Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 8/8 kr. 9-10
  • Mmoa a Wɔn Ase Reyɛ Atɔre—Sɛnea Wo Ho Wom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mmoa a Wɔn Ase Reyɛ Atɔre—Sɛnea Wo Ho Wom
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Adaka Ma Nkwagye
  • Wiase Foforo no mu Mmoa
  • Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Mmoa a Wɔn Ase Reyɛ Atɔre—Sɛnea Ɔhaw no Kɛse Te
    Nyan!—1996
  • Ɔne “Nokware Nyankopɔn Nantewee”
    Suasua Wɔn Gyidi
  • Noa Pam Adaka
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1996
g96 8/8 kr. 9-10

Mmoa a Wɔn Ase Reyɛ Atɔre—Sɛnea Wo Ho Wom

ASEBƆ, asudanna, bɛnkoro, mfofantɔ—ɛte sɛ nea mmoa a wɔn ase reyɛ atɔre no dodow nni ano! Akyinnye biara nni ho sɛ wubegye atom sɛ ɛsɛ sɛ wɔde asodi no kɛse to onipa so. Nanso ɔkwan bɛn so na wo ho wɔ eyi mu?

Sɛnea wiase sikasɛm tebea ayɛ no nti, ntease wom sɛ yɛbɛhwɛ kwan sɛ nnipa bedwen wɔn ankasa yiyedi ho asen nneɛma so kora ho nhyehyɛe ahorow no, ɛmfa ho adwempa a ebia ɛwɔ akyi no? Time ka sɛ: “Akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ den sɛ nnipa ɔpepem pii a wɔwɔ Afrika aman a ɛbɛn Sahara Anhweatam so, baabi a wohyia amammuisɛm mu basabasayɛ, mmusua ntam akodi, ɔkɔm, ne ɔyaredɔm no bedwen nneɛma so kora ho.” Saa ara na ɛte wɔ mmeae foforo.

Sɛ yebetumi adi mmoa a wɔn ase reyɛ atɔre ho haw no ho dwuma a, nsakrae titiriw bi ho hia. Sɛnea The Atlas of Endangered Species kyerɛ no, saa nsakrae yi “yɛ kɛse araa ma gye nniso horow nkutoo na wobetumi ayɛ.” Na afei ɛhyɛ nyansa sɛ: “Wɔ baabi a wɔtow aba paw aban no, ɛyɛ ankorankoro biara asɛyɛde sɛ ɔbɛhwɛ ahu sɛ ebedu afe 2000 no na amammuifo a wodwen nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho nkutoo na wɔtow aba paw wɔn.”

Eyi yɛ akwanhwɛ a ebetumi abam? Sɛ yebegyina abakɔsɛm mu adanse ahorow so aka asɛm a, ɛsɛ sɛ yɛka sɛ ‘onipa adi onipa so tumi ma adan no bɔne’—ne wuram mmoa nso. (Ɔsɛnkafo 8:9) Nokwarem no, abɔde ho bammɔfo pii gye di sɛ afifide ne mmoa yɛ nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho kɔkɔbɔde. Sɛ eyinom ase tɔre a, ɛka nnipa nso. Nanso ɛnyɛ eyi ne nea edi kan wɔ nnipa abakɔsɛm mu a asase so abɔde a nkwa wom nyinaa ase reyɛ atɔre.

Tete abakɔsɛm ho nhoma a akyɛ sen biara ka saa nsɛm yi: “Mede nsuyiri mɛba asase so mabɛsɛe ɔhonam a nkwa honhom wɔ mu nyinaa ɔsoro ase; asase so ade nyinaa rebewuwu.” (Genesis 6:17) Nanso, ɛnyɛ onipa biara anaasɛ abɔde a nkwa wom nyinaa na wowuwui, efisɛ Onyankopɔn yɛɛ ogye ho nhyehyɛe.

Adaka Ma Nkwagye

Nyansahufo gye di sɛ mmoa a wɔn ase reyɛ atɔre nnɛ no ho haw no ano aduru a ɛsen biara ne sɛ wɔbɛkora wɔn atrae so. Nea ɛyɛ anigye no, New Scientist de eyi ho amanneɛbɔ ma, na ɛde “Noa Adaka no yɛ kasakoa” ka abɔde ho bammɔfo ho asɛm. Noa adaka no ne ɔkwan ankasa a nnipa ne mmoa nam so nyaa nkwa wɔ Noa bere so Nsuyiri no mu.

Onyankopɔn kyerɛɛ Noa sɛnea ɔnyɛ adaka no, dua adaka kɛse a ɛtɛn nsu ani no. Eyi na ɛkoraa Noa, ne yere, wɔn mmabarima baasa ne wɔn mmabarima no yerenom ne mmoa ahorow ahorow a wuram mmoa ne afieboa—nokwarem no, “ɔhonam a nkwa home wɔ wɔn mu nyinaa”—nkwa so. (Genesis 7:15) Mmoa dodow a wɔwɔ hɔ nnɛ no da sɛnea saa adaka no dii dwuma yiye adi.

Nanso, hyɛ no nsow sɛ, ɛnyɛ nnipa mmɔdenbɔ nkutoo so na wɔnam gyee nkwa. Na ɛsɛ sɛ Noa ne n’abusua tie Onyankopɔn a ɔwɔ tumi a obetumi de akora wɔn nkwa so no. Ɛyɛ Onyankopɔn na ɔde ɔham, basabasayɛ, ne adifudepɛ a na ɛwɔ hɔ ansa na wiase nyinaa Nsuyiri no reba no baa awiei.—2 Petro 3:5, 6.

Wiase Foforo no mu Mmoa

Yehowa Nyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ sɛ nnipa yɛ osetie ma ne mmara horow a ebetumi asesa wɔn a wɔyɛ basabasa, na wɔyɛ keka no ma wɔabɛyɛ te sɛ mmoa a wɔwɔ ahobrɛase na wɔn ho dwo. (Yesaia 11:6-9; 65:25) Ɛnnɛ mpo, eyi ho adanse abu so. Kɔ Yehowa Adansefo nhyiam wɔ Ahenni Asa a ɛbɛn wo so, na w’ankasa kɔhwɛ. Sɛ Yehowa tumi yɛ nnipa mu nsakrae titiriw a ɛte saa a, so ɔrentumi nyɛ nhyehyɛe mma mmoa mmom ntra asomdwoe mu, sɛ ɛho behia sɛ ɔsesa su ahorow a wokura nnɛ no mpo a? Nokwarem no, ɔhyɛ bɔ sɛ: “Mɛpam apam bi mama wɔn ɛda no, me ne wuram mmoadoma ne wim nnomaa ne mmoa a wɔwea fam, . . . na mama wɔatra dwoodwoo.”—Hosea 2:18.

Ɔsomafo Petro kyerɛw daakye “atemmu ne nnipa amumɔyɛfo sɛe da” ho asɛm. (2 Petro 3:7) Onyankopɔn ahokeka a adwene da ho no bɛsɛe nnipa amumɔyɛfo nkutoo. Onyankopɔn ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no.’—Adiyisɛm 11:18.

Susuw anigye a ɛbɛyɛ sɛ wobɛtra wiase a mmoa nkwa nna asiane mu bio mu. Hwɛ nneɛma pii a yebetumi asua wɔ wuram mmoadoma a wɔatwa yɛn ho ahyia no ho! Yiw, asebɔ, agyata, asono, bekyinkyin a obiara renhaw wɔn. Nsu mu mmoa ne mmoa a wɔwea fam, nkoekoemmoa, ne nnomaa ahorow ahorow, a nko ka ho bɛyɛ manyamanya—a wɔn nyinaa wɔ wɔn atrae a ɛfata. Bere a wɔasan de nnipa asoɔmmerɛfo aba pɛyɛ mu wɔ Mesia Ahenni ase no, mmoa ntam abusuabɔ a ɛyɛ pɛ bɛtra hɔ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena