Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 2/8 kr. 26-30
  • “Meyɛ Mmerɛw A, Ɛno Ansa na Me Ho Yɛ Den”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Meyɛ Mmerɛw A, Ɛno Ansa na Me Ho Yɛ Den”
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛn Honhom Fam Nneɛma a Ɛho Hia Yɛn
  • Telefon a Mede Di Adanse
  • Asase So Paradise a Ɛnam Yehowa Tumi So
  • Mebɔɔ Mmɔden sɛ Mekum Me Ho Ɛkaa Kakraa Ma Mikum Me Ba
    Nyan!—1983
  • Nokware no Ma Minyaa me Nkwa Bio
    Nyan!—1996
  • Me Ho Nyɛ Den, Nanso Me Gyidi Yɛ Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Asomdwoe Aba Me ne Onyankopɔn ne Me Maame Ntam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 2/8 kr. 26-30

“Meyɛ Mmerɛw A, Ɛno Ansa na Me Ho Yɛ Den”

MINYINII wɔ akuraa bi a ɛwɔ San Francisco, California kusuu fam a wɔfrɛ no Petaluma ase. Ná me maame ani gye nyamesom ho kakra, nanso na me papa ani nnye nyamesom ho. Ná migye di sɛ ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ bere nyinaa—nim ara na na minnim onii ko a ɔyɛ.

Bere a merenyin no, ná meyɛ abofra a ɔwɔ anigye. Hwɛ sɛnea me de anigye kae saa bere a na hwee mfa me ho no! Ná minnim sɛ biribi rekɔ so wɔ me nipadua mu a na ebegye m’ahofadi no mu dodow no ara afi me nsam. Ná ɛyɛ 1960 mu, m’afe a etwa to wɔ ntoaso sukuu mu, bere a mekae sɛ, mekaa ɛyaw bi a na mete wɔ me nsateaa ahorow mu kyerɛɛ m’adamfo a medɔ no no.

Ankyɛ na m’anan fii ase yɛɛ me yaw araa ma me maame de me kɔɔ ayaresabea bi wɔ San Francisco, baabi a midii bɛyɛ nnansia. Saa bere no, na madi mfirihyia 18, na nhwehwɛmu a wɔyɛe no kyerɛe sɛ manya ɔkwaha bi a emu yɛ den. Mifii ase wɔɔ gold sodium thiosulfate paane, afei prednisone ne afei, cortisone. Ne nyinaa ka bom a, meyɛɛ saa nnuru no mfe 18, na wɔ ebiara mu no, ɛtew yaw no so mfe kakraa bi, nanso ano dwoo nkakrankakra ma antumi anyɛ adwuma bio, na medan kɔɔ foforo so. Ná mintumi mmu m’ani ngu yaw no so, enti mede anibere hwehwɛɛ aduruyɛ foforo akyi kwan. Manya aduruyɛ foforo a atumi aboa me kakra. Anigyesɛm ne sɛ, mente yaw nka te sɛ kan no a na ano yɛ den na yare no reyɛ kɛse wɔ me nipadua mu no.

Da bi, wɔ 1975 mu no, me babarima ani twaa nhoma bi a na me maame de asie a wayɛ me mmofraberem kyerɛwtohɔ wom no so. Mibehui sɛ, bere a midii asram asia no, oduruyɛfo bi fii ase twitwaa me X-ray mfonini wɔ me mogya ntini kunini a na ahon no ho. Migye di sɛ, mfiri a wɔde kunkum ɔyare mmoawa a wɔma wɔde hwɛɛ me yare bere a na meyɛ akokoaa no na ebia ɛmaa mebaa saa tebea yi mu nnɛ. Sɛ ɛte saa a, ɛnde, hwɛ mfomso kɛse ara a na ɛyɛ!

Mewaree wɔ 1962 mu. Wɔ 1968 mu no, bere a na yare no refi ase no, na me ne me kunu, Lynn wɔ fononoo a yɛde tõ ade. Ná yɛsɔre bɛyɛ anɔpa 4:00, ná me kunu fetew esiam no, na ɛtɔ mmere bi a, bere a burodo no hyɛ fononoo mu no, ɔfa mu da wɔ esiam kotoku no so. Na yetwitwa mu kyekyɛ mu, na afei Lynn de kɔ. Da bi, adwuma a etua sika ma wɔn a wonya akwanhyia mu dwumayɛni bi baa faako a yɛtõ ade hɔ bɛkaa Onyankopɔn Ahenni ho bɔhyɛ ho asɛm kyerɛɛ yɛn. Yɛn ani gyee nea yɛtee no ho, nanso na yenni adagyew koraa. Wɔn a na yɛma wɔn paanoo no bɛdɔɔso, na honam fam nnwuma pii mpo bɛkyeree yɛn so. Adwuma foforo bi a wɔtõ ade bɛtɔɔ yɛn de no maa yɛn ani gyei! Lynn kɔyɛɛ adwuma maa wɔn, na mekɔyɛɛ adwuma wɔ baabi a wɔyɛ ti. Bere a ɔkwaha no mu yɛɛ den no, nnansa pɛ na mitumi de yɛɛ adwuma wɔ dapɛn biara mu, na awiei koraa no, na ɛsɛ sɛ migyae koraa.

Saa bere no mu no, na Yehowa Adansefo no mu biako ba yɛn fie daa de Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no brɛ me. Ná migye nsɛmma nhoma no bere nyinaa ma no ntoboa susuw sɛ mereyɛ no adɔe. Bere a ɔkɔ no, mede gu ɔpon a wɔde nhoma gu so no so a mimmue mu, na bere biara, yɛn mu biako tow gu. Ná ɛyɛ awerɛhosɛm esiane sɛ seesei yɛn ani sɔ ɛbo a ɛsom wɔ honhom fam no. Nanso saa bere no, ɛkame ayɛ sɛ na nyamesom ho nsɛm nhia yɛn ahe biara.

Yɛn Honhom Fam Nneɛma a Ɛho Hia Yɛn

Anwummere bi, na me ne me kunu resusuw sɛnea ɛsɛ sɛ asetra kyerɛ pii sen sɛ yebedidi na yɛada na yɛayɛ adwuma denneennen saa ho. Yefii ase hwehwɛɛ honhom mu nneɛma a na yɛahwere wɔ yɛn asetra mu no. Yɛde yɛn ani sii asɔre ketewaa bi a na ɛwɔ kwan so hɔ no so, nanso yɛannya honhom mu nkuranhyɛ a yɛhwɛɛ kwan no. Ná asɔremma no ka wɔn haw horow a wohyia ho nsɛm kɛse.

Ɔdansefo a ɔde nsɛmma nhoma ba no kɔɔ so de bae bɛyɛ afe, nanso mansakra me su wɔ ho kosii sɛ awiei koraa no, mekenkan October 8, 1968, Engiresi Nyan! a ɛbae a na ekura asɛmti, “So Aka Akyi Sen Sɛnea Wususuw?” no. M’ani gyee nea mekenkanee no ho, na anigyesɛm ne sɛ, ɛkaa me kunu nso saa ara. Yefii ase suaa ade tee nokware no ase ntɛmntɛm. Yɛde ahopere gyee nneɛma a na ɛyɛ anigye a yɛresua no toom. Wɔbɔɔ yɛn asu wɔ 1969 mu.

Bere kɔɔ so no, ɛbɛyɛɛ den maa me sɛ mɛsɔre atra ase, na ɛyɛɛ den yiye maa me sɛ mɛnantew. Ná ɛsɛ sɛ mesɔ me kotodwe koa mu ansa na matumi atra kar mu anaa mafi mu. Masua sɛ megyina mmerɛwyɛ horow ne yaw a ɛma misu mpɛn pii no ano. Enti misiesie m’anim, na yɛkɔ asafo nhyiam horow anaa asɛnka. Menantew kɔ afie afie mu sɛnea metumi biara. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkɔ asɛnka pɛnkoro anaa mprenu dapɛn biara kosii sɛ me kotodwe a asensen ne me nan a ɛyɛ me yaw no mma me kwan. Mpɛn pii no, ɛyɛ a misuro sɛ ebia mɛte ahwe a mintumi nsɔre. Sɛ mekasa kyerɛ Yehowa a, ɛboa me. Ɛtɔ mmere bi a, mede nusu pii su frɛ no.

Nanso, ɛnyɛ bere nyinaa na na mitumi tew nusu. Obi a wanya ɔkwaha a ano yɛ den no ani ase nusu tumi yow. Ɛtɔ mmere bi a, m’ani ase nusu tumi yow araa ma ɛyɛ den ma me sɛ mɛkenkan ade. Sɛ ɛba saa a, mitie Bible mu nsɛm a wɔakyere agu kasɛt so. Mpɛn pii no, na menantew a makata m’ani, efisɛ na m’ani a mebu no ma ntɛtɛ no twitwi m’aniwa so. Ebia anka m’ani nso betumi afura. Ɛtɔ mmere bi a, na ɛsɛ sɛ mede nusu a wɔahyɛ da ayɛ gugu m’ani so simma anum biara. Nea ɛsen saa mpo no, na mede aduru gu m’ani so kyekyere no nna anum anaa nnansia ansa na ayɛ yiye. Sɛ obi ne ɔyare a egye bere tenten a wontumi nhwɛ kwan sɛ wɔbɛsa wɔ saa nhyehyɛe yi mu redi aperepere a, ɛnyɛ mmerɛw sɛ ɔbɛda anisɔ adi.

Wɔ 1978 mu no, na ɛsɛ sɛ metra mmubuafo akongua mu. Ná gyinae a ɛte saa a mesi no yɛ den. Ná matu ahyɛ da akyɛ, nanso afei de na mintumi nyɛ ho hwee. Ná minim sɛ da no bɛso, nanso na m’anidaso ne sɛ Onyankopɔn wiase foforo no bedi kan aba. Lynn tɔɔ mmubuafo akongua tenten bi a ɛwɔ anan akɛse anum. Sɛ mete so a, na mitumi pia me ho kyin efie hɔ baabiara.

Esiane sɛ na mintumi ntene me nsa mu yiye, na me nsateaa a akoakoa akyinkyim no ntumi nsɔ ade mu yiye nti, na ɛyɛ den ma me sɛ me nsa bɛso biribiara so. Ɛno nti na mede “ɔdabaw” no na edi dwuma. Sɛ ekura me a, mitumi fa nneɛma fi fam, bue adaka so yi nkyɛnsee, anaa mede fa biribi fi fridge mu. Bere a me ho kokwaw wɔ sɛnea wɔde “ɔdabaw” no yɛ nnwuma foforo ho no, mitumi yɛ ofie nnwuma bi. Mitumi noa aduan, hohoro nkyɛnsee mu, to ntade so bobɔ, popa fam. Bere a mitumi yɛ nneɛma horow no, ɛyɛ me dɛ, na m’ani gye sɛ meda so ara tumi boa ma wodi ofie ahiade bi ho dwuma. Nanso, seesei, egye me nnɔnhwerew na matumi ayɛ ade a na mede simma kakraa bi yɛ no.

Telefon a Mede Di Adanse

Egyee bere, nanso awiei koraa no, mimiaa m’ani sɛ mede telefon bedi adanse. Mansusuw sɛ metumi ayɛ saa, nanso seesei m’ani agye ne yɛ ho, na manya emu mfaso bi. Nea ɛyɛ me nwonwa kɛse ne sɛ, ɛte sɛnea worekɔ afie afie mu ara pɛ, efisɛ, mitumi ka Yehowa ne n’atirimpɔw ahorow ho asɛm kyerɛ nkurɔfo.

Sɛɛ na asɛm a wɔka kyerɛ a mede di dwuma no biako fi ase: “Aha, Owura——ni? Ɛyɛ me Owurayere Maass. Me ne nkurɔfo rebɔ nkɔmmɔ tiaa bi, na sɛ wowɔ bere kakraa bi a, so metumi ne wo akasa? (Mmuae a ɛtaa ba ne: “Ɛfa dɛn ho?”) Nneɛma a ɛrekɔ so wɔ wiase nnɛ no yɛ hu yiye, ɛnte saa anaa? (Metwɛn ma wɔkasa.) Mepɛ sɛ me ne wo susuw Bible adwene a ɛma yɛn daakye ho anidaso ankasa no ho.” Afei, mekenkan Awurade Mpaebɔ no ne ebia 2 Petro 3:13. Mede sankɔhwɛ ahorow bi ama Kristofo mmea anaa Lynn sɛ wɔntoa so mma me.

Mfe pii a atwam no, me ne afoforo abɔ nkɔmmɔ a ɛyɛ anigye pii, na matumi de nhomawa ne nsɛmma nhoma, ne nhoma ahorow ama wɔn a wɔkyerɛ anigye no. Ebinom afi ase resua Bible wɔ telefon so. Awuraa bi a me ne no kasae kae sɛ ɔte nka sɛ nankasa betumi asua ade, na ɛno ara ye ma no. Nanso, bere a yɛbɔɔ nkɔmmɔ pii akyi no, ɔpenee so sɛ ɔbɛba fie ma yɛayɛ Bible adesua esiane sɛ mekaa me tebea a mewom ho asɛm kyerɛɛ no nti.

Bere foforo a na merefrɛ afoforo wɔ telefon so no, afiri a ɛkyere nsɛm no maa me nɔma foforo bi. Ɛwom sɛ na bere nyinaa mefrɛ me mpɔtamfo, na na eyi mfi yɛn mpɔtam hɔ de, nanso ɛkaa me maa mefrɛɛ nɔma no. Bere a awuraa a ɔfaa telefon no ne me kasa wiei no, ɔkae sɛ ɔne ne kunu rehwehwɛ nkurɔfo a wɔyɛ Kristofo ankasa. Enti me ne Lynn kɔɔ wɔn fie a ɛbɛyɛ dɔnhwerew biako kwan, ne wɔn kosuaa ade.

Meda so ara nya anigye wɔ afoforo a me ne wɔn bɔ Yehowa ne ne bɔhyɛ a ɛfa ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu ho nkɔmmɔ no mu. Nnansa yi ara, ɔbea bi a me ne no akasa asram pii ni no ka kyerɛɛ me sɛ: “Bere biara a me ne wo bɛkasa no, mihu sɛ minya nimdeɛ pii.” Minim sɛ nimdeɛ a meka ho asɛm kyerɛ afoforo no ma daa nkwa, na ɛma obubuafo a ɔte sɛ me mpo anigye. Ɛtɔ mmere bi a, mitumi yɛ pii wɔ ɔsom adwuma mu sen mmere foforo, nanso ɛyɛ a na mepɛ sɛ mitumi yɛ pii bere nyinaa! Minim sɛ Yehowa nim obiara tebea, ne sɛ, n’ani sɔ nea yetumi yɛ biara ɛmfa ho sɛnea ne kɛse te biara. Masusuw Mmebusɛm 27:11 ho mpɛn pii: “Me ba, yɛ onyansafo, na ma me koma ntɔ me yam, na manya asɛm mabua nea ɔbɔ me ahohora,” na mepɛ sɛ meka wɔn a wɔma Satan yɛ ɔtorofo no ho.

Asafo nhyiam horow a mekɔ no hyɛ nkuran kɛse bere nyinaa, ɛwom sɛ mebrɛ ansa na makɔ hɔ de. Yehowa ayɛ nsiesie a ɛyɛ anigye pii ama yɛn na ama yɛanya honhom fam aduan adi, ɛno nti mepɛ sɛ minya mu mfaso kosi ase. Hwɛ anigye a yɛanya sɛ yɛn mma baanu no de nokware no ayɛ wɔn de! Yɛn babea, Terri aware onua barima bi a ɔyɛ nhwɛso pa, na wɔwɔ mma baanan a mepɛ wɔn asɛm yiye. Hwɛ anigye a yenya sɛ yehu sɛ yɛn nananom nso dɔ Yehowa! Yɛn babarima, James ne ne yere Tuesday, apaw sɛ wɔbɛsom Yehowa wɔ Betel wɔ Brooklyn, Yehowa Adansefo wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York no.

Asase So Paradise a Ɛnam Yehowa Tumi So

Mebɔ mmɔden sɛ mɛma Yehowa asase so paradise ho bɔhyɛ no atra m’adwenem. Seesei mpo, mitumi nya anigye pii fi n’abɔde a ɛdɔɔso no mu. M’ani gye towie a ɛyɛ fɛ ho. M’ani gye nhwiren a egu ahorow ne sɛnea eyi hua no ho. M’ani gye nhwiren a wɔfrɛ no rose ho yiye! Mintumi mpue mfi fie mpɛn pii de, nanso sɛ ɛyɛ a, meto owia ma me ho tɔ me. Mekata m’ani yɛ mmepɔw a ɛso yɛ fɛ a m’abusua regye wɔn ani wɔ sare asase a nhwiren ayɛ so ma so ho mfonini wɔ m’adwenem. Nsu a ɛsen yɔɔ ne anowatere a ɛyɛ dɛ wɔ hɔ ma obiara nya bi di! Sɛ mitumi a, mede mfoninnuru yɛ nneɛma a ɛboa me ma misusuw asase so Paradise a ɛbɛba ho no ho mfonini. Bere a mereyɛ mfonini no, mefa no sɛ mewɔ hɔ. Minim sɛ Yehowa betumi ama tebea a meyɛ ho mfonini wɔ m’adwenem seesei a m’ani gye ho no abam.

M’ani gye sɛ mede kyerɛwsɛm a ɛwɔ Yakobo 1:12 no sie m’adwenem. Ɛka sɛ: “Nhyira ne onipa a ɔtɔ ne bo ase sɔhwɛ mu. Na sɛ onya yɛ emu tɔtorɔtɔɔ a, obenya nkwa abotiri a Awurade [Yehowa, NW] ahyɛ wɔn a wɔdɔ no bɔ no.” Paulo de ne yare no totoo ‘Satan bɔfo a ɔbɔ no akuturuku’ ho. Ɔbɔɔ mpae sɛ Yehowa nyi ne mmerɛwyɛ no mfi no so, nanso wɔka kyerɛɛ no sɛ Onyankopɔn tumi wie pɛyɛ wɔ ne mmerɛwyɛ mu. Enti nkonim a Paulo dii ɛmfa ho ne mmerɛwyɛ no yɛ Onyankopɔn tumi a na ɛwɔ ne so ho adanse. Paulo kae sɛ: “Meyɛ mmerɛw a, ansa na me ho yɛ den.” (2 Korintofo 12:7-10) Mete nka sɛ, Onyankopɔn tumi a ɛwɔ me so no nkutoo nti na ɛmfa ho me mmerɛwyɛ no, mitumi yɛ kakra no.

Yohane yɛɛ asɛm bi ho kyerɛwtohɔ a ɛhyɛ me nkuran yiye. Ɛfa ɔbarima a na wayare ada kɛtɛ so mfirihyia 38 no ho. Ná ɔne ayarefo foforo da ɔtare bi ho retwɛn, na na ɔpɛ sɛ oguare wom. Wantumi antɔ nsu a na osusuw sɛ ɛbɛsa no yare no mu. Da bi, Yesu huu no na obisaa no sɛ: “Wopɛ sɛ wo ho yɛ wo den anaa?” Hwɛ sɛnea anka anigye bɛma mate nusu de abua saa asɛm no! “Yesu see no sɛ: Sɔre, yi wo kɛtɛ, na nantew!” (Yohane 5:2-9) Yɛn mu pii de ahopere retwɛn sɛ wɔbɛka saa akyerɛ yɛn!—Sɛnea Luretta Maass ka kyerɛe.

[Kratafa 27 mfonini]

Ná misusuw abofra bi a ɔpɛ nnipa ho, na hwɛ, ɔno na ɔde anigye nenam sare frɔmfrɔn so no

[Kratafa 28 mfonini]

Bere a m’ani agye no, meyɛ abarimaa bi a onsuro ade a ogyina sakramodu so na ne kraman nam ase

[Kratafa 29 mfonini ahorow]

Mereboaboa telefon nɔma ano ama asɛnka

Merefrɛ obi wɔ telefon so

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena