Daakye a Ɛyɛ Anigye Ma Yɛn Mmofra
EFI Wiase Ko II no awiei no, wiase akannifo ayeyɛ nhyehyɛe ahorow de wɔn nsa ahyehyɛ ase sɛ wɔde bɛbɔ wɔn a wɔnyɛ asraafo ho ban wɔ akodi mu. Emu bi ne nhyehyɛe ahorow a ɛma wɔde ntade ne nnuru ne nnuan kɔma mmofra. Amanaman ntam nhyehyɛe ahorow hyɛ bɔ sɛ ɛbɛbɔ mmofra ho ban afi mmonnaato, ayayade, ne basabasayɛ ho. Nhyehyɛe ahorow no bara nso sɛ ɛnsɛ sɛ obiara a onnii mfe 15 kɔ sraadi.
The State of the World’s Children 1996, a ɛyɛ Amanaman Nkabom Mmofra Foto Ahyehyɛde no amanneɛbɔ bi, bɔ gye saa mmara yi so sɛ ɛyɛ “nsakrae pa,” na ɛde ka ho sɛ: “Amammuifo a wonim sɛ gyinapɛn ahorow bi wɔ hɔ a daakye bi wobetumi de adi atia wɔn no besusuw saa gyinapɛn ahorow no ho wɔ wɔn agyinatu mu ntɛm.”
Nokwarem no, amammuifo nso tumi hu sɛ mpɛn pii no, amanaman no nni tumi ne ɔpɛ a ɛbɛma wɔahwɛ ma afoforo adi mmara so. Enti amanneɛbɔ no gye tom sɛ “sɛ wɔhwɛ baabi a wɔabu saa nnyinasosɛm ahorow yi so akodu a, ɛnyɛ den sɛ wobedi amanaman ntam mmara a ɛwɔ hɔ no ho fɛw.”
Sikasɛm nso yɛ ade foforo. Wɔ 1993 mu no, akodi kɔɔ so wɔ aman 79 mu. Ná wɔn mu aduosia anum yɛ ahiafo. Ɛhe na aman a ahia wɔn yi nyaa akode a wɔde koe no fii? Mpɛn pii no efi aman a wodi yiye hɔ. Na aman anum bɛn na wodi akode a wɔtɔn ma aman a wonnyaa nkɔso pii no mu akoten? Aman anum a wɔn ano duru guam bere nyinaa wɔ Amanaman Nkabom no Ahobammɔ Bagua no mu no!
Wɔn a Ɛyɛ Wɔn Asɛnhia
Nokwarem no, yɛwɔ ebinom a nea ɛto mmofra wɔ ɔko mu no yɛ wɔn ahiasɛm paa. Ankorankoro ne ahyehyɛde ahorow fi ɔdɔ mu boa mmofra a wohu amane wɔ ɔko mu no. Sɛ nhwɛso no, Yehowa Adansefo a wɔmfa wɔn ho nhyɛ akodi mu no ayɛ saa. Nanso sɛ amane a mmofra hu wɔ akodi mu betumi afi hɔ paa a, ɛhwehwɛ sɛ akodi ankasa fi hɔ, ade a ɛte sɛ nea entumi nyɛ yiye. Esiane sɛ adesamma adi akameakame na wɔako bere tenten nti, nnipa pii ka sɛ nnipa ntumi mfa asomdwoe mma wiase nyinaa da. Saa adwene yi yɛ nokware.
Nkurɔfo ka nso sɛ Onyankopɔn remfa ne ho nnye amanaman no nsɛm mu anaa ɔmfa asomdwoe a ɛtra hɔ daa mma okyinnsoromma yi so da. Saa adwene yi nyɛ nokware.
Nneɛma a ɛrekɔ so wɔ asase so no haw yɛn Bɔfo, Yehowa Nyankopɔn, yiye. Yehowa bisa wɔ N’asɛm, Bible, mu sɛ: “So ɔpɛ na mepɛ ɔbɔnefo wu? . . . so ɛnyɛ́ sɛ ɔsan fi ne kwan so na onya nkwa na mepɛ?” Onyankopɔn yi ano ahotoso mu sɛ: “Minnya nea ɔrewu no wu ho anigye.”—Hesekiel 18:23, 32.
Susuw ho hwɛ: Sɛ yɛn Bɔfo a ɔwɔ ayamhyehye no pɛ sɛ mpanyimfo amumɔyɛfo mpo sakra na wonya asetra mu anigye a, akyinnye biara nni ho sɛ ɔpɛ sɛ mmofra nso tra nkwa mu nya asetra mu anigye! Nanso yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no renhwɛ mma amumɔyɛfo ntra hɔ daa. Onyankopɔn Asɛm hyɛ bɔ sɛ: “Wobeyi nnebɔneyɛfo hɔ.” “Aka kakraa sɛ na ɔbɔnefo nni hɔ.”—Dwom 37:9, 10.
Yesu Kristo a ɔdaa ne soro Agya no su adi pɛpɛɛpɛ no dɔɔ mmofra, na ɔkae sɛ “eyinom sɛɛ na ɔsoro ahenni yɛ wɔn dea.” (Mateo 19:14) Mmofra a wɔde wɔn bɔ afɔre ma akodi anyame no yɛ akyide ma Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu Kristo, nyinaa.—Fa toto Deuteronomium 18:10, 12 ho.
Daakye a Ɛyɛ Anigye a Onyankopɔn Ahyɛ Ho Bɔ
Onyankopɔn ama akodi ne amanehunu ho kwan mfehaha pii na ama wɔahu sɛ nokwasɛm a odiyifo Yeremia kae no yɛ turodoo mmeresanten nyinaa sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” (Yeremia 10:23) Bible hyɛ bɔ sɛ ɛrenkyɛ, Yehowa bɛsan n’amansan tumidi ho bere a “ɔma akodi gyae kosi asase ano” no. (Dwom 46:9) Ade foforo a wɔahyɛ ho nkɔm wɔ Bible mu ne bere bi a ‘nkurɔfo de wɔn nkrante bɛbobɔ nsɔw, de wɔn mpeaw ayeyɛ nnare; ɔman bi remma afoa so nhyɛ ɔman bi, na wɔrensua akodi bio.’—Yesaia 2:4.
Dɛn na ɛbɛba wɔn a ɔko akunkum wɔn no so? Anidaso bi wɔ hɔ ma wɔn anaa? Yesu hyɛɛ bɔ sɛ awufo benyan aba asase a akodi nni so so, na ɔkae sɛ: “Dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ [nkae, NW] ada mu nyinaa . . . [befi] adi.” (Yohane 5:28, 29) Saa ara na ɔsomafo Paulo de ahotoso kae sɛ: “Owusɔre a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre no bɛba.”—Asomafo no Nnwuma 24:15.
Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam ɔkwan biara so. Ɔwɔ tumi san wɔ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ nea wabɔ ne tirim nyinaa. (Yesaia 55:11) Sɛ Yehowa ka sɛ obeyi akodi afi hɔ a, ɔnka no kwa. Sɛ ɔhyɛ bɔ sɛ obenyan wɔn a wɔawuwu aba nkwa mu a, ɔbɛyɛ. Sɛnea ɔbɔfo Gabriel kae no, “Onyankopɔn fam de, biribiara nni hɔ a ɛrentumi nyɛ.”—Luka 1:37.
[Kratafa 20 mfonini]
Sɛ akodi fi hɔ a, mmofra nyinaa benya asetra pa