Wiase a Wɔkyerɛkyerɛ Ɔtan
NNIPA yɛ pɛsɛmenkominya fi awo mu. Na sɛ wɔanhwɛ anni pɛsɛmenkominya so a, etumi dan ɔtan. Na bere a ɛte sɛ nea pɛsɛmenkominya su a wonya fi awo mu nyɛ su a anibere wom ankasa no, adesamma abusua tete nnipa ma wɔyɛ pɛsɛmenkominya ankasa!
Nokwarem no, nyɛ nsɛm a nnipa ka nyinaa na ɛyɛ nokware, nanso nneyɛe ahorow bi abu so araa ma yentumi mfa no sɛ ɛyɛ mfomso ahorow bi kɛkɛ. Mpɛn pii no, so nkonim a amammuifo bedi wɔ abatow mu ho nhia wɔn kɛse nsen mmoa a wɔde bɛma wɔn amansin mufo no? So sika a adwumawuranom benya ho ntaa nhia wɔn kɛse nsen siw a wobesiw aguade a enye a ɛbɛkɔ guaso ano no? So din ne sika a asɔfo benya ho ntaa nhia wɔn kɛse nsen wɔn nguan a wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn ɔbra pa ne ɔdɔ no?
Ɛhyɛ Ase Fi Mmofra So
Sɛ wɔtete mmofra wɔ baabi a wɔma biribiara ho kwan a, wɔtete wɔn ma wɔbɛyɛ pɛsɛmenkominya ankasa, efisɛ wɔma wɔyɛ nea wɔpɛ wɔ wɔn mmofraase, na ɛmma wɔnyɛ nnipa a wɔwɔ tema ne ayamye. Wɔ sukuu ne kɔlege no, wɔkyerɛ sukuufo sɛ wɔmmɔ mmɔden nni kan, ɛnyɛ nhomasua mu nko na mmom agumadi mu nso. Nnyinasosɛm no ne sɛ: “Sɛ wotɔ so abien a, na woawe ara ne sa!”
Video so agodie a basabasayɛ wom kyerɛkyerɛ mmofra sɛnea wodi ɔhaw ahorow ho dwuma wɔ pɛsɛmenkominya kwan so—yi wo tamfo fi hɔ! Ɛda adi sɛ eyi nyɛ suban a ɛhyɛ ɔdɔ ho nkuran! Bɛboro mfe du a atwam ni no, U.S. oduruyɛfo panyin bɔɔ kɔkɔ sɛ video so agodie yɛ asiane ma mmofra. Ɔkae sɛ: “Ɛso biribiara kyerɛ sɛ yenkum ɔtamfo no. Adepa biara nni agodie no mu.” Krataa bi a wɔkyerɛw kɔmaa The New York Times kae sɛ video so agodie pii “kanyan onipa nkate a mfaso nni so koraa,” na ɛde kaa ho sɛ: “Ɛretete mmerante ne mmabaa ma wɔayɛ wɔn a wonni ti, na wonni koma.” Obi a n’ani gye video so agodie ho a ɔwɔ Germany fi nokwaredi mu gyee nokwasɛm a asɛm a edi akyiri yi yɛ no toom, bere a ɔkae sɛ: “Sɛ meredi agoru no a na ɛde me kɔ wiase foforo bi mu, baabi a wɔde tete fene bi di dwuma: ‘Sɛ woankum obi a obi bekum wo.’”
Sɛ ɔtan ne nnipa mu nyiyim ka bom a, ɛbɛyɛ bɔne sen biara. Enti ɛda adi sɛ basabasayɛfo akuw a wɔyɛ video a ɛda basabasa a wɔyɛ ahɔho, titiriw Turkeyfo adi, no yɛ ade a ɛhaw Germanfo. Na ɛwɔ nea enti a ɛhaw wɔn no, efisɛ efi January 1, 1994 no, Turkeyfo yɛ ahɔho a wɔte Germany a wɔn dodow si 6,878,100 no mu ɔha biara mu 27.9.
Nnipa mu nyiyim ho nkate hyɛ nea ɔmampɛ kyerɛkyerɛ mmofra fi wɔn mmofraase pɛɛ no mu den, a ɛne, wo man atamfo a wobɛtan wɔn nyɛ bɔne. Asɛm bi a George M. Taber, a ɔkyerɛw nsɛm kɔ Time mu kyerɛwee no daa no adi sɛ: “Wɔ abakɔsɛm mu amammuisɛm nyinaa mu no, ebia nea emu yɛ den sen biara ne ɔmampɛ.” Ɔkɔɔ so kyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Wɔahwie mogya pii agu wɔ ɛno din mu sen biribi foforo biara, gye nyamesom. Atuatewfo akanyan basabasayɛfo akuw a wɔyɛ katee mfehaha pii no mu denam wɔn haw nyinaa ho sobo a wɔde bɔɔ abusuakuw bi a ɛbɛn wɔn so.”
Ɔtan dedaw a ɛwɔ mmusuakuw, nkurɔfo, anaa aman ntam na ɛde ɔhaw ahorow a ɛwɔ wiase nnɛ no mu pii ba. Na ananafo anaa ahɔho ho suro retrɛw. Nanso, nea ɛyɛ nwonwa no, Germanfo nnipa ntam abusuabɔ ho animdefo kuw bi hui sɛ baabi a ahɔho nnɔɔso no na ahɔho ho suro da adi kɛse. Ɛte sɛ nea eyi ma ɛda adi sɛ mpɛn pii no, adwemmɔne na ɛde ba, na ɛnyɛ osuahu a ankorankoro nya. Nnipa ntam abusuabɔ ho animdefo no hui sɛ “nnamfo ne abusuafo titiriw na ɛma mmofra nya adwemmɔne.” Nokwarem no, ɛwom sɛ nnipa a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 77 penee adwemmɔne no so de, nanso wɔne ahɔho mmɔɔ da anaasɛ wɔne wɔn nnyaa fekubɔ ahe biara.
Pɛsɛmenkominya kyerɛ nyɛ den, efisɛ yɛn nyinaa anya pɛsɛmenkominya kakra afi yɛn awofo a wɔnyɛ pɛ hɔ. Nanso, dwuma bɛn na nyamesom di wɔ ɔdɔ ne ɔtan ntam akodi yi mu?
Dɛn na Nyamesom Kyerɛkyerɛ?
Nnipa nyinaa susuw sɛ nyamesom hyɛ ɔdɔ ho nkuran. Nanso sɛ ɛte saa a, dɛn nti na nyamesom mu nsɛmnsɛm na ɛde akameakame aba Northern Ireland, Mediterranea Supɔw so, ne India, sɛ yɛbɛbɔ nhwɛso abiɛsa pɛ din a? Nokwarem no, nnipa bi kyerɛ sɛ ɛyɛ amammui mu nsɛmnsɛm na ɛde ɔhaw ahorow ba na ɛnyɛ nyamesom. Ɛno yɛ asɛm a yebetumi asusuw ho. Sɛnea ɛte biara no, ɛda adi sɛ nyamesom ahyehyɛde adi nkogu sɛ ɛde ɔdɔ a emu yɛ den bedua nnipa mu ma wɔatumi adi amammui ne mmusua ntam ɔtan biara so. Ne saa nti Katolekfo ne Ortodɔksfo, ne wɔn a wɔwɔ ɔsom afoforo mu pii pene adwemmɔne a ɛde basabasayɛ ba so.
Mfomso biara nnim sɛ obi bɛpo nyamesom kuw bi nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a ɔte nka sɛ ɛnteɛ. Nanso eyi ma no kwan sɛ ɔnam basabasayɛ so bɛko atia kuw no anaa emufo? The Encyclopedia of Religion ka no pen sɛ: “Nyamesom akannifo ama wɔayɛ nyamesom akuw foforo basabasa mpɛn pii wɔ aman a ɛbemmɛn Mediterranea Supɔw ne Europafo abakɔsɛm mu.”
Saa nhoma a ɛka nneɛma pii ho nsɛm yi da no adi sɛ basabasayɛ yɛ nyamesom mu adeyɛ, denam eyi a ɛka so: “Ɛnyɛ Darwinfo nkutoo na wogye tom sɛ ɔko de asetra, adwene ne nneyɛe mu nkɔso ba. Nyamesom adi dwuma sɛ ade a ɛde ɔko ne basabasayɛ ba bere nyinaa, ma enti egye tom sɛ ɛde nkɔso ba.”
Yentumi nka sɛ basabasayɛ de nkɔso ba ɔkwan biara so, efisɛ eyi ne nnyinasosɛm a wonim no yiye a Yesu Kristo ka too hɔ bere a ɔsomafo Petro bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛbɔ ne ho ban no nhyia. Petro “teɛɛ ne nsa twee ne nkrante, na ɔde bɔɔ ɔsɔfo panyin no akoa twaa n’aso. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo nkrante san hyɛ nea ɛhyɛ, na wɔn a wɔtwe nkrante nyinaa, nkrante ano na wobewu.”—Mateo 26:51, 52; Yohane 18:10, 11.
Ankorankoro a wɔyɛ wɔn basabasa—sɛ́ wɔyɛ nnipa pa anaa nnipa bɔne—nkyerɛ ɔdɔ. Enti, nnipa a wɔyɛ afoforo basabasa no di atoro wɔ ka a wɔka sɛ wɔyɛ saa de suasua ɔdɔ Nyankopɔn no mu. Nhoma kyerɛwfo Amos Oz kae nnansa yi sɛ: “Nyamesom mu anuɔdenfo . . . taa ka sɛ ‘ahyɛde’ a wonya fi Onyankopɔn hɔ bere nyinaa no yɛ ahyɛde koro: Di awu. Ɛte sɛ nea anuɔdenfo nyinaa nyame ne ɔbonsam.”
Bible ka biribi a ɛte saa ara: “Eyi mu na Onyankopɔn mma ne ɔbonsam mma da adi. Obiara a ɔnyɛ nea ɛteɛ ne nea ɔnnɔ ne nua no mfi Nyankopɔn. Obiara a ɔtan ne nua no yɛ owudifo; na munim sɛ daa nkwa rentra owudifo biara mu. Sɛ obi ka sɛ: Medɔ Onyankopɔn, na ɔtan ne nua a, ɔyɛ ɔtorofo. Na nea ɔnnɔ ne nua a ohu no no, ɛbɛyɛ dɛn na obetumi adɔ Onyankopɔn a onhuu no ɛ? Na ahyɛde yi na yɛanya ne nkyɛn sɛ, nea ɔdɔ Onyankopɔn no, ɔnnɔ ne nua nso.”—1 Yohane 3:10, 15; 4:20, 21.
Ɛsɛ sɛ nokware som di ɔdɔ nhwɛso akyi, a ɔdɔ a woyi no adi kyerɛ atamfo mpo ka ho. Yɛkenkan wɔ Yehowa ho sɛ: “Ɔma ne wia pue nnipa bɔne ne nnipa pa so, na ɔma osu tɔ gu wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ so.” (Mateo 5:44, 45; hwɛ 1 Yohane 4:7-10 nso.) Hwɛ sɛnea Satan, ɔtan nyame no nte saa! Ɔdɛfɛdɛfɛ nnipa daadaa wɔn ma wɔde wɔn ho hyɛ ahohwi, nsɛmmɔnedi, ne pɛsɛmenkominya asetra mu, na wɔnam saayɛ so de ɛyaw ne awerɛhow ba wɔn asetra mu. Ne nyinaa mu no, onim yiye sɛ awiei koraa no, asetra kwan a ɛnteɛ yi de wɔn bɛkɔ ɔsɛe mu. So oyi ne onyame a ɛfata sɛ yɛsom no, obi a ontumi mmɔ ne nkurɔfo ho ban—ɛda adi sɛ onni ɔpɛ mpo—no?
Osuro, Abufuw, Anaa Opira
Ɛtaa da adi ntɛm ara sɛ saa nneɛma yi na ɛde ɔtan ba. Time amanneɛbɔ bi ka sɛ: “Efi 1930 ɔhaw mfe no mu no, Europa akuw a wɔyɛ katee nnyaa hokwan pii nnyinaa so nyɛɛ ade sɛ nnansa yi da. Esiane sɛ nkurɔfo suro sɛ wɔn nnwuma befi wɔn nsa nti, wɔn bo refuw aban ahorow a wontumi nni wɔn asɛyɛde ho dwuma no, na wɔde wɔn anibere soɛ ahɔho a wɔwɔ wɔn ntam no so.” Jörg Schindler, twee adwene sii amammuisɛm ho aguanfo ɔpedudu pii a wɔaba Germany wɔ mfe aduonu a atwam ni no ho asɛm so wɔ Rheinischer Merkur/Christ und Welt mu. The German Tribune bɔ kɔkɔ sɛ: “Nnipa mu nyiyim renya nkɔanim wɔ Europa nyinaa.” Atubrafo pii a wɔkɔ ɔman bi mu no de ɔtan ba. Wɔate sɛ nkurɔfo renwiinwii sɛ: ‘Wɔbɔ yɛn ka, wɔregye yɛn nnwuma, wɔyɛ asiane ma yɛn mmabea.’ Theodore Zeldin, a ɔka St. Antony Kɔlege a ɛwɔ Oxford no mu mpanyimfo ho no kae sɛ, nkurɔfo “yɛ basabasa esiane sɛ wɔte nka sɛ wɔwɔ asiane mu anaasɛ wɔabrɛ wɔn ase nti. Ɛyɛ nneɛma a ɛhyɛ wɔn abufuw no na ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma.”
Britain television so sɛnkyerɛwfo Joan Bakewell de nsɛmfua a ɛfata dii dwuma de kaa yɛn wiase yi, nea ɛkyerɛkyerɛ ne mamfo ma wonya ɔtan no, ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ: “Menyɛ Kristoni de, nanso mihu nokware titiriw bi a emu da hɔ wɔ Yesu nkyerɛkyerɛ no mu: bɔne ne awerɛhosɛm a esi bere a ɔdɔ nni hɔ. . . . Minim sɛ yɛte wiase bi a ennye ɔdɔ ho nkyerɛkyerɛ ntom ahe biara mu. Nanso, wiase a ɛnhwɛ ade nkɔ akyiri koraa no bɔ nkyerɛkyerɛ a ɛte saa gu ka sɛ nyansa nnim, ɛyɛ nkate fam nsusuwii, adwene hunu, na wosi adwene a ɛne sɛ wɔde afoforo ahiade ho a wodwen ne ayamye bedi wɔn ankasa mfaso ne wɔn yiyedi kan no ho atwetwe. Ɛka sɛ ‘momma yɛnka nokware’ bere a ɛde ne ho hyɛ adwuma bi a aba so mu, enni n’asɛyɛde mu nokware, na ɛbrɛbrɛ mfomso ankasa a edi no ase. Wiase a ɛte saa ma nkurɔfo di nkogu, wɔyɛ pɛsɛmenkominya, na wɔhwere nneɛma a ɔmamfo bu no sɛ ɛyɛ asetra mu ahiade a ɛne yiyedi, obu, ne mmusua a anigye wom.”
Ɛda adi pefee sɛ Satan, wiase yi nyame no, rekyerɛkyerɛ adesamma ma wɔanya ɔtan. Nanso, sɛ ankorankoro no, yebetumi asuasua ɔdɔ. Asɛm a edi hɔ no bɛkyerɛ sɛnea eyi betumi ayɛ yiye.
[Kratafa 7 mfonini]
So video so agodie rekyerɛkyerɛ wo mma ma wɔanya ɔtan?
[Kratafa 8 mfonini]
Ɔko mu basabasayɛ yɛ nimdeɛ a wonni ne ɔtan ho sɛnkyerɛnne
[Asɛm Fibea]
Pascal Beaudenon/Sipa Press