Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 9/8 kr. 9-11
  • Nnipa a Wɔkyerɛkyerɛ Wɔn Ɔdɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa a Wɔkyerɛkyerɛ Wɔn Ɔdɔ
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Monhyɛ Ɔdɔ”
  • Ɔdɔ a Yɛde Besi Ɔtan Ananmu
  • Ɛrenkyɛ na Ɔtan Afi Hɔ Koraa
  • Ɔkwan Koro Pɛ a Wɔbɛfa so Ayi Ɔtan Afi Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Momma Ɔdɔ Nhyɛ Yɛn Den
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • “Monkɔ So Nnantew Ɔdɔ Mu”
    Bɛn Yehowa
  • Dɔ Onyankopɔn A Ɔdɔ Wo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2006
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 9/8 kr. 9-11

Nnipa a Wɔkyerɛkyerɛ Wɔn Ɔdɔ

ƆDƆ yɛ nkate a egyina anigye, ayamye, anaa nneɛma a obi ani gye ho so. Ɔdɔ yɛ abusuabɔ a anigye wom. Ɛnyɛ pɛsɛmenkominya, edi nokware, na efi ayamye mu hwehwɛ afoforo yiyedi. Ɔdɔ yɛ ɔtan abirabɔ ankasa. Onipa a n’ankasa akɔnnɔ agye n’adwene na ɔyɛ ade ɔtan so; nea odwen afoforo ho yɛ ade ɔdɔ mu.

Ɔdɔ anaa ɔtan—nea ɛwɔ he na edi w’asetra so? Eyi sen nhomasua mu asɛmmisa bi kɛkɛ, efisɛ daa nkwa a wubenya gyina ɛho mmuae so. Nnipa ɔpepem pii resua sɛ wobenya ɔdɔ, bere a wɔte wiase a wɔkyerɛkyerɛ ɔtan mu no. Wɔnam nipasu foforo a wɔhyɛ so na ɛyɛ eyi. Wɔnka ɔdɔ ho asɛm kɛkɛ; wɔrebɔ mmɔden denneennen sɛ wɔde bedi dwuma.

Sɛ woakɔ Yehowa Adansefo nhyiam bi da a, ebia nea wuhui no ama wo ho adwiriw wo. Ɛmfa ho ɔman a obi fi mu no, Yehowa Adansefo yɛ biako wɔ ɔsom mu. Wɔyɛ amanaman ntam onuayɛ kuw ankasa. Wobetumi ahu eyi wɔ wɔn asafo nhyiam ne wɔn nhyiam akɛse ase, nanso ebia baabi a wobetumi ahu eyi yiye ne Betel mmusua mu. Eyinom yɛ nkurɔfo a wɔatu wɔn ho ama a wɔbom tra yɛ adwuma sɛ abusua, na wotintim Bible ho nhoma kyekyɛ. Wɔ ɔman biara mu no, wɔn mu bi na wɔhwɛ adwuma a Yehowa Adansefo yɛ so wɔ hɔ. Eyi nyɛ adwuma ketewa, efisɛ wodi—ɛde besi 1997 no—asafo ahorow bɛboro 82,000 a ɛwɔ nsase 233 so ho dwuma. Nea ɛbɛyɛ na wɔadi ahiade yi ho dwuma no, nnipa bɛboro 16,000 na wɔsom wɔ Betel mmusua a ɛwɔ wiase nyinaa mu, a wiase nyinaa adwumayɛbea ti ne afie ahorow nketewa a ɛwɔ nsase 103 so, ka ho.

Betel mmusua dodow no ara mufo fã kɛse no ara fi ɔman a baa dwumadibea no wom no mu. Nanso ɛnyɛ wɔn nkutoo. Adansefo a wofi aman, mmusua, anaa nnipa a ɛsono wɔn honam ani hwɛbea, ne wɔn a na anka wɔwɔ ɔsom ahorow mu na wɔwɔ Betel afie bi mu. Sɛ nhwɛso no, nnipa a wofi aman 30 mu na wɔwɔ Betel abusua a wɔn dodow bɛyɛ 1,200 a ɛwɔ Selters, Germany, no mu. Dɛn na ɛma wotumi bom tra, yɛ adwuma, na wɔsom asomdwoe ne biakoyɛ mu wɔ tebea a ɔtan nni mu no mu? Wɔredi Bible afotu a ɛwɔ Kolosefo 3:14 no akyi, nea ɛka sɛ:

“Monhyɛ Ɔdɔ”

Obiara nni hɔ a wɔbɛwo no na ɔhyɛ atade, na saa ara na atade ho asɛm kɛkɛ a obi ka mma ebi mmɛhyɛ no. Egye gyinaesi ahorow pɔtee ne afei mmɔdenbɔ na ama obi atumi anya atade ahyɛ. Saa ara na obiara nni hɔ a wɔbɛwo no na ɔhyɛ ɔdɔ. Ɛho asɛm kɛkɛ a obi bɛka nnɔɔso. Egye mmɔdenbɔ.

Ntadehyɛ di atirimpɔw pii ho dwuma. Ɛbɔ nipadua no ho ban, ɛkata nipadua no afã bi a ɛnyɛ fɛ anaa ɛtɔ sin so, na ɛda obi nipasu adi ɔkwan bi so. Saa ara na ɔdɔ te. Ɛyɛ ahobammɔ efisɛ ɔdɔ a obi nya ma trenee nnyinasosɛm ahorow ne fekubɔ pa kanyan no ma ɔkwati fekubɔ anaa mmeae a ɛyɛ asiane ankasa. Ɛbɔ yɛne afoforo ntam abusuabɔ a ɛsɛ sɛ ɛho hia yɛn, ho ban. Ɛda adi sɛ wɔbɛdɔ obi a ɔwɔ dɔ, na ɛda adi sɛ wɔrempira obi a ompira afoforo.

Ɔdɔ kata yɛn nipasu afã bi a ɛnyɛ fɛ, a ebetumi ahaw nnipa foforo so nso. So ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebebu yɛn ani agu nnipa a wɔwɔ dɔ mfomso nketenkete so asen ankorankoro bi a wɔyɛ ahohoahoa, ahantan, ahopɛ, na wonni dɔ de so?

Nnipa a wɔhyɛ ɔdɔ da Kristo nipasu a ɛyɛ fɛ adi. Bere a honam fam ahoɔfɛ yɛ aniani de kɛkɛ no, honhom fam ahoɔfɛ wɔ nipa mũ no nyinaa mu. Ebia wunim nnipa bi a wubu wɔn sɛ wɔn ho yɛ fɛ, a ɛnyɛ wɔn honam fam ahoɔfɛ nti, na mmom esiane wɔn nipasu a ɛyɛ fɛ nti. Saa ara na yɛn mu dodow no ara ahyia mmea ne mmarima ahoɔfɛfo a yɛn ani annye wɔn ho koraa bere a yehuu wɔn nipasu ankasa no. Hwɛ sɛnea ɛyɛ anigye sɛ yɛne nnipa a wɔhyɛ ɔdɔ bɛtra!

Ɔdɔ a Yɛde Besi Ɔtan Ananmu

Nhwehwɛmu bi a wɔyɛe wɔ Yehowa Adansefo 145,958 a wɔwɔ Germany mu wɔ 1994 mu no ma ɛdaa adi sɛ wobetumi de ɔdɔ asi ɔtan ananmu.

Asanom bebrebe, nnubɔnenom, nsɛmmɔnedi, kyakyatow, ne asetram nneɛma bɔne anaa basabasayɛ nyinaa yɛ pɛsɛmenkominya a wɔda no adi wɔ akwan horow so a ebetumi akanyan ɔtan ntɛm ara. Nanso wɔn a wobisabisaa wɔn nsɛm no ɔha biara mu 38.7 no kae sɛ nea ɛbɛyɛ na ama wɔatumi adu Bible gyinapɛn ahorow a Adansefo no kaa ho asɛm ho no, na ɛsɛ sɛ wodi ɔhaw ahorow yi mu biako anaa abien so. Ɔdɔ a wɔwɔ ma Onyankopɔn ne ne nneyɛe a egyina trenee gyinapɛn ahorow so na ɛkanyan wɔn ma wɔyɛɛ saa. Yehowa Adansefo de mmoa a ɔdɔ wom mae, na mpɛn pii no, wɔyɛɛ saa sɛ ankorankoro. Wɔ mfe anum a atwam (1992-1996) mu no, wɔboaa nnipa 1,616,894 wɔ nsase 233 so ma wɔyɛɛ nsakrae, de ɔdɔ a etumi di ade nyinaa so no dii ɔtan so nkonim.

Sɛ Yehowa Adansefo de ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim di dwuma wɔ wɔn aware mu a, wɔn aware sɔ. Wɔ aman bi mu no, aware abien anaa abiɛsa biara a wɔhyehyɛ no mu biako kowie awaregyae mu. Nanso nhwehwɛmu a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no daa no adi sɛ, mprempren, Adansefo no ɔha biara mu 4.9 na wɔagyae aware anaasɛ wɔne wɔn ahokafo atetew mu. Nanso, ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi sɛ eyinom mu dodow no ara gyaee aware ansa na wɔrebɛyɛ Yehowa Adansefo.

Esiane sɛ ɔdɔ Nyankopɔn no yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini a ɔkyerɛkyerɛ wɔn a wɔdɔ no no n’akwan nti, ɔno na Yehowa Adansefo da wɔn dɔ adi kyerɛ no nea edi kan koraa. Esiane sɛ Yehowa Adansefo nte sɛ nnipa foforo a ebia wɔyɛ “wɔn a wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn” nti, wɔde Onyankopɔn di kan. (2 Timoteo 3:4) Nea ɛnte sɛ wiase yi a ɛmfa nnyinasosɛm nni dwuma akwan no, sɛ wɔkyekyem pɛpɛɛpɛ a, Ɔdansefo biara de nnɔnhwerew 17.5 na edi nyamesom ho dwuma dapɛn biara. Ɛda adi sɛ Adansefo no dwen honhom fam nneɛma ho. Ɛno na ɛma wɔn ani gye. Yesu kae sɛ: “Nhyira ne honhom mu ahiafo, na wɔn na ɔsoro ahenni no yɛ wɔn dea.”—Mateo 5:3.

Dwom 118 kyerɛwfo no ka sɛ, enhia sɛ Onyankopɔn nokware asomfo suro nnipa. “[Yehowa, NW] wɔ m’afa, minsuro, dɛn na onipa betumi ayɛ me?” (Nkyekyem 6) Onyankopɔn mu ahotoso a edi mũ a yebenya no yi nneɛma a ɛde ɔtan ne nnipa foforo ho suro ba no fi hɔ.

Kristoni a onim sɛ Onyankopɔn wɔ ‘abodwokyɛre na n’adɔe ne ne nokware dɔɔso’ no, bɛbɔ mmɔden ayi abufuw afi n’abrabɔ mu, esiane sɛ ebetumi ayɛ biribi foforo a ɛde ɔtan ba nti. Onyankopɔn honhom aba a nea ɛka ho ne odwo ne ahosodi a obenya no bɛboa no ma watumi ayɛ eyi.—Dwom 86:15; Galatifo 5:22, 23.

Nokware Kristoni wɔ ahobrɛase, na onnwen ntra nea ɛsɛ sɛ odwen. (Romafo 12:3) Ɔda ɔdɔ adi wɔ ɔne afoforo nsɛnnii mu. Nea ɛne ɔtan bɔ abira no, ɔdɔ “bo nhaw no, ɛmfa bɔne nhyɛ ne yam.”—1 Korintofo 13:5.

Yiw, osuro, abufuw, anaa opira betumi ama nkurɔfo anya ɔtan. Nanso, ɔdɔ di ɔtan so nkonim denam ase a etutu so. Nokwarem no, ɔdɔ ne tumi a emu yɛ den wɔ amansan yi mu efisɛ “Onyankopɔn ne dɔ.”—1 Yohane 4:8.

Ɛrenkyɛ na Ɔtan Afi Hɔ Koraa

Esiane sɛ pɛsɛmenkominya ne ɔtan nka Yehowa Nyankopɔn nipasu ho nti, entumi ntra hɔ afebɔɔ. Sɛnea ɛho hia no, ɛsɛ sɛ woyi fi hɔ ma ɔdɔ a ɛtra hɔ daa no besi ananmu. Sɛ wiase a ɔtan nni mu, na ɔdɔ ayɛ no ma, ne nea wo kɔn dɔ a, ma Yehowa Adansefo mfi Bible mu nkyerɛ wo ahwehwɛde ahorow a ɛbɛma woatra ase ahu.

Yiw, ɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara bebisa ne ho sɛ, ‘Su bɛn na edi m’asetra so, ɔdɔ anaa ɔtan?’ Eyi sen nhomasua mu asɛmmisa bi kɛkɛ. Obi a odi Onyankopɔn tamfo, ɔtan nyame akyi no ntra ase nkyɛ. Obi a odi Yehowa, ɔdɔ Nyankopɔn akyi no, bɛtra hɔ daa!—1 Yohane 2:15-17.

[Kratafa 10 mfonini]

Ɛnnɛ mpo nnipa betumi ahyɛ ɔdɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena