Aguanfo a Wɔredɔɔso
AKODI, ɔkɔm, ne ɔtaa asɛe onipa asetra fã kɛse no ara wɔ abakɔsɛm mu. Ne saa nti, nnipa a wohia guankɔbea wɔ hɔ bere nyinaa. Wɔ abakɔsɛm mu no, aman ne nkurɔfo ama wɔn a wohia mmoa no guankɔbea.
Tete Aztecfo, Asiriafo, Helafo, Hebrifo, Nkramofo ne afoforo gyee mmara a ɛma afoforo nya guankɔbea no toom. Pilato, Helani nyansapɛfo no, kyerɛw bɛboro mfeha 23 a atwam ni sɛ: “Ɛsɛ sɛ nnipa ne anyame dɔ ɔhɔho a watew ne ho afi ne man mufo ne n’abusua ho no kɛse. Enti ɛsɛ sɛ obiara yɛ ahwɛyiye sɛ ɔrenyɛ ahɔho bɔne biara.”
Wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no, aguanfo dodow no akɔ soro. Wɔ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛhwɛ aguanfo ɔpepem 1.5 a wofii Wiase Ko II mu kae no, wɔtee Amanaman Nkabom no Ahyehyɛde a Ɛhwɛ Aguanfo So (UNHCR) wɔ 1951 mu. Wosusuwii sɛ ebedi mfe abiɛsa, a na adwene a wogyina so ne sɛ ɛrenkyɛ na aguanfo a wɔwɔ hɔ no anya atrae wɔ aman a wonyaa guankɔbea wom no mu. Wosusuwii sɛ wobetumi agu ahyehyɛde no wɔ ɛno akyi.
Nanso, wɔ mfe du du no mu no, aguanfo dodow kɔɔ soro bere nyinaa. Eduu 1975 no, na wɔn dodow adu ɔpepem 2.4. Wɔ 1985 mu no, na wɔn dodow yɛ ɔpepem 10.5. Eduu 1995 no, na nnipa dodow a wɔregye ahobammɔ ne mmoa afi UNHCR hɔ no adu ɔpepem 27.4!
Nnipa pii nyaa anidaso sɛ Apuei ne Atɔe Ntam Ntawntawdi no a ɛbaa awiei no bebue kwan ma wɔadi aguanfo haw no ho dwuma wɔ wiase nyinaa; nanso amma saa. Mmom no, aman bi agyina abakɔsɛm anaa abusuasɛm so ma wɔn mu apaapae, ma akowie akodi mu. Bere a wodi ako no, nkurɔfo guan, a wonim sɛ wɔn nniso ahorow no rentumi mmɔ wɔn ho ban, anaasɛ wobetumi mpo a, wɔrenyɛ. Sɛ nhwɛso no, wɔ 1991 no, Iraqfo bɛyɛ ɔpepem abien na woguan kɔɔ aman a ɛbemmɛn no mu. Efi saa bere no, wobu akontaa sɛ nnipa 735,000 na wɔaguan afi kan Yugoslavia. Afei, wɔ 1994 no, ɔmanko a ɛbaa Rwanda no hyɛɛ ɔman no mu nnipa ɔpepem 7.3 no mu fã ma woguan fii wɔn afie. Rwandafo bɛyɛ ɔpepem 2.1 guan kɔɔ Afrika aman a ɛbemmɛn wɔn no mu.
Dɛn Nti na Ɔhaw no Reyɛ Kɛse?
Nneɛma pii na ama aguanfo redɔɔso. Wɔ mmeae bi te sɛ Afghanistan ne Somalia no, ɔman mu nniso horow no ahwehwe ase. Eyi ama nneɛma akodi nkurɔfo a wɔte sɛ asraafo a wowia ɔmanfo nneɛma a biribiara nsianka wɔn, na wɔma nkurɔfo bɔ hu na woguan, nsam.
Wɔ mmeae foforo no, abusua ne ɔsom mu mpaapaem na ɛma akodi ba, a akuw a wɔreko no atirimpɔw titiriw ne sɛ wɔbɛpam wɔn a wɔnyɛ asraafo no. Ɛdefa ɔko a ɛrekɔ so wɔ Yugoslavia ho no, UN nanmusifo bi dii abooboo wɔ 1995 mfinimfini hɔ sɛ: “Ɛyɛ den ma nnipa pii sɛ wɔbɛte nneɛma a ɛde ɔko yi aba no ase: wɔn a wɔreko, ne nea enti a wɔreko. Sɛ ɔfã biako nnipa guan nnɛ a, dapɛn abiɛsa akyi no, wobɛhwɛ no na ɔfã foforo nso nnipa reguan. Ɛyɛ den yiye sɛ yɛbɛte ase ama nnipa a ɛsɛ sɛ yɛte wɔn ase mpo.”
Ɛnnɛyi akode a ɛsɛe ade kɛse—asraman a ɛsɛe ade pii, aprɛm, aprɛmkuw, ne nea ɛtete saa—ma wokunkum nnipa pii na ɛma ɔko no yɛ kɛse. Nea afi mu aba: aguanfo a wɔredɔɔso bere nyinaa. Wɔ nnansa yi mmere mu no, wiase aguanfo no bɛyɛ ɔha mu 80 na wofi aman a ennyaa nkɔso pii mu akɔ aman a ɛbemmɛn wɔn a afei na wɔn nso renya nkɔso a wɔnyɛɛ ahoboa sɛ wɔbɛhwɛ wɔn a wɔrehwehwɛ guankɔbea no mu.
Wɔ akodi pii mu no, aduankɔm na ɛma ɔhaw no yɛ kɛse. Sɛ ɔkɔm de nnipa, a ebia esiane sɛ wɔasiw kar ahorow a ɛde mmoa rebrɛ wɔn no kwan nti na ama aba saa a, ɛhyɛ wɔn ma wofi hɔ. The New York Times ka sɛ: “Wɔ mmeae bi te sɛ Afrika Mfinimfini fam no, ɔpɛ ne akodi asɛe asase no araa ma nnipa ntumi nnya wɔn ano aduan bio. Sɛ́ nnipa ɔpehaha pii a woguan no reguan ɔkɔm anaa ɔko no nyɛ nea ɛho hia.”
Ɔpepem Pii a Wɔmpɛ Wɔn
Esiane sɛ nsɛm a wɔka kyerɛ na wɔde gye guankɔbea ho adwene no tom nti, aguanfo a wɔdɔɔso no ma aman no ho dwiriw wɔn. Tebea no te sɛ nea esii tete Misraim no. Bere a Yakob ne n’abusua guan kɔɔ Misraim de guanee ɔsɛe a mfe ason kɔm de bɛba no, wogyee wɔn fɛw so. Farao maa wɔn “asase no mu nea eye no” ma wɔtraa so.—Genesis 47:1-6.
Nanso, bere kɔɔ so no, Israelfo no bɛyɛɛ bebree, “na wɔyɛɛ asase no so ma.” Afei Misrifo no yɛɛ ade atirimmɔden so, nanso “dodow a wɔhyɛɛ wɔn so no, dodow no ara na wɔdɔe, na wɔtrɛwee. Na Misrifo suroo Israelfo no.”—Exodus 1:7, 12.
Saa ara na ɛnnɛ, aman no “suro” bere a aguanfo dodow kɔ so dɔɔso no. Sikasɛm ne wɔn haw. Egye sika pii na wɔde ama aguanfo ɔpepem pii no aduan, ntade, adan, ne ahobammɔ. Wɔ 1984 ne 1993 ntam hɔ no, ɛka a UNHCR bɔ no afe biara no fi dɔla ɔpepem 444 koduu dɔla ɔpepepem 1.3. Aman a wodi yiye kɛse, a wɔn mu bi redi ako wɔ wɔn ankasa sika fam ahokyere ho no na woyi sika no mu fã kɛse no ara. Ɛtɔ da bi a, aman a woyi sika nwiinwii sɛ: ‘Ɛyɛ den ma yɛn sɛ yɛbɛboa wɔn a wonni afie wɔ yɛn ankasa man mu no. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ahwɛ wɔn a wonni afie wɔ okyinnsoromma yi nyinaa so no, titiriw bere a ɛda adi sɛ ɔhaw no so ntew, na mmom ɛbɛkɔ soro no?’
Dɛn na Ɛma Nneɛma Yɛ Den?
Mpɛn pii no, aguanfo a wɔkɔ aman a wodi yiye mu no hu sɛ nnipa mpempem pii a sikasɛm ama wɔatu aba ɔman koro no ara mu no ama wɔn tebea no ayɛ den. Sikasɛm ho atubrafo no nyɛ nnipa a wɔreguan ɔko, ɔtaa anaa ɔkɔm. Mmom no, wɔaba sɛ wɔrebɛpɛ asetra pa—asetra a ohia nnim. Esiane sɛ mpɛn pii no, wɔboapa yɛ wɔn ho aguanfo, na wɔde atosɛm haw guankɔbea ahyehyɛde ahorow no nti, wɔma ɛyɛ den kɛse ma wɔn a wɔyɛ aguanfo ankasa no sɛ wobetie wɔn ɔkwampa so.a
Wɔde aguanfo ne atubrafo atoto asuten abien a emu biara de mfe bi atene akɔ aman a wodi yiye mu ho. Nanso, atubra ho mmara katee a wɔkɔ so hyɛ asiw sikasɛm ho atubrafo asuten no kwan. Enti, wɔabɛyɛ aguanfo asuten no fã, na saa asuten yi abu afa so adan nsuyiri.
Esiane sɛ sikasɛm ho atubrafo no nim sɛ ebegye mfe pii na wɔde ahwehwɛ wɔn guankɔbea ho adesrɛ nti, wosusuw sɛ wɔwɔ tebea a ɛbɛma wɔadi yiye mu. Sɛ wogye wɔn guankɔbea ho adesrɛ no tom a, wodi nkonim, esiane sɛ wobetumi atra aman a wɔn sikasɛm ye mu nti. Sɛ wɔpow wɔn adesrɛ no a, wɔsan di nkonim efisɛ wobenya sika bi na wɔasua nnwuma bi a wɔde bɛkɔ wɔn man mu.
Bere a aguanfo ne nnaadaafo a wɔdɔɔso kɔ aman foforo mu no, saa aman yi pii nnye wɔn bio. Ebinom atoto wɔn ahye so akwan mu a wɔn a wɔreguan yi nnya kwan mma wɔn man mu. Aman foforo nso ahyehyɛ mmara ne akwan bi a etu mpɔn a ɛmma aguanfo nnya kwan mma wɔn man mu. Aman afoforo nso ahyɛ aguanfo ma wɔasan akɔ nsase a woguan fii so no so. UNHCR nhoma bi ka sɛ: “Wɔn—aguanfo ankasa ne sikasɛm ho atubrafo nyinaa—dodow a ɛrenya nkɔanim kɛse no de ɔhaw kɛse aba guankɔbea ho nhyehyɛe a adi mfe 3,500 no so, na ɛreyɛ asɛe no.”
Ɔtan ne Ehu
Nea ama aguanfo haw no ayɛ kɛse ne ehu bi a wɔfrɛ no xenophobia—ahɔho ho hu ne ɔtan—ho haw no. Wɔ aman pii mu no, nkurɔfo gye di sɛ ahɔho de ɔman a wɔte mu, amammerɛ, ne nnwuma reto asiane mu. Ɛtɔ da bi a, ehu a ɛtete saa no kowie basabasayɛ mu. Refugees nsɛmma nhoma no ka sɛ: “Europa asasepɔn no hu mmusua ntua pɛnkoro simmaa abiɛsa biara—na mpɛn pii no, mmeae a wɔde ma wɔn a wɔrepɛ guankɔbea atra bere tiaa bi no na wɔde wɔn ani si.”
Mfonini bi a ɛbɔ Europa mfinimfini fam no da ɔtan a emu yɛ den, ɔtan a wɔda no adi wɔ asase so aman pii mu no, adi. Emu nsɛm a ɛwowɔ no ka ahɔho ho asɛm sɛ: “Wɔyɛ akyide ne pɔmpɔ a ɛyɛ yaw a esi yɛn man no. Abusuakuw a wonni amammerɛ, abrabɔ anaa ɔsom pa, nnipakuw a wokyinkyin wiawia nneɛma nkutoo. Wɔyɛ fĩ, dwiw ayɛ wɔn tiri mu mã, na wɔda mmɔnten ne keteke gyinabea. Ma wɔnsesa wɔn nneɛma fĩ na wɔnkɔ koraa!”
Nokwarem no, biribiara nni hɔ a aguanfo dodow no ara bɛpɛ sen sɛ anka ‘wɔbɛkɔ koraa.’ Wɔpɛ sɛ wɔkɔ fie. Wɔn ho pere wɔn sɛ anka wɔne wɔn abusua ne wɔn nnamfo benya asetra pa a asomdwoe wom. Nanso wonni afie a wɔbɛkɔ mu.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔ 1993 mu no, nniso ahorow a ɛwɔ Europa Apuei fam nkutoo sɛee dɔla ɔpepepem 11.6 de yɛɛ nkrataa horow gyee wɔn a wɔhwehwɛ guankɔbea.
[Kratafa 20 adaka/mfonini]
Aguanfo Tebea a Ɛyɛ Awerɛhow
“So wunim sɛ aguanfo mmofra ɔpehaha pii da kɔm anadwo biara? Anaasɛ wunim sɛ aguanfo mmofra baawotwe biara mu biako pɛ na wakɔ sukuu pɛn? Mmofra no mu dodow no ara nkɔɔ sini, ne agodibea da, na anka ampɛ sɛ tete nneɛma akorae. Pii nyin wɔ nnadeban anaa nsraban ahorow a atetew wɔn ho mu. Wonhuu nantwi anaa kraman da. Aguanfo mmofra pii susuw sɛ sare momono yɛ biribi a wodi, ɛnyɛ biribi a wohuruhuru so tu so mmirika. Aguanfo mmofra na wɔn ho yɛ awerɛhow sen biara wɔ me dwumadi mu.”—Sadako Ogata, Amanaman Nkabom Soafo Panyin a Ɔhwɛ Aguanfo So.
[Asɛm Fibea]
U.S. Po so Asraafo mfonini
[Kratafa 22 adaka/mfonini]
Ná Yesu Yɛ Oguanfo
Ná Yosef ne Maria ne wɔn babarima, Yesu, te Betlehem. Nsoromma mu ahwɛfo a wofi Apuei fam de akyɛde a ɛne sika kɔkɔɔ, aduhuam ne kurobow brɛɛ no. Bere a wofii hɔ no, ɔbɔfo bi yii ne ho adi kyerɛɛ Yosef, na ɔkae sɛ “Sɔre fa abofraa no ne ne na, na guan kɔ Misraim, na kɔtra hɔ kosi sɛ mɛka makyerɛ wo; na Herode rebɛhwehwɛ abofraa no akum no.”—Mateo 2:13.
Ntɛm ara na wɔn baasa no guan kɔɔ ɔman foforo so—wɔbɛyɛɛ aguanfo. Herode bo fuwii sɛ nsoromma mu ahwɛfo no ammɛka baabi a Onii a wɔaka ne ho asɛm sɛ ɔbɛyɛ Yudafo hene no wɔ no. Wɔ mmɔden hunu a ɔbɔe sɛ obekum Yesu mu no, ɔhyɛɛ ne mmarima sɛ wonkunkum mmarimaa nkumaa a wɔwɔ Betlehem ne nkurow a atwa ho ahyia nyinaa.
Yosef ne n’abusua traa Misraim kosii sɛ Onyankopɔn bɔfo san yii ne ho kyerɛɛ Yosef wɔ dae mu. Ɔbɔfo no kae sɛ: “Sɔre fa abofraa no ne ne na, na kɔ Israel asase so; na wɔn a wɔhwehwɛ abofraa no kra no awu.”—Mateo 2:20.
Ɛda adi sɛ, na Yosef pɛ sɛ ɔtra Yuda, baabi a na wɔte ansa na wɔreguan akɔ Misraim no. Nanso wɔbɔɔ no kɔkɔ wɔ dae mu sɛ ɛbɛyɛ asiane sɛ ɔbɛyɛ saa. Enti basabasayɛ ho ahunahuna nyaa wɔn asetra so tumi bio. Yosef, Maria, ne Yesu kɔɔ Galilea kusuu fam kɔtraa Nasaret kurow mu.
[Kratafa 21 mfonini ahorow]
Wɔ nnansa yi mfe mu no, aguanfo ɔpepem pii aguan akɔ aman foforo mu de abɔ wɔn nkwa ho ban.
[Nsɛm Fibea]
Atifi hɔ benkum so: Albert Facelly/Sipa Press
Atifi hɔ nifa so: Charlie Brown/Sipa Press
Ase hɔ: Farnood/Sipa Press
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 18]
Abarimaa a ɔwɔ benkum so no: UN MFONINI 159243/J. Isaac