Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 7/8 kr. 22-23
  • So Nyansahu ne Bible no Hyia?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Nyansahu ne Bible no Hyia?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Anwonwade Ahorow ne Nyansahu Nhyia?
  • So Bible ne Nyansahu Bɔ Abira?
  • Nimdeɛ a Efi Beae a Ɛkorɔn
  • Nea Nyansahu Ayɛ Ama Wo
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nyansahu​—Nokware A Adesamma Kɔ So Hwehwɛ
    Nyan!—1993
  • Nhoma Yi Ne Nyansahu Hyia?
    Amansan Nhoma
  • Yehowa Adansefo Bu Nyansahu Sɛn?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 7/8 kr. 22-23

Bible No Adwene

So Nyansahu ne Bible no Hyia?

EFI wimhyɛn ne atɔm atopae so kosi awosu mu nsakrae a wotumi yɛ ne nguanten a wɔma wotumi wo bere a anini mforo abere so no, yɛn afeha a ɛto so 20 yi ayɛ mmere a nyansahu adi so. Nyansahufo de nnipa akɔ ɔsram so, atɔre mpete ase, ayɛ kuadwuma mu nsakrae, na wɔama nnipa ɔpepepem pii tumi ne afoforo di nkitaho bere tiaa mu wɔ wiase baabiara. Enti, ɛnyɛ nwonwa sɛ sɛ nyansahufo kasa a, nkurɔfo tie. Nanso, dɛn na nyansahufo wɔ ka wɔ Bible ho? Na dɛn na Bible no nso ka fa nyansahu ho kyerɛ yɛn?

So Anwonwade Ahorow ne Nyansahu Nhyia?

Yɛn bere yi so nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm bi ka sɛ: “Nnipa a wɔwɔ nyansahu ho adwene gye di sɛ biribi na ɛde biribi ba. Wɔte nka sɛ biribiara a esi wɔ asekyerɛ.” Bible asuafo nso gye nyansahu mu nnyinasosɛm ahorow a ɛwɔ nnyinaso tom. Nanso, wonim sɛ Bible taa ka anwonwasɛm bi a asisi ho nsɛm a sɛnea nyansahu mu nimdeɛ te mprempren no, wontumi nkyerɛkyerɛ mu. Nhwɛso ahorow no bi ne owia a egyinae wɔ Yosua nna no mu, ne nsu so a Yesu nantewee no. (Yosua 10:12, 13; Mateo 14:23-34) Nanso, wɔka sɛ ɛyɛ Onyankopɔn tumi na wɔde yɛɛ anwonwade ahorow yi.

Eyi yɛ asɛnhia. Sɛ Bible kyerɛe sɛ nnipa betumi anantew nsu so bere a Onyankopɔn mmoa nka ho anaasɛ owia a ɛte sɛ nea edi kyinhyia wɔ wim no betumi agyina ara kɛkɛ a, ɛnde na ɛte sɛ nea ɛne nyansahu mu nokwasɛm ahorow bɔ abira. Nanso, sɛ ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn tumi na ɛma nneɛma a ɛte saa sisi a, ɛnde ɛmmɔ nyansahu abira, na mmom ɛma nkɔmmɔbɔ no kowie baabi a nyansahufo ntumi nte ase seesei mu.

So Bible ne Nyansahu Bɔ Abira?

Nanso, sɛ Bible ka nsɛm a esisi wɔ nnipa asetram anaa afifide ne mmoa asetɔre anaa nsɛm a nyansahufo ntumi nkyerɛkyerɛ mu nso ɛ? Nea ɛyɛ nwonwa no, abira a Bible ne nyansahu mu nokwasɛm a wonim bɔ ho nhwɛso a edi mũ biara nni hɔ, bere a wosusuw nsɛm a ɛfa ho ho yiye no.

Sɛ nhwɛso no, Bible taa ka adwene a na nnipa a wɔtraa ase mfe mpempem pii a atwam kura ho nsɛm wɔ anwensɛm kwan so. Bere a Hiob nhoma no ka sɛ Yehowa bobɔ wim “a ɛyɛ den te sɛ ahwehwɛ a wɔanan” no, ɛka wim ho asɛm sɛ ɛte sɛ dade ahwehwɛ a ɛhyerɛn ma ɛfata. (Hiob 37:18, NW) Ɛho nhia sɛ wobɛfa mfatoho no sɛnea ɛte no ara, sɛnea woremfa mfatoho a ɛkyerɛ sɛ asase wɔ “nnyinaso” anaa “twea bo” no.—Hiob 38:4-7.

Eyi ho hia efisɛ nkyerɛkyerɛmufo pii afa mfatoho ahorow a ɛte saa no sɛnea ɛte no ara. (Hwɛ 2 Samuel 22:8; Dwom 78:23, 24.) Wɔakyerɛ sɛ Bible kyerɛkyerɛ te sɛ nea edi hɔ yi, asɛm a wɔafa afi The Anchor Bible Dictionary mu no.

“Yehu asase a nnipa te so yi sɛ ade kurukuruwa dennen, ebia kurukuruwa tratra bi a ɛtɛn nsu tɛtrɛɛ bi a enni ano ani. Nea ɛne nsu a ɛwɔ fam yi di ntentenso ne nsu a ɛto so abien a ɛno nso tɛtrɛtɛ nni ano a nsu fi hɔ sian fa ɔsoro ntokuru mu tɔ no. Wɔahyehyɛ ɔsram, owia, ne akanea foforo wɔ ade bi a akontɔn atwa asase ho ahyia wɔ soro mu. Eyi ne ‘ɔsoro ntrɛwmu’ (rāqîa‛) a yenim no yiye a ɛwɔ asɔfo kyerɛwtohɔ no mu no.”

Ɛda adi sɛ asɛm yi ne nnɛyi nyansahu nhyia. Nanso, eyi yɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔsoro ho no ho nkyerɛkyerɛmu a ɛfata? Dabida. The International Standard Bible Encyclopaedia ka sɛ nsɛm a ɛte saa a wɔka fa adwene a na Hebrifo kura ho wɔ amansan no ho no “gyina adwene a na Europafo kura ankasa wɔ Esum Mmere no mu so, na nyɛ nsɛm a Apam Dedaw no kae ankasa so.” Ɛhe na Mfinimfini Mmere mu adwene horow a ɛte saa no fi bae? Sɛnea David C. Lindberg kyerɛkyerɛ mu wɔ The Beginnings of Western Science mu no, na egyina tete Helani nyansapɛfo Aristotle a ne nhoma na na Mfinimfini Mmere no mufo adesua gyina so no nsoromma ho nimdeɛ so kɛse.

Anka ɛbɛyɛ nea ntease nnim na mfaso nni so sɛ Onyankopɔn bɛma wɔakyerɛw Bible no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma afeha a ɛto so 20 yi mu nyansahufo ani agye ho. Sɛ anka Bible bɛka nyansahu mu nneɛma ho nsɛm no, ɛka nnipa a wodii kan kyerɛwee no da biara da asetram nsɛm fann—nsɛm a emu da hɔ yiye a etumi nya nnipa so tumi nnɛ mpo.—Hiob 38:8-38; Yesaia 40:12-23.

Nimdeɛ a Efi Beae a Ɛkorɔn

Nanso, nea ɛyɛ nwonwa no, Bible mu nsɛm bi wɔ hɔ a ɛda nyansahu mu nimdeɛ a na nnipa a wɔte ase wɔ bere a wɔkyerɛwee no nnim adi. Hiob ka Onyankopɔn ho asɛm sɛ “ɔtrɛw ɔsoro a ebiri no mu ahunmu, na ɔde asase sɛn nea biribi nni.” (Hiob 26:7) Ná adwene a ɛne sɛ asase sɛn nea “biribi nni” no yɛ soronko koraa wɔ atetesɛm ahorow a na tetefo dodow no ara a wɔkyerɛe sɛ esi asono anaa apohuru so kura no ho. Na ahotew ho mmara a ɛwɔ Mose Mmara no mu no korɔn koraa sen nnuruyɛ ho nimdeɛ a na bere no sofo nim no. Akyinnye biara nni ho sɛ ahyɛde a na ɛma woyi nnipa a wosusuw sɛ wɔyare kwata fi nnipa mu, ne bara a wɔbaraa ka a na obi bɛka funu no gyee Israelfo pii nkwa. (Leviticus 13; Numeri 19:11-16) Nea ɛne no bɔ abira koraa no, wɔka Asiriafo nnuruyɛ ho asɛm sɛ “nyamesom, abosonkɔm, ne adaemonesɛm a adi afra,” na na wɔde kraman bin ne nnipa dwensɔ nso sa yare.

Sɛnea obi betumi ahwɛ kwan wɔ nhoma a efi Ɔbɔadeɛ no home mu mu no, nyansahu mu nokwasɛm a emu dɔ, nanso ɛnkyerɛkyerɛ nyansahu mu nneɛma pii a anka ɛso remma tetefo no mfaso anaa anka wɔrente ase no wɔ Bible mu. Biribiara nni Bible mu a ɛne nyansahu mu nokwasɛm ahorow a wogye tom bɔ abira. Nanso, nsɛm pii wɔ Bible mu a ɛne nkyerɛkyerɛ a wonnye ntom te sɛ adannandi nkyerɛkyerɛ nhyia.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 23]

Hiob asɛm a ɛne sɛ asase “sɛn nea biribi nni” no yɛ nimdeɛ a na ne bere sofo nnim

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 22]

NASA

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena