Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • g98 1/8 kr. 8-9
  • Ano Aduru Wɔ Wiase Nyinaa—So Ɛbɛyɛ Yiye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ano Aduru Wɔ Wiase Nyinaa—So Ɛbɛyɛ Yiye?
  • Nyan!—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ayaresa a Ɛreba
  • Ɔkwan Foforo a Wɔfa so Ko Nsamanwaw
    Nyan!—1999
  • Nkonimdi ne Awerɛhosɛm
    Nyan!—1998
  • Nkabom a Ɛyɛ Hu
    Nyan!—1998
  • Yare a Ekunkum Nnipa Te sɛ Akodi
    Nyan!—1998
Hwɛ Pii Ka Ho
Nyan!—1998
g98 1/8 kr. 8-9

Ano Aduru Wɔ Wiase Nyinaa—So Ɛbɛyɛ Yiye?

ABENFO gye tom sɛ nsamanwaw (TB) yɛ wiase nyinaa haw a wohia ano aduru wɔ wiase nyinaa. Ɔman biara nni hɔ a ne nkutoo betumi adi TB so, efisɛ nnipa pii na dapɛn biara wofi wɔn man mu kɔ aman foforo so.

Nnipa pii gye di sɛ amanaman ntam biakoyɛ hwehwɛ sɛ aman a wodi yiye no boa aman a wodi hia a TB wɔ hɔ kɛse no. Sɛnea Oduruyɛfo Arata Kochi ka no, “ɛbɛyɛ papa sɛ aman a wodi yiye no boa aman a ennyaa nkɔso a wɔreko tia nsamanwaw no na antrɛw ankɔ wɔn ankasa aman mu.”

Nanso aman a wodi yiye a wɔn nso wɔ nea wosusuw sɛ ɛyɛ wɔn ahiade ne ɔhaw a emu yɛ den no ho mpere wɔn sɛ wɔbɛboa. Mpɛn pii no, aman a wodi hia no bi ankasa nhwɛ wɔn akwahosan so yiye, mmom no wɔsɛe sika pii wɔ akode ho. Eduu 1996 mfinimfini no, na wɔn a wɔbɔ TB wɔ wiase nyinaa no mu ɔha biara mu 10 pɛ na wɔnam DOTS so resa wɔn yare, ade a na esua koraa sɛ ɛremma yaredɔm no ntrɛw.

WHO ka sɛ: “Mfe pii ni na wonyaa TB ho nimdeɛ ne nnuru a ne bo nyɛ den a wɔde sa. Nea wiase hia ne nnipa a wɔwɔ tumi, nkɛntɛnso ne ayamhyehye a wɔbɛhwɛ ma wɔde saa nnuru yi adi dwuma yiye wɔ wiase nyinaa.”

Ayaresa a Ɛreba

So yebetumi de ahotoso ahwɛ kwan sɛ nnipa a wɔwɔ tumi ne nkɛntɛnso bedi ɔhaw no ho dwuma? Bible dwontofo a honhom kaa no no kyerɛwee sɛ: “Mommfa mo ho nnto ahene anaa onipa ba a nkwagye bi nni ne mu so.” Ɛnde, hena na yebetumi anya ne mu ahotoso? Kyerɛwsɛm no kɔ so ka sɛ: “[Anigye, NW] ne nea Yakob Nyankopɔn ne ne boafo, nea n’ani da [Yehowa, NW], ne Nyankopɔn so. Ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro ne asase, ɛpo ne nea ɛwom nyinaa.”—Dwom 146:3, 5, 6.

Sɛ́ asase Yɛfo ne ne Bɔfo no, Yehowa Nyankopɔn wɔ tumi ne nyansa sɛ ɔde yare bɛba awiei. So ɔwɔ ayamhyehye? Yehowa nam ne diyifo a honhom kaa no so hyɛ bɔ sɛ: “Mɛkyɛe [me nkurɔfo] so sɛnea obi kyɛe ne ba a ɔsom no no so.”—Malaki 3:17.

Bible ti a etwa to no ka anisoadehu bi a wɔde maa ɔsomafo Yohane ho asɛm. Ohuu ‘nkwa dua a ɛsow aba ahorow dumien a ɛsosow n’aba daa ɔsram.’ Saa sɛnkyerɛnne kwan so dua yi ne aba a ɛsow no yɛ Onyankopɔn nsiesiei a ɛbɛma adesamma asoɔmmerɛfo atra asase so daa no ho mfonini.—Adiyisɛm 22:2.

Yohane toaa so kyerɛwee sɛ: “Dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.” Sɛnkyerɛnne kwan so nhaban no yɛ nhyira a efi Nyankopɔn hɔ a ɛde adesamma honhom ne honam fam ayaresa bɛba no ho mfonini. Enti, yebetumi anya awerɛhyem sɛ wɔ trenee wiase foforo a ɛwɔ Onyankopɔn tumidi ase mu no, wobedi TB so korakora.—Adiyisɛm 21:3, 4.

[Kratafa 8 mfonini]

Onyankopɔn hyɛ adesamma daa ayaresa ho bɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena