Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g96 9/8 kr. 28-30
  • Amammɔ—Adwuma a Ɛka W’asetra

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Amammɔ—Adwuma a Ɛka W’asetra
  • Nyan!—1996
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aguade Mpempem Pii
  • Nnua no Ho Bota
  • Kar Tae—Ebetumi Abɔ Wo Nkwa Ho Ban!
    Nyan!—2004
  • Wiase Nsɛm
    Nyan!—1993
  • Dua a Wɔatwa Bɛtumi Afefɛ Bio?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Nyan!—1996
g96 9/8 kr. 28-30

Amammɔ—Adwuma a Ɛka W’asetra

Efi Nyan! kyerɛwfo a ɔwɔ Nigeria hɔ

ƐBƆ anɔpa nnɔnnum a, Nigeria kwaeberentuw no mu yɛ tumm na ɛhɔ yɛ nwini. John sɔre hyɛ n’atade wɔ dɔte dan bi a ɛwɔ kwae no mfinimfini mu. Afei ɔde n’ani kyerɛ sum no mu, a okura kanea, rɔba bokiti, ne sekamma a ano akontɔn. Wɔ nnɔnhwerew anan a edi hɔ mu no, okyinkyin nnua so kɔbota dua biara abon ho.

Eyi ne adeyɛ a edi kan wɔ dwumadi pii a ɛbɛkɔ so a awiei koraa no ebetumi aka w’asetra no mu. Ɔkwan bɛn so na ɛte saa? Efisɛ nnua a John bɔ no yɛ amane nnua. Na amane a wotumi de yɛ nneɛma pii no yɛ ahiade a ɛsom bo a wɔde di dwuma sen biara no biako.

Aguade Mpempem Pii

Wo de, susuw dwuma a amane di wɔ w’asetra mu no ho hwɛ. Ebetumi aba sɛ wɔde amane na ɛyɛɛ wo mpaboa ase ne ɛto. Ebetumi aba sɛ amane wɔ wo kapɛte ne wo nkongua ase. Gyama amane na wɔde yɛɛ rɔba a wotumi twe mu a ɛhyɛ w’atade mu no. Sɛ osu retɔ a, ebia wobɛfa nguguso ne mpaboa a nsu ntumi no a wɔde amane ayɛ. Worekoguare nsu? Amane wɔ asuguare ntade, kyikyi ahorow, ne nea wɔde hyɛ nsa ne anan guare nsu no mu. Wompɛ sɛ wuguare nsu? Ebia wobɛpɛ sɛ woda bonto a wɔde amane ayɛ so tɛn nsu ani anaasɛ wode bɔɔl a wɔde amane ayɛ di agoru wɔ mpoano kɛkɛ. Sesɛɛ amane nhama, ade a wɔde popa nkyerɛwde a wɔde amane ayɛ, ne amane a wɔde ka nneɛma fomfam ho ayɛ wo fie mã. Sɛ woda anadwo yi a, ebia wobɛda pikyi ne sumii a wɔde amane ho nneɛma na ayɛ so. Sɛ awɔw de wo a, ebia wode nsuhyew begu toa a wɔde rɔba ayɛ mu atoto wo ho.

Saa nneɛma no nyinaa da nkyɛn a, ɛda adi sɛ nneɛma pii wɔ hɔ a sɛ amane nni hɔ a anka ɛrentumi nyɛ adwuma yiye—nneɛma a wɔde ka nneɛma fomfam ho, bɛlt, gasket, sɔks, mfiri nkyimii, anaa nsiwano ahorow. Sɛ́ nhwɛso no, kar biara ho nneɛma bɛyɛ 600 yɛ nea wɔde amane ayɛ. Sɛ wɔka bom a, sɛnea The World Book Encyclopedia kyerɛ no, nneɛma 40,000 kosi 50,000 na wɔde amane yɛ.

Dɛn na ɛma amane so wɔ mfaso saa? Enhi ntɛm, ɔhyew ntumi no, emu tumi twe, nsu ntumi mfa mu, mframa ntumi mfa mu, na biribi bɔ so a ɛnsɛe. Susuw tae ho hwɛ, sɛ́ ɛyɛ sakre de, kar de, anaa wimhyɛn de no. Esiane sɛ tae yɛ rɔba nti, fa a ɛtaa fa kwan so no mma enhi ntɛm, na saa ara nso na twiw a etwiw hɔ daa no mma ɛnhyew. Sɛ wode kar fa atɛkyɛ mu a, ɛho nhia sɛ wusuro sɛ nsu bɛdonnɔn tae no ma aporɔw; ɛrenwe nkannare nso. Ɛnyɛ sɛ amane mma nsu nkɔ tae mu nko na mmom, ɛmma mframa a egyina mu no nso mfi adi. Bio nso, bere a worekɔ no, amane a ɛwɔ tae mu a ɛyɛ twann no boa ma sɛ ɛfa biribi so wɔ kwan mu a, ɛnwosow wo kɛse. Nokwarem no, sɛ amane nni hɔ a, anka ɛbɛyɛ den yiye sɛ wɔn a wɔyɛ tae no betumi ayɛ.

Enti ebia wubegye atom sɛ wɔn a wɔbɔ amane te sɛ John no yɛ adwuma a ɛso wɔ mfaso a ɛka yɛn asetra wɔ ɔkwampa so. Nokwarem no, ɛnyɛ amane nyinaa na wonya fi nnua mu. Wonya aguade pii fi amane a wɔde nnuru na ɛyɛ mu. Amane abien no nyinaa wɔ nea eye ne nea enye wɔ ho. Wobetumi de abien no mu biara ayɛ aguade pii, na mpɛn pii no, ne bo na wogyina so paw bi. Wɔde amane a nnipa ayɛ fra nea efi nnua mu yɛ aguade afoforo. Amane a nnipa ayɛ pii wɔ kar tae mu sen nea efi nnua mu. Nanso, esiane sɛ nea nnipa yɛ no ntumi ɔhyew pii nti, wɔma amane a efi nnua mu a wɔde yɛ kar a wɔde si akan, lɔre, bɔs, ne wimhyɛn ahorow tae no dɔɔso.

Nnua no Ho Bota

Amane nnua nyin yiye wɔ mmeae a ɛhɔ yɛ hyew ne fɔkyee a ɛbɛn asase nkyɛmpɛ no. Wiase no mu amane a wonya fi nnua mu no dodow no ara fi Asia Kesee fam apuei, titiriw Malaysia ne Indonesia. Nkae no fi Amerika Kesee fam ne Africa Atɔe ne Mfinimfini fam.

Sɛ John bɛbota dua bi ho a, gye sɛ adi bɛyɛ mfe asia. Ɛno akyi no, wobenya amane afi dua no mu wɔ mfe 25 kosi 30 a edi hɔ no mu, na ne tenten betumi adu bɛyɛ mita 20. Sɛ amane dua no “gyae” amane sɔw a, ebetumi akɔ so anyin, ma ne tenten adu mita 40, na ebetumi adi mfe 100 anaa nea ɛboro saa.

Amane a wonya fi dua no mu tẽẽ no sɛ nufusu mmom sen kar tae. Rɔba nketenkete wɔ saa ade a ɛte sɛ nufusu a wɔfrɛ no amã yi mu. Amã no nkyekyem ɔha mu 35 yɛ rɔba. Nkae no yɛ nsu ara nko.

Sɛnea ɛbɛyɛ na John abɔ amã no, otwa dua no abona ho kontɔn no. Otwa ma esi dua no fã. Ɔhwɛ yiye na wantwa ankɔ mu dodo, efisɛ ɛyɛ saa a dua no bewu. Sɛ wotwa dua no ho a, ntɛm ara amane no fi ase sosɔw; ɛsosɔw fa ɛkã a watwa no mu gu mpampuro kuruwa a John de asɛn dua no ho no mu. Ɛkɔ so sosɔw nnɔnhwerew abien anaa abiɛsa; afei etwa.

Da koro anaa nnanu akyi a John bɛbota dua no ho bio no, ɔbɛsan atwa nea edi kan no anim. Bere foforo, obetwa ɛno anim. Bere rekɔ so no, ɔwae dua no abona fã bi fi hɔ. Afei John befi ase abota dua no fã foforo, agyae ama baabi a wawae no asan ayɛ foforo koraa ma wabɔ no akyiri yi.

John yɛ adwuma no ntɛmntɛm, bere a ne nkutoo wɔ kwae a emu yɛ dinn no mu, botabota nnua no ho ma emu amã no sosɔw no. Akyiri yi, ɔsan kɔ nnua no mu biara so kohwie amã a aba no gu ne bokiti mu. Ɛno akyi no, John de formic acid ne nsu gu amã no mu. Eyi ma epiw na ɛda te sɛ nea nsã nyinyanyinya ma nufusu da no. Ɛno akyi no, John soa amane bokiti ma no de kɔ kwan kɛse no ho, na lɔre bi a efi amane ho adwumayɛbea bi a ɛbɛn hɔ begye.

Afei John san kɔ fie koguare, didi, na ogye n’home. Edu anwummere a, obefi ne fie bio no, na wasiesie ne ho kama a okura bag wɔ ne nsam. Saa bere yi de, ɛnyɛ sɛ okyinkyin nnua so, na mmom ɔkɔ afie afie. Sɛ́ daa ɔkwampaefo somfo no, John nya asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa pii.

Ebedu bere a John bɛyɛ ne Bible adesua a edi kan wɔ da no mu no, na amã a ɔsɔwee no adu adwumayɛbea hɔ. Ɛhɔ na wɔbɛtwe nsu no afi amane no mu, ahata, na wɔabobɔw ayɛ no boaa ma wɔde akɔ amannɔne. Ɛnkyɛ na wɔde asi kwan so akɔ England, Japan, anaasɛ United States. Wiase nyinaa amane a efi nnua mu adwuma no yɛ amane bɛboro tɔn ɔpepem anum afe biara. Ɛwom sɛ ebia na ɛnte saa de, nanso ebetumi aba sɛ mpaboa a edi hɔ a wubenya no ase rɔba no befi dua bi a John na ɔbɔe mu.

[Kratafa 28 mfonini]

John gu n’adwuma so rebɔ amane nnua

[Kratafa 30 mfonini]

John nya Kristofo som adwuma no mu kyɛfa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena