Gyidifo no Wɔ He?
EFI NYAN! KYERƐWFO A ƆWƆ SPAIN HƆ
“Anibiannaso regu nyamesom sen biribiara.”
EDMUND BURKE, AFEHA A ƐTO SO 18 NO MU BRITANIA ƆMANYƆFO.
SPAIN kusuu fam asasetaw bi a mframa fa hɔ kɛse na kurow ketewa Caleruega da. Romafo nkokorafi kɛse bi agye mfinimfini mmere mu kurow no afa. Wosii no mfe 700 a atwam ni de hyɛɛ Domingo de Guzmán, a wɔwoo no wɔ hɔ a ɔtee Dominican asɔfo fekuw no, anuonyam. Asɔrefie no ayɛ mmea nkokorafo a wɔpaw sɛ wɔbɛtra ase komm na wɔatew wɔn ho no fie mfeha ason ni.
Nkokorafi no suhyɛ no nwini, na tete ɔfasu no reyɛ adwiriw agu. Nanso ade a ɛhaw ɔbea panyin no ne asehwe a ɛkɔ akyiri sen saa—nyamesom ankasa a ɛrebɔ fam. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Bere a mebaa nkokorafi ha bɛyɛ mfirihyia 30 ni no, na mmea nkokorafo 40 na wɔwɔ ha. Seesei yɛyɛ 16 pɛ. Mmabaa biara nni yɛn mu. Ɛte sɛ nea nyamedwuma bere atwam.”
Nea ɛrekɔ so wɔ Caleruega no rekɔ so wɔ Europa mmeae pii. Ɛnyɛ sɛ amansan nyinaa asɔre atia nyamesom na mmom gyae kɛkɛ na wɔregyae dinn a biribiara ntumi nsiw wɔn kwan. “Gyidifo” no agyae Europa asɔre dan akɛse no mu som ama nsrahwɛfo. Asɔre a na anka bere bi na hwee ntumi no—sɛ́ ɛyɛ Protestant anaa Katolek—no yɛ nea anibiannaso redi so. Wiase no mu nneɛma ho hia nkurɔfo sen nyamesom wɔ wɔn asetram—su a asɔre akasamafo frɛ no wiase akyidi. Ɛte sɛ nea nyamesom ho nhia bio koraa. So Europa nyamesom mu tebea yi yɛ sɛnea ɛrebɛkɔ fam saa ara wɔ wiase no mmeae foforo no ho mpopoe?
Dɛn na Aba Asɔrekɔ So?
Tebea yi nyɛ ade foforo wɔ Europa kusuu fam. Scandinaviafo a wɔyɛ Luther akyidifo ɔha mu 5 pɛ na wɔkɔ asɔre daa. Wɔ Britania no, wɔn a wɔyɛ Anglikanfo ɔha mu 3 pɛ na wɔkɔ Kwasida asɔre. Nanso seesei, ɛte sɛ nea Europa Katolekfo a wɔwɔ kesee fam no resuasua wɔn mfɛfo a wɔwɔ kusuu fam no.
Wɔ France, ɔman a Katolekfo na wɔdɔɔso wom no, ɔmamfo no mu 10 biara mu 1 pɛ na wɔkɔ asɔre pɛnkoro dapɛn biara. Wɔ mfe 25 a atwam no, Spaniafo dodow a wobu wɔn ho sɛ wɔyɛ “Katolekfo amapa” no so ahuan fi ɔha mu 83 abedu ɔha mu 31. Wɔ 1992 mu no, Spania sɔfopɔn Ramon Torrella ka kyerɛɛ nsɛnkyerɛwfo sɛ “Spain nyɛ Katolek man bio; nkurɔfo kɔ Dapɛn Kronkron aperententu ne Buronya Mass—nanso [wɔnkɔ Mass] dapɛn biara.” Bere a pope kɔsraa Madrid wɔ 1993 mu no, John Paul II bɔɔ kɔkɔ sɛ “ɛsɛ sɛ Spain san kɔ ne nkyi a ɛne Kristosom no so bio.”
Nyamesom mu anibiannaso yi aka asɔfo ne wɔn asɔremma nyinaa. Dodow a wɔhyɛɛ wɔn asɔfo foforo wɔ France no baa fam beduu 140 wɔ 1988 mu (nea esua sen 1970 dodow no), bere a wɔ Spain no, nnipa bɛyɛ 8,000 agyae asɔfodi sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛware. Eyi akyi no, wɔn a wɔda so ara som wɔn nguankuw no nni ahotoso wɔ nsɛm a wɔka no mu. Sweden Luther akyidifo asɔfo no ɔha mu 24 pɛ na wɔte nka sɛ wobetumi afi “ahonim pa mu” aka ɔsoro ne hell ho asɛm, bere a Fransefo asɔfo mu nkyem anan mu biako adwene mu mpo yɛ wɔn naa wɔ Yesu wusɔre no ho.
Anigyede ne Akɔnnɔde Ba Ansa na Nyamesuro Aba
Dɛn na ɛresi nyamesom ananmu? Wɔ afie pii mu no, ahomegye asi ɔsom ananmu. Edu Kwasida a, mmusua de wɔn ani kyerɛ mpoano anaa mmepɔw so sen sɛ anka wɔbɛkɔ asɔre. Juan, Spaniani aberantewa a ɔte sɛ ne mfɛfo no ka no animtiabu kwan so sɛ, “Mass kɔ yɛ anihaw.” Nkurɔfo ani nnye nyamesom mu ɔsom mu nneyɛe ho te sɛ bɔɔlbɔ anaa nnwonto akuw agodie, adeyɛ a ɛtwe dɔm kɔ agumadibea ahorow ma ɛyɛ ma.
Ɛnyɛ nnipa a wɔagyae asɔrekɔ no nkutoo na ɛkyerɛ sɛ nyamesom rekɔ fam. Europafo pii pɛ sɛ wɔn ankasa paw nyamesom mu nsusuwii a eye ma wɔn. Nnansa yi, ɛsono asɔre gyidi na ɛsono gyidi a ankorankoro a wɔwɔ saa nyamesom kuw no mu no wɔ koraa. Europafo dodow no ara—sɛ́ wɔyɛ Katolekfo anaa Protestantfo—nnye owu akyi asetra nni bio, bere a Katolekfo ɔha mu nkyekyem 50 a wɔwɔ Franse, Italia, ne Spania nso nnye anwonwade nni.
Ɛte sɛ nea asɔre mpanyimfo no ntumi nyɛ adwene a enhyia a ɛrekɔ soro yi ho hwee. Eyi nnaa adi kɛse wɔ biribiara mu sɛ pope ɔsatu a etia nyinsɛn a wosiw ano no. Wɔ 1990 mu no, Pope John Paul II hyɛɛ Katolekfo adufrafo sɛ wɔnntɔn nnuru a wɔde siw nyinsɛn ano. Ɔkyerɛe sɛ saa nneɛma yi “to awosu mu mmara na ɛsɛe obi nidi.” Saa nso na Catechism of the Catholic Church no kyerɛ sɛ “ɔdɔ a ɛda ɔbarima ne ɔbea ntam wɔ aware mu no de asɛyɛde a ɛbɔ ho abien yi a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wodi wɔn ho wɔn ho nokware na wɔwo mma no to wɔn so.”
Ahyɛde katee yi nyinaa akyi no, Katolekfo awarefo dodow no ara fa wɔn ankasa kwan so. Mmusua a wɔwɔ mma boro abien na seesei wosua wɔ Katolek aman a ɛwɔ Europa kesee fam no mu. Wɔ Spain no, kɔndɔm—a mfe aduonu a atwam no na ɛkame ayɛ sɛ wɔtɔn no sum ase no—yɛ nea wɔbɔ no dawuru daa wɔ television so, na France Katolekfo mmea ɔha mu 3 pɛ na wɔka sɛ wodi Katolekfo ahyɛde a ɛfa nyinsɛn ano a wosiw ho no so.
Ɛda adi pefee sɛ, Europafo repow asɔre no ne wɔn nkyerɛkyerɛ ahorow. Anglikanfo sɔfopɔn a ɔwɔ Canterbury, George Carey kyerɛkyerɛɛ n’asɔre mu tebea mu fann sɛ: “Mogya retu yɛn de yɛn akɔ wu mu, na ɛyɛ ɔsɛmpɔw a egye ntɛmpɛ a ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma.”
Ɔsesɛw no mu basabasayɛ akyi no, Europa asɔredan ahorow no ho mmaa asɛm saa da. Dɛn nti na Europafo pii ada anibiannaso su adi wɔ nyamesom ho? Dɛn ne nyamesom daakye?