Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 6/8 kr. 24-28
  • Nna Ho Nsɛm A Wɔde Guan Afoforo Ho—Sɛnea Wobɛbɔ Wo Ho Ban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nna Ho Nsɛm A Wɔde Guan Afoforo Ho—Sɛnea Wobɛbɔ Wo Ho Ban
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmarima Nneyɛe Pa
  • Ahoguan a Wobɛkwati
  • Sɛ Woguan Wo Ho A
  • Ahoguan Awiei
  • Mɛyɛ Dɛn Agyina Nna Ho Nsɛm a Wɔde Guan Me Ho no Ano?
    Nyan!—2000
  • Nna Ho Nsɛm A Wɔde Guan Afoforo Ho—Ɛyɛ Ɔhaw a Ɛwɔ Wiase Nyinaa
    Nyan!—1996
  • Nna a Wɔde Guan Afoforo Ho—Mɛyɛ Dɛn Atumi Abɔ Me Ho Ban?
    Nyan!—1995
  • Kristofo Mmea​—Wɔn Mudi Mu A Wokura Wɔ Adwumayɛbea
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1987
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 6/8 kr. 24-28

Nna Ho Nsɛm A Wɔde Guan Afoforo Ho—Sɛnea Wobɛbɔ Wo Ho Ban

NSƐMMA nhoma samufo Gretchen Morgenson ka sɛ: “Ɛnsɛ sɛ wɔfa anifere kwan so ka nna ho nsɛm kyerɛ ɔbea biara da biara da, na saa ara na ntease nnim nso sɛ mmea bɛhwɛ kwan sɛ wobenya adwumayɛbea bi a nneyɛe a ɛmfata biara nni hɔ.” Nea ɛfata nkamfo no, mmɔden a adwumawuranom ne asɛnnibea ahorow bɔ sɛ wɔbɛma adwumayɛbea ayɛ baabi a asomdwoe wɔ no asow aba pa bi. Sɛ nhwɛso no, nsɛm a wɔde kɔ asɛnnibea ho hu ama adwumawuranom ne adwumayɛfo a wɔwɔ wiase nyinaa rebɔ mmɔden ma adwumayɛbea tebea atu mpɔn. Nnwumakuw pii ayeyɛ nhyehyɛe ahorow wɔ wɔn nnwuma mu a wɔnam so redi adwumam haw ho dwuma. Wɔyɛ nhyiam horow a wɔnam so de adwumam nneyɛe pa ho nkyerɛkyerɛ ma adwumayɛfo no.

Nokwarem no, nyansa wom sɛ wubehu adwumakuw nhyehyɛe ahorow ne mpɔtam a wote hɔ mmara na woadi akyi. (Romafo 13:1; Tito 2:9) Kristofo ahu nso sɛ mfaso wɔ Bible nnyinasosɛm ahorow a wɔde bedi dwuma no so. Saa akwankyerɛ a efi honhom mu yi akyi a wubedi wɔ wo ne wo mfɛfo adwumayɛfo nsɛnnii mu no betumi aboa wo kɛse ma woakwati nna ho nsɛm a wɔde beguan wo ho—anaa woammɛyɛ obi a ɔkɔfa ba.

Mmarima Nneyɛe Pa

Susuw sɛnea ɛsɛ sɛ mmarima ne mmea di nsɛm no ho. Animdefo pii bɔ kɔkɔ wɔ wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu mu a wobesuso ho. Wɔbɔ kɔkɔ sɛ ɛnyɛ den koraa sɛ wobetumi ate obi akyi kɛkɛ a wɔbɔ ase wɔ ɔkwan foforo so. Adwumam mmaranimfo Frank Harty ka sɛ: “Atemmufo bu obi mu a wosuso aniberesɛm.” Ne nyansahyɛ ne dɛn? “Sɛ ɛsen nkyia ara kwa a, nyɛ.” Ɛwom, Bible ankasa nyɛ asɛm yi ho mmara pɔtee biara.a Nanso esiane sɛnea mprempren mmara ne abrabɔ te no nti, ahwɛyiye ho hia—titiriw wɔ wɔn a wɔtaa suso afoforo mu bere a wɔredi nkɔmmɔ a wɔn adwene mma wɔn ho so no.

Nokwarem no, ɛnyɛ mmerɛw sɛ wobedi afotu a ɛtete saa akyi bere nyinaa. Sɛ́ nhwɛso no, Glen fi Latinfo mu. Ɔka sɛ: “Baabi a mifi no, nkurɔfo taa yeyɛ wɔn ho atuu sen United States ha. Wɔ m’abusua mu no, yɛtaa few nkurɔfo ano de kyia wɔn, nanso wɔbɔɔ yɛn kɔkɔ wɔ ha sɛ yɛmmpere yɛn ho nnyɛ saa.” Nanso, Bible nnyinasosɛm boa wɔ asɛm yi mu. Ɔsomafo Paulo ka kyerɛɛ aberante Timoteo sɛ: “Ɛne mmerante nni sɛ nuabarimanom, mmea mpanyin sɛ ɛnanom, ne mmabaa sɛ nuabeanom, wɔ ahotew a edi mũ mu.” (1 Timoteo 5:1, 2, New International Version) So eyi nyi ɔbrasɛe, nna ho akɔnnɔ a wɔkanyan, anaa nsusomu a ani nnye ho biara mfi hɔ?

Nnyinasosɛm yi ara betumi afa ɔkasa ho nso. Ɛfata sɛ Bible ka sɛ: “Aguamammɔ ne afideyɛ nyinaa anaa anibere de, mommma wɔmmmɔ din po wɔ mo mu, sɛnea ɛsɛ ahotefo, ɛne aniwude ne nkwaseasɛm anaa asereseresɛm a ɛnsɛ.” (Efesofo 5:3, 4) Nna a wɔde guan afoforo ho mmaranimfo Kathy Chinoy de nyansahyɛ ma sɛ ansa na wobɛkasa no, susuw asɛmmisa biako ho: “Wobɛpɛ sɛ wɔka asɛm a ɛte saa kyerɛ wo maame, wo nuabea, anaa wo babea?” Kasafĩ, nsɛm a ɛkanyan akɔnnɔ gu ɔkasafo no ne otiefo no nyinaa anim ase.

Ahoguan a Wobɛkwati

Obi bɛyɛ dɛn atumi abɔ mmɔden na wammɛyɛ obi a woguan ne ho? Ebia yebetumi de afotu a Yesu de maa n’asuafo bere a ɔsomaa wɔn wɔ wɔn asɛnka adwuma a edi kan mu no adi dwuma wɔ asɛm yi mu: “Hwɛ, meresoma mo sɛ nguan akɔ mpataku mfinimfini; enti monyɛ anifere sɛ awɔ, na monyɛ kronn sɛ mmorɔnoma.” (Mateo 10:16) Sɛnea ɛte biara no, Kristoni asɛm nyɛ mmɔbɔ. Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ: “Sɛ nyansa ba wo koma mu . . . a, adwempa bɛhwɛ wo so, na ntease abɔ wo ho ban.” (Mmebusɛm 2:10, 11) Enti, ma yɛnhwɛ Bible nnyinasosɛm ahorow bi a ebetumi aboa wo ma woabɔ wo ho ban.

1. Hwɛ sɛnea woyɛ w’ade wɔ wo mfɛfo adwumayɛfo ho no yiye. Eyi nkyerɛ sɛ wobɛyɛ obi a ɔmpɛ nnipa anaa ntɔkwapɛfo, efisɛ Bible ka sɛ ‘yenni yɛne nnipa nyinaa ntam asomdwoe akyi.’ (Hebrifo 12:14; Romafo 12:18) Nanso esiane sɛ Bible tu Kristofo fo sɛ ‘wɔnnantew nyansam wɔ wɔn a wɔwɔ akyiri no fam’ nti, nyansa wom sɛ yɛkɔ so ma yɛn anim yɛ duru, ɛnkanka bere a yɛne wɔn a ɛsono wɔn bɔbeasu redi nsɛm no. (Kolosefo 4:5) Elizabeth Powell nhoma, Talking Back to Sexual Pressure, hyɛ adwumayɛfo nkuran sɛ “wonhu nsonsonoe a ɛda nneyɛe a ɛyɛ fɛ a ɛfata ma wɔn dwumadi no ne adamfofa a ebetumi akyerɛ nna ho adwene hokwan a wobue ntam pefee.”

2. Siesie wo ho wɔ ɔkwan a ɛfata so. Nea wohyɛ no ka biribi kyerɛ afoforo. Bible mmere mu tɔnn no, na ntade bi wɔ hɔ a sɛ obi hyɛ a ɛma wobu no sɛ obi a ne bra asɛe. (Mmebusɛm 7:10) Saa ara na ɛtaa ba nnɛ; ntade a ɛkyekyere obi, ɛyɛ kyenkyerɛnn, anaa ɛyɛ hanahana tumi twetwe afoforo wɔ ɔkwan a ɛmfata so. Ɛwom, ebinom bɛte nka sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔhyɛ biribiara a wɔpɛ. Nanso sɛnea nhoma kyerɛwfo Elizabeth Powell ka no no, “sɛ wo ne nkurɔfo a wogye di sɛ sikawia nyɛ bɔne na ɛyɛ adwuma a, ɛnde mɛka akyerɛ wo sɛ mma wonnhu baabi a wode wo sika nhoma hyɛ. . . . Ɛsɛ sɛ wuhu . . . ɔmanfo mmerɛwyɛ wɔ nneyɛe mu na wobɔ mmɔden bɔ wo ho ban na wɔansisi wo.” Enti Bible afotu yɛ nea ɛfata nnɛ. Etu mmea fo sɛ ‘wɔnhyɛ ntade a ɛsɛ, mfa ani a ewu ade ne adwenemtew nkeka wɔn ho.’ (1 Timoteo 2:9) Fa anidahɔ siesie wo ho, na ebia wobɛyɛ obi a wɔrenka aguamansɛm anaa wɔrenna nneyɛe bɔne adi nkyerɛ wo.

3. Hwɛ wo fekubɔ yiye! Bible ka ababaa bi a wɔfrɛ no Dina a wɔtoo no mmonnaa ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɛda adi sɛ esiane sɛ “[ofii] adi sɛ ɔrekɔhwɛ asase no so mmea” a wɔyɛ Kanaanfo—mmea a wonim wɔn sɛ na wɔn bra asɛe—daa nti na ne tuafo no adwene baa ne so! (Genesis 34:1, 2) Saa ara na ɛnnɛ, wo ne wo mfɛfo adwumayɛfo a wonim wɔn sɛ wɔka nsɛm a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ di nkɔmmɔ—anaa wutie wɔn—daa a, ebinom besusuw sɛ w’ani begye nna ho nsɛm ho.

Eyi nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wubu wo mfɛfo adwumayɛfo animtiaa. Nanso sɛ nkɔmmɔbɔ no bɛyɛ nea ɛho ntew a, dɛn nti na wumfi hɔ kɛkɛ? Anigyesɛm ne sɛ, Yehowa Adansefo pii ahu sɛ din pa a wɔwɔ wɔ abrabɔ ho gyinapɛn a ɛkorɔn a wɔwɔ ho no bɔ wɔn ho ban fi ahoguan ho.—1 Petro 2:12.

4. Kwati tebea horow a ɛbɛma woakɔ sɔhwɛ mu. Bible ka sɛnea aberante bi a wɔfrɛ no Amnon yɛɛ nhyehyɛe ma ɛkaa ɔne ababaa bi a ne din de Tamar nkutoo na ama watumi ne no ada ho asɛm. (2 Samuel 13:1-14) Ahoguanfo betumi ayɛ wɔn ade saa ara nnɛ, ebia wɔbɛto nsa afrɛ wɔn a wɔhyɛ wɔn ase ma wɔne wɔn akɔnom mmosa anaa wɔama wɔne wɔn aka adwumam bere a wɔapɔn a ntease pɔtee biara nni mu. Hwɛ yiye wɔ nsato ahorow a ɛtete saa no ho! Bible ka sɛ: “Onitefo hu bɔne a ɛbɛba, na ɔde ne ho hintaw.”—Mmebusɛm 22:3.

Sɛ Woguan Wo Ho A

Nokwarem no, sɛ ɔbea bi yɛ n’ade ɔkwampa so mpo a, mmarima binom bɛyeyɛ nneyɛe a ɛmfata bi akyerɛ no. Sɛ obi de n’ani si wo so a, ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ wofa so yɛ w’ade wɔ nneyɛe a ɛtete saa ho? Ebinom akamfo akyerɛ sɛ abufuw a woremfa tumi di tebea no ho dwuma! Ɔbea bi ka sɛ: ‘Adwumayɛdan mu nna yɛ asetra mu anigyede!’ Nanso, sɛ anka nokware Kristofo bebu obi ho anigye a wɔkyerɛ a ɛmfata saa no sɛ aseresɛm anaa adɛfɛdɛfɛsɛm no, ɛyɛ wɔn abofono koraa. ‘Wokyi bɔne,’ na wohu sɛ mpɛn pii no nneyɛe a ɛtete saa atirimpɔw ara ne sɛ ɛbɛtwetwe obi ma ɔde ne ho ahyɛ nna mu ɔbrasɛe mu. (Romafo 12:9; fa toto 2 Timoteo 3:6 ho.) Anyɛ yiye koraa no, nneyɛe bɔne no yɛ ade a ebu Kristofo animduru a wɔwɔ animtiaa. (Fa toto 1 Tesalonikafo 4:7, 8 ho.) Ɔkwan bɛn so na wubetumi adi tebea horow a ɛtete saa no ho dwuma?

1. Kyerɛ ɔfã a wugyina! Bible ka sɛnea ɔbarima bi a na osuro Onyankopɔn a wɔfrɛ no Yosef yɛɛ n’ade wɔ ɔbrasɛe ho nsɛm a wɔka kyerɛɛ no ho: “Na ɛbae sɛ nsɛm yi akyi no, ne wura yere tuu n’ani sii Yosef so, na ɔkae sɛ: Wo ne me mmɛda.” So Yosef buu n’ani guu ɔbea no nsɛm a na ɔka no so kɛkɛ, hwɛɛ kwan sɛ asɛm no ankasa betwam akɔ? Dabida! Bible ka sɛ ɔpow ɔbea no nneyɛe no akokoduru so, na ɔkae sɛ: “Na ɛdɛn na menyɛ amumɔyɛ kɛse yi, na menyɛ bɔne mintia Onyankopɔn?”—Genesis 39:7-9.

Yosef nneyɛe no yɛ nhwɛso pa ma mmarima ne mmea nyinaa. Obi ani a obebu agu nsɛm a ɛkanyan akɔnnɔ anaa ntua so—anaa nea enye koraa no, sɛ ɔbɛma abɔ no hu—no ntaa mma ennyae; mmom no, ehu anaa obi nan ase a ɔtwentwɛn no betumi ama asɛm no ayɛ kɛse! Sɛnea wɔkwati mmonnaato ho ɔfotufo Martha Langelan bɔ kɔkɔ sɛ mpɛn pii na mmonnaatofo de nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho di dwuma sɛ “ɔkwan a wɔnam so hu sɛ sɛ wɔto hyɛ ɔbea bi so a, ɔbɛko atia anaa; sɛ woguan ɔbea no ho na wankasa na ɔbɔ hu a, wɔfa no sɛ sɛ wɔto hyɛ no so a, ɔrenkasa na ɔbɛbɔ hu.” Enti ɛho hia kɛse sɛ wokyerɛ ɔfã a wugyina bere a wuhu ahoguan no ho sɛnkyerɛnne a edi kan no. Sɛnea nhoma kyerɛwfo bi kyerɛ no, “mpɛn pii no, dabi a wobɛka no ntɛm ara na woama emu ada hɔ no ara dɔɔso sɛ ɛbɛma ɔhoguanfo no agyae ne nneyɛe a ɛmfata no.”

2. Ma wo dabi nyɛ dabi! Yesu kaa eyi wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu. (Mateo 5:37) N’asɛm no fata ma saa tebea horow yi, esiane sɛ ahoguanfo taa guan afoforo ho a wonnyae nti. Ɛsɛ sɛ woma w’asɛm yɛ den dɛn? Ɛno gyina nsɛm tebea no ne nea ɔhoguanfo no bɛyɛ so. Fa ɔkwan biara a emu yɛ den a wubetumi afa so ma wate wo ase so. Wɔ nsɛm bi mu no, asɛm tiawa pɔtee a wobɛka no bɔkɔɔ ara bɛdɔɔso. Hwɛ n’anim. Animdefo de nyansahyɛ a edidi so yi ma: (a) Da wo nkate horow adi. (“Mempɛ koraa sɛ wo . . .”) (b) Bɔ nneyɛe a ɛmfata pɔtee no din. (“. . . sɛ woka kasafĩ . . .”) (d) Ma onipa no nhu nea wopɛ sɛ ɔyɛ no pefee. (“Mepɛ sɛ wugyae saa kwan no a wofa so kasa kyerɛ me no!”)

Langelan bɔ kɔkɔ sɛ: “Nanso biribiara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ woma nkɔmmɔbɔ no dan ntua. Mfaso nni tua a wo nso wubetua no so (sɛ́ wobɛyaw ɔhoguanfo no, ahunahuna no, na woadidi no atɛm, abobɔ no akuturuku, atete ntasu agu ne so). Atɛnnidi yɛ hu, na ɛho nhia sɛ wobɛtoto akuturuku, gye sɛ wɔto hyɛ wo so ankasa ma ɛho behia sɛ woko tia de bɔ wo ho ban.” Afotu pa a ɛte saa ne Bible mu asɛm a ɛwɔ Romafo 12:17 no hyia: “Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka!”

Sɛ ahoguan no kɔ so, ɛmfa ho mmɔden biara a wobɛbɔ sɛ wubesiw ano nso ɛ? Nnwumakuw bi ayɛ nhyehyɛe ahorow a wɔde di nna a wɔde guan afoforo ho no ho dwuma. Mpɛn pii no asɛm no a wobɛka sɛ wode bɛfa ɔkwan a adwumakuw no fa so di nsɛm ho dwuma so kɛkɛ no bɛma ɔhoguanfo no agyae w’akyi di. Nanso, ebia ɔrennyae. Nea ɛyɛ yaw ne sɛ, ɛnyɛ mmerɛw bere nyinaa sɛ mmea anaa mmarima benya adwumam panyin bi a ɔwɔ tema. Glen, a ɔka sɛ ɔbea dwumayɛni bi guanee ne ho no nwiinwii. Ɔka sɛ: “Bere a mekaa ho asɛm kyerɛɛ ɔpanyin no, mannya mmoa biara. Nokwarem no, obuu no sɛ agoru bi. Na ɛsɛ sɛ mehwɛ me ho yiye wɔ ɔbea no ho, na mekwati no.”

Ebinom de afa mmara kwan so. Nanso ɛka akɛse a wɔbɔ nkurɔfo wɔ nsɛm a wɔde kɔ asɛnnibea a wokenkan ho nsɛm wɔ atesɛm nkrataa mu no nyɛ nea wɔtaa yɛ. Afei nso, Talking Back to Sexual Pressure nhoma no bɔ kɔkɔ sɛ: “Mmara kwan a wɔfa so ko tia ahoguan no gye nkate fam ahoɔden ne bere kɛse; ɛde ɔbrɛ ne adwennwen ba.” Ntease pa nti na Bible bɔ kɔkɔ sɛ: “Mpere wo ho mfa asɛm nkɔ asɛnnibea.” (Mmebusɛm 25:8, NW) Bere a ebinom asusuw nkate fam ne honhom fam adehwere a ɛwɔ mmara kwan so a wɔde asɛm bɛfa ho akyi no, wɔahwehwɛ adwuma foforo.

Ahoguan Awiei

Nna a wɔde guan afoforo ho nyɛ ade foforo. Ɛwɔ baabiara te sɛ nnipa koma a ɛtɔ sin, ɛbɔ pɔw bɔne, na ɛyɛ odifudepɛfo no. Ahyɛde ahorow ne nsɛm a wɔde kɔ asɛnnibea renyi nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho mfi nnipa so da. Egye nnipa komam nsakrae akɛse na ama nna ho nsɛm a wɔde guan afoforo ho afi hɔ.

Ɛnnɛ, Onyankopɔn Asɛm ne ne honhom rema nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ayɛ nsakrae a ɛte saa. Ɛte sɛ nea ahabɔdɔm ne agyata resua sɛ wɔbɛyɛ wɔn ade sɛ nguammaa ne anantwi mma, te sɛ nea odiyifo Yesaia hyɛɛ ho nkɔm no. (Yesaia 11:6-9) Ɛdenam Bible no a Yehowa Adansefo ne nkurɔfo sua so no, afe biara wɔboa nnipa mpempem pii a kan no na wɔyɛ ‘ahabɔdɔm’ no ma wɔyɛ nipasu mu nsakrae a ɛkɔ akyiri na ɛtra hɔ kyɛ. Saa nkurɔfo yi tie Kyerɛwnsɛm no ahyɛde a ese ‘yɛn kan abrabɔ fam de, yenyi nipasu dedaw a ɛresɛe wɔ nnaadaa akɔnnɔ mu nkyene’ na yɛmfa ‘nipasu foforo a wɔbɔɔ no Nyankopɔn so, nokware trenee ne ahotew mu’ nsi ananmu no.—Efesofo 4:22-24.

Mmarima ne mmea a wɔde Bible gyinapɛn ahorow tra ase bɛhyɛ asase so ma da bi. Nnipa a wosuro Nyankopɔn de anigye hwɛ saa da no kwan, bere a basabasayɛ nyinaa bɛba awiei no. Enkosi saa bere no, wɔyɛ nea wobetumi biara de gyina nnɛyi asetra mu nsɛm a ɛyɛ abofono no ano.

[Ase hɔ asɛm]

a Ɛda adi sɛ Paulo kɔkɔbɔ a ɛwɔ 1 Korintofo 7:1 sɛ ‘wɔmmfa wɔn ho nnka ɔbea’ no fa nna ho, ɛnyɛ ne mu kɛkɛ a wobeso. (Fa toto Mmebusɛm 6:29 ho.) Wɔ asɛm no mu no, Paulo rehyɛ sigyadi ho nkuran rebɔ nna mu ɔbrasɛe mu a wɔde wɔn ho bɛhyɛ ho kɔkɔ.—Hwɛ “Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ” a ɛwɔ January 1, 1973 Engiresi Ɔwɛn-Aban mu no.

[Kratafa 25 mfonini]

“Wobɛpɛ sɛ wɔka asɛm a ɛte saa kyerɛ wo maame, wo nuabea, anaa wo babea?”

[Kratafa 26 mfonini]

Obi anim a ɔbɛma ayɛ duru ne ntade a ɛfata a ɔbɛhyɛ betumi abɔ ne ho ban afi ahoguan ho kɛse

[Kratafa 28 mfonini]

Nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ sua sɛnea wɔne wɔn ho wɔn ho bedi nsɛm wɔ obu mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena