Bible No Adwene
Nsuyiri No Nokwasɛm Anaa Anansesɛm?
‘Na mmoa no nyinaa kɔɔ Noa adaka no mu abien abien.’—Genesis 7:8, 9.
HENA na ɔntee Noa bere so Nsuyiri no ho asɛm da? Ebia wo mmofraberem na wotee saa asɛm no. Nokwarem no, sɛ wokɔ mo mpɔtam hɔ nhomakorabea sɛ worekɔyɛ Nsuyiri no ho nhwehwɛmu a, ebia wubehu sɛ wɔakyerɛw asɛm no ho nhoma pii ama mmofra sen mpanyimfo. Enti, ebia wobɛyɛ w’adwene sɛ Nsuyiri ho asɛm no yɛ anansesɛm a wɔde deda mmofra kɛkɛ. Nnipa pii te nka sɛ Noa Nsuyiri ho asɛm no ne Bible mu nsɛm a aka no fã kɛse no ara yɛ anansesɛm kɛkɛ, anaa akyɛn so koraa no, abrabɔ ho asuade a onipa ayɛ.
Nea ɛyɛ nwonwa no, ebinom mpo a wɔkyerɛ sɛ wɔn nyamesom gyidi ahorow gyina Bible so no adwene nsi wɔn pi sɛ Nsuyiri no bae ampa. Bere bi, Katolek sɔfo Edward J. McLean kae sɛ wɔankyerɛw Noa ho asɛm no sɛ wɔmfa no sɛ asɛm a esii, na mmom sɛ́ “ayɛsɛm anaa anansesɛm.”
Nanso, so Nsuyiri ho kyerɛwtohɔ a ɛwɔ Bible mu no yɛ ayɛsɛm kɛkɛ, a wɔankyerɛw sɛ wɔmfa no sɛ esii ankasa da? Bible ankasa pene adwene a ɛte saa so anaa?
Nsɛm a Ɛkɔ Akyiri a Ntease Wom
Nea edi kan no susuw kyerɛwtohɔ a Mose yɛe wɔ Genesis nhoma no mu no ho. Ɛhɔ na yehu afe, ɔsram, ne da pɔtee a osu kɛse no fii ase tɔe, adaka no besii asase so, na asase no so nsu yowee. (Genesis 7:11; 8:4, 13, 14) Ɛwom sɛ ɛnyɛ Genesis afã foforo no nyinaa na wɔkyerɛɛ nna pɔtee de, nanso saa nna yi si nokwasɛm a ɛne sɛ Mose buu Nsuyiri no sɛ asɛm a esii ankasa so dua. Fa Bible mu nokwasɛm a ɛtɔ asom no toto nsɛm a wɔtaa de fi anansesɛm ase a ɛne, “Bere bi . . . ” no ho, na hwɛ sɛnea ɛbɔ abira.
Sɛ́ nhwɛso foforo no, susuw adaka no ankasa ho. Bible ka hyɛn bi a ne ntwemu bɛyɛ anammɔn 437, a ne tenten te sɛ ne ntwemu no 10 mu abupɛn 1, na ne tɛtrɛtɛ nso te sɛ ne ntwemu 6 mu abupɛn 1 ho asɛm. (Genesis 6:15) Ne nyinaa mu no, na Noa nnim hyɛn yɛ. Na kae, asɛm yi sii bɛboro mfe 4,000 ni! Nanso wɔyɛɛ adaka no maa ne kɛse ne ne tenten fataa dwuma a na ebedi no pɛpɛɛpɛ sɛ biribi a ɛbɛtɛn nsu ani. Nokwarem no, nnipa a wɔyɛ hyɛn nnɛ no ahu sɛ hyɛn a n’afã horow no kɛse te saa no na eye, na ebetumi agyina dinn wɔ po tɛtrɛɛ no so. Ɛwom sɛ Bible nkyerɛ bere tenten pɔtee a Noa de yɛɛ adaka no de, nanso kyerɛwtohɔ no ma ɛda adi sɛ gyama ɛho adwuma dii mfe 50 anaa 60. (Genesis 5:32; 7:6) Saa nsɛm yi ne Babilonfo Gilgamesh ho Anansesɛm no mu nsɛm a agye din no bɔ abira koraa. Anansesɛm no ka adaka kakraka kuntann bi a n’afanan nyinaa yɛ pɛ, na ɔfã biara yɛ mita 60 a wɔde nna ason pɛ sii ho asɛm. Nea ɛnte sɛ saa Babilonfo anansesɛm no, sɛnea Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa Nsuyiri no ho te no ma wonya ahotoso sɛ edi mũ.
Genesis kyerɛwtohɔ no akyi no, Kyerɛwnsɛm no ka Noa anaa wiase nyinaa Nsuyiri no ho asɛm mpɛn du. Ɛho nsɛm a akyerɛwfo a wɔde honhom kaa wɔn no kyerɛwee no kyerɛ sɛ wobuu Nsuyiri no sɛ asɛm a esii ankasa anaasɛ anansesɛm?
Wɔafoa so sɛ Ɛyɛ Nokware
Wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔbɔ Noa din wɔ Israel man no anato abien mu, a nea ɛto so abien no kosi Yesu Kristo so. (1 Beresosɛm 1:4; Luka 3:36) Ná Esra ne Luka, a wɔhyehyɛɛ saa anato yi, baanu nyinaa yɛ abakɔsɛm akyerɛwfo a wɔn ho akokwaw, a na wobegye adi sɛ Noa yɛ obi ankasa.
Wɔ Bible no afã foforo no, wɔbɔ Noa din ka nnipa a wɔtraa ase ankasa no ho, na wɔka ne ho asɛm sɛ ɔtreneeni a ɔwɔ gyidi. (Hesekiel 14:14, 20; Hebrifo 11:7) So ɛbɛyɛ nea ntease wom sɛ Bible akyerɛwfo bɛka anansesɛm mu nipa ho asɛm sɛ wonsuasua ne nhwɛso? Dabi, efisɛ eyi betumi ama wɔn a wɔkenkan Bible no anya adwene sɛ gyidi yɛ ade a nnipa ntumi nnya, na ayɛsɛm nhoma mu nnipa nkutoo na wobetumi ada no adi. Wɔbɔɔ Noa ne mmarima ne mmea agyidifo foforo no din efisɛ na wɔyɛ nnipa a wɔwɔ mmerɛwyɛ ne nkate te sɛ yɛn ara.—Hebrifo 12:1; fa toto Yakobo 5:17 ho.
Wɔ Kyerɛwnsɛm no mmeae a aka a ɛka ho asɛm mu no, wɔka Noa ne Nsuyiri no ho asɛm de twe adwene si ɔsɛe a Onyankopɔn de baa awo ntoatoaso a wonni gyidi a na wɔatwa Noa ho ahyia so no so. Hyɛ Nsuyiri no ho asɛm a Yesu kae, a wɔakyerɛw wɔ Luka 17:26, 27 no nsow: “Sɛnea ɛyɛe Noa nna no mu no, saa ara nso na ɛbɛyɛ onipa ba no nna mu. Wodidii, wɔnomee, wɔwaree yerenom na wɔmaa aware de kosii da a Noa hyɛn adaka no mu, na nsuyiri no bae, na ɛbɛsɛee wɔn nyinaa.”
Ná Yesu Kristo de n’ani ahu nsɛm a ɔkae no, efisɛ ɔtraa soro ansa na ɔrebɛtra asase so. (Yohane 8:58) Sɛ na Nsuyiri no yɛ anansesɛm kɛkɛ a, ɛnde na Yesu repɛ akyerɛ sɛ ba a ɔbɛba daakye no nyɛ asɛm paa ara anaasɛ na ɔretwa nkontompo. Adwene yi mu biara ne Kyerɛwnsɛm no afã a aka no nhyia. (1 Petro 2:22; 2 Petro 3:3-7) Enti, esiane nea na Yesu Kristo ankasa ahu nti, na ogye Bible kyerɛwtohɔ a ɛfa wiase nyinaa Nsuyiri ho no di sɛ ɛyɛ asɛm a esii ankasa. Wɔ nokware Kristofo fam no, akyinnye biara nni ho sɛ eyi ne adanse a etwa to koraa a ɛkyerɛ sɛ na Noa bere so Nsuyiri no yɛ nokwasɛm, ɛnyɛ anansesɛm.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 24]
L. Chapons/Illustrirte Familien-Bibel nach der deutschen Uebersetzung Dr. Martin Luthers