Bible No Adwene
So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yebedi Nam?
“Hwɛ, Mede Nhaban A Ɛsow Aba Nyinaa A Ɛwɔ Asase Nyinaa Ani, Ɛne Nnua Nyinaa A Adua A N’aba Wo Mu Wɔ So Mama Mo Sɛ Ɛnyɛ Mo Aduan.”—Genesis 1:29.
SUJATA a wadi mfe dunwɔtwe, a ofi Hindu abusua a wonni nam mu, fi ne pɛ mu gyee aduan ho akwankyerɛ a Onyankopɔn de maa onipa a odi kan, Adam, no toom. Nanso obisae ntɛm ara sɛ: “Dɛn nti na nkurɔfo kum mmoa de yɛ aduan bere a nneɛma foforo bebree a wobetumi adi wɔ hɔ?”
Nnipa bebree a wɔwɔ wiase nyinaa susuw saa ara. Apuei famfo ɔhaha pii di aduan a nam nka ho. Bio nso, Atɔe famfo a wonni nam no dodow renya nkɔanim. Wɔ United States nkutoo no, nnipa bɛyɛ sɛ ɔpepem 12.4 ka sɛ wɔyɛ wɔn a wonni nam, woboro wɔn a na wɔte saa mfe du a atwam no so ɔpepem 3.
Dɛn nti na nnipa bebree pɛ aduan a nam nka ho? Dɛn ne adwene a ɛfata wɔ aboa nkwa ho? So nam a wodi kyerɛ obu a wonni mma nkwa? Esiane nea wɔaka wɔ Genesis 1:29 no nti, so ɛyɛ mfomso sɛ yebedi nam? Nea edi kan no, susuw nea enti a ebinom nni nam no ho.
Dɛn Nti na Ebinom Nni Nam?
Wɔ Sujata fam no, n’aduan a odi gyina ne som mu gyidi ahorow so. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ: “Minyinii sɛ Hinduni, a mewɔ gyidi wɔ obi a wawu a wɔsan wo no nkyerɛkyerɛ no mu. Esiane sɛ onipa kra betumi aba bio sɛ aboa nti, mibuu mmoa sɛ wɔne me yɛ pɛ. Ɛno nti na ɛte sɛ nea ɛyɛ mfomso sɛ yebekum wɔn ayɛ aduan.” Ɔsom afoforo nso kamfo aduan a wɔmfa nam nka ho kyerɛ.
Wɔ ɔsom mu gyidi akyi no, nneɛma foforo nso na ɛma nkurɔfo paw aduan a wodi. Sɛ nhwɛso no, Oduruyɛfo Neal Barnard ka no pen sɛ: “Ntease ara nti a wodi nam ne su anaa ɛho nimdeɛ a wonni.” Na nsusuwii a ɛyɛ katee no gyina adwene a wokura wɔ akwahosan ho asiane horow a nam a wodi de ba, te sɛ akomayare ne kokoram so.a
Wɔ United State no, wɔka sɛ kuw a wonni nam a wɔredɔɔso ntɛmntɛm ne mmofra a wɔadu mpanyin afe so. Na mmoa a wosusuw wɔn ho yɛ ntease biako. Tracy Reiman a ɔyɛ kuw a Wodwen Mmoa Ho no muni ka sɛ: “Mmofra ani gye mmoa ho. Sɛ wofi ase sua nea ɛto mmoa ansa na wɔakum wɔn de wɔn ayɛ aduan a, ɛma ayamhyehye a wɔwɔ ma wɔn no yɛ kɛse.”
Nnipa bebree a wodwen nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho no nso gyina nneɛma a egye ansa na wɔatumi ayɛn mmoa de ayɛ aduan so na wɔpaw wɔn aduan. Sɛ nhwɛso no, egye nsu lita 3,300 ansa na wɔatumi anya nantwinam kilogram biako pɛ, na wɔde lita 3,100 na enya akokɔnam kilogram biako. Wɔ ebinom fam no, eyi bɛyɛ ntease nti a wonni nam.
Wo nso ɛ? So ɛsɛ sɛ wugyae nam di? Ansa na wobɛma saa asɛmmisa no ho mmuae no, susuw adwene foforo ho. Sɛnea yehu wɔ Dwom 50:10, 11 no, Yehowa Nyankopɔn, nneɛma nyinaa Yɛfo no ka sɛ: “Kwae mu mmoa nyinaa wɔ me, mmepɔw apem so mmoa. Minim mmepɔw so ntakraboa nyinaa, na wuram mmoadoma nyinaa wɔ me hɔ.” Esiane sɛ mmoa nyinaa wɔ Onyankopɔn ankasa nti, ɛho hia sɛ yehu sɛnea Ɔbɔadeɛ no te nka wɔ mmoa nkwa ne sɛnea ɛsɛ sɛ onipa de yɛ aduan ho no.
So Ɛyɛ Mfomso sɛ Yebekum Mmoa?
Ebinom a wɔte sɛ Sujata a wobu mmoa sɛ wɔne nnipa yɛ pɛ no te nka kɛse sɛ kum a wokum aboa bi wɔ biribiara ho no yɛ mfomso—na kum a wokum wɔn de yɛ aduan no yɛ mfomso kɛse koraa. Nanso, Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ Onyankopɔn ma nsonsonoe da aboa ne onipa nkwa ntam na ɔma kwan ma wokum mmoa wɔ ntease ahorow ho. Sɛ nhwɛso no, wɔ Israel no na wotumi kum aboa bi a ɔde nnipa anaasɛ obi nyɛmmoa nkwa to asiane mu.—Exodus 21:28, 29; 1 Samuel 17:34-36.
Efi tete mmere mu no, Onyankopɔn penee mmoa a wɔde wɔn bɔ afɔre wɔ ɔsom mu no so. (Genesis 4:2-5; 8:20, 21) Ɔsan hyɛɛ Israelfo no sɛ wɔnkae wɔn Tukɔ a ɛde wɔn fii Misraim no na wonni Twam afahyɛ no afe biara, a oguammaa anaa abirekyi a wɔde bɛbɔ afɔre na wɔadi ne nam ka ho. (Exodus 12:3-9) Na wɔ Mose Mmara no ase no, na mmere foforo wɔ hɔ a wɔde mmoa bɔ afɔre.
Bere a Hinduni bea bi a wadi mfe 70 kenkan Bible no nea edi kan no, n’ani annye adwene a ɛne sɛ wɔmfa mmoa mmɔ afɔre no ho. Nanso bere a ne nimdeɛ wɔ Kyerɛwnsɛm no mu nyaa nkɔanim no, otumi hui sɛ afɔre a Onyankopɔn hyɛe sɛ wɔmmɔ no wɔ atirimpɔw bi. Ɛtwee adwene sii Yesu Kristo afɔrebɔ, a na ɛbɛma wɔanya mmara mu ahwehwɛde a ɛde bɔne fafiri bɛba no. (Hebrifo 8:3-5; 10:1-10; 1 Yohane 2:1, 2) Mpɛn pii no, na asɔfo no ne ɛtɔ da bi a asɔrefo no di afɔrebɔde no bi. (Leviticus 7:11-21; 19:5-8) Onyankopɔn a abɔde nyinaa wɔ no no betumi de nhyehyɛe a ɛte saa asi hɔ ma afata esiane atirimpɔw bi nti. Nokwarem no, bere a Yesu wui pɛ no, na mmoa afɔrebɔ ahorow no ho nhia wɔ ɔsom mu bio.—Kolosefo 2:13-17; Hebrifo 10:1-12.
Mmoa a Wɔde Wɔn Yɛ Aduan
Na mmoa a wokum wɔn de yɛ aduan nso ɛ? Ɛyɛ nokware sɛ na nam nka aduan a na nnipa di mfiase no ho. Nanso akyiri yi Yehowa trɛw mu ma mmoa nam bɛkaa ho. Bɛyɛ mfe 4,000 a atwam no—wɔ ɔtreneeni Noa nna no mu no—Yehowa maa nsuyiri bae na ɛde abɔnefosɛm a na ɛwɔ asase so saa bere no baa awiei. Noa, n’abusua ne abɔde a na ɛte ase a ɔde wɔn kɔɔ adaka no mu no nyaa nkwa wɔ Nsuyiri no mu. Bere a wofii adaka no mu akyi no, Yehowa kaa bere a edi kan sɛ: “Nea ɛkeka ne ho a ɛwɔ nkwa nyinaa, ɛnyɛ mo aduan. Mede ne nyinaa mama mo, sɛnea mede nhaban momono memaa mo no.” (Genesis 9:3) Nanso, bere koro no ara mu no Onyankopɔn de mmara mae sɛ: “Nea ohwie onipa mogya gu no, onipa so na wɔnam behwie ne mogya agu, efisɛ Onyankopɔn suban so na ɔyɛɛ onipa.” (Genesis 9:6) Ɛda adi sɛ Onyankopɔn ammu mmoa sɛ wɔne nnipa yɛ pɛ.
Nokware mu no, na nea Sujata gye di no gyina nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ wotumi san wo obi a wawu no so. Ɛdefa eyi ho no, Bible no kyerɛkyerɛ mu sɛ, ɛwom sɛ nnipa ne mmoa yɛ akra de, nanso ɔkra no nyɛ nea enwu. (Genesis 2:7; Hesekiel 18:4, 20; Asomafo no Nnwuma 3:23; Adiyisɛm 16:3) Sɛ akra no, nnipa ne mmoa nyinaa wuwu na wɔnkɔ so ntra ase bio. (Ɔsɛnkafo 3:19, 20) Nanso, nnipa wɔ anidaso a ɛyɛ nwonwa wɔ owusɔre mu wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu.b (Luka 23:43; Asomafo no Nnwuma 24:15) Eyi nso kyerɛ sɛ mmoa ne nnipa nyɛ pɛ.
“Nanso, dɛn nti na ɔyɛɛ nsakrae wɔ aduanni mu?” Sujata pɛe sɛ ohu. Ɛda adi sɛ wim tebea asakra kɛse wɔ asase so esiane Nsuyiri no nti. Sɛ ebia esiane sɛ Yehowa hui sɛ daakye awo ntoatoaso a wɔbɛtra mmeae a afifide ho bɛyɛ nã nti na ɔde nam kaa nnipa aduan ho no a, Bible no nka. Nanso Sujata tumi gye toom sɛ nneɛma a ɛte ase nyinaa Wura no wɔ hokwan sɛ ɔyɛ nsakrae.
Obu a Yɛbɛkyerɛ Ama Mmoa Nkwa
Nanso, Sujata bisae sɛ, ‘Enti yentumi nkyerɛ obu kakra mpo mma mmoa nkwa?’ Yiw, ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa. Na Nea ɔbɔɔ nneɛma nyinaa no aka ɔkwan a yebetumi afa so ayɛ eyi akyerɛ yɛn. N’ahyɛde a ɛwɔ Genesis 9:4 ka sɛ: “Nam a ɛwɔ ne kra, ɛne sɛ ne mogya mu nko na munnni.” Dɛn nti na ɔde anohyeto ma wɔ mogyadi ho? Bible no ka sɛ: “Efisɛ ɔhonam kra wɔ mogya no mu.” (Leviticus 17:10, 11) Yehowa ahyɛ sɛ: “Munhwie aboa a wawu no mogya ngu fam sɛ nsu.”—Deuteronomium 12:16, 24, NW.
Ma a wɔama yɛn kwan sɛ yenni nam no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yehwie mmoa mogya gu a yennwen ho na yɛn ani gye wɔn kum ho paa anaasɛ yɛde da yɛn akokoduru adi. Ɛda adi sɛ Nimrod yɛɛ eyi. Bible no ka ne ho asɛm sɛ “ɔbɔmmɔfo a ɔwɔ tumi a ɔsɔre tia Yehowa.” (Genesis 10:9, NW) Ɛnnɛ mpo ɛyɛ mmerɛw sɛ ahayɔ ne mmoa a wokum wɔn betumi ayɛ ebinom anigye. Nanso su a ɛte saa no kyerɛ sɛ wɔnkyerɛ obu koraa mma aboa nkwa, na Onyankopɔn mpene so.c
Ayamhyehye a Yebenya Ama Mmoa
Sɛnea nnɛyi nnwuma a wɔyɛ nam ho adwuma yɛ mmoa no haw wɔn a wonni nam no ankasa. The Vegetarian Handbook ka sɛ: “Kuadwuma nkyerɛ mmoa atenka ho anigye ahe biara. Esiane sɛ wɔyɛn wɔn wɔ beae a wɔkyere so paa na ɛnyɛ wɔn trabea nti,” nhoma no ka sɛ, “wɔyɛ mmoa a wɔwɔ hɔ nnɛ no ayayade koraa kyɛn sɛnea wɔayɛ mmoa wɔ bere biara a atwam.”
Ɛwom sɛ Onyankopɔn pene so sɛ yɛde mmoa bɛyɛ aduan de, nanso ɔmpene so sɛ yɛbɛyɛ wɔn ayayade. Bible no ka wɔ Mmebusɛm 12:10, NW sɛ: “Ɔtreneeni hwɛ n’afieboa kra so.” Na Mose Mmara no hyɛ sɛ wɔnhwɛ mmoa so yiye.—Exodus 23:4, 5; Deuteronomium 22:10; 25:4.
So Ɛsɛ sɛ Kristoni Yɛ Obi a Onni Nam?
Sɛnea yɛada no adi dedaw no, sɛ obi bɛpaw sɛ onni nam—anaasɛ ɔbɛkɔ so ayɛ saa no—yɛ ankorankoro gyinaesi. Esiane akwahosan, sikasɛm, abɔde ntam abusuabɔ anaa ayamhyehye a ɔwɔ ma mmoa nti, ebia obi bɛpaw sɛ ɔrenni nam. Nanso ɛsɛ sɛ ohu sɛ ɛyɛ aduanni akwan no mu biako pɛ. Ɛnsɛ sɛ ɔkasa tia wɔn a wodi nam no, sɛnea ɛnsɛ sɛ obi a odi nam no kasa tia nea onni nam no. Sɛ obi di nam anaa onni no mma ɔnyɛ onipa pa. (Romafo 14:1-17) Saa nso na ɛnsɛ sɛ obi aduan a odi no yɛ nea ɛho hia no kɛse wɔ n’asetra mu. Yesu kae sɛ: “Ɛnyɛ abodoo nko so na onipa nam bɛtra ase, na asɛm biara a efi Onyankopɔn anom so.”—Mateo 4:4.
Ɛdefa mmoa a wɔyɛ wɔn atirimɔdenne ne asase so nneɛma a wɔmfa nni dwuma yiye ho no, Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛma adifudepɛ nhyehyɛe a aporɔw yi aba awiei na ɔde ne wiase foforo no asi ananmu. (Dwom 37:10, 11; Mateo 6:9, 10; 2 Petro 3:13) Wɔ saa wiase foforo no mu no, nnipa ne mmoa bɛtra abom wɔ asomdwoe mu daa, na Yehowa ‘bɛma ateasefo nyinaa anya nea wɔpɛ adi amee.’—Dwom 145:16; Yesaia 65:25.
[Ase hɔ nsɛm]
a Hwɛ June 22, 1997 Nyan! Engiresi de no, nkratafa 3-13.
b Hwɛ May 15, 1997 Ɔwɛn-Aban, nkratafa 3-8, a Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania tintimii no.
[Mfonini Fibea wɔ kratafa 23]
Punch