na kan, Stasi, East Germany kokoam polisifo de ɔmanfo ho kyerɛwtohɔ sie hɔ no, wohuu “nnaadaasɛm pii” a nnipa bi a na wobu wɔn sɛ nnamfo adi. Amanneɛbɔ bi ka sɛ, wɔ nnipa a na afoforo yi wɔn ma mu no, “Stasifo trɛw kɔɔ sukuu dan, asɔredan, pia, ne bɔneka dan mpo mu.”—Time.
Wɔ Ireland no, sɛnkyerɛwfo bi kyerɛwee sɛ: “Nnipa a wodi tumi no adaadaa yɛn, wɔadi atoro akyerɛ yɛn, wɔde yɛn ayɛ adwuma, na wɔayɛ yɛn ayayade abu yɛn animtiaa.” (The Kerryman) Nnipa pii wɔ hɔ a, esiane sɛ wɔayi wɔn ama mpɛn pii nti, wonni obiara mu ahotoso. Dɛn na yebetumi ayɛ ahwɛ ahu sɛ yɛn ahotoso no nyɛ nea ɛnteɛ? Asɛm a edi hɔ no bɛpɛɛpɛɛ saa asemmisa yi mu.