Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g97 12/8 kr. 25-27
  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo Tan Mmarima a Wɔne Mmarima Da?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Ɛsɛ sɛ Kristofo Tan Mmarima a Wɔne Mmarima Da?
  • Nyan!—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Onyankopɔn Adwene
  • “Munkyi Bɔne”
  • ‘Onyankopɔn Nyɛ Nyiyim’
  • Kristofo Gye Wɔn a Wonu Wɔn Ho no Tom
  • Wɔn a Wɔwɔ Bɔbeasu Koro a Wɔne Wɔn Ho Wɔn Ho Da—Dɛn Nti Na Ɛnsɛ Sɛ Wɔyɛ?
    Nyan!—1991
  • Wɔn a Wɔwɔ Bɔbeasu Koro Ntam Nna—Ɛyɛ Bɔne Saa?
    Nyan!—1995
  • So Ɛsɛ sɛ Afei De Wɔma Bɔbeasu Koro Ntam Nna Ho Kwan?
    Nyan!—2012
  • Sɛ Ɔbarima Ne Ɔbarima Bi Da Anaa Ɔbea Ne Ɔbea Bi Da a, Ɛyɛ Bɔne Anaa?
    Mmabun Bisa Sɛ
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1997
g97 12/8 kr. 25-27

Bible No Adwene

So Ɛsɛ sɛ Kristofo Tan Mmarima a Wɔne Mmarima Da?

WƆ 1969 mu no, wonyaa asɛmfua bi wɔ Engiresi mu a wɔde gyina hɔ ma osuro a ntease nnim anaa ɔtan a emu yɛ den a wonya ma mmarima a wɔne mmarima da. Asɛmfua no ne “homophobia.” Kasa ahorow pii nni asɛmfua pɔtee biara saa, nanso wɔ mfe mpempem pii a atwam mu no, nnipa a wofi aman pii mu ne kasa ahorow anya ɔtan ama mmarima a wɔne mmarima da.

Nanso nnansa yi ara, wɔama mmarima ne mmarima ntam nna anya nkɔanim kɛse sɛ ɔkwan foforo kɛkɛ a wɔfa so nya nna mu nkitahodi. Abakɔsɛm kyerɛwfo Jerry Z. Muller kyerɛwee nnansa yi sɛ “nnipa a wɔreka sɛ ɔmanfo nnye mmarima ne mmarima ntam nna ntom saa na wɔnkyerɛ obu wɔ ho no redɔɔso.” Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ mmarima a wɔne mmarima da “bebree aka wɔn tiri apam ho abɔ wɔn nneyɛe no ho dawuru sɛ biribi a ɛfata nkamfo, na wɔakyerɛ sɛ afoforo nso nyɛ bi.” Atɔe fam aman mu titiriw na wɔtaa hu eyi. Nanso, wɔ wiase aman dodow no ara, a aman a nkurɔfo bu wɔn bra sɛnea wɔpɛ mpo ka ho mu no, nnipa pii da so kasa tia mmarima ne mmarima ntam nna, na wobu no aniwude.

Nkurɔfo taa de wɔn ani si mmarima a wɔne mmarima da ne nnipa a wosusuw sɛ wɔyɛ saa no so keka nsɛm de bu wɔn animtiaa, dwoodwoo wɔn, yɛ wɔn basabasa. Nyamesom akannifo mpo ada nitan a ɛte saa adi. Ebinom afi biribi a ɛte sɛ wɔn ankasa kokoam akodi a etia mmarima a wɔne mmarima da ase. Sɛ nhwɛso no, susuw nsɛm a Greece Ortɔdɔks Asɔre no sɔfo panyin bi kae a wɔbɔɔ no dawuru nnansa yi wɔ Greece ɔman radio so no ho. Ɔkae sɛ: “Onyankopɔn bɛhyew mmarima a wɔne mmarima da no daa wɔ hellgya no mu. Nteɛm a ebefi wɔn ano tantan no mu aba no bɛkɔ so mmeresanten nyinaa. Wɔn nipadua a akɔnnɔ adɔre no no behu amane a enni ano.” So eyi yɛ nokware ankasa? Onyankopɔn te nka dɛn wɔ mmarima a wɔne mmarima da ho?

Onyankopɔn Adwene

Bible no ntwe adwene nsi mmarima a wɔne mmarima da nko ara so sɛ kuw a ɛsɛ sɛ Kristofo kwati wɔn anaa wɔtan wɔn. Bio nso, ɛnkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn bɛhyew mmarima a wɔne mmarima da—anaa n’abɔde biara—daa wɔ hellgya bi mu de atwe wɔn aso.—Fa toto Romafo 6:23 ho.

Mmom no, Kyerɛwnsɛm no da yɛn Bɔfo no abrabɔ gyinapɛn, a mpɛn pii no ɛne nnɛyi abrabɔ gyinapɛn nhyia adi. Bible no kasa tia mmarima ne mmarima ntam nna, mmarima ne mmea a wɔnyɛ awarefo ntam nna, ne nnipa ne mmoa ntam nna nyinaa. (Exodus 22:19; Efesofo 5:3-5) Nneyɛe a ɛtete saa nti na Onyankopɔn sɛee Sodom ne Gomora.—Genesis 13:13; 18:20; 19:4, 5, 24, 25.

Onyankopɔn Asɛm ka mmarima ne mmarima ntam nna ho asɛm pen sɛ: “Ɛyɛ akyide.” (Leviticus 18:22) Onyankopɔn Mmara a ɔde maa Israel no hyɛe sɛ: “Ɔbarima a ɔne ɔbarima bi da ɔbea nna no, wɔn baanu ayɛ akyide, okum na wonkum wɔn.” (Leviticus 20:13) Asotwe koro no ara na na ɛda hɔ ma nnipa a wɔne mmoa da ne wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ mogyafra ne awaresɛe mu.—Leviticus 20:10-12, 14-17.

Wɔde honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkaa mmarima ne mmarima ntam nna ho asɛm sɛ ɛyɛ “aniwu akɔnnɔ” na “ɛmfa ne kwan so.” Ɔkyerɛw sɛ: “Eyi nti Onyankopɔn gyaa wɔn maa aniwu akɔnnɔ; na wɔn mmaa de honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no sesaa nea ɛmfa ne kwan so; saa ara nso na mmarima gyaw wɔne ɔbea honam fam ayɔnkofa yɛbea a ɛyɛ ne kwan so no maa wɔn [mfɛfo mmarima] ho akɔnnɔ dɛwee wɔn mu, na mmarima ne mmarima yɛɛ adapaade, na wɔde nyaa akatua a ɛsɛ wɔn nnaadaa wɔn ankasa mu. Na sɛnea wɔammu sɛ wobekura Onyankopɔn wɔn nimdeɛ mu nti, Onyankopɔn yii wɔn maa adwene a ɛmfra, sɛ wɔnyɛ nea ɛmfata.”—Romafo 1:26-28.

Kyerɛwnsɛm no nto sɛbe, ɛnsosɔ nsɛm so, na ɛmfa nsie; mmarima ne mmarima ntam nna, awaresɛe, ne aguamammɔ nyinaa yɛ akyide wɔ Onyankopɔn ani so. Ne saa nti, nokware Kristofo ntoto Bible no gyinabea wɔ “aniwu akɔnnɔ” ho no ase sɛnea ɛbɛyɛ a wobegye din anaa nnɛɛmmafo begye wɔn atom kɛkɛ. Saa ara nso na wɔne kuw biara a wɔatu wɔn ho asi hɔ sɛ wɔbɛkamfo mmarima ne mmarima ntam nna akyerɛ sɛ ɛyɛ abrabɔ a asɛm nni ho no adwene nhyia.

“Munkyi Bɔne”

Bible no tu fo sɛ: “Mo a modɔ [Yehowa, NW], munkyi bɔne.” (Dwom 97:10) Enti, wɔhwɛ kwan sɛ Kristofo bekyi adeyɛ biara a etia Yehowa mmara. Ebia mmarima ne mmarima ntam nna bɛyɛ ebinom tan anaa abofono asen ɔbrasɛe afoforo, na wɔabu mmarima ne mmarima ntam nna sɛ ɛyɛ nna ho akɔnnɔ bɔne a ɛnyɛ ne kwan so de. Nanso, so ɛsɛ sɛ Kristofo tan ankorankoro a wɔyɛ saa nneɛma no?

Odwontofo no de eyi ho nkyerɛkyerɛmu bi ma wɔ Dwom 139:21, 22 sɛ: “[Yehowa, NW], wɔn a wɔtan wo no, mentan wɔn anaa? Na wɔn a wɔsɔre hyɛ wo no, me werɛ nhow wɔn anaa? Mede ɔtan pa metan wɔn, mibu wɔn m’atamfo.” Ɛsɛ sɛ nokwaredi ma Yehowa ne ne nnyinasosɛm ahorow no ma yenya ɔtan a emu yɛ den ma wɔn a wɔboapa tew atua tia Yehowa, na wɔyɛ wɔn ho Nyankopɔn atamfo no. Satan ne n’adaemone ka saafo a wɔayi wɔn anim sɛ Onyankopɔn atamfo no ho. Ɛda adi sɛ nnipa bi nso ka wɔn ho. Nanso, ɛbɛyɛ den paa sɛ Kristoni betumi agyina nea aniwa hu so ahu wɔn. Yentumi nhu komam. (Yeremia 17:9, 10) Ɛbɛyɛ mfomso sɛ yebenya adwene sɛ esiane sɛ obi rebu bra bɔne nti, ɔyɛ Onyankopɔn tamfo a ontumi nsesa. Mpɛn pii no, ɛyɛ a na abɔnefo nnim Onyankopɔn gyinapɛn ankasa.

Enti, sɛ yɛbɛka paa a, Kristofo ntan wɔn mfɛfo nnipa ntɛm. Sɛ wɔte nka sɛ bra ahorow bi yɛ abofono mpo a, wɔmmɔ mmɔden sɛ wobepira afoforo, na saa ara na wonnya wɔn ho adwemmɔne anaa ɔtan biara. Mmom no, Bible tu Kristofo fo sɛ wɔne “nnipa nyinaa ntra asomdwoe mu.”—Romafo 12:9, 17-19.

‘Onyankopɔn Nyɛ Nyiyim’

Yehowa de obi a onu ne ho nokwarem bɔne befiri no, ɛmfa ho ɔbrasɛe biara a ɔde ne ho hyem no. Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yehowa bu ɔbrasɛe bi sɛ ɛyɛ bɔne sen bi. ‘Onyankopɔn nyɛ nyiyim.’ (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Sɛ nhwɛso no, susuw afeha a edi kan mu Korinto asafo no tebea ho. Ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “Nguaman ne abosonsomfo ne awaresɛefo ne ahodomfo ne mmarima a wɔne wɔn ho da ne awifo ne aniberefo ne asabofo ne amaanefo ne amimfo rennya Onyankopɔn ahenni no.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Afei Paulo gye toom sɛ wogyee nnipa bi a bere bi na wɔyɛ nguaman, awaresɛefo, mmarima a wɔne mmarima da, ne awifo, baa Kristofo asafo a na ɛwɔ Korinto no mu. Ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Sɛnea anka mo mu bi te ne no; na afei wɔaguare mo, na wɔatew mo ho, na wɔabu mo bem Awurade Yesu Kristo din ne yɛn Nyankopɔn honhom mu.”—1 Korintofo 6:9-11.

Nokwarem no, Yehowa nni wɔn a wɔkɔ so bu n’abrabɔ gyinapɛn a ɛyɛ pɛ no so ho koma. Okyi koraa sɛ obi bɛsen ne kɔn abu ne nnyinasosɛm so. Nanso, obue hokwan no ma wotumi pata wɔne ne ntam. (Dwom 86:5; Yesaia 55:7) Nea ɛne eyi hyia no, Kristofo mfa wɔn ani nsi mmarima a wɔne mmarima da anaa nnipa foforo biara so ntan wɔn ani, nni wɔn ho fɛw, anaa wɔnteetee wɔn. Nokware Kristofo bu wɔn mfɛfo nnipa sɛ nkurɔfo a wobetumi abɛyɛ Kristo asuafo, na wɔne wɔn di no obu ne nidi mu. Bible ka sɛ: “Eyi ye, na ɛsɔ yɛn Agyenkwa Onyankopɔn a ɔpɛ sɛ wogye nnipa nyinaa nkwa na wɔba nokware nimdeɛ mu no ani.”—1 Timoteo 2:3, 4.

Kristofo Gye Wɔn a Wonu Wɔn Ho no Tom

Bible ka no mpɛn pii sɛ Onyankopɔn wɔ fafiri. Ɛka ne ho asɛm sɛ ‘fafiri Nyankopɔn, ɔdomfo ne mmɔborohunufo, ɔyɛ abufuw mu nyaa, na n’adɔe dɔɔso.’ (Nehemia 9:17; Hesekiel 33:11; 2 Petro 3:9) Bible san de no toto agya a ɔwɔ Yesu bɛ a ɛfa ɔba desɛefo bi a ɔde n’apɛgyade kɔbɔɔ ahohwibra wɔ akyirikyiri asase so ho no ho. Bere a awiei koraa ɔba no adwene baa ne ho so, onuu ne ho, na ɔsan kɔɔ fie no, ne papa yɛɛ no atuu gyee no toom bio.—Luka 15:11-24.

Yiw, ɔbɔnefo betumi asesa. Kyerɛwnsɛm no gye eyi tom bere a ɛhyɛ nkurɔfo nkuran sɛ wonyi nipasu dedaw no ngu na wɔnhyɛ foforo, na ‘wɔmma wɔnyɛ wɔn foforo wɔn adwene honhom mu’ no. (Efesofo 4:22-24) Wɔn a wobu bra bɔne, a mmarima a wɔne mmarima da ka ho, no betumi ayɛ nsakrae kɛse wɔ wɔn nsusuwii ne wɔn nneyɛe mu, na nokwarem no, nnipa pii atumi ayɛ saa nsakrae yi.a Yesu ankasa kaa asɛm no kyerɛɛ saafo no; na bere a wonuu wɔn ho no, ogyee wɔn toom.—Mateo 21:31, 32.

Kristofo gye nnipa a wɔn asetra kwan gu ahorow a wonu wɔn ho no tom. Sɛ wogyae ɔbrasɛe a, ɛmfa ho sɛnea na wɔte biara no, wɔn nyinaa betumi anya Onyankopɔn fafiri no mu mfaso akosi ase efisɛ “[Yehowa, NW] ye ma nnipa nyinaa, na ne mmɔborohunu wɔ ne nnwuma nyinaa so.”—Dwom 145:9.

Kristofo ayɛ krado sɛ wɔde honhom fam mmoa a ehia bɛma wɔn a wogu so reko tia mmarima ne mmarima ntam nna ho akɔnnɔ mpo. Eyi ne ɔdɔ a Onyankopɔn ankasa ada no adi no hyia, efisɛ Bible ka sɛ: “Onyankopɔn yi ne dɔ a ɔdɔ yɛn no kyerɛ, efisɛ yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu maa yɛn.”—Romafo 5:8.

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ asɛm “Mɛyɛ Dɛn Atumi Ama Saa Nkate Yi Agyae?,” a ɛwɔ April 8, 1995, Nyan! mu no.

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 26]

Kristofo ntoto Bible no adwene wɔ mmarima ne mmarima ntam nna ho no ase

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 25]

Punch

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena