Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 8/8 kr. 14-17
  • Ɔkasa Mu Ahofadi—So Wɔretiatia So?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔkasa Mu Ahofadi—So Wɔretiatia So?
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kɔmputa So Aguamansɛm
  • Adwenkyerɛ a Egu Ahorow
  • Abakɔsɛm Mu Nkɔso a Wɔanya Wɔ Kasa Mu Ahofadi Mu
    Nyan!—1996
  • Aguamansɛm​—Ɛyɛ Agoru Anaa Ɛyɛ Hu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Dɛn Nti na Nguamansɛm Abu so Saa?
    Nyan!—2003
  • Ɔhaw a Nguamansɛm De Ba
    Nyan!—2003
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 8/8 kr. 14-17

Ɔkasa Mu Ahofadi—So Wɔretiatia So?

ƐNKYƐ na yɛadu afeha a ɛto so 21 mu. Akyinnye biara nni ho sɛ afeha foforo no de anidaso foforo, nsusuwii, nneyɛe, mfiridwuma a ɛyɛ nwonwa ho adwene, ne ahofadi pii a wɔhwehwɛ bɛba. Nniso, ɔsom ahorow ne nnipa adwene a wɔanya dedaw fi tete no rema kwan ma nkurɔfo de adwene ne ahiade foforo aba. Wɔ mmeae pii no, wɔrepere denneennen sɛ wobeyi anohyeto a ɛda kasa ne adwenkyerɛ mu ahofadi so no afi hɔ, ɛmfa ho nea ebefi mu aba biara!

Nea na kan no radio ne television so amanneɛbɔfo ne wɔn a wɔpene nhoma a wɔatintim so mpɛ sɛ wɔka ho asɛm na wɔbara—kasafĩ ne nguamansɛm ho mfonini ne nneyɛe—no yɛ nea abu so seesei wɔ aman pii mu, na wobu no sɛ ɛsɛ sɛ kasa mu ahofadi no ma ho kwan!

Mprempren, mpanyimfo ne mmofra a wɔn ho akokwaw wɔ kɔmputa dwumadi mu no betumi de ɔbea ne ɔbarima nna mu adapaade ho mfonini pefee akɔ nsasepɔn foforo so wɔ anibu kakraa bi mu, na wɔne mmonnaatofo ne wɔn a wɔyɛ mmofra basabasa wɔ nna mu a wɔhwehwɛ din ne address ahorow de yɛ sum ase nhyiam no adi nkitaho. Seesei yɛte nnwom a emu nsɛm hyɛ domdi, ne awofo, polisifo, ne aban mpanyimfo a wokum wɔn, ho nkuran wɔ radio ne television so da biara da, anaasɛ ɛwɔ nnwom a mmofra bɔ mu.

Wɔn a wɔrepɛ kasa mu ahofadi a anohyeto nnim no mu kakraa bi na wɔne Asɛnnibea Kunini Temmufo Oliver Wendell Holmes Akumaa, a bɛboro mfe aduonum a atwam ni no ɔkyerɛwee wɔ kasa mu ahofadi ho gyinaesi bi a ɛde nsakrae bae a agye din mu no renyɛ adwene sɛ: “Kasa mu ahofadi a ɛsen biara a obi benya no remma no hokwan sɛ obedi atoro ateɛm sɛ ogya atɔ agodibea bi de ayi nkurɔfo hu.” Yenim nea ebefi adeyɛ a ɛte saa mu aba no dedaw. Ɛnde, hwɛ sɛnea ntease nnim sɛ saa nkurɔfo koro yi ara renkyerɛ gyinaesi koro no ara mu nsɛm a edi hɔ no ho anisɔ pii anaa wɔnkyerɛ ho anisɔ koraa na wɔsen wɔn kɔn de sɔre tia. Holmes kae sɛ: “Asɛntitiriw a ɛsɛ sɛ wosusuw ho wɔ asɛm biara mu ne sɛ ebia wɔde nsɛm a wɔde di dwuma no di dwuma wɔ tebea horow bi mu ne ɔkwan bi a ɛde asiane bɛba ntɛm ara ma akowie bɔne pefee mu a Bagua no wɔ hokwan sɛ esiw ano anaasɛ ɛnte saa.”

Kɔmputa So Aguamansɛm

Time nsɛmma nhoma no bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɔbea ne ɔbarima ntam nna wɔ baabiara nnansa yi, nhoma mu, nsɛmma nhoma mu, sini mu, television so, video mu nnwonto mu ne dawurubɔ nkrataa a ɛtetare bɔs gyinabea so. Wɔka ho asɛm wɔ adwuma nkratasin a wɔde frɛ nkurɔfo ne wɔn ka ɔbea ne ɔbarima nna ho nsɛm wɔ telefon so a wɔde tetare kar nhwehwɛ anim no mu. . . . Amerikafo dodow no ara abɛyɛ wɔn a wogye nguamansɛm a wɔda no adi wɔ baguam tom—ɛne nea enti a wɔkyerɛ sɛ ɛwɔ ɔfã titiriw wɔ Nsiesiei a Edi Kan [kasa mu ahofadi] no mu no—araa ma wɔn adwene mpo mma so.” Nanso, biribi wɔ ɔbea ne ɔbarima nna pefee a wɔde aba kɔmputa ahorow so ho a ama wɔanya asɛmfua “aguamansɛm” no ho adwene ne nkyerɛase foforo. Abɛyɛ ade a agye din, wɔka ho asɛm kɛse, na abu so wɔ wiase nyinaa.

Sɛnea nhwehwɛmu bi kyerɛ no, wonyaa wɔn a wodi nguamansɛm ho nkitaho wɔ kɔmputa so a na wɔwɔ ɔpɛ sɛ wobetua $10 kosi $30 ɔsram biara wɔ “nkurow bɛboro 2,000 mu wɔ amantam 50 no nyinaa mu ne aman, nsasesin ne amantam 40 mu wɔ wiase nyinaa—a aman bi te sɛ China a nguamansɛm mfonini a obi bekura no betumi ayɛ bɔne a ɛho asotwe yɛ kɛse no, ka ho.”

Time nsɛmma nhoma no kaa kɔmputa so aguamansɛm biako ho asɛm sɛ “kotoku bi a ‘adapaade’ wom, a nea ɛka ho ne akɔnnɔ a obi nya, adwemmɔne, dwensɔ, tiafikorɔ, ne mmoa ahorow a wɔne wɔn da ho mfonini ahorow.” Mfonini te sɛ eyi a ɛba ɔmanfo kɔmputa so dwumadi mu, a mmarima, mmea, ne mmofra, nya mu kyɛfa wɔ wiase nyinaa no ma kasa mu ahofadi a wɔde di dwuma wɔ ɔkwammɔne so no ho nsɛmmisa a emu yɛ den sɔre.

Britaniafo atesɛm krataa bi kae sɛ: “Sɛ mmofra nya mu kyɛfa a, ɛnde na ɛnyɛ nhomatɔnfo nhomakorabea soro paa nkutoo na aguamansɛm pefee wɔ, na mmom ɛnyɛ den koraa sɛ abofra biara betumi anya bi, na ɛno kyerɛ sɛ wobetumi anya no kokoam wɔ pia mu.” Wobu akontaa sɛ ebedu 1996 awiei no, na wɔde Britaniafo afie a kɔmputa wom nyinaa no ɔha biara mu 47 aka kɔmputa so dwumadi ahorow no ho. Krataa no ka sɛ: “Britaniafo awofo pii nhuu wiase a emu mfiridwuma anya nkɔanim a wɔn mma no wom no. Wɔ asram 18 a atwam mu no, ‘Kɔmputa so nkitaho a wodi wɔ wiase nyinaa’ abɛyɛ ade a mmofra a wonnii mfe aduonu ani gye ho sen biara no biako.”

Kathleen Mahoney, a ɔyɛ mmara ho ɔbenfo wɔ Calgary Sukuupɔn mu wɔ Canada, na ɔsan yɛ aguamansɛm ho mmaranimfo no kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ ɔmanfo hu sɛ ɔkwan a wontumi nni so koraa a wɔfa so bɔ nsɛm ho amanneɛ wɔ hɔ a wobetumi afa so ayɛ mmofra basabasa adi wɔn amim.” Canadani polisini bi kae sɛ: “Adanse a ɛwɔ hɔ kyerɛ pefee sɛ ɔhaw pii a ɛfa kɔmputa so aguamansɛm ho bɛba nnansa yi ara.” Akuw a wotu mmusua fo no pii kyerɛ sɛ kɔmputa so aguamansɛm a mmofra hwɛ ne nkɛntɛnso a ebetumi anya wɔ wɔn so no “yɛ asiane pefee a ebetumi aba ntɛm ara.”

Adwenkyerɛ a Egu Ahorow

Ɔmanfo a wɔpɛ ahofadi no bo afuw wɔ mmɔden biara a Bagua no bɔ sɛ ebesiw nneɛma te sɛ kɔmputa so aguamansɛm ano, sɛnea Otemmufo Holmes ne U.S. Asɛnnibea Kunini no hyɛe no ho. Harvard mmara ho ɔbenfo bi kae sɛ: “Ɛyɛ ntua tẽẽ a wɔde ba Nsiesiei a Edi Kan no so.” Time nsɛmma nhoma no kae sɛ, tete asraafo mmaranimfo mpo di ho fɛw. Wɔn mu biako kae sɛ: “Wɔrennye ntom wɔ asɛnnibea a edi nsɛm nketewa nkutoo mpo.” Ɛlɛtrɔnik Kokoam Nkitahodibea no panyin bi kae sɛ: “Ɛyɛ nniso ahorow no na wɔyɛɛ saa.” Time faa n’asɛm kae sɛ: “Ɛsɛ sɛ Nsiesiei a Edi Kan no ka Kɔmputa so dwumadi no nso ho.” U.S. mmarahyɛ baguani bi bɔɔ amanneɛ sɛ: “Ɛyɛ ade a etia kasa mu ahofadi pefee, na etia hokwan a mpanyimfo wɔ sɛ wɔne wɔn ho wɔn ho bedi nkitaho.”

Ɔbenfo bi a ɔwɔ New York Mmara Sukuu mu no kyerɛ sɛ mfaso bi wɔ nsɛm horow a wɔka fa nna ho a ɛtra nea ɔmanfo ma ho kwan mu. Time bɔɔ adwene a okura yi ho amanneɛ sɛ: “Nna ho nsɛm a ɛwɔ Kɔmputa so dwumadi mu no betumi ayɛ papa ama mmofra ankasa.” Ɔkae sɛ: “[Afiri nwonwaso] no yɛ beae pa a wobetumi ayɛ nneɛma a wɔabra ne nea ɛyɛ akyide no mu nhwehwɛmu . . . Ɛma wotumi nya hokwan de ka nna ho mfonini ankasa ne nea ɛnyɛ paara ho asɛm ɔkwampa so a fɛre nnim.”

Mmofra pii, titiriw wɔn a wɔkɔ sukuupɔn, nso asɔre agyina wɔ anohyeto biara a wɔde aba aguamansɛm a ɛwɔ kɔmputa so dwumadi mu no ho. Ebinom too santen de yɛ ɔyɛkyerɛ de sɔre tiaa nea wosusuw sɛ ɛyɛ kasa mu ahofadi hokwan a wɔwɔ a wɔde rekame wɔn no. Ɛwom sɛ na ɔbarima bi nyɛ sukuuni de, nanso akyinnye biara nni ho sɛ, n’asɛm a wɔfa kae wɔ The New York Times mu no kyerɛ sɛ ɔpene nkate a nnipa pii a wɔpow adwenkyerɛ biara a esiw kɔmputa so aguamansɛm ano wɔ no so: “Misusuw sɛ ɔman yi mufo a wɔde Kɔmputa di nkitaho no nyinaa bedi ho fɛw na wɔabu no animtiaa, na wiase mu aman a aka a wɔde Kɔmputa di nkitaho no bedi United States ho fɛw.”

Bere a U.S.News & World Report rebɔ asɛm bi a ɔmanfo ahofadi kuw panyin bi kae ho amanneɛ no, ɛkae sɛ: “Afiri nwonwaso [kɔmputa so dwumadi] betumi ama nkurɔfo anya kasa mu ahofadi kɛse koraa asen sɛnea Nsiesiei a Edi Kan no ma wonya no. Nokwarem no, ebia nea ‘asi dedaw ne sɛ aban ntumi mmaa nkurɔfo nnyaee kasa.’”

Wɔ Canada no, ntawntawdi rekɔ so wɔ ade a ebetumi asɛe kasa mu ahofadi ho nsiesiei a ɛwɔ Hokwan ne Ahofadi Mmara Nhoma no mu ho. Wɔakyekye mfoniniyɛfo a wɔn mfonini ama akyinnyegyefo ne polisifo a wobu no “afĩde” no bo afuw no. Mfoniniyɛfo ne wɔn a wɔpɛ kasa mu ahofadi no ayɛ biako de asɔre atia nnipakyere no asan akasa atia sɛ etia kasa mu ahofadi hokwan a wɔwɔ no. Ná Canada afideyɛ ho mmara no ma polisifo taa bara video a ɛfa aguamansɛm ho de besi bɛyɛ mfe anan a atwam no, na wɔde asɛm no kɔɔ asɛnnibea, nanso wobuu aguadifo a wɔtɔnee no fɔ.

Nanso, ne nyinaa sesãe wɔ 1992 mu bere a Canada Asɛnnibea Kunini no kae wɔ asɛnni a ɛde nsakrae bae bi mu sɛ wonni nneɛma a ɛtete saa no ho asɛm wɔ asɛnnibea esiane kasa mu ahofadi a Hokwan ne Ahofadi Mmara Nhoma no de ma nti no. Maclean’s nsɛmma nhoma no kyerɛwee sɛ, asɛm a asɛnnibea no buae no “de nsakrae atitiriw aba Canada man mu.” Nsɛmma nhoma no kae sɛ: “Wɔ nkurow pii mu no, ɛnyɛ na sɛ wubehu aguamansɛm pefee ho nsɛmma nhoma ne video wɔ kwankyɛn aguadidan mu seesei.” Wɔda so ara tɔn nea asɛnnibea no hyɛe sɛ wɔmmara no mpo ma adetɔfo.

Polisini bi kae sɛ: “Minim sɛ sɛ wokɔ hɔ a, wubehu nneɛma a mmara tia. Ebia ɛbɛyɛ nneɛma a yebetumi akɔbɔ wɔn sobo wɔ ho. Nanso . . . yenni bere.” Wosuro nso sɛ ebia wɔrennye sobo no ntom. Wɔ bere a wɔma biribiara ho kwan yi mu no, wosi ahofadi a enni ano a nnipa benya so dua kɛse, na ɔmanfo adwenkyerɛ na edi asɛnnibea gyinaesi so. Nanso sɛnea asɛm no te biara no, akyinnye no bɛkɔ so de mpaapaemu a emu yɛ den aba afaanu no nyinaa mu—wɔn a wɔpene so ne wɔn a wɔmpene so.

Bere bi a atwam no, na anohyeto a emu yɛ den da kasa mu ahofadi ne nsɛm ho amanneɛbɔfo so wɔ Japan. Sɛ nhwɛso no, wɔantumi ammɔ asasewosow a na ano den yɛ 7.9 wɔ Richter susudua no so a ekunkum nnipa bɛboro apem no ho amanneɛ nokwaredi mu. Wɔantumi ammɔ nsɛm a ɛfa dwowtwa ne awarefo a wɔnam dɔmdi so wuwui ho no ho amanneɛ. Aban ahunahuna maa atesɛm nkrataa akyerɛwfo suroe bere a wɔhyehyɛɛ mmara pii wɔ nsɛm a wobuu no nketenkete mpo ho no. Nanso, wɔ Wiase Ko II akyi no, woyii anohyeto ahorow no na Japan nyaa kasa ne nsɛm ho amanneɛbɔ mu ahofadi kɛse.

Nokwarem no, tebea no dan dɔn no kɔɔ n’akyi kɛse bere a wɔde mfonini a ɛka nna ho nsɛm yɛɛ nsɛmma nhoma ne mmofra aseresɛm nhoma mã no. Tokyo atesɛm krataa a agye din The Daily Yomiuri kae bere bi sɛ: “Ebia ade biako a ɔhɔho a ɔba Japan foforo hu a ɛbɛyɛ no nwonwa asen biara ne odwumayɛni a ɔrekenkan aseresɛm nhoma a ɛka nna ho nsɛm pefee wɔ Tokyo asase ase keteke mu. Seesei ɛte sɛ nea adeyɛ no reka ɔmanfo nkae no, bere a wɔde mmea aseresɛm nhoma a ‘ɛka nguamansɛm pefee’ kyerɛ wɔ nhoma pon a ɛwɔ nhomatɔnbea ne aguadidan ahorow mu no.”

Wɔ 1995 mu no, atesɛm krataa a agye din kɛse Asahi Shimbun frɛɛ Japan “Aguamansɛm Paradise.” Bere a asamufo ne sɛnkyerɛwfo kae sɛ wɔmma nkurɔfo mfi wɔn pɛ mu nni ho dwuma sen sɛ aban bɛhyɛ ɔsɔretia a efi awofo hɔ ho mmara no, mmofra a wɔkenkan asɛm no sɔre tiae. Obi bebisa sɛ, ‘Hena nne na wobetie koraa?’

Kasa mu ahofadi abɛyɛ asɛm a wogye ho akyinnye seesei wɔ France. Franseni nhoma kyerɛwfo Jean Morange kyerɛwee wɔ ne nhoma a ɛfa kasa mu ahofadi ho mu sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ, kasa mu ahofadi ho abakɔsɛm no mmaa awiei, na ɛbɛkɔ so ara de mpaapaemu aba. . . . Ɛyɛ den sɛ afe biako betwam a wɔrenyi sini anaa television so dwumadi bi anaa dawurubɔ ɔsatu bi a ɛde ɔkasatia a emu yɛ den ba, na ɛkanyan akyinnyegye a akyɛ na ɛto ntwa da a ɛfa ɛho mmara a wɔbɛhyɛ ho no.”

Asɛm bi a epuee Paris atesɛm krataa Le Figaro mu no bɔɔ amanneɛ sɛ rap kuw bi a wɔfrɛ wɔn Ministère amer (Ɔsom a Ɛyɛ Nwene) no rehyɛ n’atiefo nkuran sɛ wonkunkum polisifo. Wɔn nnwom no biako mu nsɛm ka sɛ: “Asomdwoe remma gye sɛ [polisifo] wuwu.” Kuw no kasamafo no kae sɛ: “Yɛka kyerɛ wɔn wɔ yɛn apaawa no so sɛ wɔnhyew polisifo adwumayɛbea, na wɔmfa [polisifo] no mmɔ afɔre. Dɛn bio na ebetumi afata asen saa?” Wɔnyɛɛ rap kuw no hwee.

Rap akuw a wɔwɔ Amerika nso hyɛ polisifo a wobekum wɔn ho nkuran, na wɔka sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔka nsɛm a ɛte saa esiane kasa mu ahofadi hokwan no nti. Wɔ France, Italy, England ne aman foforo a ɛwɔ Europa ne wiase nyinaa mu no wobetumi ate sɛ nkurɔfo a wofi mmaa nyinaa reka sɛ ɛnsɛ sɛ wɔde anohyeto biara ba ahofadi a wɔwɔ sɛ wɔbɛkasa baguam no so, sɛ mpo kasa no “te sɛ nea ebetumi de asiane pefee aba ntɛm ara a.” Bere bɛn na akyinnye no to betwa, na ɔfã bɛn na ebedi nkonim?

[Kratafa 15 mfonini]

Kɔmputa so aguamansɛm, “kotoku bi a ‘adapaade’ wom”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena