Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 1/8 kr. 23-27
  • Ɔhyɛɛ Me Den Ma Migyinaa Sɔhwɛ a na Ɛda M’anim Ano

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔhyɛɛ Me Den Ma Migyinaa Sɔhwɛ a na Ɛda M’anim Ano
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Gyinaesi Bi ne Nea Efi mu Bae
  • Asuade a Minya Fii Sɔhwɛ Ahorow Mu
  • Ntetee a Minya Maa M’asetram Adwuma
  • Mfiase Nketewa Wɔ Basabasayɛ Mu
  • Me Hokafo Nokwafo
  • Dwumadi Ahorow
  • Anigye a Yɛde Som Afoforo
  • Nea Enti A M’ani Gye Asuafoyɛ Adwuma No Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • ‘Na Yehowa Nsa Ka Wɔn Ho’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • M’ani ne Me Koma a Mekɔɔ so De Sii Botae no So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1996
Nyan!—1997
g97 1/8 kr. 23-27

Ɔhyɛɛ Me Den Ma Migyinaa Sɔhwɛ a na Ɛda M’anim Ano

Sɛnea Edward Michalec Ka Kyerɛe

Ná aban panyin a ɔwɔ Wharton, Texas, U.S.A. no bo afuw. Bere a ɔde me rekɔ afiase ne mpɛn anan so no, ɔteɛɛm sɛ: “Dɛn nti na wunni mmara so saa?”

Efii m’ano prɛkopɛ sɛ: “Mewɔ hokwan biara sɛ meyɛ saa.” Eyi hyɛɛ aban panyin no abufuw kɛse, na ofii ase de dade abaa bi hwee me. Mpanyimfo foforo bɛkaa ho, na wɔde wɔn tuo to bobɔɔ me.

ƐNO sii bɛyɛ mfe 60 a atwam ni. Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ m’akyi a, mitumi hu sɛ Yehowa Nyankopɔn de saa tebea no tetee me maa ɔhaw a na mehyia sɛ Yehowa Adansefo baanu pɛ a na wɔwɔ Bolivia, Amerika Kesee fam man bi a ne kɛse bɛyɛ sɛ France no mu biako no. Ebia me suahu no bɛboa wo ma woahu sɛnea Yehowa betumi ahyɛ wo den bere a wuhyia ɔhaw ahorow no.

Wɔ 1936 mu no, bere a mereyɛ adwuma wɔ ɔdan bi a wosiesie radio wom mu wɔ Boling, Texas, no, metee ɔkasa bi a Joseph F. Rutherford a na ɔyɛ Watch Tower Bible and Tract Society no titrani saa bere no mae no wɔ radio so. Ne kasa no kaa nhyira horow a Onyankopɔn Ahenni de bɛbrɛ adesamma asoɔmmerɛfo ho asɛm. M’ani gyee ho ankasa. (Mateo 6:9, 10; Adiyisɛm 21:3, 4) Akyiri yi, mihuu nhoma ahorow bi a Rutherford kyerɛwee wɔ yɛn ankasa nhomakorabea, na mifii ase kenkanee.

Me papa yere bo fuwii wɔ anigye a minyae wɔ nea ɔfrɛɛ no “saa nyamesom nhoma dedaw no nyinaa” mu no ho. Ɔde siei na ohunahunaa me sɛ ɔbɛhyew nhoma no. Bere a mekyerɛw Ɔwɛn Aban Asafo no sɛ wɔmma menkra Ɔwɛn-Aban ne The Golden Age, edin a kan no na wɔde frɛ Nyan! no, Asafo ti no kyerɛɛ William Harper a ɔwɔ Wharton Asafo a wɔtew no nnansa yi mu no sɛ ɔmmɛsra me. Ankyɛ, na Onua Harper ne me ne me papa yere, me nuabarima, ne me papa babarima kumaa nyinaa resua Bible no. Ankyɛ koraa na yɛn nyinaa de nsu mu asubɔ yɛɛ yɛn ahosohyira ma Yehowa no ho sɛnkyerɛnne.

Wɔ 1938 mu no, Shield Toutjian, Asafo ti no hwɛfo kwantufo bi bɛsraa yɛn fie wɔ Boling, na ɔmaa Bible ɔkasa bi. Yɛn asa so yɛɛ mã—na nkurɔfo mpo gyinagyina adan a ɛtoatoa so no kwan ano. Onua Toutjian kasa faa odiyifo Yeremia boasetɔ a onyae wɔ ne bere sofo a ɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn, ɛmfa ho sɛ wɔsɔre tia no, ho. (Yeremia 1:19; 6:10; 15:15, 20; 20:8) Ná Yehowa nam ɔkasa a ɛtete saa so rehyɛ yɛn den ama sɔhwɛ ahorow a yebehyia no.

Gyinaesi Bi ne Nea Efi mu Bae

Mihui ntɛm sɛ ehia sɛ misi gyinae bi. Bere a atwam no, na masua aguadi ho ade, na mehwehwɛe sɛ menya dibea wɔ aguadi wiase no mu. Ná mewɔ radio tɔn ne n’asiesie adwuma bi, na na meyɛ adwuma wɔ telefon adwumakuw bi mu siesie telefon nhama. Nanso afei mifii ase hui sɛ sɛ medi nkonim wɔ asetra mu ampa a, egyina sɔ a mɛsɔ yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, ani so. Enti metoo m’adwuma no mu, bobɔɔ dan bi sii me kar so. Eduu January 1, 1939 no, na makɔka kuw bi a wɔyɛ akwampaefo, bere nyinaa asomfo, ho wɔ baabi a ɛbɛn Three Rivers a ɛwɔ Karnes County, Texas no.

Wɔ September 1939 no, Wiase Ko II pae gui wɔ Europa. Atamfo de tebea no yɛɛ hokwan sopaa Yehowa Adansefo. Wɔkyerɛe sɛ yɛyɛ esum ase kuw anaa akwansrafo ma Axis Tumidi no. Nnipa pii gyee ntwatoso a ɛte saa no dii, na wofii ase haw yɛn. Wɔ 1940 mfe no mfiase no, wɔde me too afiase mpɛn akron anaa du, a bere a madi kan aka ho asɛm sɛ aban panyin no ne n’aboafo no boroo me pasaa no ka ho. Meyɛɛ aduru wɔ ɛno akyi.

Sɛnea ɛkɔbae akyiri yi no, aban panyin koro yi ara amfa ɔbarima bi a na wɔabɔ no sobo sɛ ɔde ne ho hyɛ kyakyatow a mmara mma ho kwan mu no ankɔ asɛnnibea, sɛnea ɛbɛyɛ a ɔno nso bɛyɛ biribi ama no—na ɔpɛ sɛ ɔbarima hoɔdenfo a ɔyɛ fango adwumayɛkuw bi mu dwumayɛni no boro me. Ne saa nti, da bi a merema nsɛmma nhoma wɔ abɔnten so no, ɔbarima no de mpokyerɛ tow hyɛɛ me so! Aban panyin no aboafo bi baa hɔ, nanso sɛ́ anka wɔbɛkyere no no, wɔde me too afiase! Akyiri yi, nea ɔtow hyɛɛ me so no kaa nea enti a ɔtow hyɛɛ me so bere a na menyɛɛ no hwee no kyerɛɛ me, na ɔpaa me kyɛw.

Asuade a Minya Fii Sɔhwɛ Ahorow Mu

Sɔhwɛ a ɛtete saa a mihyiae no hyɛɛ Onyankopɔn mu gyidi a mewɔ no mu den ankasa. Ade biako ne sɛ, menkae sɛ metee yaw nka bere a na wɔrehwe me no, nanso mekae abotɔyam ne asomdwoe a metee nka wɔ ɛno akyi no. (Asomafo no Nnwuma 5:40-42) Enti, misuaa sɛ mɛyɛ sɛnea ɔsomafo Paulo tuu fo no: ‘Yɛnhoahoa yɛn ho ahohia mu, efisɛ yenim sɛ ahohia de boasetɔ ba.’ (Romafo 5:3) Akyiri yi, bere a mekaakaee hwe a wɔhwee me no, ɛmaa misii me bo sɛ ɛdenam Yehowa mmoa so no, meremma Satan adwumayɛfo no mu biara kwan ma wɔmma menka m’ano ntom da.

Bio nso, minyaa asuade foforo a mfaso wɔ so. Me mmuae a mannwene ho na memae, “Mewɔ hokwan biara sɛ meyɛ saa,” no na ɛhyɛɛ aban panyin no abufuw. Akyiri yi, ɔbɛtoaa me bio, a saa bere yi de na ne bo afuw sɛ Adansefo mfa wɔn ho nhyɛ akodi mu. (Yesaia 2:4) Bere a ɔrebɔ mmɔden ahyɛ me abufuw no, obisae sɛ: “Sɛ yɛfrɛ wo sɛ kɔsom wo man a, wobɛkɔ?”

Esiane sɛ na manya anifere ho asuade seesei nti, mibuae sɛ: “Sɛ mihu sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ a, mɛkɔ ɔkwan biara so.” Saa mmuae no dwudwoo no, na biribi foforo biara ansi bio.

Ntetee a Minya Maa M’asetram Adwuma

Ade titiriw a ɛbaa m’asetram ne Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu adesuakuw a ɛto so abiɛsa a mekɔɔ bi wɔ 1944 mu no. Saa sukuu yi de asram anum ntetee ma wɔ asɛmpatrɛw adwuma no ho. Ansa na merekɔ saa sukuu yi no, na misuro nnipa mu kasa. Nanso ɔkasa ahorow a na metaa ma wɔ asuafo bɛyɛ ɔha anim, a mpɛn pii no na ɛba so wɔ asa a ɛso pantann no boaa me ankasa. Ná yɛn baguam ɔkasa kyerɛkyerɛfo, Maxwell Friend, twa m’ano teɛm sɛ: “Onua Michalec, mente nea woreka no!” Ɛnam so ma mibehui sɛ mewɔ ɛnne a ɛso ankasa.

Bere a Nathan H. Knorr a na ɔyɛ sukuu no titrani saa bere no de too gua sɛ m’asɛmpatrɛw dwumadibea ne Bolivia no, mekae sɛ otuu me fo sɛ: “Wubehu ahobrɛasefo pii wɔ hɔ. Nya ɔdɔ, abotare, ne tema ma wɔn.” Esiane sɛ na Wiase Ko II da so gyina mu nti, na ɛsɛ sɛ yɛtwɛn kakra ansa na yɛakɔ yɛn dwumadi so. Awiei koraa wɔ October 25, 1945 no, me ne Harold Morris—a na me ne no wɔ adesuakuw koro mu—duu El Alto Wimhyɛn Gyinabea a na ɛwɔ La Paz, Bolivia ahenkurow, no akyi pɛɛ no. Enti yɛbɛyɛɛ Adansefo baanu pɛ a na yɛwɔ ɔman a ɛto so abiɛsa a ɛso sen biara wɔ Amerika Kesee fam no mu.

Bɔs bi faa yɛn fii wimhyɛn gyinabea a ɛkɔ soro sen po mita 4,100 no hɔ kɔɔ ahenkurow La Paz a ɛda fam wɔ mmepɔw akɛse ntam no mu. Ná ɛyɛ den sɛ yɛbɛyɛ nsakrae atra beae a ɛkɔ soro sen po bɛboro kilomita 3 no.

Mfiase Nketewa Wɔ Basabasayɛ Mu

Ntɛm ara yefii ase srasraa nkurɔfo wɔ afie afie mu. Wɔkyerɛɛ ayamye, na wonyaa yɛn ho abotare bere a yɛde Spanish kasa kakra a na yenim a yentumi nka no yiye ne wɔn dii nkɔmmɔ no. Ankyɛ, na yɛn mu biara reyɛ ofie Bible adesua 18 kosi 20 dapɛn biara. Asram asia akyi wɔ April 16, 1946 no, kuw ketewa bi a wɔwɔ anigye ne yɛn hyiaam yɛɛ afe afe Kristo wu nkaedi no. Ɛno akyi bere tiaa bi no, Gilead adesuafo baanan a wɔawie bedui, a na Elizabeth Hollins a akyiri yi ɔbɛyɛɛ me yere no ka ho.

Me ne Onua Morris fii ase ntɛm ara srasraa nkurow foforo, a na Cochabamba ne Oruro a saa bere no, na ɛyɛ nkurow a ɛto so abien ne abiɛsa a ɛsoso sen biara wɔ Bolivia no, ka ho. Bere a mekaa anigyefo a yenyae ne Bible ho nhoma ahorow a yɛmae ho asɛm kyerɛɛ Onua Knorr no, ɔde nyansahyɛ mae sɛ yɛnkɔsra saa nkurow yi asram abiɛsa biara anaa nea ɛte saa nkɔboa wɔn a wɔkyerɛɛ anigye no. Nnipa a na wɔwɔ adamfofa ne ahɔhoyɛ su yi mu pii bɛyɛɛ Yehowa Adansefo akyiri yi.

Esiane sɛ na afe a etwaam no nkutoo na Wiase Ko II baa awiei nti, na amammui mu basabasayɛ rekɔ so wɔ Bolivia. Amammui mu akansi ne Nasifo a na wosuro sɛ wɔbɛsan aba Amerika Kesee fam no ma wɔyeyɛɛ ɔyɛkyerɛ mmɔnten so kunkum nnipa. Wɔ 1946 ahohuru bere mu no, wokum ɛhɔ mampanyin, na wɔde no sɛnee kanea dua bi a na ɛne ɔmampanyin ahemfie no di nhwɛanim no so. Ɛtɔ mmere bi a, na nsɛmmɔnedi no mma nkurɔfo ntumi mpue mpo.

Da bi a Elizabeth te bɔs mu nam kurom no, ohui sɛ wɔasɛn mmarima baasa. Ɔde ahopopo teɛɛm kakra. Obi a ɔte bɔs no mu kae sɛ: “Sɛ wompɛ nea wuhu no a, yi w’ani.” Saa nsɛm no ma yehuu hia a ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so kɛse.

Nanso, wɔ basabasayɛ no mu no, na Bible mu nokware regye ntini wɔ ahobrɛasefo komam. Wɔ September, 1946 mu no, wɔde baa dwumadibea baa La Paz, na wɔpaw me baa sohwɛfo. Ɔdan a yegye de yɛɛ dwumadibea no san yɛɛ asɛmpatrɛwfo fie. Asram kakraa bi akyi, bere a wɔtew asafo a edi kan wɔ Bolivia no, saa dan koro yi ara na yɛde yɛɛ yɛn nhyiambea.

Wɔ 1946 mu no, yefii ase nyaa baguam kasa ahorow nso. Kuropɔn no Nhomakorabea a ɛwɔ La Paz kurotia no asa so na yegye maa nea edi kan no. Yugoslaviani barima bi a ɔpɛ nnipa a na yɛne no sua ade no ma wɔbɔɔ ɔkasa no ho dawuru wɔ hɔnom atesɛm krataa mu. Asa no so yɛɛ ma tam. Esiane sɛ na minnya ntee Spain kasa no nti, na misuro yiye sɛ mɛma saa kasa no. Nanso ɛdenam Yehowa mmoa so no, nhyiam no kɔɔ so yiye. Sɛnea ɛbae no, na ɛno ne ɔkasa ahorow anan a yɛma toatoaa so wɔ asa no so mu nea edi kan.

Wɔ 1947 mu no, yɛsan nyaa Gilead asɛmpatrɛwfo baasia, na wɔ 1948 mu no, yenyaa baanan foforo. Ná nneɛma a aba so a ɛmma ahokyere na ɛma ahotɔ kakraa bi na ɛwɔ afie a yɛatumi agye tua ho ka no mu. Nea na ɛka yɛn asɛmpatrɛw dwumadi a adagyew nnim ho no, akyiri yi, yɛn asɛmpatrɛwfo a yedii kan no de bere fã yɛɛ adwuma hwehwɛɛ sika de tɔɔ ntade foforo sii dedaw no ananmu. Ná kurow biako mu a yebefi akɔ foforo mu nso yɛ asɛm. Mpɛn pii no, na anhwea kar akyi na metra fa mmepɔw a ɛso yɛ nwini so tu kwan. Nanso Yehowa nam n’ahyehyɛde no so kɔɔ so maa yɛn nkuranhyɛ a ɛhyɛ den.

Wɔ March 1949 no, Onua Knorr ne ne kyerɛwfo Milton Henschel fi New York bɛsraa yɛn asɛmpatrɛw afie abiɛsa a ɛwɔ La Paz, Cochabamba, ne Oruro no. Hwɛ nkuran a na ɛhyɛ sɛ yɛtee nkɔanim kɛse a na ɛrekɔ so wɔ nsase pii so ne Betel Fie ne nnwinnan a wotintim nhoma wom a na wɔresisi wɔ Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ Brooklyn no ho asɛm no! Onua Knorr de nyansahyɛ mae sɛ yɛnhwehwɛ baabi a yɛbɛtra ne Ahenni Asa wɔ baabi a ɛbɛn La Paz kurom kakra mmom. Ɔsan ka kyerɛɛ yɛn sɛ wɔbɛkɔ so de asɛmpatrɛwfo pii aba.

Akyiri yi wɔ 1949 mu no, yɛyɛɛ yɛn mansin nhyiam a edi kan wɔ Oruro kurow mu. Ná ɛhyɛ yɛn nuanom Kristofo mmarima ne mmea foforo pii nkuran sɛ wohyiaa wɔn ho wɔn ho bere a edi kan. Saa bere no, na Bolivia wɔ Ahenni adawurubɔfo dodow a ɛsen biara 48 ne asafo ahorow abiɛsa.

Me Hokafo Nokwafo

Esiane sɛ me ne Elizabeth de mfe pii boom yɛɛ asɛmpatrɛw adwuma no nti, yebehuu yɛn ho, na yenyaa ɔdɔ maa yɛn ho. Awiei koraa wɔ 1953 mu no, yɛwaree. Ofii akwampae adwuma ase wɔ January 1939 mu, sɛnea mifii mede ase no. Ná n’akwampae adwuma no mfe a edi kan no yɛ den ma ɔno nso. Esiane akokoduru a ɔde kaa asɛm no nti, wɔde ɔno nso too afiase, na wodwoodwoo no wɔ mmɔnten so sɛ ɔdebɔnefo bi ara kwa.

Elizabeth gye tom sɛ bere a ɔde ne ho rehyɛ aperetentu a wɔnam so ka asɛm mu na wɔde nkrataa a asɛm a ɛkenkan sɛ: “Nyamesom Yɛ Afiri ne Nnaadaa,” wɔ so bobɔɔ wɔn ho no, na osuro. Nanso ɔyɛɛ nea na Yehowa ahyehyɛde no akyerɛ yɛn sɛ yɛnyɛ saa bere no. Sɛnea ɔkae no, ɔyɛ maa Yehowa. Saa suahu ahorow no hyɛɛ no den maa sɔhwɛ ahorow a ohyiae wɔ saa mfe a edi kan wɔ Bolivia no mu.

Dwumadi Ahorow

Yɛwaree akyi mfe dodow bi no, yedii yɛn bere no fã kɛse no ara wɔ akwantu adwuma no mu. Yɛansrasra asafo anan a ɛwɔ Bolivia no nko, na mmom anigyefo akuw a atew ne ho no nyinaa ne afei kurow biara a emu nnipa boro 4,000 nso. Ná yɛn botae ne sɛ yɛbɛhwehwɛ nnipa a wɔtete saa mmeae no a wɔwɔ Bible ho anigye biara, na yɛakanyan wɔn. Yɛn ani gyei sɛ yehui sɛ eduu 1960 mfe no mfinimfini no, na ɛkame ayɛ sɛ asafo wowɔ nkurow nketewa a yɛkɔsrae bɛyɛ mfe du a na atwam no nyinaa mu.

Saa bere no ara mu no, minyaa akwahosan ho haw a La Paz mmepɔw no na ɛma ɛyɛɛ kɛse. Enti wɔ 1957 mu no, onua foforo hwɛɛ baa dwumadibea hɔ dwumadi no so, na wɔmaa me ne Elizabeth dwumadi wɔ asɛmpatrɛwfo fie a ɛwɔ Cochabamba, kurow a ɛda mmepɔw ase, hɔ. Wɔ yɛn nhyiam a edi kan ase no, asɛmpatrɛwfo bi bae, nanso Boliviani biara amma. Mfe 15 akyi a yɛrefi Cochabamba wɔ 1972 mu no, na asafo abien na ɛwɔ hɔ. Mprempren asafo 35 na ɛwɔ Cochabamba bon mu, na Ahenni adawurubɔfo bɛboro 2,600 na wɔwom!

Wɔ 1972 mu no, woyii yɛn kɔɔ Santa Cruz wɔ asasetaw a enya osu ne owia no so. Yɛda so ara te ha wɔ fie bi a emu adan yɛ pii wɔ Ahenni Asa bi soro mu. Bere a yeduu Santa Cruz no, na asafo abien na ɛwɔ ha, nanso seesei asafo bɛboro 45 na ɛwɔ ha, na adawurubɔfo bɛboro 3,600 na wɔrenya Kristofo som adwuma no mu kyɛfa.

Hwɛ anigye a ɛyɛ sɛ yɛatra yɛn asɛmpatrɛw adwuma no mu bɛboro mfe 50 yi mu de ahu Yehowa nkurɔfo 12,300 a wɔwɔ saa asase yi so no anoboaboa! Yɛn ani agye nokwarem sɛ yɛsom saa adɔfo yi.

Anigye a Yɛde Som Afoforo

Ansa na merekɔyɛ m’asɛmpatrɛw adwuma no, Ɔwɛn Aban Asafo no mmaranimfo, Hayden C. Covington, a ɔno nso yɛ Texasni no, kae sɛ: “Ed, wɔ Texas no, yɛn ho hare yɛn. Nanso wɔ asɛmpatrɛwfo fie no, wo ne afoforo bɛkyere so. Ɛbɛhwehwɛ sɛ woyɛ nsakrae.” Ná nea ɔreka no yɛ nokware. Afoforo a wo ne wɔn bɛtra faako no nyɛ mmerɛw, nanso ɛyɛ nsɛnnennen pii a Kristoni ɔsɛmpatrɛwfo hyia no biako pɛ.

Enti sɛ ɛba sɛ woresusuw ho sɛ wubefi fie akɔ baabi akɔsom Yehowa wɔ baabi foforo a, kae sɛ Kristo nokware kyidini asetra ne sɛ ɔbɛsom afoforo. (Mateo 20:28) Enti, ɛsɛ sɛ ɔsɛmpatrɛwfo siesie n’adwene sɛ obegye ahopakyi asetra atom. Ebia ebinom besusuw sɛ wobenya anuonyam. Ebia wobenya—bere a wɔne nnamfo ne abusuafo di nkra wɔ fie no. Nanso ɛno tu yera bere a obi adu kurow ketewa anaa ahiafo kurow bi a ɛbɛyɛ ne dwumadibea mu no. Dɛn ne m’afotu?

Sɛ wuhyia nsɛnnennen, te sɛ akwahosan ho haw, w’abusuafo ho anigyina, anaa ebia wo nuanom Kristofo a wo ne wɔn bɛbɔ ho nsɛnnennen wɔ wo dwumadi mu a, gye ne nyinaa tom sɛ wo ntetee no fã. Sɛ woyɛ saa a, wobetua wo ka bere a ɛsɛ mu, sɛnea ɔsomafo Petro kyerɛwee no: “Sɛ munya hu amane kakra a, ɔdom nyinaa Nyankopɔn . . . no ara bewie mo ntetee no, ɔbɛma mo ase atim, ɔbɛma moayɛ den.”—1 Petro 5:10, NW.

Edward Michalec wui July 7, 1996, bere a na yɛreyɛ saa asɛm yi ho adwuma a etwa to ma wɔatintim no.

[Kratafa 23 mfonini]

Wɔ Bolivia wɔ 1947 mu

[Mfonini wɔ kratafa 24, 25]

Ná yɛtaa yɛ baguam ɔkasa ho adesua wɔ abɔnten, sɛnea ɛda adi wɔ Gilead asa kɛse a wohyia hɔ ho mfonini a wotwaa no akyiri yi mu no

[Kratafa 27 mfonini]

Me ne me yere

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena