Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 6/8 kr. 10-12
  • Dɛn Nti na Mintumi ne Me Nnamfo Mmɔ Nkyɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn Nti na Mintumi ne Me Nnamfo Mmɔ Nkyɛ?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adamfofa a Emu Nyɛ Den
  • Nneɛma a Ɛsɛe Nnamfofa
  • Adamfofa—Ɛyɛ Ogye Anaa Ɔma?
  • Bere a Nsɛnnennen Sɔre
  • Wubetumi Anya Nnamfofa a Ɛtra Hɔ Daa!
  • Nea Yɛbɛyɛ Ma Yɛne Yɛn Nnamfo Ntam Rentetew Wɔ Wiase A Ɔdɔ Nnim Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Ayɔnkofa Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Wubetumi ne Afoforo Anya Adamfofa a Ɛtra Hɔ Kyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
  • Sɛnea Wubetumi Afa Nnamfo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 6/8 kr. 10-12

Mmofra Bisa Sɛ . . .

Dɛn Nti na Mintumi ne Me Nnamfo Mmɔ Nkyɛ?

“Na me ne m’adamfo nya nneɛma pii mu kyɛfa bom yɛ nnwuma horow; na yɛbom gye yɛn ani. Nanso mpofirim ara, yɛn adamfofa no mu fii ase gowee. Ɛno ma mehawee yiye.”—Maria.

AWIEI koraa no woanya adamfo, obi a ɔte w’asɛm ase na ɔnhwehwɛ wo ho mfomso. Nanso mpofirim ara mo adamfofa no fi ase sɛe. Wobɔ mmɔden sɛ wobɛma agyina nanso ɛnyɛ yiye.

Adamfo pa ho yɛ na. (Mmebusɛm 18:24) Na ebi a wobɛhwere no betumi ayɛ asɛm a ɛyɛ yaw yiye. Bible kyerɛ yɛn sɛ bere a Hiob nnamfo gyaw no no, otwaa adwo sɛ: “M’abusuafo atwe wɔn ho kɔ, na wɔn a minim wɔn werɛ afi me.” (Hiob 19:14) Sɛ w’adamfofa bi ayɛ basaa nnansa yi a, ebia wubedi awerɛhow saa ara. Sɛnea aberantewa Patrick ka no no, “ɛte sɛ nea obi a wodɔ no awu.” Nanso sɛ ɛkame ayɛ sɛ adamfo a woafa pɛn biara agu nso ɛ?

Adamfofa a Emu Nyɛ Den

Nhoma Adolescence a Eastwood Atwater kyerɛwee ka sɛ mmofra a wɔadu mpanyin afe so nnamfofa “taa yɛ ahohuru ne awɔ, na etumi sakra mpofirim ma ɛyɛ nwonwa, na wodi yaw yiye bere a adamfofa no gu no.” Dɛn na ɛmma mmofra a wɔadu mpanyin afe so no adamfofa mu nyɛ den saa? Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ bere a worenyin no, wo nkate, wo nsusuwii, wo botae, ne nneɛma a w’ani gye ho fi ase sesa. (Fa toto 1 Korintofo 13:11 ho.) Wubehu sɛ ɔkwan bi so no, woadi anim—anaa woaka akyi—wɔ w’atipɛnfo mu.

Enti sɛ nnamfonom bi nyinyin a, ɛtɔ da bi a wɔn mu tete—ɛnyɛ sɛ wɔn bo afuw wɔn ho wɔn ho, na esiane sɛ nsakrae ba wɔn botae horow, nneɛma a wɔn ani gye ho, ne wɔn su horow mu nti. Ebetumi ayɛ papa mpo sɛ ayɔnkofa bi to twa. Bere a wunyin na wufi ase fa honhom fam nneɛma aniberesɛm no, ebia wubehu sɛ wo kan nnamfo no bi nhyɛ nkuran. (1 Korintofo 15:33) Wudwen wɔn ho, nanso w’ani nnye wɔn fekubɔ ho sɛnea woyɛɛ kan no.

Nneɛma a Ɛsɛe Nnamfofa

Na sɛ ɛba sɛ worekɔ so hwere nnamfo—ayɔnkofa a wopɛ sɛ ɛtra hɔ nso ɛ? Nokwarem no, ebia na wowɔ su bi a enye a ɛsɛ sɛ wudi so. Sɛ nhwɛso no, ninkuntwe sɛe adamfofa. Fa no sɛ wowɔ adamfo bi a ɔwɔ ahonyade, ɔwɔ adom akyɛde pii, ne ho yɛ fɛ anaa wagye din sen wo. So wo bo fuw afoforo ani a ebia eku ne ho dodo no? ‘Ninkunu yɛ nnompe mu porɔw.’ (Mmebusɛm 14:30) Aberantewa Keenon gye tom sɛ: “M’ani beree edin a na m’adamfo agye ne nneɛma a na ɔwɔ nyinaa a na minni bi no yiye, na ɛkaa yɛn adamfofa no.”

Gye a wogye obi bɔ so betumi ayɛ su foforo a ɛsɛe ade. Na sɛ wuhu sɛ afoforo regye w’adamfo no mmere pii sen wo nso ɛ? Abofra bi gye toom sɛ: “Sɛ afoforo ne me nnamfo bi kasa mpo a na metwe ho ninkunu.” Ebia wubebu fekuw a w’adamfo no ne afoforo bɔ sɛ ɛkyerɛ pa a wapa wo.

Pɛyɛ a wɔhwehwɛ nso betumi ama adamfofa asɛe. Sɛ nhwɛso no, wubehu sɛ w’adamfo bi adi wo ho nseku, na ebia wayi w’ahintasɛm mpo adi. (Mmebusɛm 20:19) Wode abufuw teɛɛm sɛ: “Minnye no nni bio!”

Adamfofa—Ɛyɛ Ogye Anaa Ɔma?

Sɛ ninkuntwe, gye a wogye obi bɔ so, anaa pɛyɛ a wɔhwehwɛ asɛe w’adamfofa a, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na mehwehwɛ fi adamfofa mu?’ Wususuw sɛ nea adamfofa kyerɛ ne sɛ wubenya obi a ɔbɛyɛ w’apɛde ama wo te sɛ akoa bere nyinaa anaa? Anuonyam, edin a wubegye, anaa mfaso nti na wofa nnamfo? Wohwehwɛ ahofama a edi mũ fi adamfo bi hɔ, bere a womma afoforo nnya mo ayɔnkofa no mu kyɛfa? Ɛnde na ɛsɛ sɛ wosesa w’adwene wɔ adamfofa ho.

Yesua fi Bible nkyerɛkyerɛ mu sɛ yɛne afoforo ntam ayɔnkofa a ɛyɛ anigye mfi ogye mu na mmom ɔma mu! Yesu Kristo ankasa kae wɔ Mateo 7:12 sɛ: “Enti ade biara a mopɛ sɛ nnipa nyɛ mma mo no, mo nso monyɛ wɔn saa ara.” Ɛnyɛ bɔne sɛ wobɛhwehwɛ nneɛma bi afi nnamfo nkyɛn. Understanding Relationships nhoma no gye tom sɛ: “Bere nyinaa yɛhwɛ kwan sɛ adamfo bi bɛyɛ ɔnokwafo a ɔmfa nsɛm nsie, ɔda ɔdɔ adi, ka n’atirimsɛm ne ne haw horow kyerɛ yɛn, sɛ yehia mmoa a ɔde ma yɛn, ogye yɛn di na . . . ɔma kwan ma yesiesie nsɛnnennen a ɛsɔre yɛn ntam no.” Nanso ɛnyɛ asɛm no awiei ara ne no. Nhoma no de ka ho sɛ: “Eyinom ne nneɛma a nkurɔfo hwehwɛ sɛ adamfo bi bɛyɛ ama wɔn na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn nso bɛyɛ bi ama adamfo no.”—Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.

Hyɛ ɔkwan a Yesu ankasa faa so ne wɔn a wɔbɛn no no dii no nsow. Ɔka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ; na mafrɛ no nnamfo.” Nanso na Yesu ne n’asuafo no adamfofa no gyina nea na wobetumi ayɛ ama no so? Dabida. Ɔkae sɛ: “Obi nni dɔ kɛse a ɛsen eyi: sɛ obi de ne kra bɛto hɔ ama ne nnamfo.” (Yohane 15:13, 15) Yiw adamfofa nnyinaso ankasa ne ɔdɔ a ɛma wɔde wɔn ho bɔ afɔre! Sɛ ɔdɔ ne ayɔnkofa bi nnyinaso a, ebetumi agyina akyinnyegye ne nsɛnnennen horow ano.

Bere a Nsɛnnennen Sɔre

Sɛ nhwɛso no, fa no sɛ w’adamfo wɔ sika pii, nim nyansa, anaa ɔwɔ ɔdom akyɛde sen wo. Ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim boa wo ma wo ne w’adamfo no ani gye. Anyɛ yiye koraa no, Bible ka sɛ: Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw.”—1 Korintofo 13:4.

Anaa fa no sɛ w’adamfo ka anaa ɔyɛ biribi a ɛhye wo. Eyi kyerɛ sɛ mo adamfofa no aba awiei? Ɛnte saa ankasa. Bere a ɔsomafo Paulo adamfo Marko gyaw no wɔ asɛmpatrɛw akwantu mu no, n’abam buu yiye. N’abam bui araa ma wamma Marko anni n’akyi wɔ n’akwantu a edi hɔ no mu! Paulo ne Marko nua, Barnaba mpo nyaa akasakasa a emu yɛ den wɔ asɛm no ho. Nanso mfe bi akyi no, Paulo kamfoo Marko, ma mpo ɔtoo nsa frɛɛ no baa Roma sɛ ɔmmɛboa no wɔ ɔsom mu. Ɛda adi sɛ na wɔasiesie wɔn ntam.—Asomafo no Nnwuma 15:37-39; 2 Timoteo 4:11.

Dɛn nti na wommɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ saa bere a nsɛnnennen sɔre wɔ mo adamfofa mu no? Mma nsɛm nnyɛ kɛse. (Efesofo 4:26) Tie nea w’adamfo no wɔ ka wɔ asɛm no ho ansa na woaka ho biribi anaa wode abufuw abɔ no sobo. (Mmebusɛm 18:13; 25:8, 9) Ebia ntease kɛkɛ na anyɛ adwuma. Nanso sɛ ɛyɛ w’adamfo no na wamfa atɛmpa anni dwuma nso ɛ? Kae sɛ w’adamfo no yɛ onipa. (Dwom 51:5; 1 Yohane 1:10) Na yɛn nyinaa fom ka nsɛm yɛ nneɛma bi a akyiri yi yedi ho yaw.—Fa toto Ɔsɛnkafo 7:21, 22 ho.

Eyinom nyinaa akyi mpo no, wubetumi aka sɛnea w’adamfo no nneyɛe ahaw wo no akyerɛ no. Ebia ɛno bɛkã w’adamfo no ma wafi koma mu apa wo kyɛw. Esiane sɛ ɔdɔ “mfa bɔne nhyɛ ne yam” nti, ebia wubetumi agyaw asɛm no ma aka. (1 Korintofo 13:5) Bere a aberantewa Keenon bu kɔmpɔ hwɛ n’adamfofa bi a ɔhweree no, ɔka sɛ: “Sɛ minya hokwan bio a, anka merenhwehwɛ pɛyɛ wɔ yɛn adamfofa no mu. Anka metie no yiye na magyina n’akyi, na ɛnyɛ sɛ mɛtrɛw ne mfomso ahorow mu. Mete ase seesei sɛ nea ɛma adamfofa gyina ne sɛ wubegyina sɔhwɛ ne ɔhaw horow ano.”

Nanso sɛ w’adamfo no nnya adagyew mma wo sɛnea na ɛte kan no anaa sɛnea w’ani begye ho nso ɛ? Ebetumi aba sɛ woagye w’adamfo no bere ne n’adagyew abɔ so? Eyi betumi asɛe ayɔnkofa. Nnipa a wɔn ayɔnkofa sɔ no ma wɔn nnamfo nya wɔn ho twabere. (Fa toto Mmebusɛm 25:17 ho.) Wogyaa hokwan pii ma nnipa foforo ma wɔne wɔn bɔ! Anyɛ yiye koraa no Bible hyɛ Kristofo nkuran sɛ “wɔntrɛw” wɔn adamfofa mu. (2 Korintofo 6:13) Enti sɛ w’adamfo yɛ eyi a, ɛho nhia sɛ wubu no sɛ ɔnyɛ ɔnokwafo.

Nokwarem, wɔ ɔkwan bi so no, ɛnyɛ papa sɛ wode wo ho nyinaa bɛto onipa bi so. (Dwom 146:3) Ɛyɛ nea nyansa wom sɛ wo ne afoforo a wɔnyɛ w’atipɛnfo, te sɛ w’awofo, mpanyimfo no, ne wɔn a wosusuw afoforo ho a wɔn ani afi bɛfa nnamfo. Ana de anigye ka sɛ: “M’adamfo paa ne me maame. Mitumi ka ade biara ne biribiara ho asɛm kyerɛ no.”

Wubetumi Anya Nnamfofa a Ɛtra Hɔ Daa!

Bible ka wɔ 1 Petro 3:8 sɛ: “N’awiei ne sɛ mo nyinaa nnya adwenkoro, Munhuhu mma mo ho, monnodɔ mo ho sɛ anuanom, mo yam nhyehye mo mmoma mo ho, munnwen ahobrɛase adwene.” Yiw da ayamye, ayamhyehye, suban pa, ne komam a wofi susuw afoforo ho adi, na wubenya nnamfo bere nyinaa! Nokwarem no, adamfofa a ɛkyɛ gye mmɔdenbɔ ne nsi. Nanso ɛso akatua no ma ɛho mmɔdenbɔ no yɛ nea ɛfata.

Nea ɛyɛ anigye ne sɛ, Bible ka Dawid ne Yonatan ho asɛm. Wonyaa adamfofa a ɛda nsow. (1 Samuel 18:1) Wotumi dii ninkuntwe nketenkete ne nipasu mu mmerɛwyɛ ahorow so. Eyi yɛɛ yiye efisɛ Dawid ne Yonatan nyinaa maa adamfofa ne nokwaredi ma Yehowa Nyankopɔn dii biribiara so. Yɛ saa ara, na ɛrenyɛ den sɛ wubenya nnamfo a wosuro Nyankopɔn!

[Kratafa 11 mfonini ahorow]

Nnamfofa taa gu bere a obi taa te nka sɛ ɛnkyerɛ nokwaredi sɛ wobenya nnamfo foforo no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena