Hwɛ W’aso Yiye na Ansiw!
NHWEHWƐMU bi a wɔyɛe wɔ mmofra 400 mu nnansa yi wɔ France no daa no adi sɛ wɔn mu 5 biara mu 1 nte asɛm yiye. Nhwehwɛmu bi a ɛte saa a wodii kan yɛe mfe du a atwam no daa no adi sɛ mmofra 10 biara mu 1 pɛ na na ɔnte asɛm yiye. Bere a France Ɔman Bagua no reyɛ te a mmofra ntumi nte asɛm yiye a anya nkɔanim ma ɛyɛ nwonwa no ho biribi no, wogye toom afe a etwaam no sɛ wɔbɛtew mfiri a ankorankoro de bɔ nnwom nnyigyei so aba decibel 100.
Wɔde te a wontumi nte asɛm yiye no ho asodi kɛse no ara too mfiri a wɔde bɔ nnwom akasamu a wɔde hyehyɛ aso mu a ne nnyigyei ano yɛ den no so. Aso ho oduruyɛfo Jean-Pierre Cave ka sɛ, nnyigyei a ɛboro decibel 100 betumi asiw obi aso wɔ nnɔnhwerew kakraa bi akyi. Egye simma kakraa bi na ɛde asiw obi aso bere a nnyigyei no boro decibel 115 no. FNAC, a ɛyɛ France anyinam ahoɔden mfiri ho konkosi adwuma kɛse bi no ka sɛ, mfiri a ankorankoro de bɔ nnwom a wɔtɔn no mu dodow no ara nnyigyei ano den boro decibel 100. Ankorankoro mfiri a wɔde bɔ nnwom bi nnyigyei ano den betumi aboro decibel 126, a tumi a ɛwom no sen decibel 100 de no so mpɛn 400!
Sɛnea Franseni aso ho ɔbenfo Christian Meyer-Bisch kyerɛ no, rock kɔnsɛt ahorow betumi apira mmofra kɛse mpo asen ankorankoro mfiri a wɔde bɔ nnwom no. Nokwarem no, wɔn a wɔtaa kɔ rock kɔnsɛt ahorow ase nte asɛm papa, sɛ wɔde wɔn toto wɔn a wɔadi mfe 18 a wɔte apɔw no ho a. Ɛnyɛ nwonwa sɛ France Ɔman Bagua guamtrani abadiakyiri Jean-François Mattei bɔɔ kɔkɔ sɛ: “Yɛrehyehyɛ awo ntoatoaso bi a emu nnipa aso asiw.”
Enti sɛ wobɛhwɛ w’aso yiye na ansiw a, hwɛ saa nnyigyei no yiye!